Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 28
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Yuda hene Ahas ahenni (1-4)

      • Siria ne Israel dii no so nkonim (5-8)

      • Oded bɔɔ Israel kɔkɔ (9-15)

      • Ɔbrɛɛ Yuda ase (16-19)

      • Ahas som abosom; owui (20-27)

2 Beresosɛm 28:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ho 1:1; Mik 1:1; Mt 1:9
  • +2Ah 16:2

2 Beresosɛm 28:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “oguu Baal ahoni.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 12:26, 28; 16:33
  • +Ex 34:17

2 Beresosɛm 28:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Gehenna.”

  • *

    Nt., “ɔmaa ne mma faa ogya mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 33:1, 6; Yer 7:31
  • +De 12:31

2 Beresosɛm 28:4

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:30
  • +Yes 57:4, 5

2 Beresosɛm 28:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 16:5, 6; 2Be 24:24
  • +2Sa 8:6; 1Be 18:5

2 Beresosɛm 28:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 15:37; Yes 7:1
  • +2Be 15:2; Dw 73:27

2 Beresosɛm 28:7

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ofi.”

2 Beresosɛm 28:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 16:23, 24; 22:51

2 Beresosɛm 28:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:14; 3:8

2 Beresosɛm 28:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:39, 46; 2Be 8:9

2 Beresosɛm 28:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 28:8

2 Beresosɛm 28:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 16:7, 8; Yes 7:10-12

2 Beresosɛm 28:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 26:1, 6
  • +2Be 26:10
  • +Yos 15:10, 12
  • +2Be 11:10
  • +Ate 14:1

2 Beresosɛm 28:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Yuda.” Wɔtaa de “Israel” gyina hɔ ma “Yuda” wɔ 2 Beresosɛm.

2 Beresosɛm 28:20

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Tiglat-Pilesa.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 15:29; 16:7, 8; 1Be 5:26
  • +2Ah 17:5; Yes 7:20

2 Beresosɛm 28:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:15, 16; 2Be 12:9

2 Beresosɛm 28:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 25:14
  • +2Ah 16:10-13
  • +Yer 44:18

2 Beresosɛm 28:24

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 16:17
  • +1Ah 6:33, 34; 2Be 29:7

2 Beresosɛm 28:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 14:22, 23; 2Ah 15:32, 35; 2Be 21:5, 11; 33:1, 3

2 Beresosɛm 28:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 16:19

2 Beresosɛm 28:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 21:16, 20; 33:20

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 28:1Ho 1:1; Mik 1:1; Mt 1:9
2 Be. 28:12Ah 16:2
2 Be. 28:21Ah 12:26, 28; 16:33
2 Be. 28:2Ex 34:17
2 Be. 28:32Be 33:1, 6; Yer 7:31
2 Be. 28:3De 12:31
2 Be. 28:4Le 26:30
2 Be. 28:4Yes 57:4, 5
2 Be. 28:52Ah 16:5, 6; 2Be 24:24
2 Be. 28:52Sa 8:6; 1Be 18:5
2 Be. 28:62Ah 15:37; Yes 7:1
2 Be. 28:62Be 15:2; Dw 73:27
2 Be. 28:81Ah 16:23, 24; 22:51
2 Be. 28:9Ate 2:14; 3:8
2 Be. 28:10Le 25:39, 46; 2Be 8:9
2 Be. 28:142Be 28:8
2 Be. 28:162Ah 16:7, 8; Yes 7:10-12
2 Be. 28:182Be 26:1, 6
2 Be. 28:182Be 26:10
2 Be. 28:18Yos 15:10, 12
2 Be. 28:182Be 11:10
2 Be. 28:18Ate 14:1
2 Be. 28:202Ah 15:29; 16:7, 8; 1Be 5:26
2 Be. 28:202Ah 17:5; Yes 7:20
2 Be. 28:212Ah 18:15, 16; 2Be 12:9
2 Be. 28:232Be 25:14
2 Be. 28:232Ah 16:10-13
2 Be. 28:23Yer 44:18
2 Be. 28:242Ah 16:17
2 Be. 28:241Ah 6:33, 34; 2Be 29:7
2 Be. 28:251Ah 14:22, 23; 2Ah 15:32, 35; 2Be 21:5, 11; 33:1, 3
2 Be. 28:262Ah 16:19
2 Be. 28:272Be 21:16, 20; 33:20
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 28:1-27

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

28 Ahas+ bedii hene no, na wadi mfe 20, na odii ade mfe 16 wɔ Yerusalem. Wanyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so sɛnea ne nana Dawid yɛe no.+ 2 Mmom no, Israel ahemfo akwan so na ɔfae,+ na mpo ɔde dade yeyɛɛ Baal ahoni.*+ 3 Afei nso, ɔhyew afɔrebɔde wɔ Hinom Ba Bon* no mu, na ɔhyew ne mma wɔ ogya mu;*+ enti akyiwade a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim yɛe no, ɛno ara bi na ɔyɛe.+ 4 Ɔsan bobɔɔ afɔre na ɔhyew afɔrebɔde wɔ sorɔnsorɔmmea,*+ nkoko so, ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+

