-
“Ɔno Na Odii Kan Dɔɔ Yɛn”Bɛn Yehowa
-
-
TI 23
“Ɔno Na Odii Kan Dɔɔ Yɛn”
1-3. Ɛdɛn na ɛma Yesu wu no yɛ soronko koraa?
BƐYƐ mfe 2,000 ni na nkurɔfo dii barima bi asɛm buu no fɔ. Wɔyɛɛ no ayakayakade kum no, nanso na ɔnyɛɛ bɔne biara. Sɛ yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, yebehu sɛ ɛnyɛ saa barima yi nko ara na yɛabu no fɔ akum no yayaayaw saa; n’anim ne n’akyi nyinaa, nkurɔfo ayɛ nnipa bebree saa. Nanso, saa barima no wu no de, ɛyɛ soronko koraa.
2 Aka kakra ama saa barima yi awu no, ohuu amane pii, na biribi a ɛyɛ nwanwa baa wim maa nkurɔfo hui sɛ asɛm a asi no yɛ biribi a ɛho hia. Ná awia gyina so, nanso esum baa asaase no so prɛko pɛ. Obi a ɔkyerɛw Bible no bi kaa sɛ, “owia ammɔ.” (Luka 23:44, 45) Afei, aka kakra ama barima no agu n’ahome a etwa to no, ɔkaa asɛm bi a yɛn werɛ remfi da. Ɔkaa sɛ: “Asa!” Ampa, wu a owui no yɛɛ adwuma titiriw bi paa. Afɔre a ɔde ne ho bɔe no, ɛno ne ɔdɔ kɛse paa a onipa ayi no adi.—Yohane 15:13; 19:30.
3 Ɔbarima a yɛreka n’asɛm yi, ɔno ne Yesu Kristo. Yesu amanehunu ne ne wu yayaayaw a esii Nisan 14, 33 Y.B. no, nnipa bebree nim. Nanso, biribi wɔ hɔ a ɛho hia paa a nkurɔfo mfaa wɔn adwene nkɔɔ so papa. Ɛwom, Yesu huu amane paa, nanso obi wɔ hɔ a ohuu amane kyɛn saa mpo. Nokware a ɛwom ne sɛ, obi wɔ hɔ a afɔre a ɔbɔɔ no saa da no, ɛkyɛn Yesu de no koraa. Saa nipa no dɔ de, ɔsoro oo, asaase so oo, biribiara ne no nsɛ. Ɛdɛn na saa nipa no yɛe? Asɛm yi ho mmuae bɛma yɛahu biribi a ɛho hia paa. Ɛno ne Yehowa dɔ.
Ɔdɔ a Ɛkyɛn Ɔdɔ Biara
4. Ɛdɛn na ɛmaa Roma sraani no hui sɛ Yesu yɛ onipa soronko, na asɛm bɛn na ɔsraani no kae?
4 Esum a ɛbae ansa na Yesu rewu ne asaasewosow kɛse a esii wɔ ne wu akyi no, ne nyinaa maa Roma sraani a ɔhwɛ ma wɔkum Yesu no ho dwiriw no. Ɔsraani no kaa sɛ: “Ampa ara, Onyankopɔn Ba ni.” (Mateo 27:54) Biribiara kyerɛ sɛ na Yesu yɛ onipa soronko. Hwɛ asɛm! Ná ɔsraani no aboa ama wɔakum Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba a ɔwoo no koro no! Wohwɛ a, sɛn na na Agya no pɛ ne Ba no asɛm?
5. Mfe dodow sɛn na na Yehowa ne ne Ba no de atena soro?
5 Bible frɛ Yesu “abɔde nyinaa mu abakan.” (Kolosefo 1:15) Wo de hwɛ. Ansa na Yehowa rebɔ ɔsoro ne asaase no, na ne Ba no wɔ hɔ. Ɛnde yemmisa sɛ, mfe sɛn na na Agya no ne ne Ba no atena? Abɔde mu nyansapɛfo bi kyerɛ sɛ amansan yi adi mfe ɔpepepem 13. Saa mfe no, wubetumi de w’adwene abu ne dodow mpo? Sɛ nea abɔde mu nyansapɛfo reka no yɛ nokware mpo a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa Ba no adi boro mfe ɔpepepem 13! Saa mfe no nyinaa, na Yehowa Ba no reyɛ dɛn?
6. (a) Ɛdɛn na Yehowa Ba no yɛe wɔ soro ansa na ɔreba asaase so? (b) Ayɔnkofa a ɛda Yehowa ne ne Ba no ntam te sɛn?
6 Ɔba no de anigye som ne Papa sɛ “odwumayɛni a onim adwuma paa.” (Mmebusɛm 8:30) Bible ka sɛ: “Ade baako mpo ankwati [Ɔba no] amma.” (Yohane 1:3) Enti Yehowa ne ne Ba no na ɛboom yɛɛ nneɛma nyinaa. Wo de, hwɛ sɛnea wɔde anigye boom yɛɛ adwuma! Yɛn nyinaa yenim sɛ, ɔdɔ a ɛwɔ obi ne ne ba ntam de, ɛnyɛ ade ketewa. Ɔdɔ nso de, ɛyɛ “hama a edi mu a ɛde nkabom ba.” (Kolosefo 3:14) Ɛnam sɛ Yehowa ne ne Ba no tena kyɛɛ saa nti, ɔdɔ a ɛbɛyɛ sɛ ɛwɔ wɔn ntam de, yɛnka! Ɛno nti, biribiara kyerɛ sɛ ɔdɔ kɛse a aka Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no abom no, yenhuu bi da.
7. Bere a Yesu bɔɔ asu no, ɛdɛn na Yehowa ka faa ne ho?
7 Ɛwom, na Agya no dɔ ne Ba no paa, nanso ɔsomaa no baa asaase so ma yɛwoo no sɛ akwadaa ketewa. Nea Yehowa yɛe yi kyerɛ sɛ, ne Dɔba no fii ne ho mfe pii; ná ɔrennya no ne no ntena faako. Yehowa te soro nyinaa, na n’ani di Yesu akyi kosii sɛ onyin bɛyɛɛ barima a owie pɛyɛ. Bere a Yesu dii bɛyɛ mfe 30 no, ɔbɔɔ asu. Sɛnea Yehowa tee nka no de, ɛsɛ w’ani, enni sɛ obi ka kyerɛ wo. Agya no ara ankasa kasa fii soro sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mateo 3:17) Nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu ho nyinaa baa mu. Biribiara a Yehowa kaa sɛ ɔnyɛ no, ɔyɛe. Bere a ne Papa huu saa no, wo de hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei!—Yohane 5:36; 17:4.
8, 9. (a) Nisan 14, 33 Y.B. no, ɛdɛn na Yesu faa mu, na ɛkaa n’Agya a ɔwɔ soro no sɛn? (b) Adɛn nti na Yehowa maa ne Ba no huu amane na owui?
8 Afei yɛnhwɛ nea esii Nisan 14, 33 Y.B. no nso; wohwɛ a Yehowa tee nka sɛn? Saa bere no, Yesu asomafo no baako yii no mae maa aturuturafo bi bɛkyeree no anadwo no. Afei ne nnamfo guan gyaw no, na wɔdii n’asɛm bere a ɔnyɛɛ bɔne biara; ɔkwan a wɔfaa so dii n’asɛm nso, na etia mmara. Nkurɔfo dii ne ho agorɔ, wɔtetee ntasu guu no so, na wɔbobɔɔ no akuturuku. Wɔtwaa n’akyi mmaa maa n’akyi paapaee. Wɔde nnadewa bobɔɔ ne nsam ne ne nan mu fam dua ho, na wɔgyaw no sɛn dua no so maa nkurɔfo dii ne ho agorɔ. Yehowa Dɔba no faa yaw a emu yɛ den paa mu ma osu frɛɛ ne Papa. Afei, Yesu guu ahome a etwa to, kyerɛ sɛ, owui. Efi bere a Yehowa bɔɔ ade besi saa bere no, na ne Dɔba no nkwa mfii ne nsa da. Enti nea Yesu faa mu yi nyinaa, wohwɛ a, Yehowa tee nka sɛn?—Mateo 26:14-16, 46, 47, 56, 59, 67; 27:38-44, 46; Yohane 19:1.
9 Sɛnea Yehowa tee nka de, yɛrenhu sɛnea yɛbɛkyerɛ mu mpo. Asɛm a ɛyɛ yaw tumi yɛ Yehowa yaw, enti sɛnea ne Ba no wu no kaa no no, yɛrennya nsɛm a yɛde bɛkyerɛ mu mpo. Nanso nea enti a Yehowa maa ne Ba no wui de, yebetumi akyerɛ mu. Adɛn nti na Yehowa faa asɛm a ɛyɛ yaw saa mu? Yehowa aka anigyesɛm bi akyerɛ yɛn wɔ Yohane 3:16. Asɛm a ɛwɔ hɔ no, ɛho hia paa ma enti ebinom ka sɛ, ɛyɛ Nsɛmpa no nyinaa na yɛabɔ no mua wɔ hɔ. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.” Enti ɔdɔ na ɛmaa Yehowa faa saa ateetee no nyinaa mu. Akyɛde a Yehowa de ama yɛn no, kyerɛ sɛ, ne Ba no a ɔsomaa no ma obewu maa yɛn no, ɛno ne ɔdɔ a ɛkyɛn ɔdɔ biara.
‘Onyankopɔn de ne ba a ɔwoo no koro no mae’
Onyankopɔn Ani So No, Ɛdɛn Paa Ne Ɔdɔ?
10. Ɛdɛn na nnipa hia, na ntease a nkurɔfo wɔ wɔ “ɔdɔ” ho no, wobɛka ho asɛm sɛn?
10 Ɛdɛn paa ne “ɔdɔ”? Nkurɔfo pii ka sɛ ade a nnipa hia paa wɔ abrabɔ mu ne ɔdɔ. Sɛ yenya wo obi to hɔ ngɛɛ a, enkosi sɛ obewu no, ade a ɔhwehwɛ paa ne ɔdɔ. Enti sɛ nkurɔfo dɔ no a, ɛma n’ani gye. Ebinom mpo de, sɛ wɔte nka sɛ obiara nnɔ wɔn a, wɔtumi fa mu wu. Wei nyinaa akyi no, nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ ɔdɔ mu. Nanso baabi a wobɛfa biara, ɔdɔ na ɛda nkurɔfo ano. Nhoma mu oo, nnwom mu oo, anwensɛm mu oo, ɔdɔ nko ara. Nanso emu biara nni hɔ a ɛma nkurɔfo hu ade pɔtee a ɛne ɔdɔ. Sɛ yɛbɛka a, yɛaka ɔdɔ ho asɛm ara ma afei mpo de, nkurɔfo nhu nea ɛkyerɛ.
11, 12. (a) Ɛhe na yebetumi asua ɔdɔ ho ade pii, na adɛn ntia? (b) Ɔdɔ ahorow bɛn na ɛwɔ Greek kasa a na wɔka no tete no mu, na nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔdɔ” no, nea ɛwɔ he na wɔde ayɛ adwuma mpɛn pii wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (d) Asɛmfua a·gaʹpe a wɔde ayɛ adwuma wɔ Bible mu no, ɛkyerɛ sɛn?
11 Nanso sɛnea Bible kyerɛkyerɛ ɔdɔ mu no, ɛtɔ asom paa. Nhoma bi ka sɛ: “Ɔdɔ de, yɛde yɛn nneyɛe na ɛkyerɛ.” (Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words) Bible ma yehu sɛ Yehowa ayɛ nneɛma pii de akyerɛ sɛ ne yam ye, na ɔdɔ nnipa. Wo de, hwɛ ɔdɔ kɛse a Yehowa yii no adi kyerɛɛ yɛn bere a ɔde ne Ba no bɔɔ afɔre maa yɛn no. Biribiara nni hɔ a ebetumi akyerɛ ɔdɔ mu asen wei! Nhoma yi ti a edi hɔ ne nea ɛtoatoa so no, yebehu nneɛma foforo pii a Yehowa ayɛ de akyerɛ ne dɔ. Afei nso, nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔdɔ” wɔ Bible mu no, ebetumi aboa yɛn ama yɛahu ɔdɔ ho ade pii aka ho. Greek kasa a na wɔka no tete no, nsɛmfua nnan na wɔkyerɛɛ ase “ɔdɔ.”a Saa nsɛmfua nnan no, nea wɔde yɛɛ adwuma paa wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu ne a·gaʹpe. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ “saa asɛmfua no kyerɛ ɔdɔ mu yiye paa.” Adɛn ntia?
12 Wohwɛ Bible mu a, a·gaʹpe kyerɛ ɔdɔ a Onyankopɔn mmara nti yɛda no adi. Enti ɛnyɛ sɛ yɛpɛ obi asɛm anaa yɛn ani gye ne ho nti na yenya a·gaʹpe dɔ ma no. Ɛkɔ akyiri sen ɔdɔ foforo biara. Saa ɔdɔ no, yɛda no adi kyerɛ obiara, efisɛ yenim sɛ ɛyɛ adepa, na saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nea ɛma a·gaʹpe dɔ anaa Kristofo dɔ yi kyɛn so koraa ne sɛ, ɛma yɛde nea yɛpɛ to nkyɛn yɛ nea ɛbɛboa nkurɔfo. Wo de, san hwɛ Yohane 3:16 bio. Ɛhɔ se, “Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.” Ɛyɛ “wiase” bɛn? Ɛno ne nnipa a wɔbetumi anya nkwa. Saa nnipa yi, wɔn mu pii wɔ hɔ a, wɔda so ara reyɛ bɔne. Sɛnea na Yehowa dɔ n’adamfo nokwafo Abraham no, wohwɛ a saa na ɔdɔ saa nkurɔfo no? (Yakobo 2:23) Daabi. Mmom, Yehowa dɔ nti, ɔma ne papayɛ so obiara so. Sɛ ɛma ɔhwere ade kɛse mpo a, ɛnhaw no. Ɔpɛ sɛ obiara sakra n’adwene, na ɔsesa n’akwan. (2 Petro 3:9) Nnipa pii yɛ saa, enti ɔde anigye gye wɔn tom ma wɔbɛyɛ ne nnamfo.
13, 14. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ mpɛn pii no Kristofo dɔ fi komam?
13 Nanso ebinom wɔ hɔ a, sɛnea Bible de asɛmfua a·gaʹpe yɛ adwuma no, ɛnyɛ saa koraa na wɔte ase. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, saa ɔdɔ no mfi komam, na mmom ɛyɛ biribi a yɛasua agu yɛn tirim kwa. Nanso nokware a ɛwom ne sɛ, a·gaʹpe dɔ anaa Kristofo dɔ a yɛreka ho asɛm yi fi komam. Ɛho nhwɛso ni. Bere a Yohane kyerɛwee sɛ, “Agya no dɔ Ɔba no,” ɔde asɛmfua a·gaʹpe na ɛyɛɛ adwuma. Wohwɛ a, saa ɔdɔ no mfi komam anaa? Hyɛ no nsow sɛ, bere a Yesu kaa sɛ: “Agya no pɛ Ɔba no asɛm” no, ɔde asɛmfua phi·leʹo na ɛyɛɛ adwuma. (Yohane 3:35; 5:20) Enti sɛ Yehowa ka sɛ ɔdɔ obi a, ɛtaa ba sɛ ɔpɛ onipa no asɛm nso. Nanso, ɛnyɛ wɔn a Yehowa pɛ wɔn asɛm nko ara na ɔdɔ wɔn. Bere nyinaa, Yehowa nyansa ne ne mmara na ɔhwɛ ho yi ne dɔ adi.
14 Sɛnea yɛahu no, Yehowa suban nyinaa di mu, ewie pɛyɛ, na ɛyɛ fɛ. Nanso, ɔdɔ yɛ fɛ sen ne nyinaa. Ɔdɔ na ɛtwe yɛn bɛn Yehowa paa. Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa suban nyinaa, ɔdɔ na edi mu akoten paa. Adɛn nti na yɛreka saa?
“Onyankopɔn Ne Dɔ”
15. Ɛdɛn na Bible ka fa Yehowa dɔ ho, na adɛn nti na ɛnka bi saa mfa ne suban a aka no ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
15 Nea Bible ka fa Yehowa dɔ ho no, ɛnka bi saa mfa ne suban atitiriw a aka no ho. Bible nka sɛ Onyankopɔn ne tumi anaa Onyankopɔn ne atɛntrenee anaa mpo Onyankopɔn ne nyansa. Onyankopɔn wɔ saa suban mmiɛnsa no, ɔno na efi no, na ɔda no adi sen obiara. Nanso ne suban titiriw a ɛtɔ so nnan no de, nea Bible ka fa ho no da mu fua. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.”b (1 Yohane 4:8) Ɛno kyerɛ sɛn?
16-18. (a) Adɛn nti na Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ”? (b) Nneɛma a Yehowa abɔ no asaase so nyinaa, adɛn nti na ɛfata sɛ onipa na ɔde no gyinaa hɔ maa ɔdɔ?
16 Sɛ Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔdɔ ne Onyankopɔn yɛ ade koro. Yɛrentumi nnane asɛm no nka no sɛ “ɔdɔ ne Onyankopɔn.” Ɔdɔ yɛ suban, na Yehowa yɛ kɛse koraa sen suban biara. Ɔyɛ Nyankopɔn a ɔwɔ adwene, ɔwɔ atenka ne suban foforo pii. Nanso Yehowa suban nyinaa, ɔdɔ na ɛyɛ kɛse paa. Nhoma bi ka 1 Yohane 4:8 ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ho biribiara yɛ ɔdɔ.” Saa asɛm yi, yɛbɛte ase sɛn? Ɛne sɛ: Tumi a Yehowa wɔ no, ɛno na ɛma otumi yɛ nneɛma. N’atɛntrenee ne ne nyansa na ɛkyerɛ sɛnea ɔyɛ n’ade. Nanso ɔdɔ na ɛkanyan Yehowa ma ɔyɛ ne biribiara. Sɛ Yehowa reda ne suban a aka no biara adi a, ne dɔ di mu akoten bere nyinaa.
