Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 12
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Sisak baa Yerusalem so (1-12)

      • Rehoboam ahenni baa awiei (13-16)

2 Beresosɛm 12:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 11:17
  • +De 32:15; 2Be 26:11, 16

2 Beresosɛm 12:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 11:40; 14:25

2 Beresosɛm 12:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Na 3:9

2 Beresosɛm 12:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 12:22-24
  • +De 28:15; 2Be 15:2

2 Beresosɛm 12:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 33:10, 12

2 Beresosɛm 12:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 21:29; 2Be 34:26, 27

2 Beresosɛm 12:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ahenni.”

2 Beresosɛm 12:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhene fi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 7:51
  • +1Ah 10:16, 17; 14:25-28

2 Beresosɛm 12:10

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhene fi.”

  • *

    Nt., “ammirikatufo.”

2 Beresosɛm 12:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 33:10, 12
  • +Kwa 3:22
  • +Ge 18:23-25; 1Ah 14:1, 13; 2Be 19:2, 3

2 Beresosɛm 12:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 23:3; 1Ah 11:1; 14:21

2 Beresosɛm 12:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 7:3; 1Ah 18:21; Mr 12:30

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    6/2018, kr. 14-15

2 Beresosɛm 12:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 12:22-24
  • +2Be 9:29; 13:22
  • +1Ah 14:30, 31

2 Beresosɛm 12:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:9
  • +Mt 1:7

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 12:12Be 11:17
2 Be. 12:1De 32:15; 2Be 26:11, 16
2 Be. 12:21Ah 11:40; 14:25
2 Be. 12:3Na 3:9
2 Be. 12:51Ah 12:22-24
2 Be. 12:5De 28:15; 2Be 15:2
2 Be. 12:62Be 33:10, 12
2 Be. 12:71Ah 21:29; 2Be 34:26, 27
2 Be. 12:91Ah 7:51
2 Be. 12:91Ah 10:16, 17; 14:25-28
2 Be. 12:122Be 33:10, 12
2 Be. 12:12Kwa 3:22
2 Be. 12:12Ge 18:23-25; 1Ah 14:1, 13; 2Be 19:2, 3
2 Be. 12:13De 23:3; 1Ah 11:1; 14:21
2 Be. 12:141Sa 7:3; 1Ah 18:21; Mr 12:30
2 Be. 12:151Ah 12:22-24
2 Be. 12:152Be 9:29; 13:22
2 Be. 12:151Ah 14:30, 31
2 Be. 12:162Sa 5:9
2 Be. 12:16Mt 1:7
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 12:1-16

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

12 Bere a Rehoboam ahenni timii+ na ɔyɛɛ den no, ankyɛ na ogyaw Yehowa Mmara,+ na Israel nyinaa nso kodii n’akyi. 2 Esiane sɛ wɔanni Yehowa nokware nti, Ɔhene Rehoboam ahenni afe a ɛto so anum mu no, Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so. 3 Ɔde nteaseɛnam 1,200 ne asraafo 60,000 a wɔtete apɔnkɔ so na ɛbae; asraafo a wɔne no fi Egypt bae no de, na wɔn dodow nni ano—ebi yɛ Libiafo, Sukiyimfo, ne Etiopiafo.+ 4 Ɔko faa Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no, na ɔbae ara beduu Yerusalem.

5 Odiyifo Semaia+ baa Rehoboam ne Yuda mpanyimfo a Sisak nti wɔaboaboa wɔn ano wɔ Yerusalem no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Moagyaw me, enti me nso, magyaw mo+ ahyɛ Sisak nsa.’” 6 Ɛnna Israel mpanyimfo ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho ase,+ na wɔkae sɛ: “Yehowa teɛ.” 7 Bere a Yehowa hui sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase no, Yehowa ka kyerɛɛ Semaia sɛ: “Wɔabrɛ wɔn ho ase, enti merensɛe wɔn.+ Ɛrenkyɛ megye wɔn, na meremfa Sisak so nhwie m’abufuw ngu Yerusalem so. 8 Nanso wɔbɛyɛ ne nkoa na wɔahu nsonsonoe a ɛwom sɛ wɔbɛsom me, ne sɛ wɔbɛsom nsaase no so ahemfo.”*

9 Enti Egypt hene Sisak baa Yerusalem so, na ɔfaa Yehowa fi akorade+ ne ahemfi* hɔ akorade no. Ɔfaa biribiara; sika kɔkɔɔ akyɛm a Solomon yɛe no nso ɔfae.+ 10 Ɛno nti Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii ananmu, na ɔde hyɛɛ ahemfi* pon ano awɛmfo* no mpanyimfo nsa. 11 Bere biara a ɔhene bɛba Yehowa fi hɔ no, awɛmfo no kɔfa kurakura de ba, na ɛno akyi no wɔsan de kɔ awɛmfo dan no mu. 12 Esiane sɛ ɔhene brɛɛ ne ho ase nti, Yehowa abufuw fii no so,+ na wansɛe wɔn korakora.+ Afei nso, ohuu adepa wɔ Yuda.+

13 Ɔhene Rehoboam maa ne tumi yɛɛ den wɔ Yerusalem, na ɔkɔɔ so dii ade. Bere a Rehoboam bedii hene no, na wadi mfe 41, na odii ade mfe 17 wɔ Yerusalem; ɛhɔ ne Israel mmusuakuw no nyinaa kurow a Yehowa pawee sɛ ne din ntena. Ɔhene no maame din de Naama, na na ɔyɛ Ammonni.+ 14 Nanso ɔhene no anyɛ adepa, efisɛ wanyɛ n’adwene sɛ ɔde ne koma nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa.+

15 Rehoboam ho nsɛm nyinaa, efi mfiase kosi awiei, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ odiyifo Semaia+ ne ɔdehufo Ido+ kyerɛwtohɔ no mu. Na ntɔkwaw ampa Rehoboam ne Yeroboam ntam da.+ 16 Rehoboam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Dawid Kurow mu,+ na ne ba Abia+ bedii n’ade.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena