Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 44 kr. 227-231
  • Ɛsɛ sɛ Yɛn Nnamfonom Dɔ Onyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ sɛ Yɛn Nnamfonom Dɔ Onyankopɔn
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Saa Anifuraefo Bi Yareɛ na Ɔboaa Sakeo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Wubetumi Ne Yehowa Afa Adamfo
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Adamfofa A Eye Sen Biara Kɔ So Wɔ Wiase A Enni Adamfofa Su Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nnɛyi Asetra A Ano Yɛ Hyew No Ano A Wubegyina
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 44 kr. 227-231

Ti 44

Ɛsɛ sɛ Yɛn Nnamfonom Dɔ Onyankopɔn

NNAMFONOM yɛ nnipa a yɛpɛ sɛ yɛne wɔn kasa na yɛne wɔn bɔ. Nanso ɛho hia sɛ yɛfa nnamfo pa. Wususuw sɛ hena ne adamfo pa a ɔsen biara a yebetumi anya?— Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn.

So yebetumi ayɛ Onyankopɔn nnamfo ampa?— Wiɛ, Bible ka sɛ na Abraham, ɔbarima bi a ɔtraa ase tete no, yɛ ‘Yehowa adamfo.’ (Yakobo 2:23) So wunim nea enti a na ɔyɛ Onyankopɔn adamfo no?— Bible ka sɛ Abraham tiee Onyankopɔn. Bere a na nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ ma no no yɛ den mpo no, otiee no. Enti sɛ yɛbɛyɛ Yehowa adamfo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani sɛnea Abraham yɛe ne sɛnea Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ayɛ bere nyinaa no.—Genesis 22:1-14; Yohane 8:28, 29; Hebrifo 11:8, 17-19.

Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: ‘Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.’ (Yohane 15:14) Esiane sɛ biribiara a Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo no fi Yehowa nkyɛn nti, na Yesu reka sɛ ne nnamfo ne nkurɔfo a wɔyɛ nea Onyankopɔn ka sɛ wɔnyɛ no. Yiw, na ne nnamfonom nyinaa dɔ Onyankopɔn.

Nnipa a na wɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nnamfo paa no mu bi ne n’asomafo a wubetumi ahu wɔn mfonini wɔ nhoma yi kratafa 75 no. Wɔne no tutuu akwan, na wɔboaa no wɔ asɛnka adwuma no mu. Yesu de ne bere mu fã kɛse no ara ne saa mmarima yi trae. Wɔboom didii. Wɔboom kaa Onyankopɔn ho asɛm. Na wɔboom yɛɛ nneɛma afoforo. Nanso na Yesu wɔ nnamfonom afoforo pii. Ɔne wɔn trae, na na wɔbom gye wɔn ani.

Na abusua bi a Yesu taa ne wɔn tra no te kurow ketewa bi a wɔfrɛ no Betania, a ɛbɛn kurow kɛse, Yerusalem, paa no mu. So wokae wɔn?— Wɔne Maria, Marta ne wɔn nuabarima, Lasaro. Yesu frɛɛ Lasaro sɛ n’adamfo. (Yohane 11:1, 5, 11) Nea enti a na Yesu dɔ abusua yi na n’ani gyee wɔn fekubɔ ho no ne sɛ na wɔdɔ Yehowa, na wɔsom No.

Eyi nkyerɛ sɛ na Yesu mpɛ nkurɔfo a wɔnsom Onyankopɔn no asɛm. Ná ɔpɛ wɔn asɛm. Ɔkɔɔ wɔn afie mu ne wɔn didii mpo. Eyi maa ebinom kae sɛ Yesu yɛ “towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo.” (Mateo 11:19) Nokwasɛm a ɛwom ne sɛ, ɛnyɛ sɛ na Yesu ani gye nkurɔfo yi abrabɔ ho nti na ɔkɔɔ wɔn fie. Ɔkɔɔ wɔn nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ wɔn. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔasakra afi wɔn akwammɔne so na wɔabɛsom Onyankopɔn.

Eyi sii da bi wɔ Yeriko kurom. Na Yesu nam kurow no mu rekɔ Yerusalem. Na nnipa pii atwa ne ho ahyia, na na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sakeo wɔ nnipakuw no mu. Na ɔpɛ sɛ ohu Yesu anim. Nanso na Sakeo yɛ tiatiaa, na nnipakuw no nti na ontumi nhu no. Enti otuu mmirika dii wɔn anim kɔforoo dua bi sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ Yesu retwam a, obehu no yiye.

Bere a Yesu duu saa dua no ho no, ɔhwɛɛ dua no so kae sɛ: ‘Yɛ ntɛm si fam bra, na wo fie na metra nnɛ.’ Nanso na Sakeo yɛ ɔdefo a wayɛ nneɛma bɔne pii. Dɛn nti na na Yesu pɛ sɛ ɔkɔ ɔbarima a ɔte saa fie?—

Na ɛnyɛ sɛ Yesu ani gye saa ɔbarima no abrabɔ ho. Ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ Sakeo. Ohuu sɛnea na saa ɔbarima no abɔ mmɔden sɛ obehu no no. Enti na onim sɛ ebetumi aba sɛ Sakeo betie no. Na eyi yɛ bere pa a ɔde bɛka sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa bɔ wɔn bra ho asɛm akyerɛ no.

Enti dɛn na yehu sɛ ɛrekɔ so wɔ ha no?— Sakeo ani agye Yesu nkyerɛkyerɛ ho. Onuu ne ho paa sɛ wasisi nkurɔfo, na ɔrehyɛ bɔ sɛ ɔde sika a wasisi nkurɔfo anya no bɛma wɔn. Afei ɔbɛyɛɛ Yesu akyidini. Saa bere no ansa na Yesu ne Sakeo reyɛ nnamfo.—Luka 19:1-10.

Sɛ yesuasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a, so yɛbɛkɔ nkurɔfo a wɔnyɛ yɛn nnamfonom no nkyɛn da bi?— Yiw. Nanso ɛnyɛ sɛ yɛn ani gye wɔn abrabɔ ho nti na yɛbɛkɔ wɔn fie. Na yɛne wɔn renyɛ nneɛma bɔne. Yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ wɔn.

Nanso yɛn nnamfo paa ne wɔn a yɛpɛ sɛ yɛne wɔn bɔ fekuw titiriw no. Sɛ wɔbɛyɛ nnamfo pa a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo a Onyankopɔn ani gye wɔn ho. Ebia na ebinom nnim onii ko a Yehowa yɛ mpo. Nanso sɛ wɔpɛ sɛ wosua ne ho ade a, yebetumi aboa wɔn. Na sɛ ɛba sɛ wobenya Yehowa ho dɔ sɛnea yɛdɔ no no a, ɛnde na yɛne wɔn betumi ayɛ nnamfo paa.

Ɔkwan foforo wɔ hɔ a yebetumi afa so ahu sɛ ebia obi bɛyɛ adamfo pa anaasɛ ɔrenyɛ. Hwɛ nneɛma a ɔyɛ no. So ɔyɛ nneɛma a enye tia afoforo na afei waserew? Ɛnyɛ papa, anaa ɛnte saa?— So ɔyɛ obi a ɔde ne ho kɔhyɛ ɔhaw mu bere nyinaa? Yɛrempɛ sɛ yɛne no de yɛn ho kɔhyɛ ɔhaw mu, anaa ɛnte saa?— Anaa so ɔhyɛ da yɛ nneɛma bɔne na esiane sɛ wɔnkyere no nti, osusuw sɛ n’ani atew? Sɛ wɔankyere onipa a ɔte saa no mpo a, Onyankopɔn huu nea ɔyɛe no, anaa Wanhu?— So wususuw sɛ nnipa a wɔyɛ nneɛma a ɛtete saa no bɛyɛ nnamfo pa ama yɛn?—

Dɛn nti na womfa wo Bible? Ma yɛnhwɛ nea ɛka fa sɛnea yɛn ayɔnkofo nya yɛn asetra so nkɛntɛnso no ho. Kyerɛwsɛm no wɔ 1 Korintofo ti 15, nkyekyɛm 33. Woabue?— Ɛkenkan sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo! Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” Eyi kyerɛ sɛ sɛ yɛne nnipa bɔne nantew a, yebetumi asɛe. Na ɛyɛ nokware nso sɛ ayɔnkofo a woye boa yɛn ma yenya suban pa.

Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ Onii a ne ho hia sen biara wɔ yɛn asetra mu ne Yehowa. Yɛmpɛ sɛ yɛsɛe yɛne ne ntam adamfofa, anaa ɛnte saa?— Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛbɛfa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nkutoo nnamfo.

Wɔada hia a ayɔnkofo a woye ho hia adi wɔ Dwom 119:115; Mmebusɛm 13:20; 2 Timoteo 2:22; ne 1 Yohane 2:15.

[Mfonini wɔ kratafa 227]

Dɛn nti na na Abraham yɛ ‘Yehowa adamfo’?

[Mfonini wɔ kratafa 228]

Dɛn nti na sɛ Yesu kɔ Yerusalem a, na ɔtaa ne abusua yi tra? So wunim wɔn din?

[Mfonini wɔ kratafa 229]

Dɛn nti na Sakeo aforo dua yi?

[Mfonini wɔ kratafa 230]

Dɛn nti na Yesu rekɔ Sakeo nkyɛn, na dɛn na Sakeo rehyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena