Kwasida, July 27
‘Hyɛ wɔn nkuran, na kasa kyerɛ wɔn.’—Tito 1:9.
Sɛ wopɛ sɛ wo ho kokwaw a, ehia sɛ wusua nneɛma bi a ɛbɛboa wo. Wei bɛboa wo ama woatumi ayɛ dwumadi a wɔde bɛhyɛ wo nsa wɔ asafo no mu no. Afei nso, ɛbɛboa wo ama woanya adwuma ayɛ de ahwɛ wo ho ne w’abusua, na wo ne afoforo nso ntam bɛyɛ kama. Nneɛma a ehia sɛ wusua no emu baako ne sɛ wubesua akenkan ne akyerɛw yiye. Bible ka sɛ obi a ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara na odwinnwen ho no, n’ani begye na ebewie no yiye. (Dw. 1:1-3) Sɛ ɔkenkan Bible da biara a, obehu Yehowa adwene, na ɛbɛboa no ma wasusuw nneɛma ho yiye. (Mmeb. 1:3, 4) Yɛn nuanom hia mmarima a wɔbetumi ama wɔn Bible mu akwankyerɛ ne afotu. Sɛ wunim akenkan ne akyerɛw yiye a, ebetumi aboa wo ma woasiesie ɔkasa ne mmuae a ɛbɛhyɛ wo nuanom den. Afei nso, wubetumi akyerɛw nsɛm bi a ɛbɛboa wo, na ahyɛ wo gyidi den na wode ahyɛ afoforo nso nkuran. w23.12 26-27 ¶9-11
Dwoda, July 28
Nea ɔwɔ mo afã no so sen nea ɔwɔ wiase no afã.—1 Yoh. 4:4.
Sɛ wobɔ hu a, dwinnwen nneɛma a Yehowa bɛyɛ ama yɛn daakye no ho, bere a wayi Satan afi hɔ no. Afe 2014 ɔmantam nhyiam a yɛyɛe no, yɛhwɛɛ ɔyɛkyerɛ bi. Ná Agya bi ne n’abusua resusuw 2 Timoteo 3:1-5 ho. Ɔkaa sɛ, sɛ saa kyerɛwnsɛm no kaa nea ebesi wɔ Paradise ho asɛm a, ebia anka ɛbɛka biribi sei: “Na hu eyi sɛ wiase foforo no mu no, anigye kɛse bɛba. Efisɛ nnipa bɛdɔ ne yɔnko nnipa, wɔn ani begye Onyankopɔn Asɛm ho, abrɛ wɔn ho ase, ayi Onyankopɔn ayɛ, atie wɔn awofo, wɔrenyɛ bonniayɛ, wɔbedi nokware, wɔbenya tema kɛse ama wɔn abusuafo, nkurɔfo betumi ne wɔn ayɛ apam, wɔbɛbɔ nnipa din pa bere nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ho so, wɔbedwo, wɔbɛyɛ nneɛma pa, wɔrenyi afoforo mma, wɔbɛte asɛm ase, wɔremma wɔn ho so, sɛ anka wɔbedi anigyede akyi no, wɔbɛdɔ Onyankopɔn mmom, wɔbeyi wɔn yam de onyamesom pa abɔ wɔn bra; saa nnipa yi, bata wɔn ho.” Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no, ɛyɛ a wo ne w’abusua ne wo nuanom Kristofo bɔ ho nkɔmmɔ? w24.01 6 ¶13-14
Benada, July 29
Magye wo atom.—Luka 3:22.
Sɛ yehu sɛ Yehowa gye n’asomfo nyinaa tom a, ɛma yɛn ani gye paa! Bible ka sɛ: “Yehowa ani gye ne man ho.” (Dw. 149:4) Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ebinom abam bu ara ma wɔbisa wɔn ho sɛ, ‘Enti Yehowa gye me tom?’ Yehowa asomfo anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, ɛtɔ da a, na wɔn mu bi tumi nya adwene a ɛte saa. (1 Sam. 1:6-10; Hiob 29:2, 4; Dw. 51:11) Bible ma yehu pefee sɛ Yehowa betumi agye nnipa a bɔne wɔ wɔn ho atom. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye? Ɛsɛ sɛ yenya Yesu Kristo mu gyidi na yɛbɔ asu. (Yoh. 3:16) Yɛyɛ saa a, yɛma nkurɔfo hu sɛ yɛanu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho, na yɛahyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. (Aso. 2:38; 3:19) Sɛ yetu anammɔn a ɛte saa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne Yehowa bɛfa adamfo a, ɛma n’ani gye paa. Ɛbɔ a yɛahyɛ sɛ yɛbɛsom Yehowa daa no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara di so a, Yehowa begye yɛn atom na wabu yɛn sɛ ne nnamfo a onni yɛn ho agorɔ.—Dw. 25:14. w24.03 26 ¶1-2