Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/14 kr. 10-11
  • Ireland Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ireland Nsrahwɛ
  • Nyan!—2014
Nyan!—2014
g 7/14 kr. 10-11
Ireland mpoano

NSASE NE NNIPA

Ireland Nsrahwɛ

Republic of Ireland ne Northern Ireland asase mfonini

AMAN mmienu na ɛka bom yɛ Ireland: kɛse no yɛ Republic of Ireland, ɛnna ketewa no nso yɛ Northern Ireland, na ɛka United Kingdom ho.

Giant’s Causeway

Giant’s Causeway

Ireland din baako nso ne ‘Emerald Isle,’ efisɛ nsu a ɛtɔ wɔ hɔ nti ahabammono atwa wɔn ho ahyia. Atare ne nsubɔnten akɛse, mpoano mmepɔw nketewa ne akɛse no nyinaa ka bom ma ɛhɔ yɛ fɛ.

Ɔdan a wɔde sare abɔ so

Ɔdan a wɔde sare abɔ so

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ Irelandfo afa abɛbrɛsɛ pii mu pɛn. Ebi ni: Ebinom kyerɛ sɛ efi afe 1845 kosi 1851 no, nnipa bɛyɛ ɔpepem baako na ɔkɔm ne yare kunkum wɔn; ne nyinaa fi sɛ yare bi tew sii wɔn ntɔmmɔ so sɛee no. Ohia buruburoo nti, Irelandfo pii tu kɔtenaa Australia, Britain, Canada, ne United States. Ɛnnɛ, Amerikafo bɛyɛ ɔpepem 35 na wɔn akyi fi Ireland.

Irelandfo anim tew na wɔpɛ nnipa. Nneɛma a ɛma wɔn ani gye paa no bi ne pɔnkɔ so tena, bɔɔlbɔ, ne nea ɛkeka ho. Mmea no nso di agorɔ bi a ɛte sɛ hɔki.

Irelandfo ho ade baako ne sɛ, nkɔmmɔ yɛ wɔn dɛ, na wɔnkɔ nnya nnwom koraa. Irelandfo wɔ asaw bi, na nkurɔfo nim saa asaw no wɔ wiase nyinaa. Wɔntoto wɔn nsa; wɔde wɔn nan na ɛsaw.

Ireland nnwontofo kuw

Ireland nnwontofo kuw

Yehowa Adansefo nso wɔ Ireland; wɔkɔɔ hɔ mfe ɔha atwam. Seesei a yɛrekasa yi, Adansefo bɛboro 6,000 na wɔte hɔ na wɔde ahokeka ka Bible mu asɛm kyerɛ nkurɔfo.

1. Celticfo sanku; 2. Irelandfo atɛntɛbɛn; 3. seberewa; 4. adakabɛn; 5. abɛn; 6. akyene

Nneɛma a Irelandfo de bɔ nnwom no bi na ɛwɔ ase hɔ no. Efi benkum kɔ nifa: Celticfo sanku, Irelandfo atɛntɛbɛn, gyitar ahama nnan, sanku, abɛn, ne akyene

NÁ WUNIM?

Wokɔ Northern Ireland atifi mpoano a, wubehu sɛ abo bi ayiyi sisi hɔ bebree; ebi yɛ akɛse, ebi yɛ nteaanteaa na ebi nso sam fam bebree. Wɔkyerɛ sɛ bepɔw bi na epuw biribi.

WƆN HO NSƐM

  • Emu nnipa dodow: Bɛyɛ ɔpepem 4.5 wɔ Republic of Ireland; ɔpepem 1.8 nso wɔ Northern Ireland

  • Ahenkurow: Republic of Ireland de ne Dublin; Northern Ireland nso de ne Belfast

  • Kasa: Irish ne English

  • Wim tebea: Ɛhɔ nhyɛ da nyɛ nwini, ɛnna ɛhɔ nhyɛ da nyɛ hyew; nsu taa tɔ hɔ

  • Ɔsom a ɛwɔ hɔ: Katolekfo dɔɔso wɔ Republic of Ireland; Protestantfo ne Katolekfo adi afra wɔ Northern Ireland

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena