Asafo Mu Ɔkasa Horow a Wubesiesie
WƆASIESIE Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no ma aboa asafo mũ no nyinaa. Wɔde nsɛm a ɛsom bo ma wɔ asafo nhyiam afoforo ne amansin ne amantam nhyiam ase. Sɛ wɔama wo dwumadi wɔ eyi mu bi ase a, na wɔde asɛyɛde a emu yɛ duru ahyɛ wo nsa. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristoni ɔhwɛfo Timoteo nkuran sɛ ɔmma n’ani mmra ne nkyerɛkyerɛ so. (1 Tim. 4:16) Wɔn a wɔaba Kristofo nhyiam ase no gyee bere a ehia—na ebinom bɔɔ mmɔden pii—ansa na wɔretumi abetie akwankyerɛ a ɛfa wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho no. Akwankyerɛ a ɛte saa a wode bɛma no yɛ hokwan kɛse ankasa! Wobɛyɛ dɛn adi ho dwuma yiye?
Bible Mu Nsɛntitiriw
Sukuu no fã yi gyina Bible akenkan a wɔde ama wɔ dapɛn no mu no so. Ɛsɛ sɛ wusi sɛnea asɛm no fa yɛn ho nnɛ no so dua. Sɛnea wɔabɔ ho amanneɛ wɔ Nehemia 8:8 no, Esra ne n’ahokafo no kenkan Onyankopɔn Asɛm no wɔ baguam, kyerɛkyerɛɛ mu ‘maa emu daa hɔ,’ na wɔtee ase. Bible mu nsɛntitiriw a wobɛyɛ no bɛma woanya hokwan ayɛ saa ara nso.
Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wofa so siesie dwumadi a ɛte saa? Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, di kan kenkan Bible no fã a wɔde ama wo no dapɛn biako anaa nea ɛboro saa ansa na adu so. Afei susuw w’asafo no ne n’ahiade ho. Bɔ ho mpae. Afotu bɛn, mfatoho bɛn, nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no fã yi bɛn na ebetumi adi saa ahiade no ho dwuma?
Nhwehwɛmu ho hia. So mowɔ Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so anaa Watch Tower Publications Index no bi wɔ mo kasa mu? Sɛ ɛte saa a, fa di dwuma yiye. Ɛdenam nhwehwɛmu a wobɛyɛ wɔ nkyekyem a woapaw sɛ wode w’adwene besi so no so no, wubetumi anya ɛho nsɛm a ɛde nkyerɛkyerɛmu ma, nkɔmhyɛ mmamu ho nkyerɛkyerɛmu ahorow, sɛnea kyerɛwsɛm bi ka Yehowa ho asɛm, anaasɛ sɛnea wosusuw nnyinasosɛm ahorow bi ho. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛka nsɛm pii. Fa w’adwene si nkyekyem kakraa bi a woapaw so. Ɛyɛ papa sɛ wobɛka nkyekyem kakraa bi ho asɛm na woayɛ no yiye.
Wo dwumadi no betumi nso ahwehwɛ sɛ wofrɛ atiefo ma wɔka sɛnea wɔanya dapɛn no mu Bible akenkan no so mfaso kyerɛ. Dɛn na wohui a ɛbɛboa wɔn wɔ wɔn ankasa ne wɔn abusua adesua mu, anaasɛ wɔ wɔn asɛnka anaa wɔn asetra mu? Yehowa su ahorow bɛn na ɛdaa adi wɔ sɛnea ɔne nkurɔfo ne aman dii no mu? Dɛn na atiefo no suae a ɛhyɛɛ wɔn gyidi ne anisɔ a wɔwɔ ma Yehowa no den? Mfa w’adwene nsi nsɛm a asete yɛ den so pii. Si nsɛm a woapaw no mu ntease ne sɛnea wobetumi de adi dwuma no so dua.
Ɔkyerɛkyerɛ Kasa
Ebia eyi begyina asɛm a wɔatintim, te sɛ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan!, anaasɛ nhoma bi mu asɛm bi so. Mpɛn pii no, nsɛm a wɔde ma no dɔɔso sen bere a wɔde ama no. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wofa so yɛ dwumadi no? Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo, ɛnyɛ sɛ obi a ɔreka biribi ho asɛm ara kwa. Ɛsɛ ɔhwɛfo sɛ “ohu kyerɛkyerɛ.”—1 Tim. 3:2.
Fa asɛm a wɔde ama wo a wubesua no fi w’ahosiesie no ase. Hwɛ kyerɛw nsɛm a ɛwom no. Dwennwen ho. Bɔ mmɔden sɛ wubedi kan ayɛ saa bere tenten ansa na bere a wode bɛma ɔkasa no adu so. Ma ɛntra w’adwenem sɛ wɔahyɛ anuanom no nkuran sɛ wonni kan nkenkan asɛm a ɔkasa no gyina so no. Ɛnyɛ nea dwumadi no kyerɛ ara ne sɛ wubetĩ mu anaasɛ wobɛbɔ no mua, na mmom sɛ wobɛkyerɛ sɛnea wɔde bedi dwuma. Fa asɛm no fã a ɛfata di dwuma wɔ ɔkwan a asafo no benya so mfaso ankasa so.
Sɛnea ɛsono abofra biara suban no, asafo biara wɔ su ahorow a ɛma ɛda nsow. Ɔwofo a ɔkyerɛkyerɛ ma etu mpɔn no nworo abrabɔ ho nnyinasosɛm ngu ne ba so kɛkɛ. Ɔne abofra no susuw nsɛm ho. Osusuw abofra no nipasu ne nneɛma a ɛhaw abofra no ho. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ asafo no mu no bɔ mmɔden sɛ wobehu kuw a wɔrekasa akyerɛ wɔn no ahiade ahorow na wɔadi ho dwuma. Nanso, ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ nhumu no bɛkwati sɛ ɔde mfatoho a ɛbɛhyɛ obi aniwu wɔ atiefo no mu bedi dwuma. Ɔbɛtwe adwene asi mfaso a wɔanya dedaw wɔ Yehowa akwan so a wɔnantew so, na obesi Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛbɛboa asafo no ma wɔadi nsɛnnennen a wohyia ho dwuma yiye no so dua.
Nkyerɛkyerɛ pa ka atiefo no koma. Ɛnyɛ nea eyi hwehwɛ ara ne sɛ wobɛka nokwasɛm ahorow, na mmom sɛ wobɛma wɔanya nea ɛkyerɛ no ho anisɔ nso. Ɛhwehwɛ sɛ wususuw wɔn a worekyerɛkyerɛ wɔn no ho yiye. Ɛsɛ sɛ honhom fam nguanhwɛfo hu nguankuw no yiye. Sɛ wofi ɔdɔ mu ma nsɛnnennen a wɔn mu pii rehyia no tra wɔn adwene mu a, wobetumi akasa ma ahyɛ nkuran, bere a wɔda ntease, timmɔbɔ, ne tema adi no.
Sɛnea akyerɛkyerɛfo papa nim no, ɛsɛ sɛ ɔkasa biara botae da adi pefee. Ɛsɛ sɛ wɔka nsɛm no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma emu nsɛntitiriw no ada adi na wɔakae. Ɛsɛ sɛ atiefo no tumi de nsɛm a mfaso wɔ so a ɛbɛka wɔn asetra sie wɔn tirim.
Ɔsom Nhyiam
Sɛ worema ɔkasa a egyina asɛm bi a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu so a, ɛho adwuma betumi ayɛ soronko ɔkwan bi so. Ɛha no, wubehu sɛ nea wɔrehwɛ kwan ne sɛ wobɛka nea wɔde ama wo no nyinaa akyerɛ w’atiefo no na ɛnyɛ sɛ wobɛpaw nea ɛfata paa no. Boa atiefo no ma wonsusuw kyerɛwsɛm a afotu a wɔde ama no gyina so no ho. (Tito 1:9) Mpɛn pii no, bere no nnɔɔso a ɛbɛma wode nsɛm afoforo ahyehyem.
Ɔkwan foforo so no, ebia wɔbɛma wo dwumadi sɛ ka asɛm bi a ɛho asɛm nni Yɛn Ahenni Som no mu. Ebia wɔbɛtwe adwene asi Ɔwɛn-Aban mu asɛm bi so, anaasɛ ebia na ɛyɛ nsɛm ntiantiaa bi. Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo no, ɛyɛ w’asɛde sɛ wususuw asafo no ahiade ahorow ho ma ɛne dwumadi a wɔde ama wo no hyia. Ebia ɛho behia sɛ wode mfatoho tiawa bi di dwuma anaasɛ woka osuahu bi a ɛfata kyerɛ. Kae sɛ wo dwumadi no nyɛ ɔkasa a wobɛma wɔ asɛmti no ho kɛkɛ, na mmom sɛ wubedi ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛboa asafo no ma wɔayɛ adwuma a Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ yɛnyɛ no so, na wɔanya anigye wɔ ne yɛ mu.—Aso. 20:20, 21.
Bere a woresiesie wo dwumadi no, susuw nnipa a wɔwɔ asafo no mu tebea horow ho. Kamfo wɔn wɔ nea wogu so reyɛ no ho. Ɔkwan bɛn so na nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ dwumadi a wɔde ama wo no mu no bɛma wɔatu mpɔn na wɔanya anigye kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu?
So wo dwumadi no hwehwɛ sɛ woyɛ ɔyɛkyerɛ anaa wubisabisa afoforo nsɛm? Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wudi kan koraa yɛ ho nhyehyɛe. Woanhwɛ a wobɛka akyerɛ obi kɛkɛ sɛ ɔnyɛ ho nhyehyɛe, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛtaa sow aba pa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bobɔ ɔyɛkyerɛ anaa nsɛm a wubebisabisa obi no so ansa na da a mode bɛyɛ nhyiam no adu. Hwɛ hu sɛ wobɛyɛ wo dwumadi yi fã yi wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma akwankyerɛ a wɔde ama no so aba mfaso ankasa.
Amansin ne Amantam Nhyiam
Bere kɔ so no, wobetumi afrɛ anuanom a wɔda honhom fam su pa ahorow adi na wɔabɛyɛ baguam akasafo a wotu mpɔn no ma wɔanya amansin ne amantam nhyiam dwumadi mu kyɛfa. Eyinom yɛ bere titiriw ma teokrase nkyerɛkyerɛ ankasa. Dwumadi a ɛte saa betumi ayɛ ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa, nsɛntiaa a wɔhwɛ so ma ɔkasa, akwankyerɛ a wɔhwɛ so yɛ Bible mu drama a wotumi de di dwuma nnɛ, anaasɛ akwankyerɛ kakraa bi ara kwa. Sɛ wunya hokwan nya dwumadi a ɛte saa mu kyɛfa a, tɔ wo bo ase sua asɛm a wɔde ama wo no. Sua kosi sɛ wobɛte ase.
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa ma wɔn no kenkan nsɛmfua a ɛwom nyinaa. Wɔnsakra nsɛmfua a ɛwom no anaa sɛnea wɔahyehyɛ no no. Wosua na ama wɔate emu nsɛntitiriw no ne sɛnea wɔhyehyɛɛ no no ase. Wosua sɛnea wɔbɛkenkan no den no kosi sɛ wobetumi ama ɔkasa no ma adwene, anigye, ɔhyew, nkate, aniberesɛm a ɛwom, ahotoso a ɛwom, ne afei ɛnne nnyigyei a ɛfata ma atiefo a wɔdɔɔso no ada adi.
Anuanom a wɔde nsɛntiaa a wɔhwɛ so ma ɔkasa ma wɔn no ankasa na ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn nsɛm no wɔ ɔkwan a ɛne nsɛntiaa a wɔde ama wɔn no hyia so. Sɛ́ anka ɔkasafo no bɛkenkan nsɛm no anaasɛ obesiesie no te sɛ ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa no, ɛsɛ sɛ ogyina nea wɔakyerɛw wɔ ne krataa so no so fi ne tirim kasa. Ehia sɛ odi bere a wɔde ama no no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkasa no mu nsɛntitiriw no biara mu bɛda hɔ. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no de adwene a ɛwɔ akyi ne kyerɛwsɛm a wɔakyerɛw wɔ saa nsɛntitiriw no ase no di dwuma yiye. Ɛnsɛ sɛ ɔde n’ankasa nsɛm a n’ani gye ho hyehyɛ mu na oyi nsɛm a ɛwɔ ɔkasa no mu no fi mu. Nokwarem no, akwankyerɛ a wɔde ama no gyina Onyankopɔn Asɛm so. Kristofo ahwɛfo asɛyɛde ne sɛ ‘wɔbɛka asɛm no.’ (2 Tim. 4:1, 2) Enti ɛsɛ sɛ ɔkasafo no ma n’adwene kɔ kyerɛwsɛm a ɛwɔ ɔkasa no mu no so yiye—susuw ho na ɔkyerɛ sɛnea wɔde di dwuma.
Nyɛ Mmɔtohɔ
So wowɔ asafo bi a wubetumi anya hokwan ama ɔkasa pii mu? Wobɛyɛ dɛn atumi adi ne nyinaa ho dwuma yiye? Kwati sɛ wobɛtra ase ama bere aso awie koraa ansa na woasiesie wo dwumadi no.
Ɔkasa ahorow a asafo no nya so mfaso no hwehwɛ sɛ wudi kan susuw ho. Enti sua sɛ wode bɛyɛ wo su sɛ, sɛ wɔma wo dwumadi a, ntɛm ara na woafi ase rekenkan mu. Eyi bɛma woasusuw ho bere a woyɛ nneɛma afoforo no. Aka nna anaa adapɛn bi ama woama ɔkasa no, wubetumi ate nsɛm bi a ɛbɛboa wo ma woahu ɔkwan pa a wobɛfa so de asɛm no adi dwuma. Nsɛm bi betumi asisi a ɛbɛma ada adi sɛ aba wɔ ne bere mu. Wo dwumadi no a wobɛkenkan mu na woasusuw ho bere a wo nsa ka pɛ no gye bere, nanso eyi nyɛ beresɛe. Sɛ awiei koraa no, wotra ase sɛ woresiesie wo kasa no a, wubenya di a wudii kan susuw ho no so mfaso. Sɛ woyɛ wo dwumadi saa kwan yi so a, ɛbɛtew w’adwennwen so kɛse, na ɛbɛboa wo ma woama ɔkasa no wɔ ɔkwan a wobetumi de adi dwuma so na adu wɔn a wɔwɔ asafo no mu no komam.
Sɛ wokyerɛ akyɛde a Yehowa de ahyɛ wo nsa denam nhyehyɛe a wɔayɛ de retete n’asomfo so no ho anigye a, wobɛhyɛ no anuonyam na ayɛ nhyira ama wɔn a wɔdɔ no no.—Yes. 54:13; Rom. 12:6-8.