-
Atiefo Nkuranhyɛ ne DenhyɛNya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
-
-
wɔahu paa sɛ Yehowa dwen wɔn ho na ɔbɛboa wɔn wɔ sɔhwɛ biara a wohyia seesei no mu.—Yes. 41:10, 13; 1 Pet. 5:7.
Kyerɛ Nea Onyankopɔn Reyɛ Seesei no Ho Anisɔ. Sɛ worekasa de ahyɛ wo nuanom nkuran a, twe adwene si nea Yehowa reyɛ no seesei ara no so. Saa nneɛma yi ho asɛm a wobɛka no wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wokyerɛ ho anisɔ so no bɛkanyan w’atiefo no koma saa ara.
Susuw sɛnea Yehowa boa yɛn ma yetumi di asetram nhyɛso so no ho. Ɔkyerɛ yɛn ɔkwan pa a yɛbɛfa so atra ase. (Yes. 30:21) Ɔkyerɛkyerɛ nea enti a nsɛmmɔnedi, atɛnkyea, ohia, ɔyare, ne owu wɔ hɔ no mu na ɔkyerɛ yɛn ɔkwan a ɔbɛfa so ayi ne nyinaa afi hɔ. Wama yɛanya onuayɛ kuw a ɔdɔ wom. Ɔde mpaebɔ hokwan a ɛkyɛn so adom yɛn. Wama yɛanya ho kwan ayɛ N’adansefo. Wabue yɛn ani ama yɛahu sɛ wɔde Kristo asi ahengua so wɔ soro, ne sɛ nhyehyɛe dedaw no nna a edi akyiri no reba awiei ntɛmntɛm.—Adi. 12:1-12.
Nea ɛka nhyira horow yi ho ne yɛn asafo nhyiam ahorow, amansin ne amantam nhyiam ahorow. Sɛ woka nsiesiei ahorow yi ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wufi komam kyerɛ ho anisɔ so a, wobɛhyɛ afoforo bo a wɔasi sɛ wɔrentoto hyia a wɔne wɔn nuanom behyiam no ase no mu den.—Heb. 10:23-25.
Amanneɛbɔ a ɛda no adi sɛ Yehowa rehyira mmɔden a yɛrebɔ wɔ asɛnka adwuma no mu no nso hyɛ yɛn den. Wɔ afeha a edi kan no mu bere a na Paulo ne Barnaba nam kwan so rekɔ Yerusalem no, “wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyei kɛse” denam ka a wɔkaa amanaman no ahodan ho asɛm kyerɛɛ wɔn no so. (Aso. 15:3) Wo nso wubetumi ama anuanom ani agye denam osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wobɛka akyerɛ wɔn no so.
Sɛ wɔboa ankorankoro ma wohu bo a nea wɔreyɛ no som no a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran pii. Kamfo wɔn wɔ ɔfã a wɔrenya wɔ Kristofo som adwuma no mu no ho. Kamfo wɔn a esiane onyin ne yare nti wɔn mmɔdenbɔ ano abrɛ ase nanso wokura wɔn mudi mu wɔ nokwaredi mu no nso. Kae wɔn sɛ Yehowa werɛ remfi ɔdɔ a wɔada no adi wɔ ne din ho no. (Heb. 6:10) Gyidi a wɔda no adi wɔ sɔhwɛ mu no yɛ agyapade a ɛsom bo. (1 Pet. 1:6, 7) Ehia sɛ yɛkae yɛn nuanom eyi.
Fi Nkate Mu Ka Anidaso a Ɛda Yɛn Anim no Ho Asɛm. Bɔhyɛ ahorow a efi honhom mu a ɛfa nneɛma a ɛbɛba ho no yɛ nkuranhyɛ kɛse ma wɔn a wɔdɔ Nyankopɔn no nyinaa. Ebetumi aba sɛ atiefo no mu bi ate saa nsɛm yi mpɛn pii. Nanso ɛdenam anisɔ a wobɛda no adi bere a woka bɔhyɛ ahorow yi ho asɛm so no, wubetumi ama ayɛ te sɛ nea ɛresi ankasa, ahyɛ ba a ɛbɛba mu no mu ahotoso a wɔwɔ mu den, na ama wɔafi komam akyerɛ ho anisɔ. Nea woasua afi Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a wode bedi dwuma no bɛboa wo ma woatumi ayɛ saa.
Yehowa ankasa ne Nkuranhyɛfo Kɛse ne nea Ɔhyɛ ne nkurɔfo den. Nanso, wubetumi ne no ayɛ biako de saa nhyira horow no ama afoforo. Sɛ wokasa kyerɛ asafo no a, fa hokwan a wubenya no yɛ saa ɔkwan pa so.
-
-
Kɔ So Nya NkɔanimNya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
-
-
Kɔ So Nya Nkɔanim
SO W’ANKASA wode afotu a ɛwɔ sukuu dwumadi yi mu no adi dwuma? So woadi dwumadi a wɔaka ho asɛm no ho dwuma awie? So wode ɔfã biara redi dwuma bere a worema ɔkasa, sɛ́ ebia ɛyɛ sukuu dwumadi anaa nhyiam afoforo ase, ne bere a wowɔ asɛnka mu no?
Kɔ so nya Teokrase Ɔsom Sukuu ntetee so mfaso. Ɛmfa ho bere tenten a wode ama ɔkasa ahorow no, mmeae binom wɔ hɔ a wubetumi anya mu nkɔso.
-