Ase Hɔ Asɛm
f MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom mmea mmienu bi rebɔ mpae ansa na wɔahyehyɛ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu akwammisa krataa no. Akyiri yi, wɔtoo nsa frɛɛ baako, nanso nea ɔka ho no de, wɔamfrɛ no. Onuawa a wɔamfrɛ no no amma ne bo amfuw, na mmom ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma onhu akwan a obetumi afa so atrɛw ne som adwuma mu. Enti ɔkyerɛw krataa kɔɔ Betel, na ɔma wɔhui sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia.