-
Asɛm To Wo a, Wobɛyɛ Dɛn?Nyan!—2014 | July
-
-
ASƐM A ƐDA SO | ASƐM TO WO A, WOBƐYƐ DƐN?
Asɛm To Wo a, Wobɛyɛ Dɛn?
WIASE mu a yɛwɔ yi, asɛm tumi to obiara; asɛm to ahiafo, asɛm to asikafo. Obi deɛ ba anɔpa, obi deɛ ba anadwo.
BIBLE KA SƐ:
“Ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu, na ɛnyɛ anyansafo na wonya aduan, na ɛnyɛ nhumufo na wonya ahonyade, na ɛnyɛ animdefo na wonya nnipa anim dom; efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.”—Ɔsɛnkafo 9:11.
Asɛm deɛ, ebetumi ato wo, na mmom sɛ ɛto wo a, nea wobɛyɛ wɔ ho ne asɛm no. Fa no sɛ:
Atoyerɛnkyɛm asɛe w’agyapade nyinaa.
Yarewuo bi abɔ wo.
Wo ho nipa bi awu.
Yehowa Adansefo na wotintim saa nhoma yi, na wogye di sɛ, asɛm to wo a, Bible betumi aboa wo ama woagyina. Bio nso ebetumi ama yɛanya anidaso. (Romafo 15:4) Yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛma yehu saa.
-
-
W’agyapade Afi Wo Nsa?Nyan!—2014 | July
-
-
ASƐM A ƐDA SO | ASƐM TO WO A, WOBƐYƐ DƐN?
W’agyapade Afi Wo Nsa?
Fida, March 11, 2011 da no, asasewosow kɛse bi sii Japan. Ekunkum nnipa bɛboro 15,000, na nneɛma a ɛsɛee no, yebu a, ɛboro U.S. dɔla ɔpepepem 200. Wodii kan bɔɔ ho kɔkɔ, enti owura bi a wadi mfe 32 a yɛfrɛ no Kei kɔbɔɔ ne ho aguaa wɔ pampa bi so. Ɔkae sɛ: “Ade kyee anɔpa no, mesan kɔɔ fie kɔhwɛɛ sɛ menya biribi afa a, nanso na nsuo ahohoro biribiara kɔ; me dan koraa ka ho. Ɛdan no fapem nko ara na na aka tua hɔ.
“Ɛyɛɛ me sɛ dae. Ná kurow no nyinaa ahohoro kɔ. Ɛkyɛe ansa na meregye adi. Me kar, me kɔmputa a mede yɛ adwuma; me table ne nkongua a mede gye ahɔho; me nneɛma a mede bɔ nnwom te sɛ gyitar, ukulele, ne atɛntɛbɛn; akaadoo ne nnuro a mede yɛ mfonini ne mfonini a mayɛ nyinaa, nsuo no de kɔe; anka paneɛ mpo.”
NEA ƐBƐBOA WO
Mia w’ani yi w’adwene fi wo nneɛma a asɛe so na fa w’adwene si nea wowɔ so. Bible ka sɛ: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Kei kaee n’asɛm no. Nea ɔkae ne sɛ: “Mfiase no mekyerɛkyerɛw nneɛma a mepɛ sɛ minya. Nanso eyi ma mesan kaee me nneɛma a nsuo no twe kɔe no. Enti mekyerɛkyerɛw deɛ mihia paa, na sɛ me nsa ka bi a, afei na mahwɛ deɛ metumi anya aka ho. Eyi boaa me maa migyinaa me nan so bio.”
Sɛ́ anka wobɛtena ase adwene wo haw no ho no, fa deɛ ato wo no kyekye aforo werɛ. Kei kae sɛ: “Adɔekuw ne me nnamfo yɛɛ me mmoa bebree, nanso na akɔyɛ sɛ nkurɔfo ammoa me a, mintumi nyɛ hwee; enti metee nka sɛ me so nni mfaso. Afei mekaee Bible mu asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 20:35 no. Ɛka sɛ, ‘Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.’ Me ara mũ, me nsa nso m’akyi aguare na kampɛsɛ maboa obi, enti meyɛɛ m’adwene sɛ, wɔn a nsuo no sɛee wɔn nneɛma no, mɛkyekye wɔn werɛ. Me ho a mitu boaa nkurɔfo saa no, boaa me paa.”
