Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 6 kr. 37-41
  • Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no Som Nnipa Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no Som Nnipa Foforo
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a na Yesu Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Ɔkyerɛɛ Asomafo no Ahobrɛase Wɔ Twam no Ase
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Mɛyɛ Dɛn Ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam Ayɛ Kama?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Onipa a Ɔsen Biara no Fi Ahobrɛase Mu Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 6 kr. 37-41

Ti 6

Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no Som Nnipa Foforo

SƐ OBI yɛ biribi pa ma wo a, wopɛ?— Wiɛ, sɛ obi yɛ biribi a ɛyɛ fɛ ma afoforo a, wɔn nso wɔpɛ. Yɛn nyinaa pɛ. Ná Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nim saa, na na ɔyɛ nneɛma ma afoforo bere nyinaa. Ɔkae sɛ: ‘Mamma sɛ wɔnsom me, na mmom mebɛsomee.’—Mateo 20:28.

Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?— Ɛsɛ sɛ yɛsom afoforo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma pa ma wɔn. Ɛyɛ nokware sɛ nnipa pii nyɛ eyi. Nokwarem no, nnipa dodow no ara pɛ sɛ afoforo som wɔn bere nyinaa. Bere bi Yesu akyidifo no mpo tee nka saa. Na wɔn mu biara pɛ sɛ ɔyɛ kɛse anaa nea ne ho hia sen obiara.

Da bi na Yesu ne n’asuafo a na wɔyɛ n’akyidifo no retu kwan. Bere a wɔhyɛn Kapernaum a ɛbɛn Galilea Po no, wɔn nyinaa kɔɔ fie bi mu. Ɛhɔ na Yesu bisaa wɔn sɛ: “Dɛn na modwennwenee ho ɔkwan mu no?” Womuaa wɔn ano, efisɛ na wɔagye nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu ho akyinnye wɔ kwan mu.—Marko 9:33, 34.

Na Yesu nim sɛ ɛnteɛ sɛ n’asuafo no mu biara besusuw sɛ ɔno na ɔyɛ kɛse. Enti, sɛnea yesuae wɔ nhoma yi ti a edi kan no, ɔde abofra ketewaa bi gyinaa wɔn mfinimfini ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase sɛ saa abofra ketewaa no. Nanso ne nyinaa akyi no wɔansua. Enti bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, ɔmaa wɔn asuade bi a wɔn werɛ remfi da. Dɛn na ɔyɛe?—

Wiɛ, bere a na wɔn nyinaa abom redidi no, Yesu sɔre fii ɔpon no ho yii n’atade nguguso. Na ɔfaa mpopaho twaa n’asen. Afei ɔfaa guasɛn na ohwiee nsu guu mu. Ɛbɛyɛ sɛ na n’asuafo no nhu nea na ɔrebɛyɛ no.

Bere a na wɔrehwɛ Yesu no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn mmiako mmiako, bɔɔ ne mu ase, hohoroo wɔn nan ho. Afei ɔde mpopaho no popaa wɔn nan ho. Wo de susuw ho hwɛ! Sɛ na wowɔ hɔ a, anka wobɛte nka dɛn?—

N’akyidifo no ante nka sɛ ɛyɛ papa sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no bɛsom wɔn wɔ saa kwan yi so. Ɛmaa wɔyɛɛ basaa. Nokwarem no, na Petro rempene mma Yesu nyɛ adwuma a ɛba fam saa mma no. Nanso Yesu kae sɛ ehia sɛ ɔyɛ saa.

Yɛntaa nhohoro yɛn ho yɛn ho nan ase nnɛ. Nanso bere a Yesu wɔ asase so no na wɔtaa yɛ. So wunim nea enti a ɛte saa?— Wiɛ, wɔ ɔman a na Yesu ne n’akyidifo te mu no mu no, na nkurɔfo hyɛ mpaboa a wɔn nan ho da hɔ. Enti sɛ wɔnam mfutukwan so a, mfutuma bɔ wɔn nan ho nyinaa. Ná ɛkyerɛ ayamye sɛ wɔbɛhohoro ɔhɔho a waba fie bi mu nan ho mfutuma.

Nanso saa bere yi Yesu akyidifo no mu biara amfa ne ho ansi hɔ sɛ ɔbɛhohoro afoforo no nan ho. Enti Yesu ankasa yɛe. Yesu de eyi a ɔyɛe no kyerɛɛ n’akyidifo no adesuade bi a ɛho hia yiye. Na ehia sɛ wosua saa asuade yi. Na ɛyɛ ade a ɛho hia sɛ yesua nnɛ.

So wunim saa asuade no?— Bere a Yesu faa n’atade nguguso no hyɛe na ɔsan bɛtraa n’afa wɔ ɔpon no ho no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Moahu nea mayɛ mo yi? Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ. Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho.”—Yohane 13:2-14.

Ɛha no, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ n’akyidifo no som wɔn ho wɔn ho. Na ɔmpɛ sɛ wosusuw wɔn nkutoo ho. Na ɔmpɛ sɛ wobesusuw sɛ wɔn ho hia araa ma enti ɛsɛ sɛ afoforo som wɔn bere nyinaa. Na ɔpɛ sɛ wofi wɔn pɛ mu som afoforo.

So na ɛnyɛ adesua pa?— So wobɛyɛ sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no na woasom nnipa foforo?— Yɛn nyinaa betumi ayɛ nneɛma ama afoforo. Eyi bɛma wɔn ani agye. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, ɛbɛma Yesu ne N’agya ani agye.

Nnipa afoforo a wobɛsom wɔn no nyɛ den. Sɛ woma w’ani da hɔ a, wubehu nneɛma pii a wubetumi ayɛ ama nnipa foforo. Afei dwen ho hwɛ: So biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de aboa wo maame? Wunim sɛ ɔyɛ nneɛma pii ma wo ne abusua no nyinaa. So wubetumi aboa no?— Dɛn nti na wummisa no?

Ebia wubetumi atow pon no ansa na abusua no adidi. Anaasɛ ebia wubetumi aboaboa nkankyee a emu ayɛ fi no ano bere a abusua no adidi awie no. Mmofra binom kɔtow wura gu da biara. Nea wubetumi ayɛ biara bɛyɛ ɔsom a woresom afoforo sɛnea Yesu yɛe no ara.

So wowɔ anuanom mmarima ne mmea a wubetumi asom wɔn? Kae sɛ Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no, som n’akyidifo mpo. Sɛ wosom wo nuanom mmarima ne mmea nkumaa a, na woresuasua Yesu. Dɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn?— Ebia wubetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nneɛma a wɔde di agoru no sie bere a wɔadi agoru awie no. Anaasɛ ebia wubetumi aboa wɔn ma wɔahyɛ wɔn ntade. Anaasɛ ebia wubetumi aboa wɔn ma wɔasɛw wɔn kɛtɛ. So wubetumi asusuw biribi foforo a wubetumi ayɛ ama wɔn ho?— Sɛ woyɛ saa nneɛma yi a, ɛbɛma wɔadɔ wo, sɛnea Yesu akyidifo no dɔɔ no no ara pɛ.

Wubetumi asom afoforo wɔ sukuu mu nso. Ebetumi ayɛ mfɛfo sukuufo anaa wo kyerɛkyerɛfo. Sɛ obi nhoma fi gu fam a, ɛbɛkyerɛ ayamye sɛ wobɛboa no ma wasesaw. Wubetumi afi wo pɛ mu apopa kyerɛwpon so ama wo kyerɛkyerɛfo, anaa wubetumi ayɛ biribi foforo ama no. Sɛ mpo wubue pon ma obi foforo bɛsen a, ɛkyerɛ ayamye.

Ɛtɔ mmere bi a, yebehu sɛ nkurɔfo renna yɛn ase wɔ nea yɛyɛ ma wɔn no ho. So wususuw sɛ ɛsɛ sɛ eyi ma yegyae papayɛ?— Dabi! Nnipa pii anna Yesu ase wɔ nnwuma pa a ɔyɛe no ho. Nanso ɛno amma wannyae papayɛ.

Enti mommma yennnyae afoforo a yɛbɛsom wɔn. Momma yɛnkae Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu, na yɛmmɔ mmɔden nni ne nhwɛso no akyi bere nyinaa.

Sɛ wopɛ kyerɛw nsɛm ahorow a ɛfa mmoa a wɔde bɛma afoforo ho a, kenkan Mmebusɛm 3:27, 28; Romafo 15:1, 2; ne Galatifo 6:2.

[Mfonini wɔ kratafa 37]

Dɛn na na Yesu akyidifo no regye ho akyinnye no?

[Mfonini wɔ kratafa 39]

Asuade bɛn na na Yesu rekyerɛ n’akyidifo no?

[Mfonini wɔ kratafa 40, 41]

Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa afoforo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena