Ti 26
Nea Enti a Ɛyɛ Den sɛ Yɛbɛyɛ Ade Pa
BERE a Saul yɛɛ nneɛma bɔne no, hena na n’ani gyei?— Ɛyɛ Satan Ɔbonsam. Yudafo nyamesom akannifo no nso ani gyei. Afei bere a Saul bɛyɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no suani na wɔbɛfrɛɛ no Paulo no, saa nyamesom akannifo no fii ase tan no. Enti woahu nea enti a ɛyɛ den ma Yesu suani bi sɛ ɔbɛyɛ ade pa no?—
Bere bi ɔsɔfopanyin a na wɔfrɛ no Anania ka kyerɛɛ mmarima bi sɛ wɔmmɔ Paulo sotɔre. Anania bɔɔ mmɔden mpo sɛ ɔbɛma wɔde Paulo ato afiase. Bere a Paulo bɛyɛɛ Yesu suani no, ohuu amane pii. Sɛ nhwɛso no, nnipa abɔnefo hwee Paulo na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobesiw no abo akum no.—Asomafo no Nnwuma 23:1, 2; 2 Korintofo 11:24, 25.
Nnipa pii bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛayɛ nneɛma a ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Enti asɛmmisa no ne sɛ: W’ani gye ade treneeyɛ ho kodu he? So w’ani gye ho araa sɛ wobɛyɛ ade pa, sɛ afoforo tan wo wɔ ade pa a woyɛ no ho mpo a? Egye akokoduru na ama woatumi ayɛ saa, ɛnte saa?—
Ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn nti na sɛ yɛyɛ ade pa a, nkurɔfo bɛtan yɛn? Ebia wubesusuw sɛ, so ɛnsɛ sɛ ɛma wɔn ani gye?’ Mpɛn pii na nneɛma pa a Yesu yɛe nti nkurɔfo ani gyee ne ho. Bere bi, nnipa a wɔwɔ kurow bi mu nyinaa bɛhyɛɛ ofie bi a na Yesu wom pon ano ma. Wɔbae efisɛ na Yesu asa ayarefo yare.—Marko 1:33.
Nanso ɛtɔ mmere bi a na nkurɔfo ani nnye nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛ no ho. Ɛwom sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pa bere nyinaa de, nanso ebinom ampɛ n’asɛm koraa esiane sɛ na ɔka nokware nti. Eyi sii da bi wɔ Nasaret, kurow a wɔtetee Yesu wom no mu. Ɔkɔɔ hyiadan mu, baabi a na Yudafo no hyiam som Nyankopɔn no.
Ɛhɔ na Yesu fii Kyerɛwnsɛm mu maa ɔkasa bi a na etu mpɔn. Mfiase no, nkurɔfo no ani gyee ho. Nsɛm a ɛyɛ dɛ a efii n’anom bae no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye adi sɛ aberante yi a wɔtetee no wɔ wɔn ankasa kurom yi ni.
Nanso Yesu kaa biribi foforo. Ɔkaa sɛnea ɛtɔ mmere bi a, Onyankopɔn dom nnipa binom a wɔnyɛ Yudafo no ho asɛm. Bere a Yesu kaa asɛm yi no, wɔn a na wɔwɔ hyiadan mu hɔ no bo fuwii. So wunim nea enti a wɔn bo fuwii no?— Na wosusuw sɛ wɔn nkutoo na wɔwɔ Onyankopɔn anim dom titiriw. Na wosusuw sɛ woye sen nnipa foforo. Enti nea Yesu kae no ma wonyaa ne ho tan. Na wunim nea wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ?—
Bible ka sɛ: ‘Wɔkyeree Yesu sunsum no fii kurow no mu, na wɔde no kɔɔ bepɔw bi ano yɛɛ wɔn adwene sɛ wobepia no ahwe fam akum no! Nanso Yesu gyee ne ho fii wɔn nsam kɔe.’—Luka 4:16-30.
Sɛ wo na ɛtoo wo a, anka wobɛsan akɔka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ saa nkurɔfo no?— Ɛno begye akokoduru, ɛnte saa?— Nanso, bɛyɛ afe akyi no, Yesu san kɔɔ Nasaret. Bible ka sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn wɔn hyia adan mu.” Yesu amma nnipa a na wɔnnɔ Onyankopɔn no ho suro amma wannyae nokware no ka.—Mateo 13:54.
