Ase Hɔ Asɛm
a Yudafo no de, “wɔkyerɛ sɛ ‘asɛm’ a ɛwɔ Exodus ti 20 nkyekyɛm 2 no na edi kan wɔ mmara no mu. Wɔaka nsɛm a ɛwɔ nkyekyɛm 3-6 no abom ayɛ no mmara baako, na ɛno na ɛtɔ so mmienu.” (The Jewish Encyclopedia) Katolekfo nso, wɔkyerɛ sɛ Exodus ti 20, nkyekyɛm 1-6 yɛ ahyɛde baako. Wei nti, ahyɛde a ɛka sɛ ɛnsɛ yɛde Onyankopɔn din di agorɔ no na ɛtɔ so mmienu wɔ mmara nsɛm no mu. Nea ɛbɛyɛ na mmara no ayɛ du sɛnea ɛte no, wɔakyɛ ahyɛde a etwa to no mu ayɛ no mmienu. Baako yɛ mma w’ani mmere wo yɔnko yere, na nea ɛka ho nso yɛ mma w’ani mmere wo yɔnko ade.