Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nea Enti a Nnipa Ntumi Nnɔ Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban—2013 | November 1
    • ASƐM A ƐDA SO | ATOSƐM A ƐMMA NNIPA NTUMI MMƐN ONYANKOPƆN

      Nea Enti a Nnipa Ntumi Nnɔ Onyankopɔn

      “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan.”​—Yesu Kristo, afe 33 Y.B.a

      Ebinom wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛdɔ Onyankopɔn. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn de, obiara ntumi nhu n’akwan mu mpo na wabɛn no, na ne tirim yɛ den. Momma yɛnhwɛ nsɛm a ebinom aka:

      • “Mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me, nanso me mu de, na ɛyɛ me sɛ ɔwɔ akyirikyiri dodo na meyɛ dɛn ara a, merentumi mmɛn no da. Ɛyɛɛ me sɛ Onyankopɔn nni atenka biara.”​—Marco, Italy.

      • “Miyii me komam paa sɛ mɛsom Onyankopɔn, nanso ɛyɛɛ me sɛ ɔwɔ akyirikyiri dodo. M’adwene yɛɛ me sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den; nea onim ara ne sɛ ɔbɛtwe yɛn aso. Mansusuw sɛ odwen nnipa ho.”​—Rosa, Guatemala.

      • “Meyɛ akwadaa no, na migye di sɛ yɛn mfomso na Onyankopɔn hwehwɛ, na sɛ onya yɛn a, na watwe yɛn aso. Merenyin no, mefaa no sɛ onni nnipa ho adagyew. Mibuu Onyankopɔn sɛ ɔman soafo panyin bi a ne de ara ne sɛ obedi ne nkurɔfo so, nanso wɔn asɛm mfa ne ho.”​—Raymonde, Canada.

      Wudwen ho sɛn? Onyankopɔn nyɛ obi a yebetumi adɔ no anaa? Efi tete na Kristofo abisa saa asɛm no. Asomafo no akyi bɛboro mfe 500 no, na Kristosomfo dodow no ara agyae mpae a wɔbɔ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no mpo. Adɛn ntia? Efisɛ na nnipa suro no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kaa ho asɛm sɛ: “Ɔdebɔneyɛfo bɛn na obetumi abɔ ne ho mmusu de ne mpaebɔ akɔ ɔhene kokuroko a ne ho yɛ hu sei anim?”

      Ɛyɛɛ dɛn na nkurɔfo benyaa adwene sɛ Onyankopɔn yɛ “ɔhene kokuroko a ne ho yɛ hu”? Dɛn paa na Bible kyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho? Sɛ wusua Onyankopɔn ho nokwasɛm a, ebetumi ama woadɔ no anaa?

      a Mateo 22:37, 38.

  • Atosɛm a Ama Onyankopɔn Ayɛ Onnidin
    Ɔwɛn-Aban—2013 | November 1
    • ASƐM A ƐDA SO | ATOSƐM A ƐMMA NNIPA NTUMI MMƐN ONYANKOPƆN

      Atosɛm a Ama Onyankopɔn Ayɛ Onnidin

      NEA NNIPA PII GYE DI

      “Sɛ́ Onyankopɔn wɔ din anaa onni din no, yɛn adwene mpo nhyia wɔ ho na kampɛsɛ yɛahu saa din no.”​—Ɔbenfo David Cunningham, Theological Studies.

      NOKWASƐM A ƐWƆ BIBLE MU

      Onyankopɔn kae sɛ: “Mene Yehowa; me din ne no.” (Yesaia 42:8) Edin Yehowa no yɛ Hebri kasa, na ɛkyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.”​—Genesis 2:4.

      Yehowa pɛ sɛ yɛde ne din frɛ no. Bible ka sɛ: “Mommɔ ne din. Momma aman nhu ne nneyɛe, na mompae mu nka sɛ ne din korɔn.”​—Yesaia 12:4.

      Yesu bɔɔ Onyankopɔn din, na ɔkaa n’asuafo no ho asɛm kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ sɛ: “Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu.” Adɛn nti na Yesu maa n’asuafo no huu Onyankopɔn din? Ɔkyerɛɛ mu sɛ ɔyɛɛ saa na ‘ɔdɔ a Onyankopɔn de dɔɔ no no atena wɔn mu na ɔno nso atena wɔn mu.’​—Yohane 17:26.

      NEA ENTI A ƐHO HIA

      Nyamekyerɛfo Walter Lowrie kae sɛ: “Sɛ obi nnim Onyankopɔn din a, ɔrentumi mfa no adamfo, na sɛ ɔfa no sɛ ɔyɛ tumi bi kɛkɛ nso a, ɛnde ɔrentumi nnɔ no.”

      Sɛ obi yiyi Onyankopɔn din fi Bible mu anaa ɔde din foforo si anan a, ɛte sɛ nea watwitwa din no atow agu

      Ná Victor kɔ asɔre nnawɔtwe biara, nanso na ɔnhyɛ da nnim Onyankopɔn. Nea ɔkae ne sɛ: “Mibehui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, na ɛyɛɛ sɛ nea afei na mahu no foforo. Ná ɔte sɛ obi a mate ne ho asɛm araa na afei de mede m’aniwa ahu no. Afei mihui sɛ ɔyɛ obi a metumi afa no adamfo.”

      Wɔn a wɔde Yehowa din frɛ no no, ɔno nso bɛbɛn wɔn. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ wɔn a ‘wodwen ne din ho no, ne yam bɛhyehye no ama wɔn, sɛnea obi yam hyehye no ma ne ba a ɔsom no no.’ (Malaki 3:16, 17) Bio nso, wɔn a wɔbɔ Onyankopɔn din frɛ no no, Onyankopɔn bɛma wɔn akatua. Bible se: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.”​—Romafo 10:13.

  • Atosɛm a Ama Onyankopɔn Nipaban Ahintaw
    Ɔwɛn-Aban—2013 | November 1
    • ASƐM A ƐDA SO | ATOSƐM A ƐMMA NNIPA NTUMI MMƐN ONYANKOPƆN

      Atosɛm a Ama Onyankopɔn Nipaban Ahintaw

      NEA NNIPA PII GYE DI

      Kristosom “asɔre akɛse abiɛsa no nyinaa​—Roma Katolek, Ortɔdɔks, ne Protestant​—wɔn nyinaa gye tom sɛ yɛwɔ Nyame mu nnipa baasa: Nyame Agya, Nyame Ɔba ne Nyame Honhom Kronkron. Kristosom kyerɛkyerɛ sɛ saa gyidi no nkyerɛ sɛ yɛwɔ anyame baasa, na mmom baasa no nyinaa bom biako.”​—The New Encyclopædia Britannica.

      NOKWASƐM A ƐWƆ BIBLE MU

      Onyankopɔn Ba Yesu anka da sɛ ɔne n’Agya bom biako. Mmom ɔkae sɛ: “Merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ Agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 14:28) Afei nso ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Merekɔ m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn no nkyɛn.”​—Yohane 20:17.

      Honhom kronkron nyɛ nipa. Kristofo a wodi kan no, “honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã,” na Yehowa kae sɛ: “Mehwie me honhom no bi agu ɔhonam ahorow nyinaa so.” (Asomafo Nnwuma 2:1-4, 17) Enti honhom kronkron nyɛ obi a ɔka Baasakoro bi ho, na mmom ɛyɛ tumi a Onyankopɔn de yɛ ade.

      NEA ENTI A ƐHO HIA

      Katolek animdefo Karl Rahner ne Herbert Vorgrimler kyerɛkyerɛ Baasakoro no mu sɛ, “sɛ wɔanyi ankyerɛ obi a ɔrentumi nte ase, na sɛ woyi kyerɛ obi mpo a, ɔrentumi nte ase nwie.” Sɛ wuntumi nhu sɛnea obi te a, wubetumi adɔ no ama ayɛ yiye? Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ayɛ osiakwan, enti nkurɔfo ntumi nhu Onyankopɔn yiye na wɔadɔ no.

