Ase Hɔ Asɛm
a Russia kɔtow hyɛɛ Ukraine so no, n’adekyee na Amansan Kubaatan no panyin a ɔhwɛ nkurɔfo a wɔaguan afi wɔn man mu ho nsɛm so (United Nations High Commissioner for Refugees (UNHCR)) no de asɛm bi too gua. Ɔkaa sɛ, asɛm a aba no yɛ asɛnkɛse paa a ɛnsɛ sɛ yedi ho agorɔ koraa. Nnafua 12 pɛ ntam no, nnipa bɛboro ɔpepem mmienu na woguan fii Ukraine kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ aman foforo so. Nnipa ɔpepem baako nso aguan afi beae a wɔte no kɔ baabi foforo wɔ ɔman no ara mu.