Kwasida, September 14
‘Hu nokware no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛnea emu dɔ no yiye.’—Efe. 3:18.
Sɛ wopɛ sɛ wotɔ dan bi a, wobɛpɛ sɛ w’ankasa wokɔ fie hɔ de w’ani kohu ɛho biribiara. Sɛ yɛrekenkan Bible anaa yɛresua a, yebetumi ayɛ biribi a ɛte saa. Sɛ wode Bible akenkan tu mmirika a, ‘Onyankopɔn nsɛm kronkron a wudii kan suae no,’ anhwɛ a worensua biribi foforo biara nka ho. (Heb. 5:12) Mmom, sɛnea woretɔ fie a wobɛkɔ mu akɔhwɛ mu biribiara no, Bible no nso, “kɔ mu” na dɔ mu asukɔ. Ɔkwan a eye paa a wobɛfa so asua Bible ne sɛ, wubehu sɛnea Bible afa ahorow no nyinaa mu nsɛm keka si anim no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea wugye di no ase. Afei nso, nea enti a wugye di no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase. Sɛ yɛbɛte Onyankopɔn Asɛm ase yiye a, nsɛm bi wɔ Bible mu a ɛsɛ sɛ yɛdɔ mu asukɔ. Ɔsomafo Paul hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho nsua Onyankopɔn Asɛm no yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbehu nokware no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛnea emu dɔ no yiye.’ Sɛ wɔyɛ saa a, na ‘wɔbegye ntini, na wɔatim’ wɔ gyidi no mu. (Efe. 3:14-19) Yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara. w23.10 18-19 ¶1-3
Dwoda, September 15
Anuanom, momma adiyifo a wɔkasae wɔ Yehowa din mu no amanehunu ne wɔn abotare nyɛ nhwɛso mma mo.—Yak. 5:10.
Nnipa afoforo pii nso a na wɔwɔ abotare ho asɛm wɔ Bible mu. Wubetumi asua wɔn mu bi ho ade. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Dawid yɛ abofra no, Yehowa ma wɔsraa no sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene daakye, nanso na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn mfe pii ansa na wɔasi no hene. Simeon ne Hana nso, bere a na wɔretwɛn sɛ wɔbehu Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ no, wɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa. (Luka 2:25, 36-38) Sɛ woresua wɔn ho ade a, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi a: Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa saa nipa yi ma onyaa abotare? Abotare a onyae no boaa no sɛn? Mɛyɛ dɛn asuasua no? Sɛ wusua wɔn a wɔannya abotare nso ho ade a, ebetumi aboa wo. (1 Sam. 13:8-14) Wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na wɔannya abotare? Nsunsuanso bɛn na ɛde baa wɔn so?’ w23.08 25 ¶15
Benada, September 16
Yɛagye adi, na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ no.—Yoh. 6:69.
Ná ɔsomafo Petro yɛ ɔnokwafo; wamma biribiara ansiw no kwan sɛ ɔbɛkɔ so adi Yesu akyi. Bere bi, Yesu kaa asɛm bi a n’asuafo no ante ase, nanso Petro kyerɛe sɛ ɔbɛkɔ so adi n’akyi. (Yoh. 6:68) Asuafo no antwɛn ammisa Yesu sɛ ɔnkyerɛkyerɛ wɔn mu, ɛnna wɔn mu bebree gyaee n’akyi di. Nanso Petro de, wanyɛ saa. Ná onim sɛ Yesu nko ara na ɔwɔ “daa nkwa nsɛm.” Ná Yesu nim sɛ Petro ne asomafo a aka no beguan agyaw no. Nanso Yesu kaa biribi a na ɛkyerɛ sɛ ogye di sɛ Petro bɛsan agyina ne nan so, na wakɔ so asom Yehowa akosi awiei. (Luka 22:31, 32) Ná Yesu nim sɛ ‘honhom no pɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.’ (Mar. 14:38) Enti, ɛwom sɛ Petro kaa sɛ onnim Yesu, nanso Yesu anyi ne baako anhyɛ ne nsa. Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Petro. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na obiara nni Petro nkyɛn. (Mar. 16:7; Luka 24:34; 1 Kor. 15:5) Saa bere no, na Petro werɛ ahow paa, enti wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ no nkuran! w23.09 22 ¶9-10