      Yɛkaa Marco ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu; ohui sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ayɛ osiakwan ama no. N’asɛm ne sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ Onyankopɔn de ne nipaban ahintaw me, na mihuu no sɛ ne ho yɛ hu na ɔwɔ akyirikyiri dodo, na merentumi mmɛn no.” Nanso “Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn.” (1 Korintofo 14:33) Onyankopɔn mfaa ne ho nhintaw yɛn, na mmom ɔpɛ sɛ yehu no. Yesu kae sɛ: “Yɛsom nea yenim.”​—Yohane 4:22.

      Marco ka sɛ: “Bere a mihui sɛ Onyankopɔn nyɛ Baasakoro fã no, afei de, mitumi faa no adamfo.” Sɛ yehu sɛ Yehowa mfaa ne nipaban nsiee yɛn, na ɔyɛ obi a yebetumi ahu no yiye a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛpɛ n’asɛm. Bible ka sɛ: “Nea ɔnnɔ no nnim Onyankopɔn, efisɛ Onyankopɔn ne dɔ.”​—1 Yohane 4:8.

  • Atosɛm a Ama Onyankopɔn Ayɛ Otirimɔdenfo
    Ɔwɛn-Aban—2013 | November 1
    • ASƐM A ƐDA SO | ATOSƐM A ƐMMA NNIPA NTUMI MMƐN ONYANKOPƆN

      Atosɛm a Ama Onyankopɔn Ayɛ Otirimɔdenfo

      NEA NNIPA PII GYE DI

      “Nnebɔneyɛfo wui ara na wɔn kra kɔ hell, ‘ogya a ennum da’ mu, na wɔtwe wɔn aso wɔ hɔ.” (Catechism of the Catholic Church) Nyamesom mu mpanyimfo bi kyerɛ sɛ hell yɛ tebea a ɛma obi ne Onyankopɔn ntam tew koraa.

      NOKWASƐM A ƐWƆ BIBLE MU

      “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Awufo de, “wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Ɔkra wu na sɛ ɔnkae biribiara bio de a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na watumi ahu amane wɔ “ogya a ennum da” mu, na ɛbɛyɛ dɛn na ɔne Onyankopɔn ntam atumi atew ama ayɛ no yaw?

      Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase “hell” no, nea ɛkyerɛ paa ne adesamma adamena. Wo de, hwɛ Hiob asɛm no. Yare bɔne bi bɔɔ no, na ɔbɔɔ mpae sɛ: “O sɛ wode me resie Adamena mu ɛ [“hell,” Douay-Rheims Version].” (Hiob 14:13, Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ, Asante) Ná Hiob pɛ sɛ ɔkɔhome wɔ adamena mu; wanka sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ baabi a wɔyɛ nnipa ayayade anaa baabi a ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam atew.

      NEA ENTI A ƐHO HIA

      Sɛ yenya adwene sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den a, ɛbɛpampam yɛn afi ne ho, na yɛrentumi mmɛn no. Rocío te Mexico, na ɔka sɛ: “Efi me nkwadaaberem tɔnn na wɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ hellgya wɔ hɔ. Ɛbɔɔ me hu araa maa m’adwene yɛɛ me sɛ Onyankopɔn nni suban pa biara. M’adwene yɛɛ me sɛ onni koko na ne tirim yɛ sum.”

      Bere a Rocío kenkan Bible huu Onyankopɔn atemmu ho asɛm na ohuu tebea a awufo wom no, ɛsesaa adwene a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn ho no. Rocío ka sɛ: “Me ho tɔɔ me; ɛyɛɛ me sɛ nea masoɛ adesoa kɛse bi asi hɔ. Afei mihui sɛ Onyankopɔn pɛ yɛn yiye, ɔdɔ yɛn, na me nso metumi adɔ no bi. Ɔte sɛ agya bi a okura ne ba nsa a ɔpɛ ne ba no yiye.”​—Yesaia 41:13.

      Ebinom wɔ hɔ a, hellgya a wosuro nti na wɔyere wɔn ho som Onyankopɔn, nanso Onyankopɔn mpɛ sɛ obiara de ne ho hu som no. Mmom no, Yesu kae sɛ: “Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Marko 12:29, 30) Afei sɛ yehu sɛ Onyankopɔn nyɛ bɔne nnɛ a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ daakye nso nea ɔbɛyɛ biara bɛyɛ papa. Yebetumi asuasua Hiob adamfo Elihu na yɛde ahotoso aka sɛ: “Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, ne ade nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ.”​—Hiob 34:10.

  • Nokware no Bɛma Woade Wo Ho
    Ɔwɛn-Aban—2013 | November 1
    • ASƐM A ƐDA SO | ATOSƐM A ƐMMA NNIPA NTUMI MMƐN ONYANKOPƆN

      Nokware no Bɛma Woade Wo Ho

      Da koro, Yesu kaa n’Agya Yehowa ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo wɔ Yerusalem, na ɔma wohui sɛ nea nyamesom mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no rekyerɛkyerɛ no nyɛ nokware. (Yohane 8:12-30) Onyankopɔn ho gyidi a ɛnnɛ nkurɔfo wɔ no, asɛm a ɔkae saa da no kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so akari ahwɛ. Yesu kae sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”​—Yohane 8:31, 32.

      “Motena m’asɛm mu a . . . ” Yesu ama yɛn biribi a yɛde behu sɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ bi yɛ “nokware” anaasɛ ɛnyɛ nokware. Sɛ wote Onyankopɔn ho asɛm bi a, bisa wo ho sɛ, ‘Nea mate yi, ɛne Yesu asɛm ne Kyerɛw Kronkron mu nsɛm a aka no hyia anaa?’ Suasua wɔn a wotiee ɔsomafo Paulo no; ná “wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no [kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔresua no] te saa anaa.”​—Asomafo Nnwuma 17:11.

      Yɛadi kan aka Marco, Rosa, ne Raymonde nyinaa ho asɛm dedaw; wɔn nyinaa gyee bere ne Yehowa Adansefo suaa Bible na wɔhwehwɛɛ wɔn gyidi mu. Dɛn na wohui?

      Marco: “Asɛm biara a me ne me yere bisae no, nea ɔne yɛn suaa ade no de Bible maa ne nyinaa ho mmuae. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛɛ den, na me ne me yere ntam yɛɛ kama!”

      Rosa: “Kan no, na ɛyɛ me sɛ Bible yɛ nhoma bi a nnipa de wɔn nyansa akyerɛw de rekyerɛ sɛnea Onyankopɔn te. Nanso nkakrankakra, Bible no ma minyaa me nsɛmmisa ho mmuae. Seesei mahu sɛ Yehowa wɔ hɔ paa, na ɔyɛ obi a metumi de me werɛ ahyɛ ne mu.”

      Raymonde: “Mebɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me mma minsua ne ho ade. Ankyɛ koraa na me ne me kunu fii ase suaa Bible, na ɛma yehuu Yehowa ho nokwasɛm! Bere a yehuu sɛnea Onyankopɔn te no, yɛn ani gye boroo so.”

      Ɛnyɛ atosɛm a ɛfa Onyankopɔn ho nko na Bible ma yehu; ɛka nokwasɛm nso kyerɛ yɛn sɛ ɔwɔ suban pa pii. Bible yɛ n’Asɛm, na ɛboa yɛn ma yehu “nea Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn.” (1 Korintofo 2:12) Bible tumi bua nsɛmmisa bi a ɛfa Onyankopɔn, n’atirimpɔw ne yɛn daakye ho. Enti adɛn na wo nso wonhwehwɛ mu nhu saa nsɛmmisa no ho mmuae? Kɔ Intanɛt so wɔ www.pr2711.com, na hwɛ “Bible Teachings > Bible Questions Answered” ase hɔ, na wubenya nsɛmmisa yi bi ho mmuae. Intanɛt so dwumadibea hɔ ara nso, wubetumi akyerɛ sɛ obi ne wo mmesua Bible anaa wubetumi aka akyerɛ Yehowa Dansefo biara sɛ ɔne wo mmesua ade. Sɛ woyɛ nea yɛaka yi a, yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ wubehu Onyankopɔn yiye, na ama woadɔ no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena