Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 33
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Yuda hene Manase ahenni (1-9)

      • Manase nuu ne ho wɔ ne bɔne ho (10-17)

      • Manase wui (18-20)

      • Yuda hene Amon ahenni (21-25)

2 Beresosɛm 33:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 1:10
  • +2Ah 21:1

2 Beresosɛm 33:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 21:2-6

2 Beresosɛm 33:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:1, 4
  • +De 4:19; 2Ah 23:5

2 Beresosɛm 33:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 16:10, 11
  • +De 12:11; 2Be 6:6

2 Beresosɛm 33:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:36; 7:12

2 Beresosɛm 33:6

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “Ɔmaa ne mma faa ogya mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 16:1, 3
  • +Yos 15:8, 12; 2Ah 23:10
  • +Le 19:26
  • +Le 20:6; De 18:10, 11

2 Beresosɛm 33:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 23:6
  • +2Ah 21:7-9; 23:27; 2Be 7:16

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    10/2021, kr. 4

2 Beresosɛm 33:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “merenyi wɔn nan.”

2 Beresosɛm 33:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 18:24; Yos 24:8; 2Ah 21:11, 16

2 Beresosɛm 33:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 36:15, 16

2 Beresosɛm 33:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔkyeree Manase wɔ tokuru bi mu.”

2 Beresosɛm 33:12

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhwehwɛɛ ne Nyankopɔn Yehowa.”

2 Beresosɛm 33:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 1:18
  • +Da 4:25

2 Beresosɛm 33:14

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “subon.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:9; 2Be 32:2, 5
  • +2Be 32:30
  • +Ne 3:3
  • +2Be 27:1, 3

2 Beresosɛm 33:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 21:1, 7
  • +2Ah 21:1, 4, 5

2 Beresosɛm 33:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 29:18
  • +Le 3:1
  • +Le 7:12

2 Beresosɛm 33:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 33:12, 13
  • +2Ah 21:2, 9
  • +2Ah 21:3, 7

2 Beresosɛm 33:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 21:18, 19

2 Beresosɛm 33:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 1:10
  • +2Ah 21:19-24

2 Beresosɛm 33:22

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 33:1, 2
  • +2Ah 21:1, 7

2 Beresosɛm 33:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 8:12
  • +2Be 33:12, 13

2 Beresosɛm 33:24

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 12:20; 2Be 25:27

2 Beresosɛm 33:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 25:1, 3
  • +2Ah 21:25, 26

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 33:1Mt 1:10
2 Be. 33:12Ah 21:1
2 Be. 33:22Ah 21:2-6
2 Be. 33:32Ah 18:1, 4
2 Be. 33:3De 4:19; 2Ah 23:5
2 Be. 33:42Ah 16:10, 11
2 Be. 33:4De 12:11; 2Be 6:6
2 Be. 33:51Ah 6:36; 7:12
2 Be. 33:62Ah 16:1, 3
2 Be. 33:6Yos 15:8, 12; 2Ah 23:10
2 Be. 33:6Le 19:26
2 Be. 33:6Le 20:6; De 18:10, 11
2 Be. 33:72Ah 23:6
2 Be. 33:72Ah 21:7-9; 23:27; 2Be 7:16
2 Be. 33:9Le 18:24; Yos 24:8; 2Ah 21:11, 16
2 Be. 33:102Be 36:15, 16
2 Be. 33:13Yes 1:18
2 Be. 33:13Da 4:25
2 Be. 33:142Sa 5:9; 2Be 32:2, 5
2 Be. 33:142Be 32:30
2 Be. 33:14Ne 3:3
2 Be. 33:142Be 27:1, 3
2 Be. 33:152Ah 21:1, 7
2 Be. 33:152Ah 21:1, 4, 5
2 Be. 33:162Be 29:18
2 Be. 33:16Le 3:1
2 Be. 33:16Le 7:12
2 Be. 33:192Be 33:12, 13
2 Be. 33:192Ah 21:2, 9
2 Be. 33:192Ah 21:3, 7
2 Be. 33:202Ah 21:18, 19
2 Be. 33:21Mt 1:10
2 Be. 33:212Ah 21:19-24
2 Be. 33:222Be 33:1, 2
2 Be. 33:222Ah 21:1, 7
2 Be. 33:23Yer 8:12
2 Be. 33:232Be 33:12, 13
2 Be. 33:242Ah 12:20; 2Be 25:27
2 Be. 33:252Be 25:1, 3
2 Be. 33:252Ah 21:25, 26
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 33:1-25

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

33 Manase+ bedii hene no, na wadi mfe 12, na odii ade mfe 55 wɔ Yerusalem.+

2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne; akyiwade a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim yɛe no, ɛno ara bi na ɔyɛe.+ 3 Sorɔnsorɔmmea* a ne papa Hesekia bubui no,+ ɔsan sisii, na osisii afɔremuka maa Baal anyame; osisii abosonnua,* ɔkotow ɔsoro asafo nyinaa, na ɔsom wɔn.+ 4 Ɔsan sisii afɔremuka wɔ Yehowa fi;+ ná Yehowa aka ofi no ho asɛm sɛ: “Yerusalem ne kurow a mede me din bɛto so afebɔɔ.”+ 5 Afei nso, osisii afɔremuka maa ɔsoro asafo nyinaa wɔ Yehowa fi adiwo abien hɔ.+ 6 Ɔno ara ne mma mpo, ɔhyew wɔn wɔ ogya mu*+ wɔ Hinom Ba Bon no mu,+ na odii nkonyaayi+ ne abosonkɔm akyi; ɔkɔɔ abisa, na ɔpaw akɔmfo ne asumanfo.+ Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuw.

7 Ɔde ohoni a ɔde dua asen no kosii nokware Nyankopɔn no fi+ a Onyankopɔn kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mapaw ofi yi ne Yerusalem afi Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ mede me din bɛto so afebɔɔ.+ 8 Na sɛ Israel hwɛ di Mmara, ahyɛde, ne atemmusɛm a menam Mose so de maa wɔn no nyinaa so a, me nso merenyi wɔn* mfi asaase a mede maa wɔn agyanom no so bio.” 9 Manase maa Yuda ne Yerusalemfo tew atua, na wɔyɛɛ bɔne sen aman a Yehowa sɛee wɔn fii Israelfo anim no.+

10 Daa, na Yehowa kasa kyerɛ Manase ne ne nkurɔfo, nanso wɔantie.+ 11 Enti Yehowa maa Asiria hene dɔm so asahene baa wɔn so. Wɔde akɔtɔkorɔ kyeree Manase* na wɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien guu no, na wɔde no kɔɔ Babilon. 12 Ne ho kyeree no no, ɔhwehwɛɛ ne Nyankopɔn Yehowa anim dom,* na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase paa wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim. 13 Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae daa, na ohuu no mmɔbɔ, na otiee ne nkotosrɛ yɛɛ no adom san de no baa Yerusalem bɛtenaa n’ahengua so.+ Afei Manase behui sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.+

14 Ɛno akyi no, ɔtoo ɔfasu foforo twaa Dawid Kurow+ no ho wɔ Gihon atɔe fam,+ efi obon* no mu de kosi Mpataa Pon+ no ho, na ɔde twaa Ofel+ ho hyiae ma ɛkɔɔ soro tenteenten. Afei nso, ɔde asahene totoo Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no nyinaa ano. 15 Ɛnna oyiyii ananafo anyame ne ohoni no fii Yehowa fi hɔ,+ na oyiyii afɔremuka a osisii wɔ Yehowa fi bepɔw so+ ne Yerusalem no nyinaa, na ɔma wɔkɔtow guu kurow no akyi. 16 Bio nso, osiesiee Yehowa afɔremuka no,+ na ofii ase bɔɔ asomdwoe afɔre+ ne aseda afɔre+ wɔ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnsom Israel Nyankopɔn Yehowa. 17 Ne nyinaa akyi no, na ɔman no da so bɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, nanso na wɔbɔ ma Yehowa, wɔn Nyankopɔn.

18 Manase ho nsɛm a aka, mpae a ɔbɔɔ ne Nyankopɔn, ne adehufo nsɛm a wɔkɔɔ so ka kyerɛɛ no wɔ Yehowa, Israel Nyankopɔn din mu no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahemfo ho abakɔsɛm mu. 19 Bio nso, mpae a ɔbɔe+ ne sɛnea wɔyɛɛ n’abisade maa no, bɔne a ɔyɛe nyinaa, nokware a wanni,+ baabi a osisii sorɔnsorɔmmea ne abosonnua,*+ ne ahoni a ɔyeyɛe ansa na ɔrebrɛ ne ho ase no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ adehufo a na wɔsom no no nsɛm mu. 20 Afei Manase ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ ne fi, na ne ba Amon bedii n’ade.+

21 Amon+ bedii hene no, na wadi mfe 22, na odii ade mfe abien wɔ Yerusalem.+ 22 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛnea ne papa Manase yɛe no;+ na ahoni a Amon papa Manase yeyɛe no nyinaa,+ ɔbɔɔ afɔre maa wɔn, na ɔsom wɔn. 23 Nanso wammrɛ ne ho ase wɔ Yehowa anim+ sɛnea ne papa Manase brɛɛ ne ho ase no;+ mmom no, Amon maa ne bɔne dɔɔso. 24 Ewiee ase no, ne nkoa bɔɔ ne ho pɔw,+ na wokum no wɔ n’ankasa fi. 25 Nanso asaase no sofo kunkum wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon+ ho pɔw no nyinaa, na wosii ne ba Yosia+ hene ma odii n’ade.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena