Honhom Kronkron—Dɛn Nti na Nkurɔfo Adwene Nhyia wɔ Ho?
DƐN ne honhom kronkron? Ɛte sɛ nea asɛmmisa yi nyɛ den, nanso ebetumi ayɛ den sɛ wobenya ho mmuae. Pope Benedict XVI ka kyerɛɛ nnipadɔm bi wɔ Australia sɛ: “Ɛte sɛ nea yɛrentumi nte nea Honhom no kyerɛ ase nwie da.”
Sɛ wobisa sɛ, Dɛn ne honhom kronkron no? a, ɛda adi sɛ ɛsono mmuae a nnipa pii de bɛma. Mmuae a ebinom taa de ma na edidi so yi:
• Ɛyɛ onipa ankasa a ɔte Kristo asuafo mu.
• Ɛyɛ Onyankopɔn ankasa a ɔreyɛ adwuma wɔ wiase.
• Ɛyɛ Baasakoro no fã a ɛto so abiɛsa.
Dɛn nti na ɛsono mmuae a obiara de ma? Efi afeha a ɛto so anan wɔ Yesu awo akyi tɔnn na nyamekyerɛfo bi kae sɛ honhom kronkron yɛ onipa a ɔkwan bi so no, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Nanso eyi nyɛ nkyerɛkyerɛ a efi Bible mu, na Kristo akyidifo no nso ankyerɛkyerɛ saa. New Catholic Encyclopedia no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ Apam Dedaw no nka Onyankopɔn honhom no ho asɛm sɛ ɛyɛ onipa . . . Onyankopɔn honhom no yɛ Onyankopɔn tumi ara kwa.” Nhoma koro no ara toa so sɛ: “Nsɛm a ɛwɔ Apam Foforo no mu dodow no ara kyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom no yɛ biribi, na ɛnyɛ obi; na wohu eyi wɔ nsɛdi a ɛwɔ honhom no ne Onyankopɔn tumi mu.”
Nokwarem no, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobebu tumi sɛ onipa. Ne saa nti, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States no ma ɛdaa adi sɛ nnipa pii nnye ntom sɛ honhom kronkron yɛ onipa anaa “abɔde a nkwa wom.” So wɔn asɛm no yɛ nokware? Anaasɛ ɛsɛ sɛ yegye nyamekyerɛfo a wɔka sɛ “Honhom Kronkron yɛ Obi a ɔda nsow wɔ Agya no ne Ɔba no ho no di”?
Sɛ yebetumi anya mmuae a ɛtɔ asom a, ehia sɛ yɛkɔhwehwɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no a ɛkyerɛkyerɛ dekode a honhom kronkron yɛ mu yiye no mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na ɛboa ma wɔkyerɛkyerɛ nokware no, na wotumi de yi ntɛn.”—2 Timoteo 3:16, Today’s English Version.
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wubehu nokwasɛm a ɛfa honhom kronkron no ho? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ wuhu a ɛbɛboa wo ma woanya Onyankopɔn hɔ mmoa. So ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ wuntumi nnyina ɔhaw a wuhyia no ano? Yesu hyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ: ‘Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo. Sɛ munim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no!’—Luka 11:9, 13.
Yɛbɛma Kyerɛwnsɛm no akyerɛ yɛn sɛnea honhom kronkron no te ankasa wɔ nsɛm a edi hɔ no mu. Na yebehu sɛnea ebetumi aboa yɛn wɔ asetena mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
Kyerɛwnsɛm no kyerɛ yɛn sɛnea honhom kronkron no te ankasa