Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 10/14 kr. 10-11
  • Belize Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Belize Nsrahwɛ
  • Nyan!—2014
Nyan!—2014
g 10/14 kr. 10-11
Belize mpoano

NSASE NE NNIPA

Belize Nsrahwɛ

Belize map

BELIZE yɛ ɔman ketewa, nanso nneɛma bebree wɔ hɔ. Kwae ne nsuo pii wɔ hɔ, na ɛhɔ nkuro bebree nso, nsuo atwa ho ahyia. Kwae ne ne nkekaho no mpo deɛ, wonhuu hwee.

Mmoadoma a ɛwɔ hɔ deɛ, yɛnna nka mpo. Ebi ne akyenkyena ne aboa bi a wayɛ ne ho sɛ bɛnkorɔ​—ɔtumi tu mmirika wɔ nsuo mu ne asase so nyinaa! Sebɔ nso wɔ hɔ. Wiase nyinaa, Belizefo na ɛdii kan gyee sebɔ ho ban wɔ kwae mu.

Sebɔ

Wiase nyinaa, Belizefo na ɛdii kan gyee sebɔ ho ban wɔ kwae mu

Kan a na Maya wɔ so no, na Belize ka ho. Bɛyɛ mfe 500 ni na Spain asraafo kɔɔ Mayafo so, nanso wɔantumi anni wɔn so nkonim anwie. Akyiri yi Britainfo bɛfaa hɔ, na wɔde too gua afe 1862 mu sɛ abɛhyɛ British Honduras ase. Enti afe 1981 na Belize nyaa faahodie.

Sɛnea kɔla pii atwa Belizefo ho ahyia no, saa na wɔde kɔla pii siesie wɔn ho. Nnipa a ɛwɔ Belize no, ebi yɛ Creolefo, East Indiafo, Garifunafo, Mayafo, ne Mestizofo. Belizefo pɛ nnipa, na wɔbu adeɛ. Sɛ akwadaa ne panyin rekasa a, ɔfrɛ no “Ante” anaa “Owura,” na sɛ ɔka biribi na akwadaa no regye so a, ɔka sɛ, “Yoo Maa” anaa “Mepaakyɛw dabi.”

Belizefo mmaa; wɔwɔ guaso

Belize City guaso

Yehowa Adansefo wɔ Belize. Kasa a wɔde yɛ asafo hyiam no bi ne Amerika Mum Kasa, Belize Kriol, Borɔfo, Low German, Mandarin Chinese, Maya (Mopán), ne Spanish. Afe 2013 mu no, sɛ woyi Belizefo 40 biara a, emu baako kɔɔ Kristo Wuo ho afahyɛ a Yehowa Adansefo yɛe no bi.

NÁ WONIM? Wokɔ Belize po ase a, wobɛhu sɛ po ase mmire sam hɔ bebree. Wofiri tire rekɔ tire a, ne tenten yɛ akwansin 180 (kilomita 290). Woyi Great Barrier Reef a ɛwɔ Australia no a, nea ɛtɔ so mmienu wɔ wiase nyinaa no, Belize deɛ no ka ho.

Belize po ase mmire

Po ase mmire a ɛwɔ Belize no, ɛka kɛse a ɛtɔ so mmienu wɔ wiase no ho

WƆN HO NSƐM

  • Emu nnipa dodow: 333,000

  • Ahenkuro: Belmopan

  • Aban: Dodow amammuo

  • Kasa: Belize Kriol, Borɔfo, Spanish

  • Wim tebea: Ɛhɔ tumi yɛ hye, na ɛhɔ tumi yɛ nwunu nso

  • Asase no: Ɛhɔ yɛ mmepɔw mmepɔw, kwae ne ɔwora. Nkuro pii wɔ hɔ a nsuo atwa ho ahyia, na nkuro no bi nso gu mpoano; nnua pii nso wɔ mpoano hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena