Ti 12
Yesu Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ
SO WO ne Yehowa Nyankopɔn kasa?— Ɔpɛ sɛ wo ne no kasa. Sɛ wo ne Onyankopɔn kasa a, wɔfrɛ no mpaebɔ. Yesu kasa kyerɛɛ N’agya a ɔwɔ soro no mpɛn pii. Ɛtɔ mmere bi a na ɔpɛ sɛ ɔno nkutoo kɔhyɛ baabi na ɔne Onyankopɔn kasa. Bible ka sɛ bere bi, ‘Ɔno nkutoo kɔɔ bepɔw so fã baabi kɔbɔɔ mpae. Ɛwom sɛ na onwini adwo de, nanso na aka ne nkutoo na ɔwɔ hɔ.’—Mateo 14:23.
Ɛhe na wo nkutoo betumi akɔbɔ Yehowa mpae?— Ebia wo nkutoo betumi ne Yehowa akasa ansa na woada anadwo. Yesu kae sɛ: ‘Wobɔ mpae a, hyɛn wo pia mu, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae.’ (Mateo 6:6) So wobɔ Yehowa mpae anadwo biara ansa na woada?— Ɛsɛ sɛ woyɛ saa.
Yesu bɔɔ mpae bere a na nnipa afoforo ka ne ho nso. Bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, ɔbɔɔ mpae bere a na afoforo wɔ beae a na wɔde Lasaro akɔto no. (Yohane 11:41, 42) Ná Yesu bɔ mpae bere a na ɔne n’asuafo no ahyiam no nso. So wokɔ nhyiam ahorow a wɔbɔ mpae wɔ ase?— Ɛhɔ no, obi a wanyin na ɔtaa bɔ mpae. Tie nea ɔka no yiye efisɛ ɔne Onyankopɔn rekasa ama wo. Afei wubetumi aka “Amen” de agye mpae no so. “Amen” a wobɛka bere a wɔabɔ mpae awie no, so wunim nea ɛkyerɛ?— Ɛkyerɛ sɛ w’ani gye mpaebɔ no ho. Ɛkyerɛ sɛ wopene so na wopɛ sɛ ɛyɛ wo nso wo mpaebɔ.
Yesu bɔɔ mpae wɔ adidi ase nso. Ɔdaa Yehowa ase wɔ n’aduan ho. So wobɔ mpae bere nyinaa ansa na woadidi?— Eye sɛ yɛbɛda Yehowa ase wɔ aduan ho ansa na yɛafi ase adi. Sɛ mobom didi a, ebia obi na ɔbɛbɔ mpae. Na sɛ wo nkutoo didi nso ɛ? Na sɛ wo ne wɔn a wɔnna Yehowa ase didi nso ɛ?— Ɛnde ebehia sɛ w’ankasa bɔ wo mpae.
So ɛsɛ sɛ wobɔ mpae ma epue w’ano bere nyinaa? Anaasɛ Yehowa betumi ate mpae a wobɔ no wo tirim no?— Yebetumi ahu mmuae no afi nea ɛtoo Nehemia no mu. Ná ɔyɛ Yehowa somfo a ɔyɛ adwuma wɔ Persia Hene Artasasta ahemfie. Da bi Nehemia werɛ howee paa efisɛ ɔtee sɛ afasu a etwa Yerusalem, ne manfo kurow titiriw ho no, abubu.
Bere a ɔhene no bisaa Nehemia nea enti a ne werɛ ahow no, Nehemia dii kan bɔɔ mpae wɔ ne tirim. Afei Nehemia kaa nea enti a ne werɛ ahow no kyerɛɛ ɔhene no na ɔsrɛɛ no sɛ ebia obetumi akɔ Yerusalem asan akosi afasu no anaa. Dɛn na esii?—
Yiw, Onyankopɔn buaa Nehemia mpaebɔ no. Ɔhene no kae sɛ obetumi akɔ! Ɔhene no maa Nehemia nnua a ɔde besi afasu no mpo. Enti sɛ yɛbɔ mpae wɔ yɛn tirim mpo a, Onyankopɔn betumi abua yɛn.—Nehemia 1:2, 3; 2:4-8.
Afei susuw eyi ho hwɛ. So ɛsɛ sɛ wusi wo ti ase bere a wobɔ mpae no? So ɛsɛ sɛ wubu nkotodwe? Wususuw ho dɛn?— Mmere bi wɔ hɔ a Yesu buu nkotodwe bere a ɔrebɔ mpae no. Mmere foforo no, ogyinaa hɔ. Na mmere foforo nso, ɔmaa ne ti so hwɛɛ soro, sɛnea ɔyɛe bere a ɔbɔɔ mpae maa Lasaro no.
