Ase Hɔ Asɛm
b Ɔbenfo Jason David BeDuhn kaa sɛ, Greek asɛmfua a wotumi kyerɛ ase “Onyankopɔn” anaa “onyame” no pue mprenu, na esiane sɛ biribiara nsɔ nea ɛto so mmienu no so nti, ɛkyerɛ sɛ baako yɛ “onyame” na baako yɛ “Onyankopɔn.” Ɔsan kaa sɛ: “Nea wɔka ne ho asɛm wɔ Yohane 1:1 sɛ Asɛm no, ɔnyɛ Onyankopɔn koro pɛ no, na mmom ɔyɛ onyame anaa ɔte sɛ Onyankopɔn.”—Truth in Translation: Accuracy and Bias in English Translations of the New Testament, kratafa 115, 122, ne 123.