-
Anidaso—Etumi Ka Yɛn Asetra?Nyan!—2004 | May 8
-
-
Anidaso—Etumi Ka Yɛn Asetra?
NÁ Daniel adi mfe du pɛ, nanso na ɔde afe ako kokoram. Ná nnuruyɛfo ne afoforo a wɔbɛn no nyinaa apa abaw. Nanso Daniel abam ammu. Ná ogye di sɛ da bi obenyin abɛyɛ nhwehwɛmu de aboa apɛ kokoram ano aduru. Nea ɛmaa onyaa anidaso kɛse koraa ne oduruyɛfo bi a onim saa kokoram yi mu yiye a na ɔrebɛsra no no. Ɛda no durui no, wim a ɛsakrae nti, ɔbenfo no antumi amma. Eyi maa Daniel abam bui maa n’anidaso sae. Afei ogyaee biribiara mu. Anni nna ahe bi na owui.
Ɔyarehwɛfo bi a osuaa dwuma a anidaso ne abasamtu di wɔ nnipa apɔwmuden mu na ɔkaa Daniel asɛm yi. Ebia woate nsɛm a ɛtete saa bi pɛn. Fa no sɛ, akwakoraa bi da owupa so nanso ɔpɛ sɛ odu botae bi a wahwɛ kwan akyɛ ho—ne dɔfo bi a ɔrebɛsra no anaa da titiriw bi a wɔbɛkae. Sɛ nea ɔrehwɛ kwan no twam a, ɛnkyɛ na owu toa so. Tumi bɛn na ɛredi dwuma wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu? So anidaso wɔ tumi saa sɛnea ebinom gye di no?
Aduyɛ mu nhwehwɛmufo pii kyerɛ sɛ ahotoso mu a obi befi de n’adwene asi nneɛma pa so sen sɛ ɔbɛdwene nneɛma a ɛnteɛ ho no betumi aka n’akwahosan kɛse. Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na egye eyi tom. Nhwehwɛmufo bi nso bɔ eyi nyinaa gu ka sɛ ɛyɛ anansesɛm a ennyina nyansahu so. Wɔn adwene ne sɛ obi nyare kwa, na mmom sɛ obi bɛyare a, na efi biribi pɔtee bi.
Ɛwom, akyinnye a wɔgye wɔ anidaso ho sɛ ebia ehia anaasɛ enhia no hyɛɛ ase akyɛ. Mfe mpempem bi a atwam ni no, wobisaa Helani nyansapɛfo Aristotle nea anidaso kyerɛ, ma obuae sɛ: “Ɛyɛ dae a obi so bere a ɔnnae.” Yɛn mmere yi mu Amerika ɔmanyɛfo Benjamin Franklin kae tiawa sɛ: “Nea ɔde n’ani to biribi so no nsa besi fam.”
Enti, dɛn ne anidaso? Wugye di sɛ ne nyinaa yɛ nsusuwii hunu, ɔkwan a nkurɔfo fa so hwehwɛ awerɛkyekye a enni hɔ? Anaa ntease wom sɛ yebu anidaso sɛ ade a yɛn nyinaa hia a ɛbɛma yɛanya apɔwmuden ne anigye, biribi a ɛwɔ hɔ ankasa a ɛso wɔ mfaso?
-
-
Dɛn Nti na Yehia Anidaso?Nyan!—2004 | May 8
-
-
Dɛn Nti na Yehia Anidaso?
SƐ Daniel a na ɔyare kokoram a yɛaka ne ho asɛm dedaw no amma n’abam ammu a, anka dɛn na ɛbɛba? Anka obetumi adi kokoram no so nkonim anaa? Anka ɔte ase nnɛ? Wɔn a wɔagye anidaso ho adwene no agyinam denneennen no mpo ntumi nka saa. Eyi ma asɛntitiriw bi da adi. Ɛnsɛ sɛ yɛhaahaa yɛn ani ka anidaso ho mfaso ho asɛm. Anidaso nyɛ ɔhaw nyinaa ano aduru.
Bere a Oduruyɛfo Nathan Cherney ne CBS Dawurubɔ Adwuma no retwetwe nkɔmmɔ no, ɔkaa ahwɛyiye a ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛne nnipa a wɔn yare mu yɛ den redi no: “Yɛahu mmarima bi a wɔkasa tia wɔn yerenom sɛ wɔannya bere annwennwen nsɛm ho kɛse, na afei nso sɛ wɔamfa adwempa ansusuw nsɛm ho.” Oduruyɛfo Cherney de kaa ho sɛ: “Wɔn a wokura saa adwene yi di mfomso susuw sɛ, sɛ́ obi yare mu bɛyɛ den anaa emu bɛgow no gyina n’adwene anaa ne nsusuwii so. Enti sɛ obi yare mu yɛ den a, na efi onii no ara. Saa nsusuwii yi nyɛ papa.”