Bɔ Onyankopɔn mpae srɛ nyansa a wode begyina asɛm a ato wo no ano. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ‘bɛyɛ asõ atie wɔn a wɔagye wɔn ho biribiara.’ Ná Kei gye saa asɛm no di paa. (Dwom 102:17) Wo nso wubetumi ayɛ saa ara.
Ná wunim? Bible ka sɛ bere bi bɛba a atoyerɛnkyɛm rensɛe obiara nneɛma bio.a—Yesaia 65:21-23.
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 3. Yehowa Adansefo na wotintimii.
-
-
Yare Abɔ Wo?Nyan!—2014 | July
-
-
ASƐM A ƐDA SO | ASƐM TO WO A, WOBƐYƐ DƐN?
Yare Abɔ Wo?
Ná Argentinani bea Mabel gyina ne nan so paa, na na ɔkɔ ba. Ɔyɛ obi a na ɔboa ayarefo a wɔabubu ma wɔn ho tɔ wɔn. Afe 2007 mu no, tipae denneennen bi bɛtenaa ne so; ɔyɛ ade kakraa bi a na wabrɛ. Ɔkae sɛ: “Mekɔɔ adɔkotafo pii nkyɛn nonom nnuro bebree, nanso ankosi aga.” Afei wɔde no kɔhyɛɛ afiri bi a yɛfrɛ no MRI mu, na wohui sɛ biribi ahon n’amemene mu. Mabel kae sɛ: “Asɛm no bɔɔ me pusa! Mannye anni da sɛ yarebɔne a ɛte saa te me so.
“Ná minim sɛ yare no yɛ hu deɛ, nanso bere a wɔyɛɛ me oprehyɛn wiei na mihui sɛ sɛɛ ɛnyɛ asɛm ketewa. M’ani so tetew me ayaresabea hɔ no, na mintumi nkeka me ho koraa. Deɛ na mitumi yɛ ara ne sɛ mebue m’ani ahwɛ wim. Bere a menyɛɛ oprehyɛn no, na mitumi yɛ me biribiara, nanso prɛko pɛ, me na afei deɛ me nsa gu me ho yi. Meda ayaresabea hɔ no, na m’adwene nyinaa atu afra. Nea mete ara ne ayarefo a wɔrepene, nneɛma a ɛrekeka bom wɔ hɔ ne abɛn a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo yare mu ayɛ den. Meda hɔ no, deɛ mete ara ne yaw ne amanehunu.
“Seesei me ho atɔ me kakra. Obiara anso me mu a mitumi nantew; ɛtɔ da koraa a me nko ara mitumi pue. Mehwɛ ade a, mihu no mmienu mmienu.”
NEA ƐBƐBOA WO
Yɛ w’adwene sɛ ɛbɛyɛ yiye. Bible ka sɛ: “Anigye koma sa yare; honhom a abotow ma nnompe mu yow.” (Mmebusɛm 17:22) Mabel ka sɛ: “Ɔhaw a ayarefo a mehwɛ wɔn faa mu no, me ho retɔ me no, me nso mefaa mu bi. Nea mefaa mu no, na ɛyɛ yaw paa, enti anka m’abam reyɛ abu. Mimiaa m’ani yii saa adwene no fii me tirim, efisɛ mihui sɛ meyɛ saa a, ɛbɛboa me.”
Fa w’ani to daakye na hyɛ wo gyidi den. Mabel kae sɛ: “Masua Bible ahu nea enti a amanehunu to nnipa. Mahu nso sɛ ade rekye a ade resa nyinaa na yɛrebɛn bere a yaw nyinaa befi hɔ no.”a
Kae sɛ Onyankopɔn dwene wo ho. (1 Petro 5:7) Saa asɛm no boaa Mabel paa. Ɔkae sɛ: “Bere a merekɔyɛ oprehyɛn no, mihui sɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia 41:10 no yɛ nokware turodoo. Nea Onyankopɔn ka wɔ hɔ ne sɛ: ‘Nsuro efisɛ meka wo ho.’ Me koma antu efisɛ na minim sɛ Yehowa Nyankopɔn ka me ho.”
