Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔsɛnkafo 6
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Ɔsɛnkafo Mu Nsɛntitiriw

      • Ahonyade a anigye nka ho (1-6)

      • Nea wowɔ no, fa gye w’ani nnɛ (7-12)

Ɔsɛnkafo 6:1

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “Amanehunu.”

Ɔsɛnkafo 6:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “nea ne kɔn dɔ biara mmɔ ne kra.”

Ɔsɛnkafo 6:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ne kra antumi.”

  • *

    Anaa “abofra a wawu wɔ ne maame yam.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 4:2, 3

Ɔsɛnkafo 6:5

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ɔwɔ ahotɔ pii.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 3:11, 13; 14:1

Ɔsɛnkafo 6:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 30:23; Ɔsɛ 3:20; Ro 5:12

Ɔsɛnkafo 6:7

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ne kra mmee da.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 3:19; Mme 16:26

Ɔsɛnkafo 6:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “sɛnea ɔbɛnantew ateasefo anim.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 49:10; Ɔsɛ 2:15, 16

Ɔsɛnkafo 6:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wo kra bekyinkyin.”

  • *

    Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    8/2021, kr. 21

    Nyan!,

    2/2014, kr. 8

    3/8/1980, kr. 4-5

    Ɔwɛn-Aban,

    11/1/2006, kr. 15

Ɔsɛnkafo 6:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi nso akyerɛ, “nneɛma.”

Ɔsɛnkafo 6:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:15; Hio 8:9; 14:1, 2; Dw 102:11

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/15/1997, kr. 11

    Nyan!,

    4/8/1981, kr. 11

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Ɔsɛnk. 6:3Ɔsɛ 4:2, 3
Ɔsɛnk. 6:5Hio 3:11, 13; 14:1
Ɔsɛnk. 6:6Hio 30:23; Ɔsɛ 3:20; Ro 5:12
Ɔsɛnk. 6:7Ge 3:19; Mme 16:26
Ɔsɛnk. 6:8Dw 49:10; Ɔsɛ 2:15, 16
Ɔsɛnk. 6:121Be 29:15; Hio 8:9; 14:1, 2; Dw 102:11
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Ɔsɛnkafo 6:1-12

Ɔsɛnkafo

6 Awerɛhosɛm* foforo bi nso wɔ hɔ a mahu wɔ wiase, na ɛto nnipa nyinaa. Ɛne sɛ: 2 Nokware Nyankopɔn no ma obi nya sika ne ahonyade ne anuonyam, na nea ɔpɛ biara, ne nsa ka;* nanso nokware Nyankopɔn no mma ontumi mfa nnye n’ani, na mmom ɔhɔho na ɔde gye n’ani. Eyi yɛ ahuhude ne amanehunu kɛse. 3 Sɛ onipa wo ɔha, na ɔtena ase mfe pii, na ɔbɔ akwakoraa, na sɛ ne nyinaa akyi no, wantumi* amfa nneɛma pa a ɔwɔ no annye n’ani ansa na wakɔ ɔdamoa mu a, metumi aka sɛ abofra a wɔapɔn* no mpo ye sen no.+ 4 Wammɛyɛ hwee; esum mu na ɔkɔe, na esum akata ne din so. 5 Ɛwom sɛ wanhu owia da, na onnim biribiara de, nanso eye ma no koraa* sen nea odi kan no.+ 6 Sɛ obi di mfe mpem abien, na wannye n’ani a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Ɛnyɛ faako na obiara rekɔ?+

7 Brɛ a onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ de hyɛ n’anom ma;+ nanso ɔmmee da.* 8 Dɛn na onyansafo de kyɛn ɔkwasea,+ na sɛ ohiani nim sɛnea ɔbɛsonsɔn ne ho* a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? 9 Eye sɛ nea w’ani hu no, wobɛma w’ani agye ho sen sɛ wubekyinkyin* adi w’akɔnnɔ akyi. Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*

10 Nea aba biara, ɛwɔ din dedaw, na sɛnea onipa te nso, obiara nim; ɔrentumi ne nea ɔwɔ tumi sen no no ntwe manso. 11 Sɛ nsɛm* dɔɔso a, ahuhude nso dɔɔso; na mfaso bɛn na ɛde brɛ nnipa? 12 Hena na onim ade a eye paa sɛ onipa yɛ wɔ ne nkwa nna kakra a mfaso biara nni so no mu, ne nkwa nna a etwam te sɛ sunsuma no?+ Hena na obetumi akyerɛ onipa nea ebesi wɔ wiase wɔ ne kɔ akyi?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena