Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 10/1 kr. 18
  • “Nea Ne Nna Akyɛ no Bɛtenaa Ase”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nea Ne Nna Akyɛ no Bɛtenaa Ase”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa De Akatua Pa Hyɛ Daniel Bɔ
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Onyankopɔn Somafo Hyɛ No Den
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nhoma no ne Wo
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 10/1 kr. 18

Bɛn Onyankopɔn

“Nea Ne Nna Akyɛ no Bɛtenaa Ase”

BIBLE ka sɛ: “Onipa biara nni hɔ a wahu Onyankopɔn pɛn.” (Yohane 1:18) Onyankopɔn anuonyam hyerɛn paa, ɛno nti abɔde biara a ɛwɔ honam ne mogya rentumi nhu no nnya nkwa. (Exodus 33:20) Nanso, sɛ yɛhwɛ Bible mu a, mmere bi bae a Yehowa yii ɔsoro kyerɛɛ nnipa bi. Wɔn mu biako ne odiyifo Daniel. Akyinnye biara nni ho sɛ nea Daniel hui no maa ne ho dwiriw no, na yɛn nso, ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ho dwiriw yɛn. Ma yɛnhwɛ sɛnea Daniel kyerɛkyerɛɛ nea wɔdom no ma ohui no mu.a​—Kenkan Daniel 7:9, 10.

“Nea ne nna akyɛ.” Abodin “Nea ne nna akyɛ” a Daniel nkutoo na ɔde yɛɛ adwuma no kyerɛ “obi a wanyin anaa watena ase akyɛ.” (Daniel 7:9, 13, 22) Yehowa adi mfe ahe? Esiane sɛ ɔyɛ “mmeresanten Hene” nti, watena ase fi teteete, na ɔbɛtena ase akosi daa. (1 Timoteo 1:17; Yuda 25) Sɛnea Onyankopɔn te hɔ daa no ma yenya awerɛhyem sɛ ne nyansa nni ano efisɛ Bible ka sɛ nyansa wɔ onyinkyɛ mu. (Hiob 12:12) Ɛwom, ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase sɛ Onyankopɔn te hɔ daa efisɛ nnipa nyansa sua. Nanso yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn nyansa mu dɔ paa yi a, ɛnyɛ nwonwa sɛ yentumi nte ase nwie.—Romafo 11:33, 34.

Hyɛ no nsow sɛ Bible kae sɛ Nea ne nna akyɛ no ‘tenaa ase.’ Ɔtenaa ase yɛɛ dɛn? Nkyekyɛm afoforo a ɛwɔ saa ti no ara mu de nsɛm bi te sɛ “wobuu atɛn” ne “wɔrebu atɛn” dii dwuma, na ɛno boa yɛn ma yehu nea ɔyɛe. (Daniel 7:10, 22, 26) Enti anisoadehu no mu no, Yehowa tenaa ase sɛ Ɔtemmufo. Hena na obuu no atɛn? Ɛyɛ asase so aman a Daniel nyaa wɔn ho anisoadehu sɛ wɔde mmoa agyina hɔ ama wɔn no.b (Daniel 7:1-8) Yehowa yɛ Ɔtemmufo bɛn?

“N’atade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma, na ne ti nhwi te sɛ oguanten nhwi fitafita.” Wɔde ade fitaa gyina hɔ ma trenee ne ade a ɛho tew. Nguan bi nhwi yɛ fitaa, enti sɛ wɔka sɛ obi ti nhwi te sɛ oguan nhwi a, ɛnde na onipa ko no ti nhwi yɛ fitaa paa. Afei wubetumi atwa nea Daniel hui no ho mfonini? So wuhu Ɔtemmufo a ne ti nhwi yɛ fitaa na n’atade nso yɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma no? Saa ntotoho yi ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa de nyansa bu atɛntrenee. Ɔyɛ Ɔtemmufo a yebetumi de yɛn werɛ ahyɛ ne mu na ɔfata obu paa.

Ɔyɛ Ɔtemmufo a yebetumi de yɛn ho ato no so koraa, na ɔfata obu paa

“Mpempem som no, na mpem du ahorow mpem du gyinagyina n’anim.” Ɛhefo na wɔsom no wɔ soro hɔ? Bible ka sɛ abɔfo no yɛ ‘Onyankopɔn asomfo.’ (Dwom 104:4) Onyankopɔn abɔfo no yɛ mpempem huhaa, na ‘wodi n’asɛm so’ na “wotie n’asɛm” daa. (Dwom 103:20, 21) Wunnye nni sɛ eyi nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyansa nni ano? Sɛ ɛnyɛ Yehowa a, hena bio na obetumi ahyehyɛ nneɛma pii a ɛwɔ soro no na wahwɛ ama ayɛ adwuma mfe mpempem pii a enni ano?

Daniel anisoadehu no ma yenya Nea ne nna akyɛ a ɔne Yehowa no mu ahotoso. Obu atɛntrenee na ne nyansa nso nni huammɔ. Adɛn nti na wunsua Onyankopɔn a ɔyɛ nyansa wura yi ho ade pii na ama woabɛn no?

October Bible akenkan:

Daniel 4–Hosea 14

a Daniel anhu Onyankopɔn ankasa. Mmom no, Onyankopɔn ma onyaa mfonini a ɛyɛ nwonwa bi wɔ n’adwene mu. Bere a Daniel reka nea ohui no, ɔde kasakoa ne nsɛm foforo kaa Onyankopɔn ho asɛm te sɛ nea ɔyɛ nipa. Saa nsɛm a ɔka faa Onyankopɔn ho no boa ma yenya sɛnea ɔte ho adwene bi, nanso ɛnyɛ saa paa na ɔte.

b Daniel anisoadehu a ɛfa mmoa ho no, sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! ti 9. Yehowa Adansefo na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena