Ase Hɔ Asɛm
a Sɛ yɛhwɛ mfatoho no a, yɛhu sɛ bere a wɔtee nteɛm, “Ayeforɔkunu no nie oo!” (Mateo 25:6) no, bere bi twaam ansa na ayeforokunu (Mateo 25:10) no reba. Kristofo a wɔasra wɔn no akɔ so awɛn wɔ nna a ɛdi akyiri yi mu nyinaa. Wɔahu Yesu mmae no ho sɛnkyerɛnne no. Enti wɔnim sɛ ɔredi Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Nanso ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ara wɛn kɔsi sɛ ɔbɛba.