Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/14 kr. 4-5
  • Wobɛyɛ Dɛn Agye Afotuo Atom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Agye Afotuo Atom?
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • Nhyira Ne Wɔn A Onyankopɔn Teɛ Wɔn So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Sɛnea Obegyina Tebea Biara Ano
    Nyan!—2019
  • 6 Fa Nteɛso Ma
    Nyan!—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 4/14 kr. 4-5
Aberanteɛ a ɔpanin bi retu no fo

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Wobɛyɛ Dɛn Agye Afotuo Atom?

ƆHAW NO

“Sɛ obi tu wo fo a, nea ɛkyerɛ araa ne sɛ woreyɛ biribi a ɛnyɛ. Obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ, ‘Ɔno deɛ animka yɛ no dɛ!’”—Amy, 17.a

Wɔrekyerɛ wimhyɛn mmienu kwan na akwanhyia ansi

Sɛ obi ntie afotuo a, ɔte sɛ wimhyɛnkafo a ontie akwankyerɛ. Obetumi anya akwanhyia.

Sɛ w’awofo, w’atikyafo anaa mpanyimfo afoforo tu wo fo a, wo bo fu? Sɛ saa a, ɛnde asɛm yi bɛboa wo paa.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Onipa biara ntraa afotuo.

“Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.”—Yakobo 3:2.

“Sɛ woyɛ biribi a ɛnyɛ na obi tene wo so a, ɛnyɛ aniwu.”—Jessica.

Yɛtene wo so a, ɛnkyerɛ sɛ woyɛ nipahunu.

“Nea Yehowab dɔ no na ɔka n’anim, sɛnea agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm no.”—Mmebusɛm 3:12.

“Sɛ obi ka m’anim a, mihu sɛ ɛgyee animia paa ansa na ɔreba m’anim, na ɔdɔ me nti na otuu me fo. Eyi na mede m’adwene si so.”—Tamara.

Ntenesoɔ betumi ama woahu nyansa.

“Tie nteɛso na hu nyansa, na mmu w’ani ngu so da.”—Mmebusɛm 8:33.

“Ntenesoɔ bɛboa ma woanyin ayɛ panyin pa. Ebebue w’ani ma woahu sɛnea nkurɔfo bu wo. Afei nso sɛ woreyɛ anya subammɔne bi a, ntenesoɔ bɛboa wo ma woayi no akwa.”—Deanne.

NEA WUBETUMI AYƐ

Fa adwempa tie. Obi tu wo fo a, ebia ɛrenyɛ wo abodwo. Nanso nni wo koma akyi. Ɛne sɛn? Fa no sɛ wo na wode afotuo koro no ara rema obi, ebi mpo a wo nua ketewa. Wofa no saa a, wubehu sɛ ɛyɛ afotu pa. Afei san hwɛ afotuo a onipa no de rema wo no, na fa saa adwene no ara tie.—Bible mu nnyinasosɛm: Ɔsɛnkafo 7:9.

“Obi retu wo fo a, anhwɛ a wo bo befu araa ma wonkae mpo sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wuhu nyansa na ɛnyɛ sɛ ɔrehyɛ wo abofuo.”—Theresa.

Brɛ wo ho ase. Sɛ yɛretu wo fo a, nyɛ ahantan nsisi w’aso. Nanso hwɛ na w’abam ammu anka sɛ wo so nni mfaso biara. Sɛ wobrɛ wo ho ase a, wunsisi w’aso afotu ho, na wummu wo ho abomfiaa. Kae sɛ: Ntenesoɔ bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ wo ya sɛ kuro, nanso ɛno na wuhia paa. Enti sɛ wobu nnua gu w’asom na woantie a, wobɛhwere ade kɛse.—Bible mu nnyinasosɛm: Mmebusɛm 16:18.

Ntenesoɔ bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ wo ya sɛ kuro, nanso ɛno na wuhia paa

“Ntenesoɔ ayɛ kokuromoti a yɛnsan ho mmɔ pɔ; wuntumi nkwati nnyin nyɛ panyin pa. Sɛ yɛantie ntenesoɔ amfa anyɛ adwuma a, yɛn ara na yɛbɛyɛ yɛn ho aborɔ.”—Lena.

Nyɛ bonniayɛ. Sɛ obi tu wo fo na anyɛ wo dɛ mpo a, nyi no bonniayɛ; da no ase. Kae sɛ, onipa no pɛ w’asɛm paa, na ɔpɛ sɛ esi wo yiye daakye.—Bible mu nnyinasosɛm: Dwom 141:5.

“Sɛ woyɛ biribi na obi tu wo fo a, da no ase. Sɛ wonyɛɛ hwee na otuu wo fo mpo a, ma w’ani nnye na da no ase sɛ otutuu ne nan baa w’anim.”—Carla.

a Ebi wɔ hɔ a ɛnyɛ wɔn din ankasa ne no.

b Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

KYERƐW NSƐM ATITIRIW

  • “Mpere wo ho mfa abufuw.”—Ɔsɛnkafo 7:9.

  • “Ahantan di ɔsɛe anim.”—Mmebusɛm 16:18.

  • “Sɛ ɔtreneeni bɔ me [anaa ɔka m’anim] a, ɛbɛyɛ adɔe ama me.”—Dwom 141:5.

Justin

“Obi ka m’anim a ɛnyɛ me dɛ, nanso ɛyɛ a mekae sɛ obi ntu ne tamfo fo. Mibu onipa a ɔte saa sɛ adamfoɔ a ɔpɛ sɛ esi me yiye.”​—JUSTIN

Charlette

“Minim sɛ mfomsoɔ mpa nnipa ho, enti sɛ mekyea na obi tene me a, mepɛ. Ɛba saa a mihu baabi a metɔ sin.”​—CHARLETTE

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena