Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 3/14 kr. 10-11
  • El Salvador Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • El Salvador Nsrahwɛ
  • Nyan!—2014
Nyan!—2014
g 3/14 kr. 10-11
El Salvador mfonini

NSASE NE NNIPA

El Salvador Nsrahwɛ

El Salvador mfonini

BƐYƐ mfe 500 ni, bere a Spainfo baa baabi a ɛnnɛ yɛfrɛ hɔ El Salvador no, na ɛhɔfo no frɛ hɔ Cuscatlán. Saa din no kyerɛ “Agude Asase.” Ɛnnɛ, El Salvadorfo dodow no ara yɛ ɛhɔfo ne Europfo a wɔbɛtenaa hɔ no asefo.

El Salvadorfo pɛ adwuma na wɔn anim te. Wɔn ani abue na wobu adeɛ nso. Ansa na wɔne obi bedi nkɔmmɔ anaa wɔbɛhyɛ ase ayɛ adwuma no, wɔto wɔn bo ase kyea sɛ, “Buenos días” (maakye) anaa “Buenas tardes” (maaha). El Salvadorfo a wɔtete nkuraase ne nkuro nketewa mu mpo deɛ, sɛ wuhyia obi na woankyea no a, na ɛkyerɛ sɛ wummu adeɛ.

Maame bi retete kɔfe

Ade a El Salvadorfo dua no kɛse paa ne kɔfe

Nnuane a El Salvadorfo pɛ paa baako ne pupusa. Saa aduane no, wɔde aburoosiam (anaa ɛmo) na ɛyɛ; wɔde kyiis ne adua ne prakonam ne nneɛma foforo hyehyɛ mu. Wɔtaa de ntoosi abomu ne curtido na edi saa pupusa no. Curtido yɛ kabegyi, karɔt, gyeene, ne viniga bi na wɔde afra. Ɛwom sɛ ebinom de atere ne fɔk na edi pupusa deɛ, nanso ɛhɔfo no deɛ, wɔn nsa na wɔde di.

Pupusas

Pupusa yɛ nnuane a El Salvadorfo pɛ paa no mu baako

Los Tercios Aworoeɛ

Los Tercios Aworoeɛ, Suchitoto

SO NA WUNIM? El Salvador yɛ ɔman bi a ɛhɔ mmepɔ taa pae gya. Mmepɔ bɛboro 20 na apae gya pɛn, na ebi da so pae gya. Los Tercios Aworoeɛ no bu fa abotan akɛse a mmepɔ a ɛpae gya ayiyi no so.

Yehowa Adansefo bɛboro 38,000 na ɛwɔ El Salvador, na wɔwɔ asafo bɛyɛ 700 mu. Wɔka Bible mu asɛm kyerɛ nnipa bɛyɛ 43,000 wɔ Spanish kasa, Borɔfo kasa ne El Salvador Mum Kasa mu.

WƆN HO NSƐM

  • Emu nnipa dodow: 6,267,000

  • Ahenkuro: San Salvador

  • Kasa: Spanish

  • Wim tebea: Ɛhɔ yɛ hye, ɛnkanka mpoano ne baabi a ɛda fam; mmepɔ so nyɛ hye pii

  • Asase no: Ɛhɔ yɛ mmepɔ mmepɔ, na mmepɔ no bi atifi trɛ

SƆ WO NIMDEƐ HWƐ

Ɛyɛ ampa anaa atorɔ?

  1. A. El Salvador ne ɔman a esua koraa wɔ Central America.

  2. B. El Salvador ne ɔman a emu nnipa dɔɔso paa wɔ Central America.

  3. D. El Salvadorfo nnuane pii wɔ hɔ a mako wom paa.

  4. E. Ade a El Salvadorfo dua no kɛse paa ne kɔfe.

Mmuae: A, B, ne E yɛ ampa, D yɛ atorɔ. Ahɔhoɔ a ɛkɔ hɔ no hu sɛ ɛhɔ aduane no, mako nnim pii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena