Ahene Nhoma a Edi Kan
5 Bere a Tiro+ hene Hiram tee sɛ wɔasra Solomon asi no hene ama ɔredi ne papa ade no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ Solomon nkyɛn, efisɛ na Hiram ne Dawid yɛ nnamfo fi tete.*+ 2 Solomon nso soma kɔɔ Hiram nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 3 “W’ankasa wunim sɛ ɔko a atamfo de twaa me papa Dawid ho hyiae nti, wantumi ansi ofi amma Yehowa ne Nyankopɔn din, kosii sɛ Yehowa de wɔn guu ne nan ase.+ 4 Seesei de, Yehowa me Nyankopɔn ama me ho adwo me wɔ afã nyinaa.+ Ɔtamfo biara nni hɔ, na bɔne biara nso nni hɔ.+ 5 Enti mepɛ sɛ misi ofi ma Yehowa me Nyankopɔn din sɛnea Yehowa hyɛɛ me papa Dawid bɔ no. Ɔkae sɛ: ‘Wo ba a mede no bɛtena w’ahengua so asi w’ananmu no, ɔno na obesi ofi ama me din.’+ 6 Afei ma wo nkurɔfo ntwa sida nnua wɔ Lebanon+ mma me. Me nkoa ne wo nkoa bɛbom ayɛ adwuma, na wo nkoa akatua nyinaa, mede bɛma wo sɛnea wobɛkyerɛ biara, efisɛ wunim sɛ yenni obiara wɔ yɛn mu a onim nnuatwa te sɛ Sidonfo.”+
7 Bere a Hiram tee Solomon nsɛm no, odii ahurusi kɛse, na ɔkae sɛ: “Ayeyi nka Yehowa nnɛ, efisɛ wama Dawid ɔba nyansafo a ɔredi ɔman kɛse* yi so!”+ 8 Ɛnna Hiram soma kɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Mate wo nkra no, na mɛyɛ w’apɛde ama wo na wo nsa aka sida ne ɔpopaw nnua no.+ 9 Me nkoa de befi Lebanon aba mpoano, na mɛkyekyere agu po so de akɔ baabi a wobɛkyerɛ sɛ memfa nkɔ; ɛhɔ na mɛma wɔasansan na woabɛfa. Me nso nea mepɛ sɛ woyɛ ma me ne sɛ wobɛma me fifo aduan.”+
10 Enti sida nnua ne ɔpopaw nnua a Solomon hia nyinaa, Hiram de brɛɛ no. 11 Solomon nso maa Hiram hwiit kor* 20,000 sɛ ɔmfa nhwɛ ne fifo, ne ngo pa* kor 20. Eyi na Solomon de maa Hiram afe biara.+ 12 Yehowa maa Solomon nyansa sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no,+ na asomdwoe tenaa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn baanu yɛɛ apam.
13 Ɔhene Solomon faa apaafo fii Israel nyinaa; ná apaafo no yɛ mmarima 30,000.+ 14 Bosome biara na ɔde wɔn mu 10,000 kɔ Lebanon. Sɛ wokodi bosome baako wɔ Lebanon a, na wɔabedi abosome abien wɔ wɔn afi; Adoniram+ na na ɔda apaafo no ano. 15 Solomon nyaa nnipa 70,000 a wɔsoasoa nneɛma, ne nnipa 80,000 a wɔpae abo+ wɔ mmepɔw mu.+ 16 Afei nso, na Solomon wɔ akunini+ 3,300 a wɔdeda adwumayɛfo no ano. 17 Ɔhene ma wɔpaee abo akɛse a ne bo yɛ den+ na wotwitwa+ de too ofi no fapem.+ 18 Enti Solomon adansifo ne Hiram adansifo ne Gebalfo+ paee abo no, na wosiesiee nnua ne abo a wɔde besi ofi no.