Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 7
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Yehowa anuonyam hyɛɛ asɔrefi no ma (1-3)

      • Nneɛma a wɔyɛ de buee ɔdan no ano (4-10)

      • Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon (11-22)

2 Beresosɛm 7:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:54
  • +Le 9:24; 1Be 21:26
  • +Ex 40:34, 35

2 Beresosɛm 7:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:11

2 Beresosɛm 7:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:62, 63

2 Beresosɛm 7:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Esr 6:16

2 Beresosɛm 7:6

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi aba sɛ ɛyɛ Lewifo no.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 25:7; 2Be 5:11, 12
  • +2Be 5:13

2 Beresosɛm 7:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 1:3
  • +2Be 4:1
  • +Le 2:1
  • +Le 4:8-10; 1Ah 8:64-66

2 Beresosɛm 7:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Hamat kwan ano.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 23:34; De 16:13
  • +Nu 34:2, 5, 8

2 Beresosɛm 7:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Afahyɛ da no adekyee anaa da a ɛto so 15.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 23:36

2 Beresosɛm 7:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 6:41
  • +De 16:15

2 Beresosɛm 7:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhene fi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 2:4
  • +1Ah 9:1-3

2 Beresosɛm 7:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 1:7
  • +De 12:5, 6; Dw 78:68

2 Beresosɛm 7:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 43:10
  • +Le 26:41; 2Be 33:12, 13
  • +Yes 55:7
  • +2Be 6:39

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Nyan!,

    4/8/1994, kr. 24

2 Beresosɛm 7:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 6:40

2 Beresosɛm 7:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:21
  • +2Be 6:20

2 Beresosɛm 7:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 9:4, 5

2 Beresosɛm 7:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:12, 13
  • +Dw 89:28, 29
  • +1Ah 2:4

2 Beresosɛm 7:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:5; 1Ah 9:6-9

2 Beresosɛm 7:20

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “wɔde ayɛ akasabebu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:25, 26; 2Ah 17:20
  • +De 28:37; Yer 24:9

2 Beresosɛm 7:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 29:8; Da 9:12
  • +De 29:24, 25; 2Ah 25:8, 9; Yer 22:8, 9

2 Beresosɛm 7:22

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 15:2
  • +Ex 12:51
  • +Yes 2:8; Yer 2:11
  • +2Be 36:17

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 7:11Ah 8:54
2 Be. 7:1Le 9:24; 1Be 21:26
2 Be. 7:1Ex 40:34, 35
2 Be. 7:21Ah 8:11
2 Be. 7:41Ah 8:62, 63
2 Be. 7:5Esr 6:16
2 Be. 7:61Be 25:7; 2Be 5:11, 12
2 Be. 7:62Be 5:13
2 Be. 7:7Le 1:3
2 Be. 7:72Be 4:1
2 Be. 7:7Le 2:1
2 Be. 7:7Le 4:8-10; 1Ah 8:64-66
2 Be. 7:8Le 23:34; De 16:13
2 Be. 7:8Nu 34:2, 5, 8
2 Be. 7:9Le 23:36
2 Be. 7:102Be 6:41
2 Be. 7:10De 16:15
2 Be. 7:11Ɔsɛ 2:4
2 Be. 7:111Ah 9:1-3
2 Be. 7:122Be 1:7
2 Be. 7:12De 12:5, 6; Dw 78:68
2 Be. 7:14Yes 43:10
2 Be. 7:14Le 26:41; 2Be 33:12, 13
2 Be. 7:14Yes 55:7
2 Be. 7:142Be 6:39
2 Be. 7:152Be 6:40
2 Be. 7:16De 12:21
2 Be. 7:162Be 6:20
2 Be. 7:171Ah 9:4, 5
2 Be. 7:182Sa 7:12, 13
2 Be. 7:18Dw 89:28, 29
2 Be. 7:181Ah 2:4
2 Be. 7:19Ex 20:5; 1Ah 9:6-9
2 Be. 7:20De 4:25, 26; 2Ah 17:20
2 Be. 7:20De 28:37; Yer 24:9
2 Be. 7:212Be 29:8; Da 9:12
2 Be. 7:21De 29:24, 25; 2Ah 25:8, 9; Yer 22:8, 9
2 Be. 7:222Be 15:2
2 Be. 7:22Ex 12:51
2 Be. 7:22Yes 2:8; Yer 2:11
2 Be. 7:222Be 36:17
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 7:1-22

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

7 Bere a Solomon wiee ne mpaebɔ no ara pɛ,+ ogya fi soro+ bɛhyew ɔhyew afɔre ne afɔrebɔde no nyinaa, na Yehowa anuonyam hyɛɛ ofi no ma.+ 2 Yehowa anuonyam a ɛhyɛɛ Yehowa fi no ma nti, asɔfo no antumi anhyɛn Yehowa fi no mu.+ 3 Bere a ogya no fi soro bae, na Yehowa anuonyam baa ofi no so no, Israel mma nyinaa hui, na wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuw fam ɔkwan a abo sɛm so no so, na wɔdaa Yehowa ase sɛ, “oye na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”

4 Afei ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ afɔre wɔ Yehowa anim.+ 5 Ɔhene Solomon de anantwi 22,000 ne nguan 120,000 na ɛbɔɔ afɔre no. Enti ɔhene ne ɔman no nyinaa buee nokware Nyankopɔn fi no ano.+ 6 Ná asɔfo no gyinagyina wɔn gyinabea reyɛ wɔn nnwuma, na Lewifo no nso kurakura nnwonto nneɛma a wɔbɔ di nnwontofo a woyi Yehowa ayɛ no akyi.+ (Ɔhene Dawid yɛɛ nnwonto nneɛma no sɛ bere biara a ɔne wɔn* beyi Onyankopɔn ayɛ no, wɔmfa nna Yehowa ase sɛ, “ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”) Asɔfo no nso gyinagyinaa wɔn anim hyɛn ntorobɛnto denneennen;+ saa bere no, na Israelfo no nyinaa gyinagyina hɔ.

7 Ɛnna Solomon yɛɛ Yehowa fi anim adiwo no mfinimfini hɔ kronkron, efisɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre no,+ na asomdwoe afɔre ho srade no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhyew no; nea enti a Solomon yɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔremuka+ a ɔyɛe no, na ɔhyew afɔre ne aduan afɔre+ ne srade a wɔrebɛhyew no nyinaa+ renkɔ so. 8 Saa bere no, Solomon dii afahyɛ no nnanson,+ ɔne Israel nyinaa; ná wɔyɛ bagua kɛse a wofi Lebo-Hamat* hye so kosi Egypt Subon ano.+ 9 Ɛda a ɛto so awotwe* no, wɔyɛɛ nhyiam titiriw.+ Nea ɛte ne sɛ, wɔde nnanson na ehyiraa afɔremuka no so, ɛnna wodii afahyɛ no nso nnanson. 10 Afei bosome a ɛto so ason no da a ɛto so 23 no, ogyaa ɔman no kwan ma obiara kɔɔ ne fi, na nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama Dawid ne Solomon ne ne man Israel nti,+ wɔde anigye ne akomatɔyam na ɛkɔe.+

11 Yehowa fi ne ahemfi* no, Solomon wiee ɛho adwuma nyinaa;+ biribiara a ɛbaa Solomon komam sɛ ɔbɛyɛ wɔ Yehowa fi ne n’ankasa fi ho no, otumi yɛɛ ne nyinaa.+ 12 Ɛnna Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon+ anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ no, na mayi ha sɛ ɛnyɛ afɔrebɔ fi mma me.+ 13 Sɛ meto ɔsoro mu na osu antɔ, na sɛ mema mmebɛw bɛwe asaase no so nnɔbae, na mema nsanyare a edi awu ba me man so, 14 na sɛ me man a me din da wɔn so no+ brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpae hwehwɛ m’akyi kwan, na wɔtwe wɔn ho fi wɔn akwammɔne ho+ a, ɛnde me nso mefi ɔsoro atie na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, na masa wɔn asaase yare.+ 15 Mebue m’aniwa ama mpae a wɔbɛbɔ wɔ ha no na mayɛ aso atie.+ 16 Afei mayi ofi yi ayɛ no kronkron sɛ me din ntena ha afebɔɔ,+ na mɛma m’ani aku ho na mahwɛ so daa.+

17 “Na wo, sɛ wosom me sɛnea wo papa Dawid som me no, na woyɛ nea maka akyerɛ wo nyinaa, na wudi m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so a,+ 18 ɛnde me nso, mɛma w’ahengua atim,+ sɛnea me ne wo papa Dawid yɛɛ apam no.+ Meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahengua so.’+ 19 Nanso, sɛ motwe mo ho, na mugyaw m’ahyɛde ne me mmara nsɛm a mede ama mo no, na mokɔsom anyame foforo na mokotow wɔn a,+ 20 ɛnde asaase a mede ama Israel no, metutu wɔn ase afi so,+ na ofi a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene, na wɔde aka asɛm aserew* adi ho fɛw wɔ aman nyinaa mu.+ 21 Na ofi yi bɛdan amamfo, na obiara a obetwam no behu ama ne ho adwiriw no,+ na waka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne ofi yi sɛɛ?’+ 22 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagyaw Yehowa,+ wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Egypt asaase so+ no ntia; wɔagyaw no hɔ akodi anyame foforo akyi, na wɔakotow asɔre wɔn.+ Ɛno nti na ɔde amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena