Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mfatoho/Nhwɛso Ahorow a Ɛkyerɛkyerɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
    • Odiyifo Natan bɔɔ ne tirim kaa tebea bi ho asɛm de kaa Ɔhene Dawid anim. Na asɛm no tu mpɔn efisɛ amma Dawid annya hokwan ammu ne ho bem. Asɛm no fa ɔdefo bi a na ɔwɔ nguan pii ne ohiani bi a ɔwɔ oguan biako pɛ a ɔhwɛ ne so yiye ho. Na Dawid ankasa ayɛ oguanhwɛfo pɛn, enti na obetumi ate sɛnea oguan wura no te nka no ase. Dawid faa abufuw trenee so tiaa ɔdefo a okogyee ohiani no guammaa a ɔdɔ no no. Ɛnna Natan de sii Dawid anim pen sɛ: “Wone ɔbarima no!” Asɛm no kaa Dawid koma, na ofi komam kyerɛɛ ahonu. (2 Sam. 12:1-14) Wubetumi akɔ so asua sɛnea wodi nsɛm a ɛfa nkate ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so.

      Wobetumi anya mfatoho a ehia ma nkyerɛkyerɛ pii afi nsɛm a esii a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no mu. Yesu de nsɛm kakraa bi dii dwuma yɛɛ eyi bere a ɔkae sɛ: “Monkae Lot yere no.” (Luka 17:32) Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ ne ba a waba ho nsɛnkyerɛnne mu no, ɔde totoo “Noa nna” no ho. (Mat. 24:37-39) Wɔ Hebrifo ti 11 no, ɔsomafo Paulo bobɔɔ mmarima ne mmea 16 din de yɛɛ gyidi ho nhwɛso. Bere a wode nkakrankakra hu Bible no, wubetumi apaw nhwɛso ahorow a tumi wom a Kyerɛwnsɛm no ka fa nsɛm a esisii ne nnipa a wɔbobɔɔ wɔn din wom no ho.—Rom. 15:4; 1 Kor. 10:11.

      Ɛtɔ mmere bi a wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wode asɛm bi a esii nkyɛe si asɛm bi so dua. Nanso, sɛ woreyɛ eyi a, hwɛ hu sɛ wode osuahu ahorow a woahwehwɛ mu ahu sɛ ɛyɛ nokware nkutoo bedi dwuma, na kwati sɛ wobɛma ahyɛ w’atiefo no mu bi aniwu anaa ɛbɛdan adwene akɔ asɛmti bi a emu nna hɔ a ɛmfa ho so. Kae nso sɛ, ɛsɛ sɛ osuahu no di atirimpɔw bi ho dwuma. Nka asɛm biara a ɛho nhia a ɛbɛdan adwene afi botae a ɛwɔ asɛm a woreka no so.

      So Wɔbɛte Ase? Mfatoho anaa nhwɛso biara a wode bedi dwuma no, ɛsɛ sɛ edi atirimpɔw pɔtee bi ho dwuma. Sɛ woankyerɛkyerɛ mu a, ebedi asɛm a moresusuw ho no ho dwuma?

      Bere a Yesu kaa n’asuafo no ho asɛm sɛ wɔne “wiase hann” wiei no, ɔde nsɛm kakraa bi a ɛfa sɛnea wɔde kanea di dwuma ho ne asɛyɛde a ɛka eyi ho kaa ho. (Mat. 5:15, 16) Ɔkaa anigye a ɛba soro bere a ɔbɔnefo biako sakra n’adwene no toaa ɛbɛ a ɛfa oguan a ɔyerae ho no so. (Luka 15:7) Bere a Yesu kaa ne nsɛm a ɛfa Samariani mmɔborohunufo no ho wiei no, obisaa ne tiefo no asɛm pɔtee bi, na ɔde afotu tẽẽ bi toaa so. (Luka 10:36, 37) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu kyerɛkyerɛɛ ne mfatoho a ɛfa asase ahorow ne nwura a ɛwɔ afum ho no mu de faa wɔn a wɔwɔ ahobrɛase a wɔde betie no ho, na ɛnyɛ nnipa kuw no nyinaa. (Mat. 13:1-30, 36-43) Aka nnansa ma Yesu awu no, ɔyɛɛ mfatoho a ɛfa bobeturo adwumayɛfo awudifo bi ho. Wankyerɛkyerɛ mu; na nkyerɛkyerɛmu biara ho nhia. ‘Asɔfo mpanyin ne Farisifo no . . . hui sɛ na ɛyɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no.’ (Mat. 21:33-45) Enti sɛnea mfatoho no te, w’atiefo no nneyɛe, ne wo botae no nyinaa na ɛbɛkyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛmu ho hia anaasɛ ɛho nhia, na sɛ ɛte saa a, ahe na wode bedi dwuma.

      Mfatoho ne nhwɛso ahorow a wubehu sɛnea wɔde di dwuma yiye no gye bere, nanso mmɔden a wobɛbɔ no fata. Mfatoho a wɔpaw no yiye no na wɔde di dwuma nyansam tumi ka adwene mu yiye. Nea efi mu ba ne sɛ ɛkyerɛkyerɛ asɛm a wɔntaa mfa nsɛm ntiantiaa nka no mu.

  • Nneɛma a Wonim a Wɔde Ma Mfatoho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
    • ADESUA 46

      Nneɛma a Wonim a Wɔde Ma Mfatoho

      Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

      Ma mfatoho a ɛfa nneɛma a w’atiefo yɛ anaa nea ɛfa nsɛm a wonim no yiye ho.

      Dɛn nti na ɛho hia?

      Mfatoho horow a efi nneɛma a wonim mu no bɛka w’atiefo no koma.

      NOKWAREM no, ɛho hia sɛ mfatoho biara a wode bedi dwuma no fa asɛm a moresusuw ho no ho. Nanso sɛ ɛbɛyɛ nea etu mpɔn sen biara a, ɛsɛ sɛ ɛfata w’atiefo no nso.

      Ɔkwan bɛn so na atiefo ko a wobɛkasa akyerɛ wɔn no betumi anya mfatoho ahorow a wobɛpaw de akasa akyerɛ nnipakuw bi no so nkɛntɛnso? Dɛn na Yesu Kristo yɛe? Sɛ́ ebia na Yesu rekasa akyerɛ nnipakuw anaasɛ n’asuafo no, wamfa nsase a na enni Israel so asetra anni dwuma wɔ ne nhwɛso ahorow mu. Na anka n’atiefo no rente nhwɛso ahorow a ɛte saa no ase. Sɛ nhwɛso no, Yesu amfa Misrifo adehyesɛm anaa Indiafo som mu nneyɛe anni dwuma. Nanso, ne nhwɛso ahorow no twee adwene sii nneɛma a nnipa nim wɔ asase nyinaa so so. Ɔkaa ntadepam, adwumayɛ, biribi a ɛsom bo a ɛyera, ne ayeforohyia ahorow ase a wɔkɔ ho asɛm. Ɔtee sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ tebea ahorow mu no ase, na ɔde saa nimdeɛ yi nyinaa dii dwuma. (Marko 2:21; Luka 14:7-11; 15:8, 9; 19:15-23) Esiane sɛ na Yesu baguam asɛnka no gyina Israelfo no so titiriw nti, na ne mfatoho ahorow no taa ka nneɛma ne nnwuma a wɔyɛ no daa ho asɛm. Enti, ɔkaa nneɛma te sɛ kuayɛ, sɛnea nguan tie wɔn hwɛfo nne, ne sɛnea wɔde nsa gu aboa nhoma kotoku mu ho asɛm. (Marko 2:22; 4:2-9; Yoh. 10:1-5) Bio nso ɔtwee adwene sii abakɔsɛm ho nhwɛso ahorow a wonim—te sɛ awarefo a wodii kan bɔɔ wɔn, Noa nna no mu Nsuyiri, Sodom ne Gomora sɛe, ne Lot yere wu, so. (Mat. 10:15; 19:4-6; 24:37-39; Luka 17:32) So saa ara na sɛ worepaw mfatoho ahorow a wususuw nneɛma a w’atiefo no nim, ne faako a wofi ho?

      Na sɛ wɔn a worekasa akyerɛ wɔn no nyɛ nnipakuw, na mmom onipa biako anaa nnipa kakraa bi ɛ? Bɔ mmɔden sɛ wobɛpaw mfatoho a ɛfata saa atiefo kakraa bi no. Bere a Yesu kasa kyerɛɛ Samariani bea no wɔ asubura a ɛbɛn Sikar no, ɔkaa “nkwa nsu,” ‘a ɛmma osukɔm nne obi da,’ ne “nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu”—a ne nyinaa yɛ nyansakasa a ɛfa ɔbea no adwuma a ɔyɛ ho ho asɛm. (Yoh. 4:7-15) Na bere a ɔkasa kyerɛɛ mmarima a na wɔrehoro wɔn asawu no, nyansakasa a ɔpawee no faa mpataayi ho. (Luka 5:2-11) Wɔ nsɛm abien no nyinaa mu no, na anka obetumi ayɛ mfatoho afa kuadwuma ho esiane sɛ wɔte baabi a wɔyɛ kuadwuma nti, nanso hwɛ mfaso kɛse a na ɛwɔ so sɛ ɔkaa adwuma a wɔn ankasa yɛ ho asɛm! So wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa?

      Bere a Yesu twee adwene sii “Israel fi nguan a ayera” so no, ɛnyɛ Israelfo nko nkyɛn na wɔsomaa ɔsomafo Paulo kɔe, na mmom ɔkɔɔ Amanaman mufo no nso nkyɛn. (Mat. 15:24; Aso. 9:15) So eyi maa Paulo sesaa sɛnea ɔkasa no? Yiw. Bere a ɔrekyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no, ɔkaa mmirikatufo ho asɛm, kaa aduan a wodi wɔ abosonnan mu, na ɔkaa nkonimdi aperententu, nneɛma a na Amanaman mufo no behu, ho asɛm.—1 Kor. 8:1-10; 9:24, 25; 2 Kor. 2:14-16.

      So woyɛ ahwɛyiye te sɛ Yesu ne Paulo bere a worepaw mfatoho ne nhwɛso ahorow a wode bedi dwuma wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu no? So wususuw faako a w’atiefo no fi ne adwuma a wɔyɛ daa no ho? Ɛwom, efi afeha a edi kan mu no, nneɛma asesa wɔ wiase. Nnipa pii te nsɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase denam television so. Tebea horow a ɛkɔ so wɔ amannɔne nsase so yɛ nea wɔtaa nim. Baabi a ɛte saa no, ɛnyɛ mfomso sɛ wobɛtwe adwene asi amanneɛbɔ a ɛtete saa so de ayɛ mfatoho. Nanso, nneɛma a ɛtaa ka nkurɔfo koma yiye yɛ nea ɛfa wɔn asetra—wɔn fie, wɔn mmusua, wɔn nnwuma, nnuan a wodi, ne wim tebea a ɛwɔ hɔ no ho.

      Sɛ wo mfatoho no behia nkyerɛkyerɛmu pii a, anhwɛ a wobɛka biribi a w’atiefo no nnim ho asɛm. Mfatoho a ɛte saa no betumi ama asɛntitiriw a moreka ho asɛm no ayera. Nea ebefi mu aba ne sɛ, w’atiefo no bɛkae wo mfatoho no na ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm mu nokware a worebɔ mmɔden ama wɔate ase no.

      Sɛ anka Yesu bɛyɛ mfatoho a ɛbɛma nkurɔfo adwenem ayɛ wɔn hwanyann no, ɔde nsɛm a ɛkɔ so da biara da dii dwuma. Ɔde nsɛm nketenkete kyerɛkyerɛɛ nsɛm akɛse mu na ɔde nsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛɛ nsɛm a asete yɛ den mu. Ɛdenam nsɛm a esisi daa a Yesu de kaa honhom mu nokware ahorow ho asɛm so no, ɔboaa nkurɔfo ma wɔtee honhom mu nokware ahorow a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no ase, na ɛkaa wɔn tirim. Nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesua bɛn ara ni!

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena