Ase Hɔ Asɛm
a Bere a edi kan koraa a Yonatan ho asɛm puei wɔ Bible mu no, na ɔyɛ ɔsahene. Saa bere no, afei ara na na Saul afi ase redi hene. Esiane sɛ na Yonatan yɛ ɔsahene saa bere no nti, ɛbɛyɛ sɛ anyɛ hwee koraa no, na wadi mfe 20. (Numeri 1:3; 1 Samuel 13:2) Saul dii ade mfe 40. Enti bere a Saul wui no, na Yonatan adi bɛyɛ mfe 60. Saa bere no, na Dawid nso adi mfe 30. (1 Samuel 31:2; 2 Samuel 5:4) Enti, ɛda adi sɛ na Yonatan kyɛn Dawid bɛyɛ mfe 30.