Ti 8
Afoforo Korɔn Sen Yɛn
MIGYE di sɛ wunim sɛ afoforo korɔn, anaa wɔyɛ kɛse na wɔn ho yɛ den sen me ne wo. Hena na wususuw sɛ ɔkorɔn sen yɛn?— Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn. Na ne Ba, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, no nso ɛ? So ɔkorɔn sen yɛn?— Ampa, ɔkorɔn sen yɛn.
Ná Yesu ne Onyankopɔn atra soro. Na ɔyɛ honhom mu Ɔba, anaa ɔbɔfo. So Onyankopɔn bɔɔ abɔfo, anaa honhom mu mma foforo?— Yiw, ɔbɔɔ abɔfo ɔpepem pii. Abɔfo yi nso wɔ tumi na wɔkorɔn sen yɛn.—Dwom 104:4; Daniel 7:10.
So wokae ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ Maria no?— Na ɛyɛ Gabriel. Ɔka kyerɛɛ Maria sɛ ne ba no bɛyɛ Onyankopɔn Ba. Onyankopɔn de ne honhom mu Ɔba no nkwa hyɛɛ Maria mu na ama watumi awo Yesu sɛ akokoaa wɔ asase so.—Luka 1:26, 27.
So wugye saa anwonwade no di? So wugye di sɛ na Yesu ne Onyankopɔn atra soro pɛn?— Yesu kae sɛ wayɛ saa. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu huu nneɛma a ɛte saa? Wiɛ, ebia na ɔyɛ abarimaa no, Maria kaa nea Gabriel ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ no. Ɛda adi sɛ, Yosef nso ka kyerɛɛ Yesu sɛ ne Papa ankasa ne Onyankopɔn.
Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, Onyankopɔn mpo kasa fii soro sɛ: “Oyi ne me dɔba.” (Mateo 3:17) Na anadwo ansa na Yesu rebewu no, Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!” (Yohane 17:5) Yiw, Yesu kae sɛ wɔnsan mma no nkɔtra Onyankopɔn nkyɛn wɔ soro bio. Ná ɛbɛyɛ dɛn na wakɔtra hɔ?— Denam yɛ a Yehowa Nyankopɔn bɛsan ayɛ no honhom mu nipa a wonhu no, anaa ɔbɔfo nkutoo so.
Afei mepɛ sɛ mibisa wo asɛntitiriw bi. So abɔfo nyinaa ye? Wususuw ho dɛn?— Wiɛ, bere bi no na wɔn nyinaa ye. Ɛte saa efisɛ Yehowa na ɔbɔɔ wɔn, na biribiara a ɔyɛ no yɛ papa. Nanso abɔfo no mu biako bɛyɛɛ bɔne. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?
Sɛ yebenya mmuae a, ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ yɛn akyi kɔhwɛ bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan, Adam ne Hawa no. Ebinom ka sɛ wɔn ho asɛm no yɛ anansesɛm ara kwa. Nanso na Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nim sɛ ɛyɛ nokware.
Bere a Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa no, ɔde wɔn guu turo fɛfɛ bi a wɔfrɛ no Eden mu. Na ɛyɛ prama kɛse, Paradise. Na anka wobetumi awo mma pii, anya abusua kɛse, na wɔatra paradise daa. Nanso na asuade titiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosua. Ɛyɛ biribi a yɛadi kan aka ho asɛm dedaw. Ma yɛnhwɛ sɛ yɛkae a.
Yehowa ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ wobetumi adi aduaba biara a ɛwɔ turo no mu nnua no so a wɔpɛ nyinaa bi. Nanso na dua biako bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ wodi so aba. Onyankopɔn kaa nea sɛ wodi a ebefi mu aba kyerɛɛ wɔn. Ɔkae sɛ: “Owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Enti, asuade bɛn na na ehia sɛ Adam ne Hawa nya?—
Na ɛyɛ osetie ho asuade. Yiw, nkwa gyina osetie a yɛbɛyɛ ama Yehowa Nyankopɔn so! Na ɛnnɔɔso sɛ Adam ne Hawa bɛka kɛkɛ sɛ wobetie Onyankopɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ osetie. Sɛ wotiee Onyankopɔn a, anka wɔbɛda no adi sɛ wɔdɔ Onyankopɔn na wɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔn Sodifo. Sɛ wɔyɛ saa a, na wobetumi atra Paradise daa. Nanso sɛ wodi saa dua no so aba a, na ɛbɛkyerɛ dɛn?—
Na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔnkyerɛ nea na Onyankopɔn de ama wɔn no ho anisɔ ankasa. Sɛ na wowɔ hɔ a, so anka wubetie Yehowa?— Mfiase no, Adam ne Hawa yɛɛ saa. Nanso obi a ɔkorɔn sen wɔn daadaa Hawa. Onyaa no ma ɔyɛɛ Yehowa so asoɔden. Ná ɛyɛ hena?—
Bible ka sɛ ɔwɔ kasa kyerɛɛ Hawa. Nanso wunim sɛ ɔwɔ ankasa ntumi nkasa. Enti ɛyɛɛ dɛn na otumi kasae?— Ɔbɔfo bi ma ɛyɛɛ te sɛ nea ɔwɔ no na ɔrekasa. Nanso na ɛyɛ ɔbɔfo no ankasa na ɔrekasa. Ná ɔbɔfo no afi ase anya adwemmɔne. Ná ɔpɛ sɛ Adam ne Hawa som no. Ná ɔpɛ sɛ wɔyɛ nneɛma a ɔka kyerɛ wɔn no. Na ɔpɛ sɛ ogye Onyankopɔn dibea fa.
Enti saa ɔbɔfo bɔne no de nsusuwii bɔne hyɛɛ Hawa adwene mu. Ɔnam ɔwɔ no so ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Onyankopɔn anka nokware ankyerɛ wo. Sɛ wudi dua no so aba a worenwu. Wubehu nyansa te sɛ Onyankopɔn.’ So anka wubegye nea saa ɛnne no kae no adi?—
Hawa fii ase pɛɛ biribi a na Onyankopɔn mfa mmaa no. Odii dua a wabara no so aba. Na afei ɔde bi maa Adam. Adam annye nea ɔwɔ no kae no anni. Nanso ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔne Hawa bɛtra no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔwɔ ma Onyankopɔn no. Enti ɔno nso dii dua no aba no bi.—Genesis 3:1-6; 1 Timoteo 2:14.
Dɛn na efi mu bae?— Adam ne Hawa bɛyɛɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ, wonyinii, na wowuwui. Esiane sɛ na wɔnyɛ pɛ nti, wɔn mma nyinaa nso nyaa sintɔ, na awiei koraa no, wonyinyinii na wowuwui. Onyankopɔn anni atoro! Nkwa gyina osetie a wɔyɛ ma no no so. (Romafo 5:12) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ wɔfrɛ ɔbɔfo a odii atoro kyerɛɛ Hawa no Satan Ɔbonsam, na wɔfrɛ abɔfo foforo a wɔbɛyɛɛ abɔnefo no adaemone.—Yakobo 2:19; Adiyisɛm 12:9.
So afei wubetumi ate nea enti a ɔbɔfo pa a Onyankopɔn abɔ no no bɛyɛɛ bɔne no ase?— Efisɛ ofii ase dwen nneɛma bɔne ho. Ɔpɛe sɛ ɔyɛ obi a Ɔsen Obiara. Na onim sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ Adam ne Hawa sɛ wɔnwo mma, na ɔpɛe sɛ wɔn nyinaa som no. Ɔbonsam pɛ sɛ obiara yɛ Yehowa so asoɔden. Enti ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde nsusuwii bɔne bɛhyɛ yɛn adwene mu.—Yakobo 1:13-15.
Ɔbonsam ka sɛ obiara nni hɔ a ɔdɔ Yehowa paa. Ɔka sɛ me ne wo nyinaa nnɔ Onyankopɔn na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn ka ankasa. Ɔka sɛ, sɛ biribiara kɔ so yiye sɛnea yɛpɛ nkutoo a na yetie Yehowa. So n’asɛm no yɛ nokware? So yɛte saa?
Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kae sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo! Yesu daa no adi sɛ ɔdɔ Yehowa ankasa denam osetie a ɔyɛ maa No no so. Na ɛnyɛ bere a na nneɛma kɔ yiye nko na Yesu yɛɛ osetie maa Onyankopɔn. Ɔyɛɛ osetie bere nyinaa, bere a nnipa foforo ma ɛyɛɛ den maa no mpo no. Odii nokware maa Yehowa de kosii ne wu mu. Ɛno nti na Onyankopɔn san de no baa nkwa mu ma ɔtraa ase daa no.
Enti hena na wobɛka sɛ ɔyɛ yɛn tamfo kɛse?— Yiw, ɛyɛ Satan Ɔbonsam. So wubetumi ahu no?— Dabida! Nanso yenim sɛ ɔwɔ hɔ na ɔkorɔn na ɔwɔ tumi sen yɛn. Nanso hena na ɔkorɔn sen Ɔbonsam?— Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn. Enti yenim sɛ Onyankopɔn betumi abɔ yɛn ho ban.
Kenkan Onii a ɛsɛ sɛ yɛsom no no ho ade: Deuteronomium 30:19, 20; Yosua 24:14, 15; Mmebusɛm 27:11; ne Mateo 4:10.
[Mfonini wɔ kratafa 47]
Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ Maria ne Yosef ka kyerɛɛ Yesu?
[Mfonini wɔ kratafa 48]
Dɛn na na anka Adam ne Hawa bɛyɛ na wɔatumi atra ase daa wɔ Paradise?
[Mfonini wɔ kratafa 50]
Hena na na ɔrema ɔwɔ no akasa akyerɛ Hawa no?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 50]
Dɛn na ɛtoo Adam ne Hawa bere a wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no?