Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 1 kr. 8-kr. 9 nky. 4
  • Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Fi Ase Yɛ Nneɛma
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Mmoa
    Nyan!—2015
  • Turo Fɛfɛ
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nea Ɔyɛɛ Nneɛma Nyinaa
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 1 kr. 8-kr. 9 nky. 4
Eden turo

ADESUA 1

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase

Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn. Nneɛma a yehu ne nea yenhu nyinaa, ɔno na ɔbɔe. Yehowa bɔɔ abɔfo bebree ansa na ɔrebɔ nneɛma a yɛde yɛn ani hu no nyinaa. Wunim abɔfo? Yehowa na ɔbɔɔ wɔn; wɔte sɛ ɔno ara. Sɛnea yɛrentumi nhu Onyankopɔn no, saa ara na yɛrentumi nhu abɔfo nso. Ɔbɔfo a Yehowa dii kan bɔɔ no no bɛyɛɛ ne boafo. Ɔboaa Yehowa ma ɔbɔɔ nsoromma, okyinnsoromma (planet), ne nneɛma a aka nyinaa. Asaase fɛfɛɛfɛ a yɛte so yi ka okyinnsoromma no ho.

Afei Yehowa siesiee asaase sɛ mmoa ne nnipa ntena so. Ɔmaa awia hyerɛn asaase so. Ɔsan bɔɔ mmepɔw, ɛpo, ne nsu a ɛtene.

Dɛn bio na ɔyɛe? Yehowa kaa sɛ: ‘Merebɛyɛ sare anaa ɛserɛ ne nnua.’ Enti nnuaba, nhwiren, ne atosode te sɛ nkontommire ne mako bebree fifii. Afei Yehowa yɛɛ mmoa ahorow bebree; ebi tu, ebi wɔ nsu mu, ebi nso wea. Mmoa nketewa te sɛ adanko, ne akɛse te sɛ ɔsono nyinaa, Yehowa na ɔyɛe. Aboa bɛn na w’ani gye ne ho paa?

Afei Yehowa ka kyerɛɛ ɔbɔfo a odi kan no sɛ: “Ma yɛnyɛ onipa.” Nnipa ne mmoa nyɛ pɛ. Nnipa tumi de wɔn adwene yɛ nneɛma, yɛkasa, yɛserew, yetumi bɔ mpae. Yehowa de asaase ne mmoa maa nnipa sɛ wɔnhwɛ so. Wunim onipa a Yehowa dii kan bɔɔ no? Ma yɛnhwɛ.

“Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.”—Genesis 1:1

Nsɛmmisa: Hena ne Yehowa Nyankopɔn? Nneɛma a Yehowa abɔ no bi ne dɛn?

Genesis 1:1-26; Mmebusɛm 8:30, 31; Yeremia 10:12; Kolosefo 1:15-17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena