Ase Hɔ Asɛm
a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Adesua yi mu no, sɛ yɛka sɛ obi adwenem yɛ no naa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, onii no adwene yɛ no sɛ ɔnsom bo mma Yehowa, anaa ɛyɛ no sɛ bere bi a atwam no, wansisi gyinae pa. Adwenem naayɛ a yɛreka yi, ɛnyɛ nea Bible ka ho asɛm no. Ɛno de, ɛkyerɛ sɛ obi nni Yehowa mu gyidi, na onnye nni sɛ ne bɔhyɛ bɛbam.