-
Dɛn na Ɛkyerɛ sɛ Asi Obi Yiye?Nyan!—2014 | October
-
-
ASƐM A ƐDA SO
Dɛn na Ɛkyerɛ sɛ Asi Obi Yiye?
DƐN na ɛyɛ yaw sen sɛ wobɛbiri wo mogya ani ayɛ adwuma bi na anyɛ yiye? Ɛyɛ ɔbrɛguo. Sɛ woyɛ biribi na anyɛ yiye a, wobɛtumi afa kwan foforo so asan ayɛ ama ayɛ yiye. Sɛ woansua biribi amfi mu mpo a, wode nea ɛsii no bɛtu wo ho fo.
Nanso ɔbrɛguo deɛ ɛnte saa; wobrɛ gu a woabrɛ agu. W’adwene bɛyɛ wo sɛ ade a woreyɛ no bɛyɛ yiye nanso ɛrenkɔsi hwee. W’ani bɛba wo ho so no, ebia na aka akyi dodo.
Wo deɛ yɛnyɛ ho nhwɛso. Bere bi Yesu Kristo bisae sɛ: ‘Sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na ɔbɛnya?’ (Mateo 16:26) Saa asɛm yi, ɛfa nnipa bi ho; wɔn a wɔbiri wɔn mogya ani pɛ sika ne ahonyade no. Yɛreka ɔbrɛguo a, ɛho nhwɛso paa ni. Onimdefo bi a yɛfrɛ no Tom Denham kaa sɛ: “Obi ma adwumam dibea ne sikapɛ gye n’adwene nyinaa, na ɔfom wiase ahonyade a, ɛremma ɔnnya akomatɔyam. Sɛ ɛyɛ wo sɛ sika na ɛbɛma asi wo yiye a, ɛnde wonnim nea worekeka; wo nsa bɛsi fam.”
Nea yɛreka yi, nnipa pii gye tom. Nnipa bi a wɔyɛ nhwehwɛmu bisabisaa nkurɔfo nsɛm wɔ United States. Dodow no ara kae sɛ apɔwmuden, asomdwoe ne adwuma pa na ɛma ɛsi obi yiye. Nnipa kakraa bi na ɛkaa sika ho asɛm.
Enti nnipa bebree no ara, sɛ wobisa wɔn a, wɔbɛtumi akyerɛ nea ɛma ɛsi obi yiye ne nea ɛma obi brɛ gu. Nanso sɛ́ wɔbɛsi wɔn adwene pi ayɛ nneɛma a ɛbɛma asi wɔn yiye no, ɛno deɛ ɛyɛ den.
-
-
Dɛn na Ɛma Wohu sɛ Asi Obi Yiye?Nyan!—2014 | October
-
-
ASƐM A ƐDA SO | DƐN NA ƐKYERƐ SƐ ASI OBI YIYE?
Dɛn na Ɛma Wohu sɛ Asi Obi Yiye?
Nsɛm a ɛdidi so no bɛma woahu w’adwene. Ɛnyɛ nsɛm a ɛsisii paa, nanso wo deɛ dwene ho hwɛ.
Hena na wobɛka sɛ asi no yiye paa?
ALEX
Alex wɔ ɔno ara n’adwuma. Ɔdi nokware, ɔmfa n’adwuma nni agorɔ, na ɔbu adeɛ. Alex adwuma no rekɔ yiye, enti ɔne n’abusua wɔ ahotɔ paa.
CAL
Cal nso kura n’ankasa adwuma, na ɔnya sika mpo sen Alex. Akansie nti sɛ́ Cal te n’adwumam ara ni. Wei nti ɔtaa yareyare.
JANET
Janet nso wɔ ntoaso sukuu. Ɔyere ne ho sua ade; adesua yɛ no dɛ paa. Enti sukuu yɛ nsɔhwɛ a, ɔtwa kɛse.
ELLEN
Ellen aben paa wɔ sukuu kyɛn Janet, na afe biara ɔnya abasobɔde. Nanso ɔwia nsɔhwɛ mu, na n’ani nhyɛ da nnye sukuu ho.
Hena na woyii no sɛ asi no yiye? Sɛ woyii Cal ne Ellen anaa nnipa nnan no nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ deɛ wogyina so bu obi sɛ asi no yiye ne nea watumi ayɛ; ɔkwan a ɔfaa so yɛe deɛ, wonhwɛ hɔ.
Nanso Alex ne Janet na woyii wɔn a, ɛnde nea wogyina so kyerɛ sɛ asi obi yiye ne ne suban ne sɛnea ɔyɛ n’adwuma. Sɛ saa koraa a, ɛnyɛ bɔne. Wo deɛ hwɛ asɛm yi:
Enti wohwɛ a, dɛn na ɛbɛma asi Janet yiye daakye? Sɛ́ nsɔhwɛ du a ɔbɛtumi atwa kɛse paa, anaasɛ n’ani bɛgye adesua ho?
Wohwɛ a, dɛn na ɛbɛboa Alex mma? Sɛ́ wɔbɛnya sika atɔ biribiara a wɔpɛ, anaasɛ wɔn papa bɛnya adagyew ama wɔn?
Yɛbɛtwa no tiaa a, obi pɛ din a, ɔbrɛ gu kwa; obi de nneɛma papa sisi n’ani so a, ɛnna ɛsi no yiye.
-
-
Nea Ɛbɛma Asi Wo YiyeNyan!—2014 | October
-
-
ASƐM A ƐDA SO | DƐN NA ƐKYERƐ SƐ ASI OBI YIYE?
Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye
Bible ma yɛhu nea ɛbɛma asi yɛn yiye. Ɛnkyerɛ sɛ nnipa kakraa bi na ɛbɛsi wɔn yiye. Ɛsan ma yɛhu sɛ, ɛnyɛ sɛ woka sɛ ɛbɛsi wo yiye a, na asi wo yiye. Nkurɔfo de saa asɛm no daadaa nkwadaa, na ɛtaa ma nnipa nsa si fam.
Nokware a ɛwɔ mu ne sɛ ɛbɛtumi asi obiara yiye; nanso ɛgye mmɔdenbɔ. Wo deɛ, hwɛ Bible mu nsɛm a ɛdidi so yi.
NEA BIBLE KA:
“Nea ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no, na nea ɔpɛ adedodow nso, ahonyade mmee no.”—Ɔsɛnkafo 5:10.
ƐKYERƐ SƐN? Sɛ obi pere nya wiase agyapadeɛ nyinaa mpo a, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ n’ani bɛgye. Nokwasɛm ne sɛ ɛgya no adwennwene mmom. Ɔbenfo bi a yɛfrɛ no Jean M. Twenge kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔn adwene nyinaa yɛ sika-sika no, ɛtaa gya wɔn adwennwene ne kɔdaanna. Nanso wɔn a wɔnya nnipa ho adaagye no, ɛntaa nto wɔn saa.” (Generation Me) Ɔsan kae sɛ: “Nhwehwɛmufo ahu sɛ sika ntumi ntɔ anigye. Wonya sika du mpɛnpɛnso bi a, ɛnyɛ sika no na ɛma wo ho tɔ wo.”
NEA WOBƐTUMI AYƐ. Fa biribi a mfaso wɔ so sen sika ne ahonyade si w’ani so. Yesu kae sɛ: ‘Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ɛbu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.’—Luka 12:15.
NEA BIBLE KA:
“Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di asehwe anim.”—Mmebusɛm 16:18.
ƐKYERƐ SƐN? Sɛ woma ahantan ne ahomaso di w’anim a, ɛrensi wo yiye. Nhoma bi ka sɛ, “adwuma wuranom a wɔbrɛ wɔn ho ase, wɔn a wɔntu wɔn ho na wɔte asɛm ase no,” wɔn na wɔn adwuma gyina. “Wɔn a ahomaso ne ahantan reku wɔn no, wɔn adwuma taa gu na ɛnkɔ nkan.” (Good to Great) Asɛm yi, aba a ɛwom ne sɛn? Sɛ wobu wo ho dodo a, ɛntaa nsi wo yiye.
NEA WOBƐTUMI AYƐ. Nhwehwɛ anuonyam, mmom brɛ wo ho ase. Bible se: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee a, na ɔredaadaa ne ho.” Sɛ obi daadaa ne ho a, kae hu sɛ ɛrensi no yiye koraa!—Galatifo 6:3.
NEA BIBLE KA:
‘Biribi pa bi nni hɔ mma onipa sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.’—Ɔsɛnkafo 2:24.
ƐKYERƐ SƐN? Sɛ woyɛ nsi w’adwuma ho a, nea ɛtaa ba ne sɛ w’ani bɛgye adwuma no ho paa. Ɔbenfo bi a yɛfrɛ no Madeline Levine kaa wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Wonim biribi yɛ a, ɛnna wotumi yɛ no yiye. Sɛ wobɛhu biribi yɛ a, ɛgye animia ne mmɔdenbɔ.” (Teach Your Children Well) Wei kyerɛ sɛ, woreyɛ biribi na ɛgye gu mpo a, womma w’abam mmu; wobɛpere akɔ w’anim.
NEA WOBƐTUMI AYƐ. Yere wo ho ma wo ho nkokwaw wɔ w’adwuma mu; wohyia akwanside a, ɛnte nna. Sɛ wowɔ mma, na sɛ wɔhyia ɔhaw bi a, ɛyɛ a ma wɔn ankasa nni ho dwuma. (Hwɛ wɔn mfie ne nea wɔbɛtumi ayɛ ansa na woasi saa gyinae no) Ɛnyɛ ɔhaw biara na ɛsɛ sɛ wopere wo ho twitwa gye wɔn. Mmofra wɔ hɔ yi, woboa wɔn ma wɔbɛyɛ mpanyin pa a, ɛma wɔn ani sene; ɛno ma wɔn koma tɔ wɔn yam.
NEA BIBLE KA:
“Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.”—Ɔsɛnkafo 9:4.
ƐKYERƐ SƐN? Woyɛ adwuma a, ɛnyɛ dɛn ara a ɛbɛgye wo bere, nanso ɛnsɛ sɛ ɛgye wo bere nyinaa. Sɛ wonya dibea sɛn koraa wɔ adwumam na w’apɔwmuden nyɛ papa, na wo yere ne wo mma mmu wo a, enti wobɛtumi aka paa sɛ asi so yiye? Wɔn a asi wɔn yiye paa wɔ asetenam no, wɔnya bere ma wɔn adwuma, wɔn apɔwmuden, ne wɔn abusua. Yɛbɛka a, wɔde biribiara to nea ɛda.
NEA WOBƐTUMI AYƐ. Hwɛ wo ho so yiye. Gye bere home yiye. Sɛ obi ma n’adwene nyinaa yɛ adwuma-adwuma, na n’apɔwmuden, n’abusua, ne ne nnamfo ho nhia no a, yɛrentumi nka sɛ asi no yiye.
NEA BIBLE KA:
“Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”—Mateo 5:3.
ƐKYERƐ SƐN? Sɛ obi sua Bible na ɔde nea ɔsua no bɔ ne bra a, na wasi yiyeyɛ kwan so ara no no. Nokwasɛm ni, Yehowa Adansefo mpempem pii ahu sɛ Onyankopɔn som a wɔde di kan wɔn abrabɔ mu nti, wɔnni wiase ahonyade akyi nhaw wɔn ho mma ɛnnya wɔn adwennwene ne tipae.—Mateo 6:31-33.
NEA WOBƐTUMI AYƐ. Sua Bible na hu nea woyɛ a, ɛbɛsi wo yiye paa. Sɛ wopɛ sɛ wohu pii ka ho a, hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no, anaa kɔ Intanɛt so wɔ www.pr2711.com/tw.
-