Ná wunim? Bible ka sɛ bere bi reba a onipa biara renyare bio.—Yesaia 33:24; 35:5, 6.
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii ka ho a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 11.
-
-
Wo Ho Nipa Bi Awu?Nyan!—2014 | July
-
-
ASƐM A ƐDA SO | ASƐM TO WO A, WOBƐYƐ DƐN?
Wo Ho Nipa Bi Awu?
Aberante Ronaldo te Brazil. Onyaa kar akwanhyia bi, na emu na ne maame ne ne papa ne ne ho nnipa mmiɛnsa bi nso wui. Nea ɔkae ne sɛ: “Midii abosome mmienu wɔ ayaresabea ansa na wɔreka akyerɛ me sɛ m’abusuafo no awuwu.
“Ahyɛase no, mannye anni sɛ wɔn nyinaa awuwu ampa; asɛm no ansen me tirim koraa. Ebubuu me, na midii awerɛhow mu awerɛhow. Akyiri yi mpo de, wiase fonoo me. Enni da bi a mise nnɛ de mansu; misui saa araa abosome pii! Sɛ me ara na na mereka kar no a, anka amma saa; manu me ho paa sɛ mede kar no maa obi kae.
“Asɛm no sii no mfe 16 ni, na seesei mitumi yɛ me biribiara te sɛ kan no. Nanso wɔn wuo no agyaw awerɛhow kɛse wɔ me koma mu.”
NEA ƐBƐBOA WO
Ehia sɛ wusu a, su. Bible se, “osũ wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Ronaldo kae sɛ: “Sɛ me werɛ how a, misu. Misu wie a, na me ho atɔ me. Mfaso biara nni so sɛ mɛka me nusu ahyɛ.” Nanso kae sɛ, ɛsono sɛnea obiara di n’awerɛhow. Enti sɛ wunnim su a, ɛnkyerɛ sɛ woreka w’awerɛhow ahyɛ. Sɛ wunnim su a, ɛnhyɛ wo ho nsu.
Ntew wo ho mfi nnipa ho. (Mmebusɛm 18:1) Nea Ronaldo kae ne sɛ: “Ɛbaa me mu sɛ mentew me ho mfi nnipa ho, nanso mebɔɔ me ho mmɔden sɛ merentew me ho. Nkurɔfo baa me nkyɛn, na me ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ. Afei nso mekaa nea ɛhaw me nyinaa kyerɛɛ me yere ne me nnamfonom.”
Sɛ obi ka asɛm a ɛyɛ yaw a, yɛ dinn. Ebia obi bɛka akyerɛ wo sɛ “amma saa a, anka ɛnyɛ.” Ronaldo kae sɛ, “Ebinom yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔreka nsɛm bi akyekye me werɛ nanso saa nsɛm no maa me werɛ howee.” Enti mfa w’adwene nkɔ nsɛm a ɛyɛ yaw no so. Mmom fa Bible mu afotu yi yɛ adwuma: “Mfa wo koma nni nsɛm a nnipa ka nyinaa akyi.”—Ɔsɛnkafo 7:21.
Sua tebea a awufo wom. Ronaldo kae sɛ: “Mahu wɔ Bible mu wɔ Ɔsɛnkafo 9:5 sɛ nnipa wu a, wonhu amane biara; eyi ama me koma atɔ me yam. Bible ka nso sɛ owusɔre bɛba; saa bere no awufo bɛsan aba nkwa mu bio. Enti me ho nnipa a wɔawuwu no, ɛyɛ a mefa no sɛ wɔatu kwan.”—Asomafo Nnwuma 24:15.
Ná wunim? Bible hyɛ bɔ sɛ bere bi reba a Onyankopɔn ‘bɛmene owu akosi daa.’a—Yesaia 25:8.
a Wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 7.
-