Bible No Adwene
So na Yehowa Yɛ Yuda Abusua no Nyankopɔn?
WƆ AMAN pii mu nnɛ no, ɛnnɛyi Yehowa Adansefo ahyehyɛde no nkutoo na wɔde edin Yehowa no di dwuma kɛse. Nanso, edin yi pue wɔ Bible nkyerɛase ahorow bi a asɔre afoforo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo nso de di dwuma no mu. Nokwarem no, wɔde din Yehowa, a Tetragrammaton no gyina hɔ ma no no adi dwuma mfe mpempem pii.
Ɛtɔ da a, wɔfrɛ Yehowa sɛ “Israel Nyankopɔn.” (1 Beresosɛm 17:24) Saa asɛm yi ama ebinom bu Nyankopɔn sɛ abusua bi nyame kɛkɛ a Hebrifo no nya fii ɔman bi mu anaasɛ wɔn ankasa pawee. Karen Armstrong a ɔkyerɛw A History of God nhoma no kae sɛ: “Mfiase no, na [Yehowa] yɛ Israel abusua no nyame bi a n’ani yɛ den.” Akyiri yi, bɛyɛ afeha a ɛto so asia ne ason Y.B. mu no, . . . , Israel adiyifo no kaa abusua Nyame yi ho asɛm sɛ nea obiara ne no nsɛ koraa.”
Nyamesom ho abakɔsɛm akyerɛwfo pii abɔ mmɔden akyerɛ sɛ wonyaa edin Yehowa no fii Kanaanfo anaa Misrifo hɔ. Afoforo nso ka sɛ ɛyɛ “tete abusua bi din” na ɛnyɛ ɔno ne Onyankopɔn a wɔka ne ho asɛm wɔ “Apam Foforo” no mu no. So ɛno yɛ nokware? Dɛn na Bible no a yɛkenkan no yiye no ma yehu?
Yehowa—Nnipa Nyinaa Nyankopɔn
Bible ka sɛ na Yehowa ne Israel man no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Nanso, ɛnyɛ eyi nti na yebebu no sɛ abusua bi nyame kɛkɛ. Kristoni somafo Paulo bisae sɛ: “So Onyankopɔn yɛ Yudafo nko de? So ɔnyɛ amanaman mufo nso de bi?” Mmuae a ɛfata bɛn na Paulo de mae? “Ampa, ɔyɛ amanaman mufo de nso.” (Romafo 3:29) Nyankopɔn bɛn na na Paulo reka ne ho asɛm yi? Kae sɛ wɔ krataa koro yi ara a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo mu no, edin Yehowa no pue mpɛn 19. Bere a na ɔsomafo Paulo refa Hebrini diyifo Yoel asɛm no aka no, ɔkae sɛ ɛnyɛ ‘Yudafo no nkutoo na wobenya nkwa na mmom obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din no nso benya nkwa.’—Romafo 10:13; Yoel 2:32.
Ɛnyɛ Israelfo no na wɔpaw Yehowa sɛ wɔn Nyankopɔn, na mmom Yehowa na ɔpaw wɔn de dii n’atirimpɔw ho dwuma—sɛ ɔnam so besiesie kwan ama Mesia no. Afei nso, sɛ wɔsɛe abusua bi a, na ɛno kyerɛ wɔn nyame no nso awiei. Sɛ ɔman no di nkogu a, na ɛkyerɛ sɛ nyame no nso adi nkogu. Eyi nte saa wɔ Yehowa fam.
Apam a Yehowa ne Abraham yɛe—a efii ase mfehaha pii ansa na Kristosom reba—no kyerɛe sɛ wobehyira amanaman mufo nyinaa, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ nnipa nyinaa asɛm. (Genesis 12:1-3; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 11:18) Israel hene Dawid kyerɛe sɛ Yehowa yɛ asase nyinaa wura, na ɛnyɛ Israel asase no nko: “Asase ne n’ade dodow yɛ [Yehowa, NW] dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.”—Dwom 24:1.
Akyiri yi, bere a na Dawid ba Salomo rehyira Yehowa asɔrefie no so no, ɔkyerɛe sɛnea amanaman mufo betumi afi ahobrɛase mu abɛn Yehowa. Salomo kae wɔ ahosohyira mpaebɔ no mu sɛ: “Nanso ɔhɔho a omfi wo man Israel mu na wo din nti ofi akyirikyiri asase bi so aba, . . . sɛ ɔba bɛbɔ mpae kyerɛ ɔdan yi a, wo ara tie ɔsoro, wo trabea hɔ, na yɛ sɛ ɔhɔho no sũ frɛ wo no nyinaa, nea ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo, sɛ wo man Israel, na wɔahu sɛ wo din na wɔde frɛ ɔdan a masi yi.”—1 Ahene 8:41-43.
Wɔpo Israel
Ɛdefa abusuabɔ a na Yehowa ne Israelfo wɔ ho no, Ɔbenfo C. J. Labuschagne kyerɛwee sɛ: “Wɔ Israelfo abakɔsɛm mu nyinaa no, wohui mpɛn pii sɛ ‘ɔman’ Nyankopɔn no nni mma Israelfo nkutoo, na ɛtɔ da mpo a ɔkasa tia wɔn.” Enti, bere a Israelfo poo Mesia no wɔ afeha a edi kan mu no, Yehowa nso poo ɔman no.
Nanso, na ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ so de Yehowa din no di dwuma. Bere a Kristofo asafo no yɛɛ kɛse no, amanaman mufo nso bɛkaa ho. Osuani Yakobo kae wɔ Kristofo nhyiam bi a ɔsomee sɛ guamtrani wɔ Yerusalem no ase sɛ Onyankopɔn ‘kɔhwɛɛ amanaman [a wɔnyɛ Yudafo] no mu . . . paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din.’ Nea ɛkyerɛ sɛ na wɔaka eyi ho asɛm ato hɔ ampa no, Yakobo faa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Amos nhoma a Yehowa din pue wom no mu asɛm kae.—Asomafo no Nnwuma 15:2, 12-14; Amos 9:11, 12.
Yehowa Dwen Nnipa Nyinaa Ho na Ohyira Wɔn
Bere a Paulo rekyerɛ bio sɛ Yehowa yɛ nnipa nyinaa Nyankopɔn no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Nsonoe biara nni Yudani ne Helani ntam; efisɛ Awurade koro no ara na odi wɔn nyinaa so, na ɔwɔ ahonyade ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.’ (Romafo 10:12) Yiw, adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa betumi anya Yehowa nhyira.
Yehowa de daakye nwonwaso bi hyɛ ne mma a wɔyɛ adesamma asoɔmmerɛfo anokwafo no nyinaa bɔ—ɛmfa ho ɔman anaa abusua a wofi mu no. N’asɛm no ka saafo no ho asɛm sɛ ‘amanaman nyinaa ade a wɔpɛ.’ (Hagai 2:7) Saa nkurɔfo yi sua Yehowa ho ade na wɔdɔ no. Bible mu nhoma a etwa to no ka wɔn ho asɛm sɛ: “Amanaman nyinaa bɛba abɛkotow w’anim [Yehowa], efisɛ w’asɛntrenee ada adi.”—Adiyisɛm 15:4.
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Mose a okura Mmara Nsɛm Du No