5 Ɛnna ne Nyankopɔn Yehowa de no hyɛɛ Siria hene nsa+ ma odii no so nkonim, na wɔkyeree nnipa bebree kɔɔ Damasko.+ Afei nso, Onyankopɔn de no hyɛɛ Israel hene nsa ma okunkum ne nkurɔfo pii. 6 Saa bere no, Remalia ba Peka+ kunkum mmarima akokodurufo 120,000 da koro wɔ Yuda, efisɛ wogyaw Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn.+ 7 Afei nso, Efraim ɔkatakyi Sikri kum ɔhene ba Maaseia, ahemfi* panyin Asrikam, ne ɔhene abadiakyiri Elkana. 8 Bio nso, Israelfo no kyeree wɔn nua mmea ne mmofra 200,000 kɔe, na wɔsesaw wɔn nneɛma pii, na wɔde kɔɔ Samaria.+

9 Nanso na Yehowa diyifo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Oded. Ofii adi kohyiaa asraafo a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Mo agyanom Nyankopɔn Yehowa bo fuw Yuda, enti na ɔde wɔn hyɛɛ mo nsa,+ na mode abufuw a emu yɛ den akunkum wɔn ma akodu Onyankopɔn anim. 10 Afei mopɛ sɛ mode Yuda ne Yerusalemfo yɛ mo nkoa ne mo mfenaa.+ Na mo nso, monyɛɛ bɔne ntiaa Yehowa mo Nyankopɔn anaa? 11 Afei muntie me, na monsan mfa mo nuanom a mokyeree wɔn no nkɔ, efisɛ Yehowa bo afuw mo paa.”

12 Ɛnna Efraim mma mu atitiriw bi, Yehohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia, Salum ba Yehiskia, ne Hadlai ba Amasa kohyiaa wɔn a wɔakɔ ɔko reba no, 13 na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommfa nnipa a mokyeree wɔn no mma ha, na ɛbɛma yɛadi fɔ wɔ Yehowa anim. Yɛn asodi dɔɔso dedaw, na morebɛyɛ ama yɛn bɔne ne yɛn asodi no bi abɛka ho, na Onyankopɔn bo afuw Israel paa.” 14 Enti asraafo no de nnipa a wɔkyeree wɔn no ne nneɛma a wɔsesawee+ no maa mpanyimfo no ne asafo no nyinaa. 15 Ɛnna mmarima a wɔbobɔɔ wɔn din yiyii wɔn no sɔree, na wɔfaa nnipa a wɔakyere wɔn no, na wɔn a wɔdeda adagyaw no nyinaa, woyiyii ntaade fii nneɛma no mu ma wɔhyɛe. Enti wɔmaa wɔn ntaade ne mpaboa hyɛe, na wɔmaa wɔn aduan ne nea wɔbɛnom, na wɔmaa wɔn ngo srae. Afei nso, wɔn a wontumi nnantew nyinaa, wɔde wɔn tenatenaa mfurum so de wɔn brɛɛ wɔn nuanom wɔ Yeriko, mmɛ kurow no mu. Ɛno akyi no, wɔsan wɔn akyi kɔɔ Samaria.

16 Saa bere no, Ɔhene Ahas srɛɛ Asiria ahemfo sɛ wɔmmɛboa no.+ 17 Edomfo nso bae, na wɔbɛtow hyɛɛ Yuda so na wɔkyeree ebinom kɔe. 18 Filistifo+ nso bɛtow hyɛɛ Sefela+ ne Negeb nkurow a ɛwɔ Yuda no so, na wɔfaa Bet-Semes,+ Ayalon,+ Gederot, Soko ne ɛho nkurow, Timna+ ne ɛho nkurow, ne Gimso ne ɛho nkurow, na wɔtenatenaa hɔ. 19 Yehowa brɛɛ Yuda ase, efisɛ Israel* hene Ahas maa Yuda tew atua, na wɔyɛɛ Yehowa bɔne kɛse.

20 Akyiri yi, Asiria hene Tilgat-Pilneser*+ bae, nanso wammɛhyɛ no den, na mmom ɔbɛteetee no.+ 21 Ná Ahas apra Yehowa fi ne ahemfi+ ne ɔman mpanyimfo no afi mu nneɛma nyinaa de akyɛ Asiria hene, nanso ankosi hwee. 22 Bere a Ɔhene Ahas refa ateetee mu no, afei koraa na na ɔreyɛ Yehowa bɔne. 23 Ofii ase bɔɔ afɔre maa Damasko anyame+ a wɔkaa no gui+ no; asɛm a ɔkae ne sɛ: “Siria ahemfo anyame reboa wɔn, enti me nso mɛbɔ afɔre ama wɔn na wɔaboa me.”+ Nanso wɔmaa ɔno ne Israel nyinaa hwee ase. 24 Afei nso, Ahas boaboaa nokware Nyankopɔn no fi hɔ nneɛma ano, otwitwaa nokware Nyankopɔn no fi hɔ nneɛma mu asinasin,+ ɔtotoo Yehowa fi apon mu,+ na osisii ɔno ara n’afɔremuka wɔ Yerusalem mmantwea baabiara. 25 Bio nso, ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea wɔ Yuda nkurow nyinaa mu sɛ wɔnhyew afɔrebɔde mma anyame foforo,+ na ɔhyɛɛ Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn abufuw.

26 Ne ho nsɛm a aka ne n’akwan nyinaa, efi mfiase kosi awiei, wɔakyerɛw wɔ Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma no mu.+ 27 Ahas ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Yerusalem kurow no mu, nanso wɔamfa no ankɔ Israel ahemfo amusiei hɔ.+ Ɛnna ne ba Hesekia bedii n’ade.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena