Ase Hɔ Asɛm
a Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa a wɔsom Yehowa no, wɔn gyidi ho sɔhwɛ a wɔhyia no, ehia sɛ wɔnya akokoduru na wɔatumi adi Yehowa nokware. Esiane sɛ wɔgye adebɔ di nti, ebia wɔn mfɛfo sukuufo bedi wɔn ho fɛw. Anaa esiane sɛ wɔsom Onyankopɔn na wɔde ne mmara bɔ wɔn bra nti, ebia wɔn atipɛnfo bɛserew wɔn. Nanso sɛnea yebehu wɔ adesua yi mu no, wɔn a wɔsuasua odiyifo Daniel na wɔde akokoduru ne nokwaredi som Yehowa no, wɔn na wɔyɛ anyansafo.