Ase Hɔ Asɛm
d Ɔhene Asa yɛɛ bɔne akɛseakɛse. (2 Be. 16:7, 10) Nanso, Bible ka ne ho asɛmpa. Ɛwom, mfiase no bere a Yehowa diyifo tuu no fo no, wantie, nanso ebetumi aba sɛ akyiri yi onuu ne ho. Yɛka ne nyinaa bom a, nneɛma pa a ɔyɛe no dɔɔso sen mfomso a odii. Bible ka sɛ Asa som Yehowa nko ara, na ɔyeree ne ho sɛ obetu abosonsom ase afi ɔman no mu.—1 Ahe. 15:11-13; 2 Be. 14:2-5.