Ti 21
So Ɛsɛ sɛ Yɛhoahoa Yɛn Ho Wɔ Biribiara Ho?
SƐ́ OBI bɛhoahoa ne ho no kyerɛ dɛn? So wunim?— Nhwɛso bi ni. So woabɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ biribi a wunnim yɛ pii pɛn? Ebia wobɔɔ mmɔden sɛ wode wo nan bɛbɔ bɔɔl bi. Anaasɛ ebia wobɔɔ mmɔden sɛ wobɛbɔ skipi. So obi serew wo “Kwa! Kwa! Kwa!” kae sɛ “minim yɛ sen wo”?— Wiɛ, na saa nipa no rehoahoa ne ho.
Sɛ afoforo yɛ saa a wote nka dɛn? So w’ani gye ho?— Ɛnde, sɛ wohoahoa wo ho a, wususuw sɛ afoforo bɛte nka dɛn?— So eye sɛ wobɛka akyerɛ obi sɛ, “Meye sen wo”?— So Yehowa pɛ nnipa a wɔyɛ saa no asɛm?—
Ná Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nim nnipa a na wosusuw sɛ woye sen afoforo. Ná wɔhoahoa wɔn ho bu afoforo animtiaa. Enti da bi Yesu kaa asɛm bi de kyerɛɛ wɔn sɛnea ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛhoahoa wɔn ho. Ma yentie.
Asɛm no fa Farisini ne towgyeni bi ho. Ná Farisifo no yɛ nyamesom akyerɛkyerɛfo a wɔtaa yɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ atreneefo ne akronkronfo sen nnipa foforo. Farisini a ɔwɔ Yesu asɛm no mu no kɔɔ Onyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no sɛ ɔrekɔbɔ mpae.
Yesu kae sɛ towgyeni bi nso kɔɔ asɔrefie hɔ kɔbɔɔ mpae. Na nnipa pii mpɛ towgyefo asɛm. Na wosusuw sɛ towgyefo no rebɔ mmɔden asisi wɔn. Na ɛyɛ nokware sɛ na towgyefo pii ntaa nni nokware.
Wɔ asɔrefie hɔ no, Farisini no fii ase bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: ‘Oo Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no. Minsisi nkurɔfo na menyɛ nneɛma bɔne. Mente sɛ towgyeni no a ogyina hɔ no. Meyɛ ɔtreneeni. Midi mmuada dapɛn mu mpɛn abien, sɛnea ɛbɛyɛ a menya bere pii de asusuw wo ho. Na mede nea minya nyinaa so ntotoso du du mema.’ Na Farisini no gye di ankasa sɛ oye sen afoforo, so ɛnte saa?— Na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn nso.
Nanso na towgyeni no nte saa. Bere a ɔrebɔ mpae no, wamma ne ti so mpo anhwɛ soro. Ogyinaa akyirikyiri sii ne ti ase. Ná towgyeni no anu ne ho yiye wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na odii awerɛhow de ne nsa bɔɔ ne koko. Wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛka papa a ɔyɛ ho asɛm akyerɛ Onyankopɔn. Mmom no, ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Oo Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo yi mmɔbɔ.’
Mmarima baanu yi mu hena na wususuw sɛ ɔsɔɔ Onyankopɔn ani? So ɛyɛ Farisini a na osusuw sɛ oye no? Anaasɛ ɛyɛ towgyeni a na wanu ne ho wɔ bɔne a wayɛ ho no?—
Yesu kae sɛ towgyeni no na na ɔsɔ Onyankopɔn ani. Dɛn ntia? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Efisɛ obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔahu no sɛ oye sen afoforo no wɔbɛbrɛ no ase. Na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.’—Luka 18:9-14.
Asuade bɛn na na Yesu rekyerɛ wɔ n’asɛm no mu?— Na ɔrekyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yebesusuw sɛ yeye sen afoforo. Ebia yɛrenka sɛ yesusuw sɛ yeye sen afoforo, nanso ɛdenam sɛnea yɛyɛ yɛn ade so no, yebetumi akyerɛ sɛ yɛte saa. So woayɛ ade saa kwan no so pɛn?— Susuw ɔsomafo Petro ho hwɛ.
Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ sɛ wɔkyere no a, wɔn nyinaa beguan agyaw no no, Petro hoahoaa ne ho kae sɛ: ‘Sɛ mpo obiara guan gyaw wo a, me de merennyaw wo da!’ Nanso na Petro redi mfomso. Na ogye ne ho di dodo. Nanso oguan gyaw Yesu hɔ. Ɛwom, ɔsan bae, sɛnea yebehu wɔ nhoma yi Ti 30 no.—Mateo 26:31-33.
Ma yensusuw nnɛ mmere yi mu nhwɛso bi ho nhwɛ. Ebia wɔabisa wo ne wo sukuuni bi asɛm wɔ sukuu. Sɛ wutumi ma mmuae amonom hɔ ara, na sɛ osuani foforo no antumi anyɛ saa a, dɛn na wobɛyɛ? Ampa, sɛ woma asɛm bi ho mmuae a w’ani gye. So ɛbɛyɛ papa sɛ wode wo ho bɛtoto nea wantumi amma mmuae ntɛm no ho?— So ɛyɛ papa sɛ wobɛma obiara ahu sɛ wunim ade denam ɔfoforo no a wobɛma wadi yaw so?—
Saa na Farisini no yɛe. Ɔhoahoaa ne ho sɛ oye sen towgyeni no. Nanso Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kae sɛ Farisini no dii mfomso. Ɛyɛ nokware sɛ obi betumi ayɛ nneɛma bi yiye asen nea obi foforo betumi ayɛ. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ onipa papa ankasa.
Enti sɛ yenim biribi sen obi a, so ɛsɛ sɛ yegyina so de hoahoa yɛn ho?— Susuw ho hwɛ. So yɛn ankasa na yɛyɛɛ yɛn amemene?— Dabi, Onyankopɔn na ɔmaa yɛn mu biara amemene. Na ɛkame ayɛ sɛ yesuaa nneɛma a yenim nyinaa fii obi foforo nkyɛn. Ebia yɛkenkan nneɛma bi ho asɛm wɔ nhoma bi mu. Anaasɛ ebia obi na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Sɛ yɛn ankasa na yehuu biribi mpo a, ɛyɛɛ dɛn na yehui?— Ɛdenam adwene a Onyankopɔn de ama yɛn a yɛde dii dwuma no so.
Sɛ obi bɔ mmɔden yɛ biribi ma wo a, ade a eye sɛ woyɛ ne sɛ wobɛka biribi a ɛbɛhyɛ no nkuran. Ka kyerɛ no sɛ w’ani gye nea ɔyɛe no ho. Ebia wubetumi aboa no ma wayɛ no yiye. Saa na wobɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma wo, ɛnte saa?—
Nnipa binom ho yɛ den sen afoforo. Sɛ wo ho yɛ den sen wo nuabarima anaa wo nuabea a, dɛn na wobɛyɛ? So ɛno ma wo kwan sɛ fa hoahoa wo ho?— Dabi, ɛnte saa. Aduan a yedi no na ɛma yɛn ho yɛ den. Na Onyankopɔn na ɔma owia bɔ na osu tɔ, na ɔma biribiara a ehia na ama aduan abɔ, so ɛnyɛ ɔno?— Enti, afei, sɛ yɛn ho yɛ den a, ɛyɛ Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ yɛda no ase.—Asomafo no Nnwuma 14:16, 17.
Yɛn mu biara mpɛ sɛ yɛbɛte sɛ obi rehoahoa ne ho, anaa ɛnte saa?— Ma yɛnkae Yesu nsɛm yi: ‘Nea wopɛ sɛ afoforo yɛ ma wo no, wo nso yɛ wɔn saa ara.’ Sɛ yɛyɛ saa a, yɛrenyɛ sɛ Farisini a ɔhoahoaa ne ho wɔ asɛm a Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kae no mu no da.—Luka 6:31.
Obi frɛɛ Yesu nipa papa bere bi. So Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kae sɛ, ‘Yiw, meyɛ nipa papa’?— Dabi, wanka saa. Mmom no, ɔkae sɛ: “Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn.” (Marko 10:18) Ɛwom sɛ na Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no yɛ pɛ de, nanso wanhoahoa ne ho. Mmom no, ɔde ayeyi nyinaa maa N’agya, Yehowa.
Enti, so obi wɔ hɔ a yebetumi ahoahoa no?— Yiw, obi wɔ hɔ. Yebetumi ahoahoa yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn. Sɛ yehu sɛnea owia a ɛrekɔtɔ yɛfɛ anaa abɔde foforo a ɛyɛ fɛ a, yebetumi aka akyerɛ obi sɛ, ‘Yɛn Nyankopɔn Yehowa nwonwafo no na ɔyɛɛ eyi!’ Momma yɛnyɛ krado sɛ yɛbɛka nneɛma akɛse a Yehowa ayɛ dedaw ne nea ɔbɛyɛ daakye no ho asɛm akyerɛ afoforo.
Kenkan nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ahohoahoa ho, na sua sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛhoahoa yɛn ho no: Mmebusɛm 16:5, 18; Yeremia 9:23, 24; 1 Korintofo 4:7; ne 13:4.
[Mfonini wɔ kratafa 113]
Dɛn nti na Onyankopɔn ani sɔɔ towgyeni no nanso n’ani ansɔ Farisini no?
[Mfonini wɔ kratafa 115]
Sɛ wunim biribi sen obi a, so ɛma woyɛ nipa papa sen no?
[Mfonini wɔ kratafa 115]
Dɛn nti na sɛ yɛn ho yɛ den sen obi a, ɛyɛ mfomso sɛ yɛde bɛhoahoa yɛn ho?
[Mfonini wɔ kratafa 116]
Dɛn na abarimaa yi rehoahoa ne ho wɔ ho?