Nokwarem no, wɔn a wɔda owupa so no reko ɔko a emu yɛ den. Enti ehia sɛ wɔn adɔfo mfa yare no ho asodi nkɔka adesoa a ɛso wɔn dedaw no ho. Ɛnde yɛnka sɛ anidaso ho nhia anaa?
Ɛnte saa koraa. Oduruyɛfo koro no ara nim sɛnea wɔhwɛ ayarefo dwudwo wɔn ma wotumi gyina wɔn yaw ano kosi awiei yiye. Na nnuruyɛfo a wɔte saa no gye di paa sɛ ayaresa a ɛte saa no ma wɔn a wɔn yare mu yɛ den paa no mpo ani gye. Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ anidaso betumi ayɛ saa ma aboro so.
Sɛnea Anidaso Ho Hia
Ayaresa ho sɛnkyerɛwfo, Oduruyɛfo W. Gifford-Jones, kae sɛ: “Anidaso yɛ aduru a ɛyɛ nam.” Ɔsan tĩĩ nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ hia a ayarefo a wɔda owupa so hia mmoa a wɔde ma wɔn no mu. Wosusuw sɛ saa mmoa yi ma ayarefo nya wɔn tebea no ho adwempa a wɔn abam mmu. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1989 kyerɛe sɛ ɛkyɛe ansa na ayarefo a wonyaa saa mmoa no rewu, nanso nhwehwɛmu foforo a wɔyɛɛ no nnansa yi ara no antumi ansi eyi so dua. Nhwehwɛmu ama emu ada hɔ sɛ mmoa a wɔde ma ayarefo no ma wɔn yaw ne adwennwen so tew sen wɔn a wonnya mmoa no.
Susuw nhwehwɛmu foforo bi a wɔyɛe a ɛkyerɛ sɛnea nneɛma pa ne nneɛma bɔne a wɔhwɛ kwan tumi ka komayare no ho hwɛ. Wɔhwehwɛɛ mmarima bɛboro 1,300 mu sɛ ebia wɔhwɛ nneɛma pa anaa nneɛma bɔne kwan wɔ wɔn asetra mu anaa. Nhwehwɛmu a wɔsan yɛe mfe 10 akyi no ma ɛdaa adi sɛ saa mmarima no bɛboro ɔha biara mu 12 anya komayare. Wɔn a na wonni wɔn tebea no ho adwempa no dodow bu bɔɔ wɔn a na wɔwɔ ɛho adwempa no ho. Laura Kubzansky a ɔyɛ ahoɔden ne nneyɛe ho ɔbenfo abadiakyiri wɔ Ɔmanfo Akwahosan Ho Sukuu a ɛwɔ Harvard ka sɛ: “Ná atesɛm so na wɔtaa gyina gye adwempa a obi benya no tom—nanso saa nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ komayare ho yi na ama yɛanya ayaresa mu nokwasɛm a ɛfoa asɛm no so.”
Nhwehwɛmu bi ama ada adi sɛ sɛ wɔyɛ ayarefo a wɔte nka sɛ wonni ahoɔden no oprehyɛn a wɔn ho ntɔ wɔn ntɛm, nanso wɔn a wɔte nka sɛ wɔwɔ ahoɔden no de nte saa. Wɔkyerɛ sɛ adwempa a obi nya boa no ma mpo onyin kyɛ! Wɔyɛɛ sɛnea onyin ho adwempa anaa adwene a ɛnteɛ a mpanyimfo benya no ka wɔn no mu nhwehwɛmu. Bere a wɔde nsɛm ntiantia bi a ɛka sɛnea onyin ma obi nya nyansa ne osuahu pii no kyerɛɛ mpanyimfo bi no, ɛmaa wonyaa ahoɔden soronko de nantewee a na ɛyɛ nwonwa. Nokwarem no, ahoɔden a wonyae no te sɛ nea na wɔde nnawɔtwe 12 ateɛteɛ wɔn apɔw mu!
Adɛn nti na su bi te sɛ anidaso ne nneɛma ho adwempa tumi ma obi nya apɔwmuden? Ebia nyansahufo ne nnuruyɛfo ntumi nhuu sɛnea nipadua ne adwene te no mu yiye a ɛbɛma wɔasi wɔn bo abua asɛm no pefee. Nea animdefo a wɔhwehwɛ nsɛm yi mu no betumi ayɛ ara ne sɛ wobegyina wɔn nimdeɛ ne wɔn suahu so abɔ wɔn tirim akyerɛkyerɛ mu. Sɛ nhwɛso no, amemene mu yare ho ɔbenfo bi hyɛɛ nkuran sɛ: “Eye sɛ obi ani begye na wanya anidaso. Ɛyɛ tebea pa a esiesie nipadua no na ɛmma obi nhaw pii. Ɛyɛ biribi a nkurɔfo betumi ayɛ de ahwɛ wɔn ho so yiye.”
Ebia eyi bɛyɛ ade foforo koraa ama nnuruyɛfo ne nyansahufo binom de, nanso ɛnte saa wɔ wɔn a wosua Bible no fam koraa. Bɛyɛ mfe 3,000 ni, honhom kaa Ɔhene Salomo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Anigye koma ma ahoɔden, na honhom a abotow yow nnompe mu.” (Mmebusɛm 17:22) Hyɛ sɛnea ɔkaa asɛm no maa ɛfatae no nsow. Wanka sɛ anigye koma betumi asa yare biara na mmom ɔkaa no tiawa sɛ ‘ɛma ahoɔden.’
Ɛfata sɛ yebisa sɛ, Sɛ anidaso yɛ aduru a, anka oduruyɛfo bɛn na ɔremfa mma ayarefo? Afei, wɔ apɔwmuden akyi no, anidaso so wɔ mfaso foforo nso.
Sɛnea Nneɛma Ho Adwempa ne Abasamtu Ka W’asetra
Nhwehwɛmufo ahu sɛ wɔn a wɔwɔ nneɛma ho adwempa no nya so mfaso pii. Ɛma wotumi bɔ mmɔden wɔ sukuu mu, adwuma mu, ne agodi mu mpo. Mfatoho ne sɛ, wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ mmaa agodikuw bi mu. Wɔn a wɔkyerɛ agodi no de nea mmaa no betumi ayɛ wɔ agodi mu no too gua. Saa bere no ara mu no, wɔtoo wɔn bo hwehwɛɛ ahotoso a mmaa no wɔ nso mu. Nea ɛkowiei ne sɛ, anidaso a na wɔn mu biara wɔ no mmom na ɛmaa wohuu wɔn mmɔdemmɔ na ɛnyɛ nea wɔn agokyerɛfo no keka faa wɔn ho no. Dɛn na ɛma anidaso tumi yɛ adwuma saa?
Abasamtu ho nsɛm a wosua no aboa ma woahu nneɛma pii. Mmoa nneyɛe ho nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ 1960 mfe no mu no maa nhwehwɛmufo no behui sɛ mmoa no bɛtee nka sɛ “wɔyɛ wɔn tebea ho biribiara a ɛrenyɛ yiye.” Wohui sɛ saa tebea yi betumi ato nnipa nso. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛɛ nnipa bi a wɔreyɛ wɔn mu nhwehwɛmu sɛ wobetumi amiamia biribi so ma dede bi a ɛrehaw wɔn adwene no agyae. Wɔyɛɛ saa ma ɛyɛɛ yiye.
Wɔkaa saa ara kyerɛɛ nnipakuw a ɛtɔ so mmienu, nanso bere a eyinom miamiaa ade no so no, dede no annyae. Enti sɛnea wuhu no, kuw a ɛtɔ so mmienu no mufo pii abam bui. Wɔ nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe mu no, na saa kuw yi mufo mpɛ sɛ wɔbɛyɛ biribiara koraa. Na wɔabegye adi sɛ nea wɔbɛyɛ biara renkosi hwee. Nanso saa kuw a ɛtɔ so mmienu no mufo a na wɔwɔ nneɛma ho adwempa no amma wɔn abam ammu.
Eyi kaa Oduruyɛfo Martin Seligman, a ɔboae ma wɔyɛɛ nhwehwɛmu a yɛaka ho asɛm no ma ɔde bere tenten suaa anidaso ne abasamtu a nkurɔfo nya no ho ade. Ɔyɛɛ nnipa a wosusuw sɛ nea wɔbɛyɛ biara renyɛ yiye da no mu nhwehwɛmu kɔɔ akyiri. Nea ohui ne sɛ, saa adwemmɔne no twe nkurɔfo san wɔ asetra mu nneɛma pii mu anaa mpo ɛma wɔpa tra a wɔnyɛ hwee. Seligman bɔ asɛm no mua sɛ: “Mfirihyia 25 a mede ayɛ nhwehwɛmu no ama magye atom sɛ sɛ yɛtaa gye di sɛ nneɛma a ɛnkɔ yiye no fi yɛn, na ɛbɛka hɔ, ne sɛ ɛbɛsɛe biribiara a yɛyɛ a, tebea a ɛte saa no bɛkɔ so ahaw yɛn sen sɛ anka ɛbɛboa yɛn ama yeanya nneɛma ho adwempa.”
Ebia nsɛm a ɛte saa bɛyɛ asɛm foforo ama nnipa binom nnɛ nanso ɛnte saa wɔ wɔn a wosua Bible no fam. Hyɛ abebusɛm yi nsow: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” (Mmebusɛm 24:10) Ampa, Bible no kyerɛkyerɛ mu pefee sɛ abasamtu ne nneɛma ho adwene a ɛnteɛ betumi atew w’ahoɔden so. Nanso dɛn na wubetumi ayɛ de ako atia abasamtu na woanya anidaso kɛse wɔ w’asetra mu?
[Mfonini wɔ kratafa 12, 13]
Anidaso betumi aboa pii
-
-
Wubetumi Ako Atia AbasamtuNyan!—2004 | May 8
-
-
Wubetumi Ako Atia Abasamtu
WUBU nsɛnnennen a wuhyia no sɛn? Animdefo pii gye di sɛ saa asɛm no ho mmuae na ɛbɛkyerɛ sɛ woyɛ obi a wowɔ nneɛma ho adwempa anaasɛ wowɔ nneɛma ho adwene a ɛnteɛ. Yɛn nyinaa hyia ɔhaw ahorow wɔ asetra mu, na ebi de sen bi. Nanso adɛn nti na sɛ ebinom hyia ɔhaw a wotumi ko di so nkonim, na afoforo de, sɛ wohyia nsɛm a ɛnyɛ den pii mpo a, wɔpa abaw?
Fa no sɛ worehwehwɛ adwuma. Bere a adwumawura bi frɛɛ wo bisabisaa wo nsɛm no, wamfa wo. Eyi akyi no, wususuw asɛm no ho sɛn? Ebia wubesusuw sɛ ɔhwɛ w’anim a, womfata. Wobɛka no wo tirim sɛ, ‘obiara remfa me adwuma mu da.’ Anaa nea enye koraa no, eyi betumi asɛe w’adwene wɔ biribiara a woyɛ wɔ asetra mu ho ma woaka sɛ, ‘mammɔ bra, me so nni mfaso biara.’ Nsusuwii a ɛte saa nyɛ adwempa.
Ko Tia Abasamtu
Wobɛyɛ dɛn ako atia abasamtu? Ade a edi kan a ɛho hia paa ne sɛ wubehu sɛ adwene a ɛte saa no nteɛ. Nea edi hɔ ne sɛ wobɛko atia. Fa adwempa susuw nea enti a wo nsa anka adwuma no ho. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ nokware sɛ wo ho nhia obiara nti na wɔamfa wo adwuma no mu? Anaasɛ ebia na adwumawura no rehwehwɛ obi a ɔwɔ biribi foforo ho nimdeɛ?
Sɛ wode w’adwene si nokwasɛm pɔtee bi so a, ɛbɛma adwene a ɛnteɛ a woanya no ada adi. Hokwan baako pɛ a ɛbɔɔ wo no kyerɛ ampa sɛ wɔde wo yɛ hwee a ɛnyɛ yiye? Anaa nneɛma foforo bi wɔ hɔ a ɛno de, wutumi yɛ no yiye—te sɛ ɔsom mu dwumadi, abusua anaa nnamfo ntam nkitahodi? Sua sɛ wubeyi w’adwene afi nneɛma a ɛnteɛ a wusuro sɛ ɛbɛba daakye no so, na hu sɛ ɛyɛ “ahunahuna” ara kwa. Ɛyɛ ampa sɛ worennya adwuma nyɛ da? Pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de adi adwemmɔne so.
Adwempa a Wɔde Pere Du Botae Ho
Nnansa yi nhwehwɛmufo de anidaso ho nkyerɛkyerɛmu bi a ɛyɛ anigye nanso enni mu ama. Wɔka sɛ nea anidaso kyerɛ ne sɛ wubenya gyidi sɛ wubetumi adu wo botae ho. Sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu no, anidaso kyerɛ pii sen yɛn botae a yebedu ho ara kwa, nanso nkyerɛkyerɛmu yi boa wɔ akwan pii so. Anidaso a yebetumi anya ho a yebesusuw yi betumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nneɛma pa so kɛse.
Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya gyidi sɛ yebetumi adu yɛn botae ho no, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde botae horow besisi yɛn ani so na yɛpere sɛ yebedu ho. Sɛ wote nka sɛ wommɔ eyi ho mmɔden a, ɛbɛyɛ papa sɛ wususuw botae a wode asisi w’ani so no ho. Nea edi kan no, botae bɛn na wowɔ? Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛma daa abrabɔ mu nsɛm agye yɛn adwene a yennya bere nsusuw nea yɛrehwehwɛ ankasa wɔ asetram ne nea ehia yɛn ankasa ho. Ɛdefa nneɛma a ehia yɛn paa a yɛde besisi yɛn ani so ho no, Bible kae bere tenten ni ma ɛfatae sɛ: ‘Monsɔ nneɛma a eye koraa no nhwɛ.’—Filipifo 1:10.
Sɛ yenya hu nneɛma a ehia yɛn paa no a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛpaw asetram nneɛma titiriw a yɛbɛyɛ wɔ yɛn som mu, yɛn abusua mu, ne yɛn adwuma anaa sukuu mu. Ɛho hia sɛ ahyɛase no yɛremfa botae bebree nsisi yɛn ani so na mmom yɛbɛpaw nea yenim sɛ yebetumi adu ho. Sɛ yɛpaw botae a ɛyɛ den dodow sɛ yebedu ho a, ebetumi de adwennwene abɛto yɛn so ma yɛn abam abu. Enti nea ɛyɛ papa ne sɛ yɛbɛkyekyɛ botae a ɛsõ no mu nketenkete ayɛ no nkakrankakra.
Mpanyinfo ka asɛm bi sɛ: “Mmɔdemmɔ bu mmusu abasa so.” Ɛte sɛ nea asɛm yi yɛ nokware. Bere a yɛde botae atitiriw asisi yɛn ani so no, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛpere adu ho. Yebetumi ahyɛ yɛn ho den bere a yesusuw hia a yɛn botae ho hia ne mfaso a yɛn nsa betumi aka no ho no. Ɛwom, sɔhwɛ bɛba de, nanso ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ akwanside a ɛsɛ sɛ yedi so sen sɛ yɛbɛma abu yɛn abam.
Nanso ehia sɛ yɛhwehwɛ akwan pa a yɛbɛfa so adu yɛn botae ho. Nhoma kyerɛwfo C. R. Snyder, a wahwehwɛ hia a anidaso ho hia mu akɔ akyiri no, tuu fo sɛ ɛsɛ sɛ yehu akwan a yɛbɛfa so adu yɛn botae bi ho. Enti sɛ yɛfa kwan baako so na anyɛ yiye a, yebetumi asan akɔfa akwan foforo bi nso so.
Nkuranhyɛ foforo a Snyder de mae ne sɛ yebesua sɛ yɛbɛsakra yɛn botae de foforo asi ananmu. Sɛ ampa ara sɛ yɛrentumi nnu yɛn botae bi ho a, ɛho adwennwene bebrebe no rentumi mmoa yɛn ɔkwan biara so na mmom ebebu yɛn abam. Nanso sɛ yɛde botae bi a yebetumi adu ho si ɛno ananmu a, ɛbɛma yɛanya anidaso foforo.
Bible nhwɛso bi ma yɛte eyi ase yiye. Ɔhene Dawid de anigye hwɛɛ kwan sɛ obesi asɔrefie ama ne Nyankopɔn, Yehowa. Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid sɛ ne ba Salomo mmom na ɔde saa hokwan no bɛma no. Sɛ́ anka Dawid benwiinwii anaa ɔbɛkɔ so ara sɛ obedi saa huammɔdi yi so no, ɔsesaa ne botae no mmom. Ɔde n’ahoɔden nyinaa boaboaa sika ne nneɛma a ne ba no behia de asi asɔrefie no awie ano maa no.—1 Ahene 8:17-19; 1 Beresosɛm 29:3-7.
Sɛ mpo yɛbɔ yɛn ho mmɔden ko tia abasamtu na yenya adwempa wɔ yɛn botae ho a, ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yebenya anidaso. Adɛn ntia? Wiɛ, abasamtu a ɛwɔ wiase no mu pii wɔ hɔ a yɛrentumi nyɛ ho hwee. Sɛ yesusuw ɔhaw akɛse a ato adesamma te sɛ ohia, akodi, atɛnkyea, nyarewa ne owu a adɔɔso no ho a, yɛbɛyɛ dɛn anya anidaso?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Sɛ wɔamfa wo adwuma bi mu a, wobɛka sɛ wurennya adwuma nyɛ da?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Ɔhene Dawid yɛɛ fakaa wɔ botae ho
-
-
Ɛhe na Wubetumi Anya Anidaso Ankasa?Nyan!—2004 | May 8
-
-
Ɛhe na Wubetumi Anya Anidaso Ankasa?