Enti dɛn na eyi kyerɛ?— Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ gyinabea a wowom no na ehia. Ɛtɔ mmere bi a eye sɛ wusi wo ti ase na wokata w’ani. Mmere foforo nso, wubetumi abu nkotodwe, sɛnea Yesu yɛe no. Nanso kae sɛ yebetumi abɔ Onyankopɔn mpae bere biara, awia anaa anadwo, na obetie yɛn. Ade titiriw a ɛwɔ mpaebɔ ho ne sɛ yebegye adi ankasa sɛ Yehowa retie. So wugye di sɛ Yehowa tie wo mpaebɔ?—
Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka wɔ yɛn mpaebɔ mu kyerɛ Yehowa?— Ka kyerɛ me: Sɛ wobɔ mpae a, dɛn ho asɛm na woka kyerɛ Onyankopɔn?— Yehowa ma yɛn nneɛma pa pii, na eye sɛ yɛda no ase wɔ ho, ɛnte saa?— Yebetumi ada no ase wɔ aduan a yedi ho. Nanso, so woada no ase wɔ wim a ɛyɛ bruu, nnua momono, ne nhwiren a ɛyɛ fɛ no ho pɛn?— Ɔno na ɔyɛɛ eyinom nso.
Yesu asuafo no ka kyerɛɛ no bere bi sɛ ɔnkyerɛ wɔn mpaebɔ. Enti Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no yɛɛ saa, na ɔkyerɛɛ wɔn nneɛma a ɛho hia titiriw sɛ wɔbɔ ho mpae. So wunim saa nneɛma yi?— Fa wo Bible na bue Mateo ti 6. Wɔ nkyekyɛm 9 kosi 13 no yehu nea nnipa pii frɛ no Yɛn Agya a Wowɔ Soro anaa Awurade Mpaebɔ no. Ma yɛmmom nkenkan.
Ɛha na yehu sɛ Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ Onyankopɔn din ho mpae. Ɔkae sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew anaasɛ wommu no kronkron. Dɛn ne Onyankopɔn din?— Ɛne Yehowa, na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye saa din no ho.
Nea ɛto so abien no, Yesu kae sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra. Ahenni yi ho hia efisɛ ɛde asomdwoe bɛba asase so na adan no paradise.
Nea ɛto so abiɛsa no, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kae sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ wɔ soro no. Sɛ yɛbɔ eyi ho mpae a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade a Onyankopɔn pɛ.
Nea edi hɔ ne sɛ, Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ aduan a yehia da biara da ho mpae. Ɔkae nso sɛ ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ Onyankopɔn sɛ ɛyɛ yɛn yaw sɛ yɛayɛ nneɛma a ɛnteɛ. Na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa mfiri yɛn. Nanso ansa na ɔbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ yɛde afoforo a wɔafom yɛn no mfomso firi wɔn. So ɛyɛ mmerɛw ma wo sɛ wobɛyɛ saa?—
Awiei koraa no, Yesu kae sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Yehowa Nyankopɔn mmɔ yɛn ho ban mfi ɔbɔnefo, Satan Ɔbonsam, ho. Enti eyinom nyinaa yɛ nneɛma pa a yebetumi abɔ Onyankopɔn mpae wɔ ho.
Ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ. Mmoa a yebisa no akyi no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so da no ase. Sɛ ohu sɛ nea yɛka wɔ mpaebɔ mu no fi yɛn komam a, n’ani gye, na saa ara nso na sɛ yebisa nneɛma pa a, n’ani gye. Na ɔde saa nneɛma yi bɛma yɛn. So wugye di anaa?—
Mpaebɔ ho afotu pa pii wɔ Romafo 12:12; 1 Petro 3:12; ne 1 Yohane 5:14.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 67]
Yesu bɔɔ mpae bere a na ne nkutoo wɔ baabi . . . ne bere a na afoforo ka ne ho
[Mfonini wɔ kratafa 68]
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wutie mpae a wɔbɔ wɔ nhyiam ase no yiye?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 69]
Bere bɛn na wubetumi abɔ mpae wɔ wo tirim, sɛnea Nehemia yɛe no?
[Mfonini wɔ kratafa 70]
Nneɛma bɛn na wubetumi aka ho asɛm akyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu?