-
Nipadua a Wɔde Si Asɛm So Dua ne Anim YɛbeaNya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
-
-
ADESUA 12
Nipadua a Wɔde Si Asɛm So Dua ne Anim Yɛbea
NNIPA a wofi mmusua bi mu de wɔn nipadua si asɛm so dua sen afoforo a wofi mmeae foforo. Nanso, sɛ obiara kasa a, ɔsakra n’anim yɛbea na ɔkeka ne ho ɔkwan bi so. Eyi te saa wɔ nkɔmmɔ a yɛne afoforo bɔ mu ne baguam kasa nso mu.
Ná ɛyɛ Yesu ne n’asuafo a wodi kan no su sɛ wɔde wɔn nipadua besi asɛm so dua. Bere bi, obi bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ ne maame ne ne nuanom pɛ sɛ wɔne wo kasa. Yesu buae sɛ: “Hena ne me na, na hena ne me nuanom?” Na Bible no toa so sɛ: ‘Ɔteɛɛ ne nsa kyerɛɛ n’asuafo no so kae sɛ: Hwɛ me na ne me nuanom ni!’ (Mat. 12:48, 49) Nea ɛka kyerɛwsɛm afoforo a wɔabobɔ din ho no, Bible no kyerɛ wɔ Asomafo no Nnwuma 12:17 ne 13:16 sɛ ɔsomafo Petro ne Paulo nso fi awosu mu de wɔn nipadua sii nsɛm so dua.
Ɛnyɛ ɛnne nko na wɔde da nsusuwii ne nkate adi, na mmom wotumi de nipadua ne anim yɛbea nso si asɛm so dua. Sɛ ɔkasafo bi amfa eyinom anni dwuma yiye a, ebetumi akyerɛ sɛ ɔrebu n’ani agu nneɛma so. Nanso sɛ wɔde akwan a wɔfa so di nkitaho yi di dwuma yiye a, ɛma kasa tumi tu mpɔn kɛse. Mpo sɛ worekasa wɔ telefon so na wode wo nipadua ne w’anim yɛbea di dwuma sɛnea ɛfata a, wo nne bɛma hia a w’asɛm no ho hia ne sɛnea wote nka wɔ nea woreka no ho no ada adi ntɛm ara. Enti sɛ́ worekasa a wonhwɛ nhoma mu anaa worekenkan ade, sɛ́ w’atiefo no rehwɛ wo anaa wɔrehwɛ wɔn ankasa Bible mu no, wo nipadua ne w’anim yɛbea a wode besi w’asɛm so dua no ho hia.
Ɛnsɛ sɛ wusua sɛnea wode w’anim yɛbea ne wo nipadua besi asɛm so dua no fi nhoma bi mu. Wɔankyerɛ wo sɛnea wɔserew anaa sɛnea wɔfa abufuw da. Ɛsɛ sɛ wo nipadua a wode besi asɛm so dua no nso da wo nkate adi. Bere dodow a wonhyɛ wo ho mfa wo nipadua nsi asɛm so dua no, dodow no ara na ebetu mpɔn.
Nipadua a wɔde si asɛm so dua gu ahorow abien: nea wɔde kyerɛkyerɛ biribi mu ne nkate a wɔde si asɛm so dua.
Nipadua a wɔde kyerɛkyerɛ biribi mu no kyerɛ adeyɛ bi ase anaa ɛkyerɛ biribi kɛse anaa baabi a ɛwɔ. Wɔ sukuu no mu no, sɛ woredi nipadua a wɔde si asɛm so dua ho dwuma a, mma biako anaa abien bi kɛkɛ nnnɔɔso mmma wo. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo nipadua ankasa asi asɛm so dua wɔ wo kasa no nyinaa mu. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ eyi a, ɛbɛyɛ papa sɛ wohwehwɛ nsɛm a ɛkyerɛ biribi so kwan, biribi ntam kwan, ade bi kɛse, anaa biribi sɛso gyinabea de di dwuma. Nanso, mpɛn pii no, nea wuhia ara ne sɛ wobɛma w’adwene akɔ wo kasa no so, na wonhaw wo ho wɔ nea afoforo susuw ho, na mmom wobɛka wo nsɛm na woayɛ w’ade sɛnea woyɛ daa no. Sɛ obi yɛ fakaa a, nipadua no ankasa besi nsɛm so dua.
Nkate a wɔde si asɛm so dua da ahotoso adi. Ɛhyɛ adwene a ɛwɔ kasa mu agyirae, na ɛhyɛ mu den. Nkate a wɔde si asɛm so dua ho hia. Nanso, egye ahwɛyiye! Ɛnyɛ den koraa sɛ nkate a wɔde si asɛm so dua no bɛdan obi su. Sɛ wotaa tĩ ade koro mu yɛ a, ebetumi atwetwe w’atiefo adwene aba wo so sen sɛ ɛbɛma wo kasa no atu mpɔn. Sɛ wo sukuu sohwɛfo no kyerɛ sɛ eyi ne wo haw a, bɔ mmɔden sɛ wode wo nipadua bɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu akosi bere bi. Bere bi akyi no, san fa wo nkate si asɛm so dua bio.
Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wode nkate ne nipadua si asɛm so dua sɛnea ɛfata no, susuw wɔn a worekasa akyerɛ wɔn no nkate ho. Wo nsa a wode bɛkyerɛ atiefo no so no betumi ama wɔayɛ basaa. Wɔ mmeae bi no sɛ ɔbarima de ne nsa kata n’ano de kyerɛ sɛnea asɛm bi yɛ no nwonwa a, wobu no sɛ ɔyɛ mmerɛw. Wɔ wiase no afã bi no, sɛ ɔbea de ne nsa di dwuma de si asɛm so dua wɔ ne kasa mu a, wobu no sɛ ommu ade. Enti wɔ mmeae a ɛtete saa no, ɛsɛ sɛ anuanom mmea de wɔn anim yɛbea si asɛm so dua yiye wɔ wɔn kasa mu. Na ɛkame ayɛ sɛ wɔ wiase baabiara no, wobu nipadua nyinaa a wɔde si asɛm so dua wɔ nnipakuw ketewaa bi anim no sɛ aseresɛm bi.
Bere a wunya osuahu pii na wutumi de abotɔyam kasa no, nkate a wɔde si asɛm so dua biara a wode bedi dwuma no bɛda wo nkate ankasa adi, na ada w’ahotoso ne wo komam asɛm adi. Ɛbɛma ntease aba wo kasa no mu.
W’anim Yɛbea. Nea ɛsen nipadua akwaa biara no, w’animdua taa kyerɛ sɛnea wote nka ankasa. W’ani, sɛnea woayɛ w’ano, ne sɛnea wodannan wo ti fa no nyinaa di dwuma bi. Sɛ woankasa mpo a, w’anim betumi ada anibiannaso, biribi a ɛyɛ wo tan, basaayɛ, ahodwiriw, anaa anigye adi. Sɛ anim yɛbea a ɛte saa no bɛka nsɛm a wɔka ho a, enya wɔn a wɔhwɛ w’anim no nkate so nkɛntɛnso. Ɔbɔadeɛ no yɛɛ ntini pii wɔ w’anim—ne nyinaa boro 30. Sɛ woserew a, ɛkame ayɛ sɛ emu fã na edi dwuma.
Sɛ́ ebia wugyina asɛnka agua so anaa wonam asɛnka mu no, worebɔ mmɔden sɛ wobɛka asɛm a ɛyɛ anigye a ebetumi ama nkurɔfo koma ani agye. Ɔdɔ mu a wubefi aserew bɛkyerɛ saa. Ɔkwan foforo so no, sɛ woaka w’anim asi a, eyi bɛma komam a wufi reka asɛm no ho aba asɛm.
Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ woserew a ɛma afoforo hu sɛ wopɛ wɔn asɛm. Ɛno ho hia titiriw paa wɔ saa bere yi a nnipa taa suro ahɔho yi mu. Wo serew betumi aboa nkurɔfo ma wɔde abotɔyam atie nea woka no.
-
-
Atiefo Anim HwɛNya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
-
-
ADESUA 13
Atiefo Anim Hwɛ
YƐN ani ma wohu yɛn nneyɛe ne yɛn nkate. Ebetumi akyerɛ sɛ asɛm bi yɛ yɛn nwonwa anaa yɛabɔ hu. Ebetumi ada tema anaa ɔdɔ adi. Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ada adwenem naayɛ anaa awerɛhow adi. Ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim kaa ne kuromni bi a wahu amane pii ho asɛm sɛ: “Yɛde yɛn ani na ɛkasa.”
Faako a yɛde yɛn ani hwɛ no betumi ama afoforo de wɔn adwene abu nea yɛpɛ sɛ yɛka. Wɔ aman pii mu no, nkurɔfo taa gye wɔn a wotumi hwɛ wɔn anim adamfofa kwan so no di. Ɔkwan foforo so no, wɔn adwenem betumi ayɛ wɔn nãã wɔ obi a ɔkasa a osi ne ti ase anaasɛ oyi n’ani to baabi sen sɛ ɔbɛhwɛ nea ɔne no rekasa no anim no nokwaredi anaa fata a ɔfata ho. Wɔ aman bi nso mu no wobu obi anim haa a wɔhwɛ no sɛ atɛnnidi, anuɔden, anaa mpoatwa. Eyi te saa titiriw bere a worekasa akyerɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu anaa otitiriw bi anaa obi a ɔwɔ dibea bi no. Wɔ mmeae bi no, sɛ abofra hwɛ ɔpanyin anim tẽẽ ne no kasa a, wobu no sɛ ɛnkyerɛ obu.
Nanso, wɔ baabi a mfomso nni ho no, obi anim a wobɛhwɛ bere a woreka asɛnhia bi akyerɛ no no betumi asi w’asɛm no so dua. Wobetumi abu no sɛ ɛkyerɛ sɛ ɔkasafo no wɔ nea ɔreka no mu ahotoso. Hyɛ mmuae a Yesu mae bere a n’asuafo no ho dwiriw wɔn kɛse na wɔkae sɛ: “Hena na wobetumi agye no nkwa?” no nsow. Bible no bɔ amanneɛ sɛ: ‘Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.’ (Mat. 19:25, 26) Kyerɛwnsɛm no kyerɛ bio sɛ ɔsomafo Paulo hwɛɛ nea na n’atiefo no reyɛ dinn. Bere bi a na Paulo rekasa no, na ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne na yam gyina hɔ retie. Asomafo no Nnwuma 14:9, 10 ka sɛ: ‘Paulo rekasa no, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu, enti ɔde nne kɛse kae sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyerebenn!’
Nyansahyɛ Ahorow Ma Asɛnka Adwuma. Sɛ wonam asɛnka mu a, da adamfofa ne ɔdɔ adi bere a wokɔ nkurɔfo nkyɛn no. Baabi a ɛfata no, fa nsɛmmisa a ɛkanyan adwene di dwuma fa fi asɛm bi a mo nyinaa ani begye ho ase. Bere a woreyɛ eyi no, bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ n’anim—anaa anyɛ yiye koraa no fi obu ne ayamye mu hwɛ onii no anim. Anim a ɛyɛ serew-serew a wohu wɔ obi anim no yɛ ahomeka ankasa. Anim yɛbea a ɛte saa no bɛma onipa no ahu nipa ko a woyɛ no kɛse, na aboa no ma ɔde anigye atie wo nkɔmmɔbɔ no.
Nnipa no anim yɛbea a wobɛhwɛ no sɛnea ɛfata no betumi ama woahu sɛnea wobedi tebea bi ho dwuma. Sɛ onipa no bo afuw anaasɛ n’ani nnye ho ankasa a, wubetumi ahu. Sɛ ɔnte nea woka no ase a, wubetumi ahu. Sɛ ne bo refuw a, wubetumi ahu no pefee. Sɛ n’ani gye ho ankasa a, eyi nso bɛda adi. N’anim yɛbea betumi akyerɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase, anaa wobɔ mmɔden ma ɔde ne ho hyɛ nkɔmmɔbɔ no mu bi, anaa wutwa nkɔmmɔbɔ no so, anaa sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wode sɛnea wosua Bible no ho ɔyɛkyerɛ toa so.
Sɛ́ woredi adanse wɔ kurom anaasɛ woreyɛ ofie Bible adesua a, bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ nea wo ne no rekasa no anim obu kwan so. Nhwɛ no haa, sɛ woyɛ saa a, ɔkwan bi so no, ɛbɛma wayɛ basaa. (2 Ahe. 8:11) Nanso sɛnea woyɛ w’ade adamfofa kwan so no, taa hwɛ n’anim. Wɔ aman pii so no, eyi kyerɛ sɛ wufi komam dwen ne ho. Ɛwom sɛ sɛ worekenkan Bible anaa nhoma foforo bi a, wode w’ani besi nhoma no mu de. Nanso sɛ woresi asɛm bi so dua a, ɛsɛ sɛ wohwɛ onii no anim tẽẽ, nanso mma ɛnnkyɛ. Sɛ wohwɛ nipa no anim nkakrankakra a, eyi nso bɛboa wo ma woahu sɛnea ɔyɛ n’ade wɔ nea worekenkan no ho.
Sɛ mfiase no fɛre ma ɛyɛ den sɛ wobɛhwɛ obi anim tẽẽ a, mpa abaw. Sɛ wokɔ so yɛ a, obi anim a wobɛhwɛ no bɛba abɛyɛ wo su, na ɛbɛma wo ne afoforo ntam nkɔmmɔbɔ atu mpɔn.
Bere a Worema Ɔkasa. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ansa na Yesu refi ne Bepɔw so Asɛnka no ase no, “ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafo no.” (Luka 6:20) Sua ne nhwɛso no. Sɛ worebɛkasa akyerɛ nnipakuw bi a, hwɛ wɔn anim na twɛn anibu kakra ansa na woahyɛ ase akasa. Wɔ mmeae pii no, nea ɛka ho nso ne sɛ wobɛhwɛ atiefo no binom anim. Bere tiaa mu a wubegyina yi bɛboa wo ma woadi ehu a
-