WO WƆƆKYE a ɛbɔ wo no agyina, na ɛbɛyɛ sɛ asɛe. Eduu sɛ worekɔyɛ no yiye no, na wunhu baabi a womfa mfa efisɛ nnipa a wɔkyerɛ sɛ wonim yɛ no dɔɔso. Wɔn mu biara gye ne ho di. Nanso, sɛ wubehu sɛ obi a ɔte bɛn wo pɛɛ no na ɔyɛɛ wɔɔkye yi a, dɛn na wobɛyɛ? Bio nso, sɛ onii no ka sɛ ɔbɛyɛ ama wo kwa a, ɛbɛyɛ den sɛ wubehu nea wobɛyɛ?
Afei fa wɔɔkye asɛm no toto sɛnea w’anidaso te no ho hwɛ. Sɛ wuhu sɛ w’anidaso reyɛ asa—sɛnea ato nnipa pii wɔ nnɛ mmere a emu yɛ den yi mu no—a, ɛhe na wobɛdan akɔpɛ mmoa? Nnipa pii kyerɛ sɛ wobetumi aboa wo nanso nyansahyɛ a wɔde ma no betumi ama w’adwene atu afra. Ɛnde, adɛn nti na wonkɔ Onii a ɔbɔɔ nnipa na ɔde anidaso hyɛɛ yɛn mu no hɔ? Bible se “ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware” na wayɛ krado nso sɛ ɔbɛboa yɛn.—Asomafo no Nnwuma 17:27; 1 Petro 5:7.
Anidaso Asekyerɛ a Emu Dɔ
Sɛnea Bible kyerɛ anidaso ase no mu dɔ sen nea nnɛyi nnuruyɛfo, nyansahufo, ne adwene ne nneyɛe ho animdefo kyerɛ no. Mfitiase kasa a wɔkyerɛɛ ase “anidaso” wɔ Bible mu no kyerɛ sɛ wobɛtwɛn biribi denneennen ne sɛ wobɛhwɛ biribi pa kwan. Enti anidaso wɔ afã mmienu. Ɛyɛ biribi pa a obi hwehwɛ ne nnyinaso a ɛma ogye di sɛ ade pa bɛba. Anidaso a wɔde ma wɔ Bible mu no nyɛ nsusuwii hunu bi ara kwa. Egyina nokwasɛm ne adanse so pintinn.
Wɔ eyi mu no, anidaso te sɛ gyidi a egyina adanse so—ennyina gyidi hunu biara so kɛkɛ. (Hebrifo 11:1) Nanso Bible no ma nsonsonoe a ɛwɔ gyidi ne anidaso mu no da adi.—1 Korintofo 13:13.
Ɛho mfatoho bi ni: Sɛ wubisa w’adamfo paa bi hɔ mmoa a, ebia na w’ani da ne so sɛ ɔbɛboa wo. W’anidaso no wɔ nnyinaso efisɛ wugye w’adamfo no di—wunim no yiye, na woahu sɛnea ofi ayamye mu aboa afoforo pɛn. Ɛwom sɛ wo gyidi ne w’anidaso no bɔ abusua de, nanso ɛsono sɛnea ebiara te. Wobɛyɛ dɛn anya anidaso a ɛte saa wɔ Onyankopɔn mu?
Anidaso Nnyinaso
Anidaso pa fi Onyankopɔn hɔ. Wɔ Bible mmere mu no, na wɔfrɛ Yehowa sɛ ‘Israel anidaso.’ (Yeremia 14:8) Ná anidaso papa biara a ne nkurɔfo wɔ no fi no; enti na ɔno ne wɔn anidaso ampa. Ná saa anidaso no nkyerɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ biribi kɛkɛ. Mmom Onyankopɔn maa wɔn nnyinaso pintinn a na ɛbɛma wɔanya anidaso. Wɔ mfehaha pii a Onyankopɔn ne Israel man no nantewee mu no, ɔhyɛɛ wɔn bɔ pii na odii ne nyinaa so. Israel man kannifo Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munim yiye sɛ asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu.’—Yosua 23:14.
Wɔ mfe mpempem bi akyi no, saa kyerɛwtohɔ no da so ara yɛ adanse ma yɛn nnɛ. Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛda nsow ne ne mmamu ho kyerɛwtohɔ a edi mu ayɛ Bible no ma. Ná wotumi de wɔn ho to ne bɔhyɛ ahorow no so ara ma ɛtɔ da bi a, wɔkyerɛw ho nsɛm te sɛ nea asisi dedaw.
Ɛno nti na yebetumi aka Bible no ho asɛm sɛ ɛyɛ anidaso nhoma no. Bere a wokɔ so sua sɛnea Onyankopɔn ne nnipa nantewee no, ɛbɛma ne mu anidaso a wowɔ no ayɛ kɛse. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.”—Romafo 15:4.
Anidaso Bɛn na Onyankopɔn De Ma Yɛn?
Bere bɛn mu na ɛyɛ a yehia anidaso paa? So ɛnyɛ bere a owu ato yɛn no? Nnipa pii fam no, saa bere no—te sɛ bere a yɛn dɔfo bi awu—na anidaso ho tumi yɛ nã paa. Ne nyinaa mu no, dɛn na ɛyɛ abasamtu sen owu? Owu da amansan kɔn mu. Yɛrentumi nkwati no da, na yɛyɛ ho hwee nso a ɛnyɛ yiye. Enti ɛfata sɛ Bible frɛ owu sɛ “ɔtamfo a odi akyiri.”—1 Korintofo 15:26.
Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn anya anidaso bere a owu ato yɛn no? Wiɛ, Bible mu kyerɛwsɛm a ɛka sɛ owu yɛ ɔtamfo a odi akyiri no san ka sɛ “obetu no agu.” Yehowa Nyankopɔn wɔ owu so tumi. Wadi eyi ho adanse mpɛn pii. Ɔkwan bɛn so? Ɔnam awufo a wanyan wɔn no so na ayɛ saa. Bible no ka mpɛn akron a Onyankopɔn de n’ahoɔden nyanee awufo ma wɔbaa nkwa mu bio ho asɛm.
Nhwɛso soronko baako ne bere a Yehowa maa ne Ba Yesu tumi maa ɔde nyanee ne yɔnko berɛbo Lasaro, a na wawu nnannan no. Yesu yɛɛ eyi wɔ petee mu bere a na nnipadɔm bi ahyiam rehwɛ, wanyɛ no kokoam.—Yohane 11:38-48, 53; 12:9, 10.
Ebia wubebisa sɛ: ‘Adɛn nti na onyanee awufo? So wɔn nyinaa annyinyin ansan anwuwu?’ Ampa wɔsan wuwui. Nanso ɛnyɛ ɔpɛ ara kwa na saa owusɔre ho kyerɛwtohɔ pa yi ma yenya sɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu no bɛsan aba nkwa mu bio; mmom ɛma yɛn adanse a yegyina so gye di sɛ wobenyan wɔn. Ɛne sɛ, ɛma yenya anidaso papa.
Yesu kae sɛ: “Mene sɔre ne nkwa.” (Yohane 11:25) Ɔno na Yehowa bɛma no tumi na ɔde anyan awufo wɔ wiase nyinaa. Yesu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [Kristo] nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Yiw, wɔn a wɔwɔ adamoa mu nyinaa benya hokwan sɛ wobenyan wɔn aba asase so paradise asetra mu.
Odiyifo Yesaia kaa owusɔre ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛka koma yi so sɛ: “W’awufo benya nkwa, m’afunu bɛsɔre; munnyan nto ahurusi dwom, mo a mote mfutuma mu, na wo bosu yɛ hann bosu, na asase beyi asamanfo agu.”—Yesaia 26:19.
So saa bɔhyɛ yi nyɛ awerɛkyekye? Baabi pa a ɛfata na awufo no wɔ, te sɛ akokoaa a ɔhyɛ ne maame yam. Nokware ni, Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn de awufo a wɔwɔ adamoa mu no asie n’adwene mu. (Luka 20:37, 38) Ɛrenkyɛ ɔde wɔn bɛsan aba nkwa mu, wɔ wiase a anigye wom a wɔhwɛ kwan te sɛ nea wɔwo abofra bi bɛto abusua a wɔde ɔdɔ hwɛ no kwan mu no! Enti yɛwɔ anidaso bere a owu ato yɛn no mpo.
Nea Anidaso Betumi Ayɛ Ama Wo
Paulo kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea anidaso som bo fa no mu. Ɔkae sɛ anidaso yɛ yɛn honhom mu akode no fa titiriw te sɛ dade kyɛw. (1 Tesalonikafo 5:8) Ná ɔkyerɛ sɛn? Bible mmere mu no, na ɔsraani rekɔ ko a, ɔtaa hyɛ dade kyɛw gu ɛkyɛ ketewa bi a wɔde ntama anaa aboa nhoma ayɛ so. Enti dade kyɛw no gye biribiara a anka ebetumi abɔ ɔsraani no ti ma wawu no. Dɛn na na Paulo de eyi retoto ho? Sɛnea dade kyɛw bɔ obi ti ho ban no, saa ara na anidaso bɔ adwene ne nsusuwii ho ban. Sɛ wowɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu anidaso a emu yɛ den a, ɛnde sɛ nsɛnnennen to wo a, ɛrentumi mmu w’abam na ɛremma w’akoma ntu. Yɛn mu hena na onhia dade kyɛw a ɛte saa?
Paulo yɛɛ Onyankopɔn apɛde ho anidaso ho mfatoho foforo a emu da hɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Saa anidaso yi na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ.’ (Hebrifo 6:19) Na Paulo afi hyɛn a agu asu wɔ po so mu afi pɛn, enti na onim hia a sɛkyɛ ho hia. Sɛ ahum kɛse tu wɔ po so a, hyɛn mufo no to sɛkyɛ no ma ɛkɔtim po ase na hyɛn no agyina na ahum no ampia hyɛn no ankɔhwe abotan so.
Saa ara na sɛ yɛwɔ anidaso a “ɛyɛ den na etim hɔ yiye” wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu a, ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina pintinn atwa mmere a emu yɛ den yi. Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ akodi, nsɛmmɔnedi, awerɛhow, anaa owu mpo renhaw nnipa bio. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 10 no.) Sɛ yɛsɔ saa anidaso no mu a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati amanehunu. Ɛbɛhyɛ yɛn nkuran nso ma yɛde Onyankopɔn mmara abɔ yɛn bra mmom sen sɛ yebedi nnɛ wiase su basabasa ne ɔbrasɛe a abu so no akyi.
Anidaso a Yehowa de ma no wɔ hɔ ma wo yiyedi. Ɔpɛ sɛ w’asetra yɛ papa sɛnea ɔhyehyɛɛ no no. Ne pɛ ne sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa.” Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ obiara ‘nya nokware nimdeɛ.’ (1 Timoteo 2:4) Wɔn a wotintim nhoma yi hyɛ wo nkuran sɛ sua Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛma nkwa no. Onyankopɔn nam ɛno so bɛma woanya anidaso a ɛkyɛn so wɔ wiase yi mu.
Sɛ wunya saa anidaso yi a, w’abam remmu, efisɛ Onyankopɔn betumi ahyɛ wo den ma woadu botae biara a ɛne n’apɛde hyia no ho. (2 Korintofo 4:7; Filipifo 4:13) So ɛnyɛ anidaso a wuhia no bi ni? Ɛnde sɛ wunni anidaso na worehwehwɛ bi a, ka w’akoma to wo yam. Anidaso abɛn. Wubetumi anya!
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]
Nea Yɛnam So Nya Anidaso
Kyerɛwnsɛm yi betumi aboa wo ma woahyɛ w’anidaso mu den:
◼ Onyankopɔn hyɛ daakye a anigye wom ho bɔ.
N’asɛm ka sɛ asase no nyinaa bɛdan paradise, a adesamma abusua de biakoyɛ ne anigye bɛtra mu.—Dwom 37:11, 29; Yesaia 25:8; Adiyisɛm 21:3, 4.
◼ Onyankopɔn ntumi nni atoro.
Okyi atorodi biara. Yehowa yɛ kronkron wɔ ɔkwan biara so ma enti atoro biara nni n’afam.—Mmebusɛm 6:16-19; Yesaia 6:2, 3; Tito 1:2; Hebrifo 6:18.
◼ Onyankopɔn tumi nni ano.
Yehowa nko ara ne ade nyinaa so tumfoɔ. Biribiara nni amansan yi mu a ebetumi asi ne bɔhyɛ mmamu kwan.—Exodus 15:11; Yesaia 40:25, 26.
◼ Onyankopɔn pɛ sɛ wotra ase daa.
—Yohane 3:16; 1 Timoteo 2:3, 4.
◼ Onyankopɔn wɔ yɛn mu ahotoso.
Ɔmfa n’adwene nsi yɛn mfomso ne yɛn mmerɛwyɛ so na mmom ɔde si yɛn suban pa ne yɛn mmɔdemmɔ so. (Dwom 103:12-14; 130:3; Hebrifo 6:10) Ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ adetrenee na sɛ yɛyɛ a, ɛma n’ani gye.—Mmebusɛm 27:11.
◼ Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wo ma woadu botae pa ho.
Ɛnsɛ sɛ n’asomfo abam bu. Onyankopɔn fi ayamye mu de ne tumi a ɛsen biara, honhom kronkron no, boa yɛn.—Filipifo 4:13.
◼ Onyankopɔn mu anidaso nyɛ kwa da.
Ɔkwan biara so wubetumi de wo ho ato ne so, na ɔrenni wo huammɔ da.—Dwom 25:3.
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Sɛnea dade kyɛw bɔ obi ti ho ban no, saa ara na anidaso bɔ adwene ho ban
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Anidaso papa te sɛ sɛkyɛ, ɛma obi tumi gyina pintinn
[Asɛm Fibea]
Courtesy René Seindal/Su concessione del Museo Archeologico Regionale A. Salinas di Palermo
-