Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 11/8 kr. 26-27
  • So Onyankopɔn Bebu N’ani Agu Yɛn Mmerɛwyɛ Ahorow So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Bebu N’ani Agu Yɛn Mmerɛwyɛ Ahorow So?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mose ne Dawid
  • Ko a Wɔko Tia Nneyɛe Bɔne
  • Onyankopɔn Hwɛ Kwan Sɛ Yɛbɛko Atia Yɛn Mmerɛwyɛ Ahorow
  • Yɛwɔ Mmerɛwyɛ Nanso Yɛn Ho Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nea Yebegyina so Ahu Mmerɛwyɛ, Nsɛmmɔnedi, ne Ahonu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nea Ɛteɛ A Yɛbɛyɛ Ho Akodi
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Wubetumi Ama Wo Ho Akɔ So Atew Wɔ Abrabɔ Fam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 11/8 kr. 26-27

Bible no Adwene

So Onyankopɔn Bebu N’ani Agu Yɛn Mmerɛwyɛ Ahorow So?

‘Menyɛ ɔbɔnefo! M’abɔ mmɔden biara sɛ megyae m’akwammɔne no, nanso meyɛ mmerɛw dodo!’

SO SAA nsusuwii yi da sɛnea wo anaa obi a wunim no te nka no adi? Ɛkame ayɛ sɛ nnipa pii ka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yebedi abrabɔ mu mmerɛwyɛ ahorow a agye ntini wɔ yɛn mu no so nkonim. Nnipa binom abrabɔ gyina mmosa, tawa, anaa nnubɔne so. Adifudepɛ ahyɛ afoforo pii asetra ma. Na wɔn a wɔagyae wɔn ho mu ama nna mu ɔbrasɛe nso wɔ hɔ, na wɔka sɛ ɔbea ne ɔbarima ntam nna aka wɔn hɔ a wontumi nyɛ ho hwee.

Sɛnea wɔada no adi wɔ Mateo 26:41 no, Yesu fi ayamye mu daa adesamma mmerɛwyɛ ho ntease a na ɔwɔ adi.a Nokwasɛm ne sɛ, Bible mũ no nyinaa da no adi pefee sɛ ampa Yehowa Nyankopɔn ne Yesu nyinaa wɔ mmɔborohunu ma nnipa. (Dwom 103:8, 9) Nanso, so yebetumi ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bebu n’ani agu yɛn sintɔ nyinaa so?

Mose ne Dawid

Susuw Mose ho kyerɛwtohɔ no ho hwɛ. Na wonim no sɛ “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa,” na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekura saa su pa no mu. (Numeri 12:3) Bere a Israelfo no tuu kwan faa sare no so no, wɔyɛɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ntease nnim so na wobuu Onyankopɔn ne n’ananmusifo animtiaa mpɛn pii. Ne nyinaa mu no, Mose de ahobrɛase hwehwɛɛ ɔsoro akwankyerɛ.—Numeri 16:12-14, 28-30.

Nanso, aka kakra na akwantu tenten a ɔbrɛ wom no aba n’awiei no, ne bo fuwii wɔ ɔman mũ no nyinaa anim na obuu Onyankopɔn akwankyerɛ so. Onyankopɔn de kyɛɛ no de, nanso so Obuu n’ani guu nea esii no so? Dabi. Ɔka kyerɛ Mose sɛ: “Sɛ moannye me anni . . . nti, moremfa ɔman asafo yi nnu asase a mede mama wɔn no so.” Ná Mose renhyɛn Bɔhyɛ Asase no so. Mfe 40 a ɔde apere saa hokwan fɛfɛ yi akyi no, nnipa mfomso a anibere wom yi maa no hweree akatua no.—Numeri 20:7-12.

Onipa pa foforo a na ɔwɔ mmerɛwyɛ nso ne Ɔhene Dawid. Bere bi ɔmaa akɔnnɔ hyɛɛ ne so ma ɔne ɔbarima foforo yere kɔdae. Afei ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata so denam ɔbea no kunu a ɔma wokum no so. (2 Samuel 11:2-27) Ɛno akyi no, ofi koma mu nuu ne ho wɔ nsɛmmɔne a odii no ho, na Onyankopɔn de kyɛɛ no. Nanso, na Dawid asɛe abusua bi, na Yehowa ammɔ ne ho ban amfi ɔhaw ahorow a edii akyi bae no ho. Dawid babarima no yaree denneennen, nanso Yehowa anyɛ ho hwee, ɛmfa ho mpae a Dawid bɔe wɔ ne ba no ho no. Abofra no wui, na ɛno akyi no, asiane ahorow baa Dawid fie ntoatoaso. (2 Samuel 12:13-18; 18:33) Dawid nyaa ne ho mu a ogyae maa abrabɔ mu mmerɛwyɛ no so asotwe a emu yɛ duru.

Nhwɛso horow yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn mma nnipa mfa wɔn ho nni wɔ sɛnea wɔbɔ wɔn bra no ho. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no hyɛ mmeae a wɔyɛ mmerɛw wɔ honhom fam yiyedi mu no den na wɔbɛyɛ Kristofo pa. Wɔ afeha a edi kan mu no, pii yɛɛ saa.

Ko a Wɔko Tia Nneyɛe Bɔne

Wɔka ɔsomafo Paulo ho asɛm ma ɛfata sɛ Kristofo abrabɔ pa ho nhwɛsofo. Nanso so wunim sɛ ɔkɔɔ so ko tia ne mmerɛwyɛ bere nyinaa? Romafo 7:18-25 ka saa ntawntawdi no, anaasɛ sɛnea nkyekyɛm 23 kyerɛ no, saa ‘akodi’ no ho asɛm. Paulo koe a wannyae da, efisɛ na onim sɛ bɔne ko yɛ den.—1 Korintofo 9:26, 27.

Ná Kristofo asafo a ɛwɔ tete Korinto no mufo binom wɔ hɔ a bere bi a atwam no na wɔde bɔneyɛ ayɛ wɔn su. Bible no ka sɛ na wɔyɛ ‘nguaman, awaresɛefo, mmarima a wɔne wɔn ho da, awifo, aniberefo, asabofo.’ Nanso, ɛka nso sɛ “na afei wɔaguare mo.” (1 Korintofo 6:9-11) Ɔkwan bɛn so? Ɛyɛ nokware nimdeɛ, Kristofo fekubɔ, ne Onyankopɔn honhom na ɛhyɛɛ wɔn den ma wogyaee wɔn nneyɛe bɔne no. Bere bi akyi no, Onyankopɔn buu wɔn bem wɔ Kristo din mu. Yiw, Onyankopɔn daa fafiri adi, na ɛno maa wonyaa ahonim pa.—Asomafo no Nnwuma 2:38; 3:19.

Paulo ne Kristofo a na wɔwɔ Korinto no ammu wɔn bɔne su ahorow no adewa. Mmom no, wɔko tiae, na ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no wodii nkonim. Afeha a edi kan asomfo yi abrabɔ fataa nkamfo, ɛmfa ho nea na atwa wɔn ho ahyia ne wɔn sintɔ ahorow no. Na yɛn nso ɛ?

Onyankopɔn Hwɛ Kwan Sɛ Yɛbɛko Atia Yɛn Mmerɛwyɛ Ahorow

Mmerɛwyɛ a yɛbɛko atia no nkyerɛ sɛ ebefi hɔ korakora. Bere a ɛnsɛ sɛ yegyae yɛn ho mu ma yɛn sintɔ no, yɛrentumi nsɛe no mfi hɔ. Ɛma mmerɛwyɛ ba ntoatoaso na etumi tra hɔ kyɛ. Nanso, ɛnsɛ sɛ yegyaa yɛn ho mu ma yɛn mmerɛwyɛ. (Dwom 119:11) Dɛn nti na eyi ho hia saa?

Efisɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛde sintɔ beyi yɛn ho ano daa wɔ abrabɔ bɔne ho. (Yuda 4) Yehowa pɛ sɛ nnipa ma wɔn ho tew, na wokura abrabɔ pa mu. Bible no ka sɛ: “Munkyi bɔne.” (Romafo 12:9) Dɛn nti na Onyankopɔn de gyinapɛn a emu yɛ den saa asi hɔ?

Ntease biako ne sɛ yɛn ho mu a yebegyae ama mmerɛwyɛ no yɛ asiane. Bible no ka wɔ Galatifo 6:7 sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” Mpɛn pii no wɔn a wogyaa wɔn ho mu ma nneɛma a aka wɔn hɔ, anibere ne ɔbrasɛe no taa twa nneɛma a ɛyɛ hu wɔ wɔn asetra mu. Nanso, ntease titiriw bi wɔ hɔ.

Bɔne tia Onyankopɔn. Ɛde “mpaapaemu” ba yɛne Yehowa ntam. (Yesaia 59:2) Esiane sɛ wɔn a wɔyɛ bɔne ntumi nnya n’anim dom nti, otu saafo no fo sɛ: “Munguare, munnwira mo ho, . . . munnyae bɔneyɛ.”—Yesaia 1:16.

Yɛn Bɔfo no yɛ ɔdɔ ne mmɔborohunufo. “Ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Yɛn ho mu a yebegyae ama mmerɛwyɛ daa no siw Onyankopɔn anim dom kwan. Esiane sɛ Onyankopɔn mmu n’ani ngu yɛn mmerɛwyɛ ahorow so nti, saa ara na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so.

[Ase hɔ asɛm]

a Yesu kae sɛ: “Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena