Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 4/14 kr. 12-13
  • Cambodia Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Cambodia Nsrahwɛ
  • Nyan!—2014
Nyan!—2014
g 4/14 kr. 12-13
Ɛmo fuo wɔ Cambodia

NSASE NE NNIPA

Cambodia Nsrahwɛ

Cambodia map

WOKƆ Cambodia a, wubehu nkuraa a ɛwowɔ nsuo so, edwa a nnipa rebu fa so wom, moto a wɔde retwe nneɛma te sɛ nkokɔ ne frigye.

Cambodiafo anim te, wɔpɛ nnipa na obiara yɔnko yɛ ne busuani. Sɛ Cambodiani nnim obi koraa na ohyia no abɔnten mpo a, ɔde sista, brɔda, ante, wɔfa, nana ne nea ɛkeka ho bɛka ne din ho; ɔremmɔ no dinweɛ da!

Adan a esisi nsuo so

Cambodiafo bi de ahyɛmma ayɛ wɔn fie, ebinom nso tete afie a wɔasi asi nsuo so mu. Wɔwɔ sukuu, klinik ne edwa wɔ nsuo so, na pɛtro shɛll mpo wɔ nsuo so

Aduaba

Cambodiafo ani gye aduaba yi ho paa

Cambodiafo pɛ ɛmo paa. Wɔnoa nnuane a, wɔyɛ no ahorow ahorow mmiɛnsa anaa nnan; wɔtaa yɛ nkwan ka ho. Wɔnkɔ nnya nsuomnam koraa. Wotumi de nnuane a ɛyɛ fremfrem, deɛ ɛka, anaa deɛ nkyene wom nyinaa si pon so.

Bɛyɛ mfe mpem mmienu a atwam no, sɛ India adwadifoɔ ne nnipa a nyamesom nti wotutu akwan rekɔ China a, na wɔfa Cambodia mpoano. Na wɔde sirikyi ne nnade kɔsesa nneɛma bi te sɛ mako, galik, ɛhyɛ nnua, asonse ne sika kɔkɔɔ. Eduu baabi no, na Cambodiafo asuasua Indiafo ne Chinafo amammerɛ, enti na Hindusom ne Buddhasom agye adwa wɔ hɔ. Ɛnnɛ Cambodiafo dodow no ara yɛ Buddhafo.

Yehowa Adansefo ka Bible mu asɛm kyerɛ Cambodiafo; ɛma wonya anidaso. Wɔde Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no aboa nnipa pii. Wɔakyerɛ ase kɔ kasa bɛboro 250 mu; Cambodia kasa ka ho.

Yehowa Adansefo reka Bible mu asɛm akyerɛ Cambodiani bi

Yehowa Adansefo ne Cambodiafo bɛboro 1,500 sua Bible. Adesua no ama wɔanya nsɛmmisa te sɛ eyi ho mmuae: “Ɛhe na awufo wɔ?” ne “Adɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase?”

WƆN HO NSƐM

  • Emu nnipa dodow: Bɛyɛ ɔpepem 14

  • Ahenkuro: Phnom Penh

  • Wim tebea: Ɛhɔ yɛ hye. Wɔwɔ osutɔbere ne ɔpɛ bere

  • Nneɛma a wɔde kɔ dwaman so: Ntaadeɛ, nnua, rɔba, ɛmo

Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no wɔ Cambodia kasa mu

Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no. Yehowa Adansefo na wɔyɛe; ɛwɔ Cambodia kasa mu (ɛno ni).

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena