-
Ehia Wo a NwuNyan!—2014 | April
-
-
ASƐM A ƐDA SO
Ehia Wo a Nwu
WUHYIA Dianaa a, wubehu sɛ ɔyɛ ɔbaa nyansafo, n’anim te na ɔpɛ nnipa. Nanso ne mu deɛ, awerɛhoɔ ne yawdi nko ara. Eyi akɔ so nna pii. Diana ka sɛ: “Da biara biribi yɛ me sɛ minkum me ho. Minni wiase koraa a, anka ɛyɛ.”
“Nhwehwɛmu bi abɛtɔ dwa sɛ, sɛ nipa baako kum ne ho a, wobɛhwɛ mu no na nnipa 200 na anka wɔrekum wɔn ho, na ɛbaa nnipa 400 nso tirim sɛ wɔnyɛ saa.”—THE GAZETTE, MONTREAL, CANADA.
Diana ka sɛ ɔrenkum ne ho da. Nanso ɛtɔ da a, onhu nea enti koraa a ɛsɛ sɛ ɔkɔ so tena wiase. Ɔka sɛ: “Me yam a, anka manya akwanhyia awu afiri wiase. Mabehu sɛ owuo yɛ yɔnkoɔ; ɔnyɛ tamfo.”
Nnipa pii te sɛ Diana. Ebinom ayɛ sɛ anka wobekum wɔn ho. Ebi mpo koraa deɛ ɛkaa dɛ na anka wɔkaa wɔn ano aduro. Animdefo kyerɛ sɛ nnipa dodow no ara a wɔyɛ sɛ wobekum wɔn ho no, ɛnyɛ owuo na wɔpɛ sɛ wowu, mmom wɔde retwa wɔn amanehunu so. Yebetwa no tiaa a, nea wonim ara ne sɛ ɔbrɛ twa wuo. Nea aka ne sɛ wɔbehu nea enti a ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn ho.
Ehia wo a nwu. Yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a enti ɛnsɛ sɛ wukum wo ho.
a Ɛnyɛ ne din ankasa.
-
-
1 Bere DaneNyan!—2014 | April
-
-
ASƐM A ƐDA SO | EHIA WO A NWU
1 Bere Dane
“Akwan nyinaa mu, wɔaka yɛn ahyɛ, nanso ɛnyɛ sɛ yennya yɛn ho atwaye koraa; yɛn ani atan, nanso ɛnyɛ sɛ yennya yɛn ho ntetew koraa.”—2 KORINTOFO 4:8.
Ebinom wɔ hɔ a, sɛ asɛm ketewaa bi si a, na wɔde wɔn nkwa atwa so ma asɛm de n’asɛm kɔ. Ɔhaw bi betumi abunkam wo so ma woanya adwene sɛ anidaso nyinaa asa. Nanso ebia a ɛrenkyɛ. Nokwasɛm ne sɛ tebea no betumi asesa bere a w’ani nna.—Hwɛ adaka “Wɔn Tebea Sesae.”
Sɛ amma saa mpo a, hwɛ na wo haw no amene wo. Fa no mmaako mmaako. Yesu kae sɛ: “Munnnwinnwen ɔkyena ho, na ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.”—Mateo 6:34.
Ɔhaw bi wɔ hɔ a woyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye. Yɛmfa no sɛ yareɛ koankorɔ bi reteetee wo anaa w’aware agu anaasɛ wo dɔfo bi awu agya wo. Wobɛyɛ no dɛn?
Sɛ saa na ɛte mpo a, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ: wubetumi asesa w’adwene wɔ nea asi no ho. Sɛ wugye tom sɛ wuntumi nyɛ ho hwee a, ɛbɛma woanya ho adwempa. (Mmebusɛm 15:15) Afei nso ɛbɛma woahu nea wobɛyɛ agyina ano sen sɛ wobɛfa kwatikwan so atwa wo nkwa so. Woyɛ saa a, nea ɛbɛba ne sɛ, ɔhaw a ɛdɛn wo so a ama w’anidaso nyinaa asa no, wubetumi agyina ano.—Hiob 2:10.
KAE SAA ASƐM YI: Wufiti prɛko pɛ tu wo sẽ a, mogya na ɛba. Enti sɛ ɔhaw bi si w’anim sɛ bepɔ koraa a, wuntumi mfiti prɛko pɛ ntu ase; ehia sɛ woyɛ no nkakrankakra.
NEA WUBETUMI AYƐ ƐNNƐ: Wo ne obi mmɔ wo haw no ho nkɔmmɔ; w’adamfo anaa wo busuani. Obetumi aboa wo ma woanya ɔhaw no ho adwempa.—Mmebusɛm 11:14.
-
-
2 Ɛmmoa Wɔ HɔNyan!—2014 | April
-
-
ASƐM A ƐDA SO | EHIA WO A NWU
2 Ɛmmoa Wɔ Hɔ
“Montow mo dadwen nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.”—1 PETRO 5:7.
Sɛ wuhyia ɔhaw bi a ɛboro wo so a, anhwɛ a nea ɛbɛba wo tirim ara ne sɛ ɔbrɛ twa wuo. Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ebetumi aboa wo.
Mpaebɔ. Mpae nyɛ biribi a yɛde te yɛn haw so kɛkɛ anaa biribi a yɛyɛ bere a anidaso nyinaa asa no. Mmom ɛyɛ nkɔmmɔ a yefi yɛn komam ne Yehowa Nyankopɔn bɔ. Yehowa dwene yɛn ho, na ɔpɛ sɛ yɛka yɛn haw nyinaa kyerɛ no. Bible tu yɛn fo sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.”—Dwom 55:22.
Adɛn na ɛnnɛ wommɔ Onyankopɔn mpae? Bɔ ne din Yehowa no, na ka wo komam asɛm kyerɛ no. (Dwom 62:8) Yehowa pɛ sɛ yɛfa no adamfo. (Yesaia 55:6; Yakobo 2:23) Wubetumi abɔ Onyankopɔn mpae bere biara ne baabiara a wowɔ.
Amerika asoɛe a ɛboa nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho ahu sɛ “nnipa pii a wokum wɔn ho no, wuyi ɔha biara a, na emu 90 anaa nea ɛboro saa wɔ adwenemhaw. Wobɛhwɛ mu no, na ne nkurɔfo nnim anaa adɔkotafo anhu, na wohui mpo a wɔansa no yiye”
Ebinom Dwene Wo Ho. Nkurɔfo dwene wo ho paa. W’abusuafo ne wo nnamfo dwene wo ho. Ebi mpo a, wɔayɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wo. Nnipa bi nso wɔ hɔ a wunhyiaa wɔn da, nanso wɔpɛ w’asɛm paa. Wɔn mu bi ne Yehowa Adansefo. Sɛ wɔkɔ asɛnka a, wotumi hyia nkurɔfo a abrabɔ ama wɔn ani atan. Ɛyɛ a ebinom mpo ka kyerɛ wɔn sɛ wɔabrɛ enti wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho. Afie ne afie a Yehowa Adansefo kɔ nti, wotumi boa nnipa a wɔte saa. Yehowa Adansefo suasua Yesu, enti wɔdwene wɔn yɔnko nnipa ho; wɔdwene wo ho paa.—Yohane 13:35.
Adɔkotafo tumi boa. Sɛ obi nya adwene sɛ obekum ne ho a, ɛkyerɛ sɛ wanya adwenemhaw. Adwenemhaw te sɛ yare biara, enti sɛ wowɔ bi a, ɛnsɛ sɛ wofɛre ho. Ebinom kyerɛ sɛ adwenemhaw te sɛ “papu”; etumi yɛ obiara na wosa nso a, ɛyɛ yiye.a
KAE SAA ASƐM YI: Sɛ wunya adwenemhaw a, wo nko ara wuntumi nsa yare no. Sɛ woma obi sɔ wo mu a, ebetumi ayɛ yiye.
NEA WUBETUMI AYƐ ƐNNƐ: Hwehwɛ dɔkota bi a waben a otumi sa adwenemyare.
a Sɛ esisi wo so sɛ kum wo ho a, hwehwɛ mmoa. Wubetumi akɔ ayaresabea; animdefo wɔ hɔ a wɔbɛboa wo.
-
-
3 Anidaso Wɔ HɔNyan!—2014 | April
-
-
ASƐM A ƐDA SO | EHIA WO A NWU
3 Anidaso Wɔ Hɔ
“Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—DWOM 37:11.
Bible ma yehu sɛ onipa nkwa “nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Ɛnnɛ, obiara wɔ ne haw. Nanso ebinom deɛ, wɔto wɔn ani a ɛntɔ obiara anim, enti ɛyɛ wɔn sɛ anidaso asa. Saa na ato wo anaa? Sɛ saa a, ka wo koma to wo yam. Bible ma yehu sɛ anidaso wɔ hɔ ma nnipa nyinaa; wo nso wo ka ho. Ebi na edidi so yi:
Bible kyerɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ ade papa bi ma yɛn.—Genesis 1:28.
Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma asase ayɛ paradise.—Yesaia 65:21-25.
Ɛdan sɛ boɔ a, saa bɔhyɛ no bɛbam. Adiyisɛm 21:3, 4 ka sɛ:
“Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”
Eyi nyɛ bɔsrɛmka. Yehowa Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɛbɛbam ɔkwan biara so. Ɔwɔ tumi, na ɛwɔ ne komam nso sɛ ɔbɛyɛ. Nea Bible aka no yɛ nokware turodoo, ɛno nti sɛ yɛka sɛ, “Ehia wo a nwu” a, yedi ka.
KAE SAA ASƐM YI: Nneɛma betumi aha wo araa ma wunhu nea wonyɛ wo ho. Nanso Bible mu asɛm ma anidaso, na ebetumi ama woagyina pintinn.
NEA WUBETUMI AYƐ ƐNNƐ: Firi aseɛ hwehwɛ anidaso a ɛwɔ Bible mu no. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛboa wo. Wubetumi ahwehwɛ wɔn wɔ baabi a wote. Wopɛ nso a, kɔ wɔn Wɛbsaet wɔ jw.org.a
a Nea wubetumi ayɛ: Kɔ jw.org na hwɛ PUBLICATIONS > ONLINE LIBRARY. Wudu hɔ a, hwehwɛ “depression” anaa “suicide” na wubehu pii aka ho.
-