Ase Hɔ Asɛm
a Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Deuteronomium 23:3-6 ka sɛ, na ɛnsɛ sɛ Ammonfo ne Moabfo ba Israel asafo mu. Ɛbɛyɛ sɛ nea na saa mmara no kyerɛ ne sɛ, sɛ obi yɛ Ammonni anaa Moabni a, na ɔrentumi mmɛyɛ Israel man ba ankasa. Nanso na wei nkyerɛ sɛ, sɛ saa ahɔho yi bi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn nkurɔfo no kɔtena anaa ɔde ne ho bɔ wɔn a, ɔrentumi nyɛ saa. Hwɛ Insight on the Scriptures, Volume 1, kr. 95.