Da foforo nso a na ɛyɛ homeda no, na Yesu wɔ baabi a ɔbarima bi a ne nsa awu wɔ. Na Yesu wɔ Onyankopɔn tumi a obetumi de asa ɔbarima no yare. Nanso na mmarima a wɔwɔ hɔ no bi pɛ sɛ wɔhaw Yesu. Dɛn na na Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no bɛyɛ?— Nea edi kan no, obisae sɛ: ‘Sɛ mowɔ oguan biako na ɔkɔhwe amoa kɛse mu Homeda a, morenyi no mfi mu?’
Yiw, wobeyi oguan no afi amoa no mu, wɔ Homeda, da a na ɛsɛ sɛ wɔhome no. Enti Yesu kae sɛ: ‘Eye paa sɛ wɔbɛboa onipa wɔ Homeda, efisɛ onipa som bo pii sen oguan!’ Hwɛ sɛnea na emu da hɔ koraa sɛ ɛsɛ sɛ Yesu boa saa barima yi denam yare a na ɔbɛsa no no so!
Enti Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnteɛ ne nsa. Ɛhɔ ara na ne nsa no yɛɛ yiye. Hwɛ sɛnea ɔbarima no ani gyei! Na mmarima a aka no nso ɛ? So wɔn ani gyei?— Dabi. Ɛma wɔtan Yesu kɛse mpo. Wofii adi kɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no!—Mateo 12:9-14.
Ɛte saa nnɛ. Ɛmfa ho nea yɛbɛyɛ biara no, yɛrentumi nsɔ nnipa nyinaa ani da. Enti ɛsɛ sɛ yesi onii a yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani ankasa ho gyinae. Sɛ ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea wɔkyerɛkyerɛ bere nyinaa. Nanso sɛ yɛyɛ saa a, henanom na wɔbɛtan yɛn? Henanom na wɔbɛma ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ ade pa?—
Satan Ɔbonsam bɛyɛ saa. Na hena bio na ɔbɛyɛ saa?— Ɛyɛ wɔn a Ɔbonsam adaadaa wɔn ma wɔagye nneɛma a ɛnyɛ nokware adi no. Yesu ka kyerɛɛ ne bere so nyamesom akannifo no sɛ: “Mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ.”—Yohane 8:44.
Nnipa pii wɔ hɔ a, Ɔbonsam ani gye wɔn ho. Yesu frɛ wɔn “wiase.” Wususuw sɛ “wiase” a Yesu kaa ho asɛm no yɛ dɛn?— Wiɛ, ma yɛnhwɛ Yohane ti 15, nkyekyɛm 19 nhwɛ. Ɛhɔ na yɛkenkan Yesu nsɛm yi sɛ: “Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.”
Enti wiase a ɛtan Yesu asuafo no ne nkurɔfo a wɔnyɛ n’akyidifo no nyinaa. Dɛn nti na wiase no tan Yesu asuafo?— Wo de susuw ho hwɛ. Hena ne wiase sodifo?— Bible ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” Saa ɔbɔnefo no ne Satan Ɔbonsam.—1 Yohane 5:19.
Afei de woahu nea enti a ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ ade pa no?— Satan ne ne wiase no na wɔma ɛyɛ den saa. So biribi foforo nso wɔ hɔ? So wokae dekode?— Wɔ nhoma yi Ti 23 no, yesuae sɛ wɔwo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu. Sɛ woyi bɔne, Ɔbonsam, ne ne wiase fi hɔ a, so ɛrenyɛ anigye?—
Bible hyɛ bɔ sɛ: ‘Wiase yi retwam.’ Eyi kyerɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no akyidifo nyinaa befi hɔ. Wɔremma wɔntra ase daa. So wunim wɔn a wɔbɛtra ase daa no?— Bible kɔ so ka sɛ: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Yiw, wɔn a wɔyɛ ade pa, “ade a Onyankopɔn pɛ” no nkutoo na wɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Enti yɛpɛ sɛ yɛyɛ ade pa, sɛ ɛyɛ den ma yɛn mpo a, anaa ɛnte saa?—
Ma yɛnkenkan kyerɛw nsɛm yi a ɛkyerɛ nea enti a ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ ade pa no: Mateo 7:13, 14; Luka 13:23, 24; ne Asomafo no Nnwuma 14:21, 22.
[Mfonini wɔ kratafa 137]
Bere a Paulo yɛɛ ade pa no, ɔhaw bɛn na ohyiae?
[Mfonini wɔ kratafa 138]
Dɛn nti na saa nkurɔfo yi pɛ sɛ wokum Yesu?
[Mfonini wɔ kratafa 141]
Sɛ wiase yi twam a, dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔyɛ ade pa no so?