17 Yɛtaa ka sɛ ɔdɔ de, ɛno ara ne Yehowa. Ɔdɔ a Nyankopɔn mmara nti yɛda no adi no, sɛ yɛpɛ sɛ yesua ho ade a, gye sɛ yesua Yehowa ho ade. Nnipa nso tumi da saa ɔdɔ no bi adi. Ɛdɛn na ɛma yetumi yɛ saa? Bere a Yehowa rebɔ nnipa no, wo de hwɛ asɛm a ɔka kyerɛɛ ne Ba no. Ɔkaa sɛ: “Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛnea yɛte.” (Genesis 1:26) Nneɛma a Nyankopɔn abɔ no asaase so nyinaa, nnipa nko ara na wɔbetumi asuasua wɔn soro Agya no na wɔada ɔdɔ adi. Kae sɛ Yehowa de nneɛma a wabɔ na egyinaa hɔ maa ne suban atitiriw no. Nanso, ɛyɛ onipa na Yehowa de no gyinaa hɔ maa ne suban a edi akoten paa no; ɛno ne ɔdɔ.—Hesekiel 1:10.
18 Sɛ yeyi yɛn yam dɔ nkurɔfo, kyerɛ sɛ, yɛde nea yɛpɛ to nkyɛn yɛ nea nkurɔfo hia ma wɔn a, na yɛresuasua Yehowa suban a ɛyɛ kɛse paa no. Wei te sɛ nea ɔsomafo Yohane kyerɛwee no. Ɔkaa sɛ: “Yɛda ɔdɔ adi, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” (1 Yohane 4:19) Ɛnde yemmisa sɛ, sɛn na Yehowa dii kan dɔɔ yɛn?
Yehowa Na Odii Kan Dɔɔ Yɛn
19. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ ne ade titiriw a ɛmaa Yehowa bɔɔ ade?
19 Ɔdɔ nyɛ ade foforo. Wohwɛ a, ɛdɛn koraa na ɛkaa Yehowa ma ofii ase bɔɔ ade? Ɛnyɛ sɛ na n’ani nka anaa na ɔrepɛ obi aka ne ho nti na ɔbɔɔ ade. Yehowa nhia biribiara; ne ho so no akwankorɔ. Enti onhia biribi na obi ayɛ ama no. Ɛnam sɛ ɔdɔ na ɛka yɛn ma yɛyɛ nneɛma pa ma nkurɔfo nti, Yehowa nso, ɔdɔ na ɛkaa no ma ɔbɔɔ abɔfo ne nnipa baa nkwa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso ani begye. Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no, ɔno ne “Onyankopɔn adebɔ mfiase no.” (Adiyisɛm 3:14) Bere a Yehowa bɔɔ ne Ba no wiei no, Yehowa nam ne so, kyerɛ sɛ, Odwumayɛni a Waben yi so yɛɛ nneɛma a aka nyinaa. Abɔfo na Yehowa nam ne Ba no so dii kan bɔɔ wɔn. (Hiob 38:4, 7; Kolosefo 1:16) Yehowa maa abɔfo no fahodi, enti wɔtumi yɛ nea wɔpɛ. Afei nso, ɔma wɔnyaa nyansa ne atenka. Wei nti, wɔtumi dodɔ wɔn ho, na wɔfa wɔn ho nnamfo. Nea ɛsen ne nyinaa no, wɔtumi dɔ Yehowa Nyankopɔn, na wɔfa no adamfo. (2 Korintofo 3:17) Enti abɔfo da ɔdɔ adi, efisɛ Yehowa na edii kan dɔɔ wɔn.
20, 21. Nneɛma bɛn na na atwa Adam ne Hawa ho ahyia a na edi adanse sɛ Yehowa dɔ wɔn, nanso ɛdɛn na wɔyɛe?
20 Nnipa nso, yɛda ɔdɔ adi efisɛ Yehowa na edii kan dɔɔ yɛn. Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa no ara na ofii ase de ɔdɔ guaree wɔn. Sɛ wɔto wɔn ani hwɛ baabiara wɔ Paradise a na wɔte wɔ Eden no a, na biribiara kyerɛ sɛ Yehowa dɔ wɔn. Wo de, tie nea Bible aka: “Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ani kyerɛ apuei fam; ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee no no kɔtenae.” (Genesis 2:8) Woakɔ baabi a yɛaduadua nnua ne nhwiren ama ɛhɔ ayɛ fɛ paa pɛn? Ɛdɛn na ɛmaa ɛhɔ yɛɛ wo fɛ paa? Ɛyɛ sɛnea na awia nenam nnua no mu fɛfɛɛfɛ no, anaa nhwiren ahorow ahorow fɛfɛɛfɛ a na ɛwɔ hɔ no? Ɛyɛ nsu a na ɛreworo so, nnomaa su, ne mmoa nketenkete su, anaa sɛnea na nnua ne nnuaba ne nhwiren ama ɛhɔ ayɛ huam no? Ampa, turo biara yɛ fɛ, nanso turo biara nni hɔ a ɛbɛto Eden turo no. Adɛn nti na yɛreka saa?
21 Nea ɛte ne sɛ, Eden turo no de, Yehowa ankasa na ɔyɛe! Enti wutumi hu sɛ na ɛbɛyɛ fɛ papaapa. Nnua a ɛyɛ fɛ ne nnuaba a ɛyɛ dɛ nyinaa, na ebi wɔ hɔ. Ná turo no sõ paa, na na nsu nenam mu. Afei nso, na mmoa a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho yɛ anika bebree wɔ hɔ. Biribiara a ɛma asetena yɛ dɛ na ɛyɛ anika no, na ebi wɔ hɔ, na na ne nyinaa yɛ Adam ne Hawa dea. Afei nso, na wɔwɔ adwuma pa, na na wɔn ani gye wɔn ho. Ampa, Yehowa na edii kan dɔ wɔn, na na ɛsɛ sɛ wɔn nso dɔ no bi. Nanso, wɔanyɛ saa. Anka ɛsɛ sɛ wɔdɔ wɔn soro Agya no na wɔtie n’asɛm, nanso pɛsɛmenkominya nti, wɔtee ne so atua.—Genesis, ti 2.
22. Atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden no, sɛnea Yehowa dii ho dwuma no kyerɛ sɛ ne dɔ nni huammɔ. Adɛn ntia?
22 Nea Adam ne Hawa yɛe no, wo de hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Yehowa yaw! Nanso, nea wɔyɛe no, ɛmaa ɔdɔ a Yehowa wɔ ma nnipa no tu yerae anaa? Daabi! Efisɛ Yehowa de, “oye; ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” (Dwom 136:1) Enti ntɛm ara na ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔde nhyehyɛe bi begu akwan mu de agye Adam ne Hawa asefo a wɔpɛ sɛ wɔhu no na wɔdɔ no no. Nneɛma a Yehowa de agu akwan mu no, ebi ne ne Dɔba a ɔde no bɔɔ afɔre maa yɛn no. Ɛwom sɛ na ɛyɛ den ma Yehowa, nanso ɔde ne Ba no bɔɔ afɔre maa yɛn.—1 Yohane 4:10.
23. Nneɛma pii na ɛma Yehowa yɛ ‘anigye Nyankopɔn.’ Baako ne sɛn? Asɛm a ehia bɛn na yebenya ho mmuae wɔ eti a edi hɔ no mu?
23 Ampa, efi mfiase pɛɛ na Yehowa tuu anammɔn de kyerɛe sɛ ɔdɔ nnipa. Wayɛ nneɛma bebree de akyerɛ sɛ “ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.” Ɔdɔ wɔ hɔ yi, ɛde nkabom ne anigye na ɛba. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ Bible ka sɛ Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11) Nanso, asɛm a ehia a ɛsɛ sɛ obiara bisa ne sɛ, ‘Enti Yehowa dɔ me paa?’ Yebenya ho mmuae wɔ eti a edi hɔ no mu.
a Asɛmfua phi·leʹo kyerɛ “ɔdɔ a obi wɔ ma obi a ɔpɛ n’asɛm paa, ɛte sɛ (ɔdɔ a obi wɔ ma ne yɔnko berɛboɔ anaa ne nua).” Wɔtaa de saa asɛmfua no yɛ adwuma wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu. Asɛmfua stor·geʹ kyerɛ ɔdɔ a obi wɔ ma ne busuani. Saa ɔdɔ no, 2 Timoteo 3:3 ka sɛ ɛho bɛyɛ den wɔ awiei mmere no mu. Asɛmfua eʹros kyerɛ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ. Ɛwom sɛ Bible ka saa ɔdɔ yi ho asɛm, nanso enni Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu.—Mmebusɛm 5:15-20.
b Kyerɛwsɛm afoforo nso ka Onyankopɔn ho asɛm wɔ saa kwan no so. Ɛho nhwɛso ni: “Onyankopɔn yɛ hann.” Etumi ka nso sɛ, “Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew ade.” (1 Yohane 1:5; Hebrifo 12:29) Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ ntotoho na saa kyerɛwnsɛm yi reyɛ; ɛde Yehowa retoto nneɛma bi ho. Yehowa te sɛ hann, efisɛ ɔyɛ kronkron, na ɔyɛ ɔtreneeni. “Esum” biara anaa efĩ biara nni ne mu. Yebetumi nso de Yehowa atoto ogya ho, efisɛ otumi de ne tumi sɛe ade.
-
-
Biribiara Rentumi “Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ” HoBɛn Yehowa
-
-
TI 24
Biribiara Rentumi “Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ” Ho
1. Nnipa bebree wɔ adwene bi a ɛmfata a ɛrehaw wɔn, na nokware Kristofo bi mpo tumi nya saa adwene no bi. Ɛyɛ adwene bɛn?
WOTE nka sɛ Yehowa Nyankopɔn dɔ wo? Ebinom gye di sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa nyinaa sɛnea Yohane 3:16 ka no. Nanso wɔn ankasa de, wɔte nka sɛ, ‘Onyankopɔn rentumi nnɔ wɔn da.’ Ɛtɔ bere bi a, nokware Kristofo binom mpo tumi nya saa adwene no bi. Bere bi, ɔbarima bi a na n’abam abu kaa sɛ: “Ɛyɛ den ma me sɛ megye atom sɛ Onyankopɔn dwen me ho.” Ɛtɔ da a, wutumi nya saa adwene no bi anaa?
2, 3. Hena na ɔpɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛnsɛ hwee na Yehowa rentumi nnɔ yɛn? Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛayi saa adwene no afi yɛn tirim?
2 Nea Satan pɛ ara ne sɛ yebenya adwene sɛ Yehowa Nyankopɔn nnɔ yɛn, na yɛnsɛ hwee wɔ n’ani so. Satan taa daadaa nkurɔfo ma wɔnya adwene a ɛmfata. (2 Korintofo 11:3) Nea ɔyɛ ne sɛ, ɛyɛ a ɔma ebinom nya adwene sɛ wɔkyɛn afoforo. Ebinom nso wɔ hɔ a ɔma wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee. (Yohane 7:47-49; 8:13, 44) “Awiei mmere” yi mu paa na Satan redaadaa nkurɔfo ama wɔanya saa adwene no. Nnipa bebree wɔ hɔ a, abusua a wɔtetee wɔn wɔ mu no, ‘wɔnni tema.’ Ebinom nso wɔ hɔ a, nkurɔfo a da biara a wɔne wɔn kɔ ba no, ebi di atirimɔdensɛm, wɔyɛ pɛsɛmenkominya, na wɔn aso yɛ den. (2 Timoteo 3:1-5) Ebia ɔman anaa abusua a wɔfi mu anaa kasa a wɔka nti, nkurɔfo atan wɔn ani mfe pii. Wei ma wɔnya adwene sɛ wɔnsɛ hwee, na obiara rentumi nnɔ wɔn.
3 Wo nso, sɛ saa na wote nka a, mma w’abam mmmu. Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, ɛtɔ da a yetumi te nka sɛ yɛnsɛ hwee anaa yebu yɛn ho abomfiaa. Nanso kae sɛ, Onyankopɔn de n’Asɛm Bible no ama yɛn sɛ ‘ɛnteɛteɛ nneɛma,’ na ‘entutu nneɛma a ase atim denneennen no ngu.’ (2 Timoteo 3:16; 2 Korintofo 10:4) Bible ka sɛ: “Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yefi nokware no mu, na yɛbɛma yɛn koma anya awerɛhyem wɔ n’anim. Na sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ wɔ biribi mu mpo a, Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim nneɛma nyinaa.” (1 Yohane 3:19, 20) Momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛbɛboa yɛn; ɛbɛma ‘yɛanya awerɛhyem wɔ yɛn koma mu’ sɛ Yehowa dɔ yɛn.
Wosom Bo Ma Yehowa
4, 5. Yesu mfatoho a ɛfa nkasanoma ho no, ɛma yehu sɛ yɛsom bo ma Yehowa. Adɛn nti na yɛreka saa?
4 Nea edi kan, Bible kyerɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn somfo biara som bo ma no. Asɛm bi a Yesu kae ma yehu saa. Ɔkaa sɛ: “Wɔtɔn nkasanoma abien gye kaprɛ, ɛnte saa? Nanso wɔn mu baako mpo ntɔ fam a mo Agya renhu. Na mo ti nwi mpo, wakan ne nyinaa. Enti munnsuro; mo ho hia sen nkasanoma bebree.” (Mateo 10:29-31) Wɔn a wɔtee nsɛm a Yesu kae yi, wohwɛ a wɔtee nka sɛn?
“Mosen nkasanoma bebree”
5 Ebia wubebisa wo ho sɛ, na akasanoma de, obi retew sika akɔtɔ ayɛ dɛn? Nea ɛte ne sɛ Yesu bere so no, na nnomaa a nkurɔfo we no, akasanoma na na ɛyɛ fow paa. Saa bere no, sɛ obi kura kaprɛ a, na otumi tɔ nkasanoma mmienu. Nanso akyiri yi mpo Yesu kaa sɛ, sɛ obi kura nkaprɛ mmienu a, na obetumi anya nkasanoma nnum, kyerɛ sɛ, wɔto no so baako. Adɛn ntia? Efisɛ baako a wɔde to so no, na wɔmmu no sɛ ɛsom bo. Ɛwom, nnipa ani so de na mmoa no nsom bo koraa, nanso Ɔbɔadeɛ no nso ɛ, na ohu wɔn sɛn? Yesu kaa sɛ: “Wɔn mu baako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no [nea wɔde to so no mpo ka ho].” (Luka 12:6, 7) Nea na Yesu rekyerɛ no, wei ma yɛte ase yiye. Sɛ akasanoma baako mpo som bo ma Yehowa saa a, ɛnde wohwɛ a obu nnipa sɛn? Wunnye nni sɛ yɛsom bo ma no paa? Sɛnea Yesu kae no, Yehowa nim yɛn ho biribiara. Yɛn ti nwi mpo wakan!
6. Yesu asɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn akan yɛn ti nwi no, adɛn nti na yebetumi asi yɛn bo aka sɛ ɛnyɛ anihaahae?
6 Asɛm a Yesu kae a ɛne sɛ Onyankopɔn nim nwi dodow a egu yɛn ti so no, ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ na ɔrehaahaa n’ani. Nanso wo de, to wo bo ase dwen wei ho hwɛ. Yenim sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ daakye obenyan awufo. Sɛ Yehowa nnim yɛn ho nsɛm nyinaa a, ɛbɛyɛ dɛn na yewu a watumi ayɛ yɛn foforo? Esiane sɛ yɛsom bo paa ma Yehowa nti, onim biribiara a ɛfa yɛn ho, kyerɛ sɛ, onim yɛn suban, yɛn nipaban, nea yɛafa mu wɔ abrabɔ mu ne yɛn asetena mu nsɛm nyinaa.a Enti sɛ onim yɛn ho nsɛm nyinaa sei a, ɛnde nwi a egu yɛn ti so no, wohwɛ a ɛbɛyɛ den sɛ obehu ne dodow anaa? Daabi, ɛyɛ fow ma no koraa. Efisɛ animdefo kyerɛ sɛ nwi dodow a ɛwɔ onipa biara ti so bɛyɛ 100,000.
Dɛn Na Ɛma Yɛsom Bo Ma Yehowa?
7, 8. (a) Sɛ Yehowa hwehwɛ yɛn komam a, suban ahorow bɛn na ohu wɔ yɛn ho a ɛma n’ani gye? (b) Nnwuma a yɛyɛ a ɛsom bo ma Yehowa no, ebi ne dɛn?
7 Nea ɛtɔ so mmienu, Bible no ma yehu nea Yehowa ani gye ho wɔ n’asomfo ho. Sɛ yebetwa no tiawa a, suban pa a yɛwɔ ne mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no, n’ani gye ho paa. Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: “Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu, na yɛn tirim adwene nyinaa, ohu.” (1 Beresosɛm 28:9) Ɛwom wiase a yɛte mu yi, awudisɛm ne ɔtan ahyɛ mu ma. Nanso nnipa ɔpepepem pii a ɛte saa wiase yi mu no, sɛ Onyankopɔn hwehwɛ wɔn komam na ohu sɛ obi pɛ asomdwoe, ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ a, ɛma n’ani gye paa. Na sɛ Onyankopɔn hu obi a ɔdɔ no paa a ɔpɛ sɛ osua ne ho ade, na ɔka nea ɔresua no bi kyerɛ afoforo a, dɛn na ɔyɛ? Yehowa ma yehu sɛ obi biara a ɔka ne ho asɛm kyerɛ afoforo no, onni ne ho agorɔ koraa. Na mpo ɔwɔ “nkae nhoma bi” a ɔkyerɛw ‘wɔn a wosuro no ne wɔn a wodwinnwen ne din ho no’ wom. (Malaki 3:16) Wei ma yehu sɛ wɔn a wɔwɔ suban pa saa no, wɔda ne koma so.
8 Nnwuma pa a yɛyɛ a Yehowa ani gye ho no, ebi ne nea ɛwɔ he? Ade baako ne sɛ, sɛ ohu sɛ yɛreyɛ nea yebetumi biara asuasua ne Ba Yesu Kristo a, ɛma n’ani gye paa. (1 Petro 2:21) Adwuma baako a ɛda Onyankopɔn koma so ne sɛ yɛbɛka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo. Romafo 10:15 ka sɛ: “Wɔn a wɔka nneɛma pa ho asɛmpa no nan ase yɛ fɛ dodo!” Mpɛn pii no, sɛ yɛreka nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ obi ho a, yɛntaa nka sɛ ne nan ase yɛ fɛ. Nanso ɛha no, ɛnyɛ yɛn nan a esisi fam no ho asɛm na ɛreka, mmom egyina hɔ ma mmɔden a Yehowa asomfo bɔ de ka asɛmpa no. Saa mmɔdenbɔ no yɛ Yehowa fɛ, na ɛsom bo wɔ n’ani so.—Mateo 24:14; 28:19, 20.
9, 10. (a) Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yɛrehyia ɔhaw a emu yɛ den, na sɛ yemia yɛn ani di nokware ma Yehowa a, ɛma n’ani gye paa? (b) Yehowa nkurɔfo a wɔdi nokware ma no no, sɛ ɔrehwehwɛ wɔn koma mu a, ɛdɛn na ɔnyɛ?
9 Sɛ Yehowa hu sɛnea yɛde animia resom no no a, ɛno nso ma n’ani gye paa. (Mateo 24:13) Kae sɛ, nea Satan pɛ ara ne sɛ wubegyae Yehowa som. Ɛno da nkyɛn a, otwa Yehowa adapaa da biara. Enti bere biara a wubedi Yehowa nokware no, ɛma onya asɛm de bua Satan a otwa no adapaa no. (Mmebusɛm 27:11) Yɛreka yi, nneɛma a yɛfa mu wɔ abrabɔ mu ma etumi yɛ den sɛ yɛde animia bɛsom Yehowa. Yare tumi teetee yɛn, yɛn sikasɛm tumi yɛ basaa, yetumi botow, na ɔhaw afoforo ma nneɛma mu tumi yɛ den ma yɛn da biara. Afei nso, sɛ yɛrehwɛ biribi kwan na yɛn nsa nka a, etumi ma yɛn abam bu. (Mmebusɛm 13:12) Sɛ yɛrefa ɔhaw a yɛaka ho asɛm yi bi mu na sɛ yɛde animia som Yehowa a, ɛma n’ani gye paa. Ɔhene Dawid nso faa ɔhaw a ɛtete saa mu bi. Enti ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne nisu ngu “kotoku” mu. Ɔsan de ahotoso nso kaa sɛ: “Wonkyerɛwee wɔ wo nhoma mu anaa?” (Dwom 56:8) Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yɛrehu amane, na yɛrete nisu na sɛ ne nyinaa mu no yemia yɛn ani di nokware ma Yehowa a, ɛka ne koma paa, na ne werɛ remfi da.
Sɛ yehyia sɔhwɛ na yemia yɛn ani gyina mu a, ɛma Yehowa ani gye paa
10 Nea yɛaka yi nyinaa ma yehu sɛ yɛsom bo ma Onyankopɔn, nanso yɛn koma betumi adaadaa yɛn ama yɛate nka sɛ yɛnsɛ hwee wɔ n’ani so. Nanso mpɛn pii no, ebia yebetumi anya adwen sɛ: ‘Oo sɛ́ nnipa bebree wɔ hɔ a wɔyɛ ade sen me. Sɛ Yehowa hwɛ nea wɔreyɛ na ɔde toto me de ho a, obedi me ho yaw paa!’ Nanso Yehowa mfa yɛn ntoto obi foforo ho; saa ara nso na ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛboro yɛn ahoɔden so. (Galatifo 6:4) Enti sɛ Yehowa rehwehwɛ yɛn mu a, biribi papa biara a ɛwom no, sɛ esua te sɛ dɛn mpo a, ɛsom bo ma no.
Yehowa Hwehwɛ Yɛn Mu a, Suban Pa a Yɛwɔ No Na Ɔde N’adwene Si So
11. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa yɛɛ n’ade wɔ Abia asɛm no ho a, ɛdɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho?
11 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ Yehowa hwehwɛ yɛn mu a, suban pa a yɛwɔ no, ɛno na ɔde n’adwene si so. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Ɔhene Yeroboam fiefo nyinaa wae fii Yehowa ho, enti Yehowa hyɛɛ mmara sɛ wɔnkum ne fiefo nyinaa. Nanso ɔkaa sɛ ɔhene no ba baako a ɔde Abia de, owu a wɔnhyɛ da nsie no. Adɛn ntia? Efisɛ ‘ɔno nko ara na Yehowa, Israel Nyankopɔn huu adepa bi wɔ ne ho.’ (1 Ahene 14:1, 10-13) Wei ma yehu sɛ, Yehowa too ne bo ase hwehwɛɛ aberante Abia komam, na ohuu “adepa bi” wom. Adepa a Yehowa hui no, ebetumi aba sɛ na esua koraa, nanso na ɛsom bo ma Yehowa, enti ɔma wɔkyerɛw ho asɛm wɔ Bible mu. Ɛnyɛ ɛno nko ara na Yehowa yɛe. Ɔsan daa mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ Abia. Ne papa fiefo nyinaa, ɔno nko ara ne obi a owui a Yehowa ma wɔsiee no kama.
12, 13. (a) Ɔhene Yehosafat asɛm no ma yehu sɛ yɛyɛ bɔne mpo a, Yehowa remmu n’ani ngu suban pa a yɛwɔ no so, adɛn ntia? (b) Yehowa dɔ ne mma paa, enti nnwuma pa a yɛyɛ ne suban pa a yɛwɔ no, sɛn na ohu no?
12 Ɔhene Yehosafat asɛm no yɛ biribi foforo a ɛma yehu sɛ suban pa a yɛwɔ no, ɛno na Yehowa de n’adwene si so. Ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru paa maa Yehowa diyifo ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea woayɛ yi nti, Yehowa bo afuw wo.” Asɛnkɛse paa na Yehowa soma ma wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene no. Ɛnyɛ ɛno nko ara ne asɛm a Yehowa ma wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene no. Ɔsan maa wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nanso wɔahu adepa bi wɔ wo ho.” (2 Beresosɛm 19:1-3) Ɛwom, na ɛfata sɛ Yehowa bo fuw, nanso abufuw no amma wammu n’ani angu Yehosafat suban pa so. Yehowa de, ɔnte sɛ nnipa. Nnipa de, sɛ yɛn bo fuw obi a, na yɛn werɛ afi ne suban pa nyinaa. Afei nso yɛyɛ bɔne a, yɛn ani tumi wu, na ɛhaw yɛn ma yebu yɛn ho fɔ ara ma suban pa a yɛwɔ no mpo yenhu. Ɛba saa a yɛnkae sɛ, sɛ yenu yɛn ho na yegyae bɔne no na yɛankɔyɛ bio a, Yehowa de bɛkyɛ yɛn.
13 Sɛ obi rehwehwɛ sika kɔkɔɔ a, ɔde anwea no gu ade mu horo yiyi abo ne efi biara a ɛwom no. Saa ara na Yehowa nso yɛ. Sɛ ɔhwehwɛ wo mu a, oyiyi bɔne biara a woayɛ no tow gu. Na suban pa a ohu wɔ wo ho, ne nnwuma pa a woyɛ no nso ɛ, ohu no sɛn? N’ani so no, ɛte sɛ “sika kɔkɔɔ” a ɛsom bo! Awofo bi wɔ hɔ a, wɔn mma drɔ mfoni anaa wɔtumi de wɔn nsa yɛ biribi wɔ sukuu a, wɔn mma no ho dɔ nti, wɔtumi de sie mfe pii. Ɛtɔ da mpo a na wɔn mma no werɛ afi. Ɔwofo biara nni hɔ a ɔdɔ ne mma sen Yehowa. Enti yɛkɔ so di nokware ma Yehowa nko ara de a, ne werɛ remfi suban pa a yɛwɔ ne nnwuma pa a yɛyɛ no da. Sɛ Yehowa werɛ fi a, n’ani so no, ɛbɛyɛ te sɛ nea wayɛ ade a ɛnteɛ; ɔno nso de, ɔrenyɛ ade a ɛnteɛ da. (Hebrifo 6:10) Yehowa wɔ kwan foforo bi a ɔfa so hwehwɛ nneɛma pa a ɛwɔ yɛn mu.
14, 15. (a) Ɛwom sɛ yɛtɔ sin, nanso yɛn sintɔ nyinaa akyi no, yɛda so ara som bo ma Yehowa. Adɛn ntia? (b) Sɛ Yehowa hu suban pa bi wɔ yɛn ho a, ɛdɛn na ɔbɛboa yɛn ama yɛayɛ? Na wɔn a wɔdi nokware ma no no nso ɛ, ohu wɔn sɛn?
14 Yehowa nim sɛ, ɛnyɛ bɔne a ɛwɔ yɛn ho a, anka nneɛma bebree na yebetumi ayɛ. Enti sɛ ɔhwehwɛ yɛn mu a, saa nneɛma no na ɔde n’adwene si so na ɛnyɛ sintɔ a ɛwɔ yɛn ho seesei no. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, wɔn a wɔn ani gye mfoni a yɛadrɔ ho no, sɛ mfoni bi a yɛadrɔ sɛe a, wɔyɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔbesiesie ama no asan asi ne dada mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, obi kɔtoo tuo sɛee Leonardo da Vinci mfoni bi a ɔdrɔe. Ná saa mfoni no wɔ baabi a wɔkora mfoni ne nneɛma a ɛtete saa wɔ London, England. Ná mfoni no adi bɛyɛ mfe 500, na na ne bo bɛyɛ dɔla ɔpepem 30. Obiara anka sɛ esiane sɛ mfoni no asɛe nti wɔnkɔtow nkyene. Mmom, wɔn a wɔhwɛ tete akorae hɔ no yɛɛ nhyehyɛe siesiee mfoni no ma ɛsan sii ne dada mu. Wohwɛ a, adɛn nti na wɔyɛɛ saa? Efisɛ wɔn a wɔn ani gye mfoni a yɛadrɔ ho no, na saa mfoni no da wɔn koma so paa. Enti hwɛ o, sɛ mfoni a yɛde bidie ne pɛnsere adrɔ mpo som bo a, wunnye nni sɛ wosom bo koraa sen saa? Ɛwom, ɛtɔ da a wo sintɔ nti, wubetumi anya adwene sɛ wonsɛ hwee anaa wo so nni mfaso. Nanso Onyankopɔn nhu wo saa koraa; n’ani so de, wosom bo paa. (Dwom 72:12-14) Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ no, daakye wɔn a wɔdɔ no na wɔyɛ setie ma no no, ɔbɛyɛ nea obetumi biara ayi bɔne ne sintɔ nyinaa afi wɔn ho ama wɔadi mu.—Asomafo Nnwuma 3:21; Romafo 8:20-22.
15 Suban pa a yɛwɔ no, ebi wɔ hɔ a yɛn a yɛde yɛn ho koraa no yenhu. Nanso Yehowa de ohu ne nyinaa. Sɛ yɛtoa so som no a, saa suban pa no, ɔbɛboa yɛn ama yɛanya bi aka ho akosi sɛ daakye bɔne ne sintɔ befi yɛn ho korakora. Ɛwom, Satan ne ne wiase no ne yɛn nni no yiye, nanso yɛnkae sɛ Yehowa nni n’asomfo anokwafo ho agorɔ; wɔda ne koma so paa.—Hagai 2:7.
Yehowa Yɛ Nea Obetumi Biara De Kyerɛ Sɛ Ɔdɔ Yɛn
16. Ade kɛse bɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa? Adɛn nti na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu wu maa wo?
16 Nea ɛtɔ so nnan, Yehowa ayɛ nneɛma bebree de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Satan pɛ sɛ ɔma yɛte nka sɛ Yehowa rentumi nnɔ yɛn na yɛnsɛ hwee wɔ n’ani so, nanso saa asɛm no nyɛ nokware da. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, ɔmaa ne Ba no bewu maa yɛn. Hwɛ ɛyaw ne amanehunu a Yesu faa mu ansa na ɔrewu wɔ asɛndua no so. Ɛno nka mfua, hwɛ nea Yehowa faa mu bere a ohuu sɛ ne dɔba no sɛn dua so a ɔrewu, na ɔrentumi nyɛ ho hwee no. Wunnye nni sɛ wei yɛ adanse kɛse paa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne ne Ba no dɔ yɛn? Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔte nka sɛ yɛreka wɔn a Yesu wu maa wɔn no a, wɔnka ho. Nanso kae sɛ ɔsomafo Paul sei, ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, na odi Kristo akyidifo no ani. Nanso akyiri yi ɔkyerɛw sɛ: ‘Onyankopɔn Ba no dɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.’—Galatifo 1:13; 2:20.
17. Dɛn na Yehowa yɛ de twe yɛn ba ɔno ne ne Ba no nkyɛn?
17 Dɛn bio na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn? Ɛne sɛ, Yehowa boa yɛn mu biara ma onya afɔre a Kristo bɔ maa yɛn no so mfaso. Yesu kaa sɛ: “Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Enti Yehowa ankasa twe yɛn ba ne Ba no nkyɛn, na ɔsan ma yenya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa. Ɔyɛ no sɛn? Nea edi kan, Yehowa nam asɛnka adwuma no so ama yɛn mu biara ate asɛmpa no. Ɛno da nkyɛn a, ɛmfa ho sɛ bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho no, ɔde ne honhom kronkron no aboa yɛn ama yɛate Bible no ase yiye na yɛde nea Bible kyerɛkyerɛ no rebɔ yɛn bra. Bere bi, Yehowa kaa asɛm bi kyerɛɛ Israelfo no, na yebetumi aka sɛ saa asɛm no fa yɛn ho. Ɔkaa sɛ: “Ɔdɔ a enni awiei na mede adɔ wo. Ɛno nti na mede ɔdɔ a enni huammɔ atwe wo aba me nkyɛn no.”—Yeremia 31:3.
18, 19. (a)Akwannya bɛn na Yehowa de ama yɛn a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa, na hokwan bɛn na ɔmfa mmaa obiara? (b) Dɛn na Onyankopɔn Asɛm aka a ɛma yehu sɛ Yehowa ntie yɛn kɛkɛ, na mmom ɔte yɛn ase na ɔwɔ tema?
18 Yehowa de akwannya no ama onipa biara sɛ ɔmmɔ no mpae. Saa akwannya no ma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn paa. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛnsɛ sɛ ‘yegyae mpaebɔ da.’ (1 Tesalonikafo 5:17) Sɛ yɛbɔ mpae a, otie. Bible mpo ka sɛ Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo.” (Dwom 65:2) Sɛ yɛbɔ mpae a, ɔno ankasa na otie. Ɔmfaa saa hokwan no mmaa obiara. Ne Ba no mpo nni saa hokwan no. Enti wo de hwɛ o, sɛ Yehowa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase no pɛ sɛ yɛka yɛn komam nsɛm nyinaa kyerɛ no a, wohwɛ a obetie yɛn kɛkɛ na watwii n’ani te sɛ nea yɛn asɛm mfa ne ho anaa? Ɔrenyɛ saa da.
19 Yehowa te yɛn ase paa na ɔwɔ tema. Sɛ yɛka sɛ obi wɔ tema a, ɛkyerɛ sɛn? Kristoni nokwafo bi a n’ani afi kaa sɛ: “Sɛ yɛka sɛ obi wɔ tema a, ɛkyerɛ sɛ yaw a obi foforo refa mu no, ɔte wɔ ne koma mu,” kyerɛ sɛ nipa no asɛm yɛ n’asɛm. Enti wohwɛ a yehu amane a, Yehowa te nka sɛn? Bere a na Israelfo no refa ateetee mu no, Bible no ka sɛ: “Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.” (Yesaia 63:9) Ɛnyɛ sɛ Yehowa huu wɔn amanehunu no kɛkɛ, mmom na ɔte nka ma wɔn. Asɛm a ɛwɔ Sakaria 2:8 no ma yehu sɛnea na ɔte nka ma ne nkurɔfo no. Ɛhɔ ka sɛ: “Obiara a ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’aniwa kosua.”b Sɛ obi de ne nsa wɔ yɛn ani a, hwɛ sɛnea ɛyɛ yaw fa. Saa na Yehowa te nka ma yɛn. Yɛn haw yɛ ne haw.
20. Afotu a ɛwɔ Romafo 12:3 no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛ adwuma?
20 Kristoni a ne ho akokwaw biara nni hɔ a ɔbɛka sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn dɔ no na ɔsom bo ma no nti, ɔbɛma ne ho so ayɛ nea ɔpɛ anaa obenya adwene sɛ ɔkyɛn afoforo. Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Menam adom a wɔde adom me no so ka kyerɛ mo mu biara sɛ, ɛnsɛ sɛ obu ne ho tra nea ɛsɛ. Mmom onnwen na onnya adwene a emu da hɔ, sɛnea gyidi a Onyankopɔn asusuw ama no no te.” (Romafo 12:3) Bible nkyerɛase foforo ka sɛ: “Mereka akyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nnsen sɛnea ɔte ankasa, na mmom ɔmfa ahobrɛase nsese ne ho na onhu sɛnea ɔte ankasa.” (A Translation in the Language of the People; Charles B. Williams na ɔyɛe) Enti momma yɛmma yɛn ani nnye sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn saa. Nanso bere nyinaa yɛnkae sɛ ɔdɔ a ɔdɔ yɛn no, ɛnyɛ adwuma bi a yɛayɛ anaa ɛfata yɛn ntia, mmom ɛyɛ n’adom ara kwa.—Luka 17:10.
21. Atosɛm bɛn na Satan akeka a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi fi yɛn tirim? Nokwasɛm bɛn na Yehowa aka a ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam?
21 Atosɛm a Satan akeka a ebi ne sɛ Yehowa rentumi nnɔ yɛn na yɛnsɛ hwee wɔ n’ani so no, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mmɔ ngu. Ebinom wɔ hɔ a nneɛma a wɔafa mu wɔ abrabɔ mu nti, wɔte nka sɛ wɔn so nipabɔnefo de, ebi mmaa da, na ɛnyɛ ade a Onyankopɔn betumi adɔ wɔn. Ebi nso te nka sɛ nneɛma pa a wɔreyɛ no nnu baabiara, ɛnyɛ ade a Onyankopɔn a ohu biribiara no behu mpo na kampɛsɛ wabu ho akontaa. Ebinom nso koraa de, ɛyɛ wɔn sɛ wɔn bɔne so ara ma Yesu agyede afɔre no mpo rentumi ntua ho ka. Sɛ saa na wote nka a, ɛnde Satan atu mfuturu agu w’ani. Bɔ mmɔden na yi saa atosɛm no nyinaa fi wo tirim. Momma yennya awerɛhyem sɛ nokwasɛm a Yehowa de ne honhom kaa Paul ma ɔkyerɛw no fa yɛn nso ho. Ɔkaa sɛ: “Migye di yiye sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa aban anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa nea ɛwɔ soro anaa nea ɛwɔ fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.”—Romafo 8:38, 39.
a Sɛ Bible reka owusɔre ho asɛm a, ɛtaa de sɛnea Yehowa kae ade no bata ho. Ɔbarima nokwafo Hiob sei, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “O, minyae a . . . anka woahyɛ me da a wode bɛkae me!” (Hiob 14:13) Yesu nso kaa sɛ wɔbenyan “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa.” Saa nsɛm yi yɛ nokware, efisɛ wɔn a Yehowa pɛ sɛ onyan wɔn no, ɔkae wɔn, na onim wɔn ho nsɛm nyinaa.—Yohane 5:28, 29.
b Bible nkyerɛase bi ka sɛ, nea ɔde ne nsa bɛka Onyankopɔn nkurɔfo no, ɔde ne nsa aka ɔno ankasa ani kosua anaa Israelfo ani kosua, na ɛnyɛ Onyankopɔn ani kosua. Wɔn a wɔhwɛɛ tete Bible nsaano nkyerɛwee no so kyerɛw bi no na wɔdii saa mfomso no. Ná wɔte nka sɛ ɛnkyerɛ obu na nidi nnim sɛ obi bɛka sɛ ɔde nsa aka Onyankopɔn ani kosua. Sɛnea wɔadan asɛm no ani nti, ama nkurɔfo nhu sɛnea Yehowa wɔ tema ma ne nkurɔfo no yiye.
-
-
“Yɛn Nyankopɔn Mmɔborɔhunu”Bɛn Yehowa
-
-
TI 25
“Yɛn Nyankopɔn Mmɔborɔhunu”
1, 2. (a) Sɛ ɔbaatan ba resu a, ɛdɛn na ɔyɛ? (b) Hena na ɔwɔ ayamhyehye koraa kyɛn nea ɔbaatan wɔ ma ne ba?
TWA asɛm yi ho mfoni hwɛ. Akwadaa bi a yɛawo no foforo resu anadwo dasuom. Ɔbaatan no tee ne ba no su ara, na n’ani ate. Efi bere a ɔwoo akwadaa no, nna baako sei nkɔɔ n’ani. Ɔde n’ani ato fam ahu nea ne ba no su no kyerɛ. Sɛ ɔte sɛ ɔresu a, otumi hu sɛ esu wei deɛ, ɔkɔm na ɛde no, anaasɛ esu wei de ɛbɛyɛ sɛ n’ani kum enti ɛsɛ sɛ ɔkorɔkorɔ no. Sɛ ɛdɛn na ama akwadaa no resu oo, sɛ dɛn oo, ɔbaatan no rentumi nyi n’ani, efisɛ ɔwɔ abadae na ɔyɛ nea obetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a ne ba no begyae su.
2 Sɛ yɛreka atenka a nipa tumi nya ma ne yɔnko nipa a, abadae anaa ayamhyehye a ɔbaatan wɔ ma ne yafunum ba no, ebiara nni hɔ a ɛne no sɛ. Nanso mmɔborɔhunu ne ayamhyehye a yɛn Nyankopɔn Yehowa wɔ no, emu yɛ den koraa kyɛn nea ɔbaatan wɔ ma ne ba no. Sɛ yesua Yehowa suban fɛfɛɛfɛ yi ho ade a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatwe abɛn no paa. Yenni kan nhwɛ sɛ mmɔborɔhunu kyerɛ sɛn, na nneɛma bɛn na Onyankopɔn yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu?
Ɛdɛn Ne Mmɔborɔhunu?
3. Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “hu mmɔbɔ” anaa “nya ayamhyehye” no, ɛkyerɛ sɛn?
3 Wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu, ebiara nkɔ nnyaw ne yɔnko. Hebri ne Greek nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ayamhyehye no, ɛyɛ bebree kwa. Ɛho nhwɛso ne Hebri adeyɛ asɛm a ɛne ra·chamʹ no. Mpɛn pii no, wɔtaa kyerɛ ase ‘hu obi mmɔbɔ’ anaa ‘ma wo yam nhyehye wo mma obi.’ Nhoma bi kyerɛ sɛ, adeyɛ asɛm ra·chamʹ no, wɔtaa de kyerɛ “ayamhyehye a ɛkɔ akyiri a obi nya ma obi. Sɛ yehu sɛ yɛn dɔfo bi rebrɛ anaa ɔrehu amane a, atenka a yenya ma no no, ɛno na ɔde saa adeyɛ asɛm ra·chamʹ no kyerɛkyerɛ mu.” Sɛ Bible reka sɛnea Yehowa te nka ma yɛn no a, ɛde saa Hebri adeyɛ asɛm no na ɛyɛ adwuma. Saa asɛmfua yi, ɛne Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase “awode” no wɔ biribi yɛ, na wɔtumi kyerɛ ase mpo sɛ “ayamhyehye a ɔbaatan bi wɔ ma ne ba.”a—Exodus 33:19; Yeremia 33:26.
“Ɔbea werɛ betumi afi ne ba . . . anaa?”
4, 5. Abadae a ɔbaatan wɔ ma ne ba no, Bible de kyerɛkyerɛ ayamhyehye a Yehowa wɔ no mu. Ɛka no sɛn?
4 Sɛ Bible reka sɛnea Yehowa wɔ ayamhyehye ma yɛn no a, ɛde toto abadae a ɔbaatan wɔ ma ne ba ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte ase yiye. Yesaia 49:15 ka sɛ: “Ɔbea werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano anaa? Ne yam renhyehye [ra·chamʹ] no mma ne yam ba anaa? Sɛ mmea yi werɛ befi mpo a, me de, me werɛ remfi wo da.” Sɛnea Bible ka asɛm no ma yehu sɛ ayamhyehye a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo no kɔ akyiri paa. Adɛn nti na yɛreka saa?
5 Ɛbɛyɛ den sɛ wubehu sɛ ɔbaatan bi a wawo ne ba foforo bɛka sɛ ɔremma no aduan anaa ɔrenhwɛ no. Efisɛ maame no nim sɛ akwadaa a wawo no foforo de, ɔrentumi mma ne ho aduan na kampɛsɛ wahwɛ ne ho mpo; biribiara ni a, gye sɛ maame no ara yɛ ma no. Enti ɛsɛ sɛ maame no yi ɔdɔ adi kyerɛ no, na onya bere ma no. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ abaatan bi wɔ hɔ a, sɛ wɔwo a wɔmma wɔn ani nkɔ wɔn mma ho, ɛnkanka ‘mmere a nneɛma mu ayɛ den’ a nnipa bebree nni “tema” yi. (2 Timoteo 3:1, 3) Nanso Yehowa de, ose: “Me de, me werɛ remfi wo da.” Ayamhyehye a Yehowa wɔ ma wɔn a wɔsom no no, ɛso rentew da. Sɛnea Yehowa yam hyehye no ma yɛn no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu mpo. Ɛkyɛn nea ɔbaatan wɔ ma ne ba koraa. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ Bible ho ɔbenfo bi reka Yesaia 49:15 ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Nsɛm a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm no mu no, sɛ yɛhwɛ Apam Dedaw no mu nyinaa a ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne asɛm a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn paa. Sɛ asɛm foforo bi wɔ hɔ a ɛkyɛn no de a, ɛnde nea ɛbɛka sua.”
6. Adwene bɛn na nnipa bebree wɔ wɔ ayamhyehye ho, nanso awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma yɛn?
6 Sɛ obi wɔ ayamhyehye a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw na onni akokoduru anaa? Saa na nnipa bebree adwene yɛ wɔn. Bere a Yesu wɔ asaase so no, na Roman nyansapɛfo bi wɔ hɔ. Ná yɛfrɛ no Seneca, na na wagye din paa. Ɔkaa asɛm bi sɛ: “Nnipa a wɔn adwene sua anaa wɔyɛ mmerɛw na wɔwɔ ayamhyehye.” Ná Seneca kyerɛkyerɛ Stoafo nyansapɛ. Ná Stoafo kyerɛkyerɛ sɛ, nnipa de wowɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ biribiara ma wudi yaw anaa wudi awerɛhow. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wugye w’ani. Seneca kaa sɛ, obi yɛ nyansafo a obetumi aboa obi a ne ho akyere no anaa obi a ɔwɔ ahohia mu, nanso ɛnsɛ sɛ onya ayamhyehye ma onipa no anaa ɛnsɛ sɛ nea onipa no refa mu ma ne werɛ how, anyɛ saa a ɛbɛsɛe n’asomdwoe. Sɛ obi wɔ saa pɛsɛmenkominya adwene no a, ayamhyehye a ɛde ayamhyehye de ɔrennya bi mma ne yɔnko da. Nanso Yehowa de, ɔnte saa koraa. Wama yɛn awerɛhyem wɔ N’asɛm mu sɛ ɔwɔ ‘tema ne mmɔborɔhunu.’ (Yakobo 5:11, ase hɔ asɛm) Adesua yi mu no, yebehu sɛ obi wɔ ayamhyehye a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw, mmom ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ suban pa paa. Yenim sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma, enti momma yɛnhwɛ nea Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye.
Yehowa Yam Hyehyee No Maa Israel Man No
7, 8. Ateetee bɛn na Israelfo faa mu wɔ Egypt, na ɛdɛn na Yehowa yɛɛ wɔ ho?
7 Sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii nsɛm no, ɛma yehu paa sɛ ɔwɔ ayamhyehye. Bere a Yosef wui akyi no, Israelfo mpempem pii a na wɔwɔ Egypt no bɛyɛɛ nkoa, na Egyptfo no dii wɔn ani paa. Egyptfo no ‘maa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwumaden. Wɔmaa wɔwɔw dɔte de yɛɛ birikisi na wɔmaa wɔyɛɛ nnwuma nyinaa bi.’ (Exodus 1:11, 14) Bere a Israelfo no ho hiahiaa wɔn no, wɔsu frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn. Bere a Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye no tee wɔn sufrɛ no, ɔtee nka sɛn, na dɛn na ɔyɛ de boaa wɔn?
8 Nea Yehowa nkurɔfo refa mu no maa ne werɛ howee paa. Ɔkaa sɛ: “Amane a me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no rehu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wosi esiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Minim wɔn brɛ nyinaa.” (Exodus 3:7) Ateetee a na ne nkurɔfo no nam mu ne nisu a na wɔretew no, na Yehowa rentumi ntena hɔ a ɔrente nka mma wɔn. Bere a yɛresua nhoma yi Ti 24 no, yebehui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ tema. Obi wɔ tema ma obi a, ɛkyerɛ sɛ onii no su yɛ ne su na n’amane yɛ n’amane. Enti tema wɔ hɔ yi, ɛne ayamhyehye na ɛnam; baako nkɔ nnyaw ne yɔnko. Nanso, ɛnyɛ sɛ Yehowa tee nka maa ne nkurɔfo no kɛkɛ, ɛnna ɔbobɔɔ ne nsa guu ne bo. Mmom saa atenka no maa otuu anammɔn yɛɛ biribi de boaa wɔn. Yesaia 63:9 ka sɛ: “Ne dɔ ne n’ahummɔbɔ nti, ogyee wɔn.” Yehowa de ne “nsa a ɛyɛ den” gyee Israelfo no fii Egypt. (Deuteronomium 4:34) Ɔfaa anwanwakwan so maa wɔn nsa kaa aduan, na ɔsan de wɔn baa asaase a na ɔde ahyɛ wɔn bɔ no so.
9, 10. (a) Bere a Israelfo no kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase no so no, adɛn nti na na ehia sɛ Yehowa gye wɔn mpɛn pii? (b) Yefta bere so no, ateetee bɛn na Israelfo no faa mu a na ehia sɛ Yehowa gye wɔn, na dɛn na ɛma ogyee wɔn?
9 Yehowa ayamhyehye no anso hɔ ara. Akyiri yi a Israelfo no kɔtenaa Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden mpɛn bebree, na ɛno nti wɔhuu amane. Nanso wɔyɛ bɔne no a na wɔasan adan wɔn ho abɛpa Yehowa kyɛw sɛ onhu wɔn mmɔbɔ, na ɔmfa nkyɛ wɔn. Bere biara wɔbɛba no, na Yehowa de akyɛ wɔn, na wagye wɔn. Adɛn ntia? “Efisɛ na ne man . . . no yɛ no mmɔbɔ.”—2 Beresosɛm 36:15; Atemmufo 2:11-16.
10 Yɛmfa nea esii wɔ Yefta bere so nyɛ nhwɛso. Israelfo no dan wɔn akyi kyerɛɛ Yehowa kɔsom anyame foforo. Enti Yehowa maa kwan maa Amonfo dii wɔn ani mfe 18. Akyiri yi Israelfo no sakrae. Bible ma yehu sɛ: “Woyiyii ananafo anyame no fii wɔn nkyɛn, na wɔsom Yehowa. Ɛno nti, wantumi anhwɛ Israelfo amanehunu no bio.”b (Atemmufo 10:6-16) Bere a wɔnuu wɔn ho na wɔsakrae no, na Yehowa yi n’ani a ɛnyɛ yiye. Enti ayamhyehye Nyankopɔn no faa Yefta so gyee Israelfo no fii wɔn atamfo nsam.—Atemmufo 11:30-33.
11. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Israelfo dii no a, ɛdɛn na ɛma yehu fa ayamhyehye ho?
11 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Israelfo dii no a, ɛdɛn na ɛma yehu fa ayamhyehye ho? Ade titiriw a yɛahu ne sɛ, obi a ɔwɔ ayamhyehye no, sɛ ohu sɛ ne yɔnko rehu amane a, ɔte nka ma no, nanso ɔmfa nso hɔ ara. Sɛ wobɛkae ɔbaatan a yɛkaa ne ho asɛm no a, sɛ ɔte sɛ ne ba no resu a, abadae a ɔwɔ no na ɛka no ma ɔyɛ biribi de boa ne ba no. Saa na Yehowa nso te, sɛ ɔte sɛ ne nkurɔfo resu frɛ no a, onsisi n’aso. Ayamhyehye a ɔwɔ no, ɛka no ma otwitwa gye wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtɔ wɔn. Ɛno da nkyɛn a, sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii no ma yehu sɛ, sɛ obi wɔ ayamhyehye a ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw. Ayamhyehye a Yehowa wɔ no na ɛma ɔko gyee Israelfo no fii wɔn atamfo nsam. Nanso yemmisa sɛ, Yehowa ayamhyehye no, ɔda no adi kyerɛ n’asomfo sɛ kuw nko ara, anaa ɛyɛ a ɔda no adi kyerɛ ne somfo biara?
Yehowa Wɔ Ayamhyehye Ma Onipa Biara
12. Ɔkwan bɛn so na Mmara no ma yehu sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye ma onipa biara?
12 Sɛ yɛhwɛ Mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma onipa biara. Wo de, hwɛ sɛnea na odwen ahiafo ho. Ná Yehowa nim sɛ tebea bi a obi nhwɛ kwan betumi asi ama wadi hia. Sɛn na na Yehowa pɛ sɛ Israelfo no ne ahiafo tena? Ɔhyɛɛ da ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mmɔ wo nua hiani no atirimɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ no so. Yi wo yam pɛ biribi ma no, na ɛnsɛ sɛ woyɛ no amemenemfe so. Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwɛ ho ahyira biribiara a woyɛ so.” (Deuteronomium 15:7, 10) Ɛnyɛ ɛno nko ara, ɔsan ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, sɛ wɔretwa wɔn afuw mu nnɔbae a, wɔnnya nea ɛwɔ ano ano no. Afei nso nea ɛbɛka wɔ ase no, mma wɔnnsesaw. Mmom wɔnnyaw mma ahiafo no mmɛsesaw. (Leviticus 23:22; Rut 2:2-7) Mmara a Yehowa de maa Israelfo no ma yehu sɛ na odwen wɔn ho paa. Sɛ na Israelfo no de yɛ adwuma a, na ɛremma onnibiefoɔ ne mmɔborɔwafo nsrɛsrɛ aduan. Wei ma yehu paa sɛ wɔn a na wɔhia mmoa no, na Yehowa wɔ ayamhyehye ma wɔn.
13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Dawid nsɛm no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa dwen yɛn mu biara ho? (b) Nhwɛso bɛn na yebetumi de akyerɛ sɛ Yehowa bɛn wɔn a “wɔn koma abubu” anaa wɔn a “wɔn abam abu”?
13 Ɛnnɛ nso, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no dwen yɛn mu biara ho paa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ amane biara yɛrehu no, n’ani tua na onim. Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “Yehowa ani wɔ atreneefo so, na ɔyɛ aso ma wɔn sufrɛ. Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn abam abu.” (Dwom 34:15, 18) Nnipa a kyerɛwnsɛm yi reka wɔn ho asɛm no, Bible ho ɔbenfo bi kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔn koma abubu na wɔn abam abu; bɔne a ɛwɔ wɔn ho nti, wɔabotow na wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee anaa wɔn so nni mfaso.” Wɔn a wɔte saa no, ebia wɔte nka sɛ Yehowa wɔ akyirikyiri, na wɔn ho nhia no na kampɛsɛ wadwen wɔn ho. Nanso, saa nsɛm no nyɛ nokware. Nsɛm a Dawid kae no ma yenya awerɛhyem sɛ, “wɔn a wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee anaa wɔn so nni mfaso no,” ɛnyɛ ade a Yehowa beyi wɔn baako ahyɛ wɔn nsa da. Yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunufo no nim sɛ, sɛ yɛte nka saa a, saa bere no na yehia no paa, na ɔno nso de, onni akyiri; ɔbɛn yɛn.
14 Wo de, ma yɛnhwɛ asɛm bi a esii. Ɔbaatan bi a ɔwɔ United States de mmirika de ne babarima a wadi mfe mmienu kɔɔ ayaresabea. Ná abofra no home a ensi so, na na yare no mu ayɛ den. Adɔktafo no hwɛɛ abofra no, wɔka kyerɛɛ ɔbaatan no sɛ, gye sɛ wɔgye ne ba no to hɔ ma ade kye. Saa anadwo no, wunim baabi a ɔbaatan no dae? Ɔdaa akongua mu wɔ ne ba no nkyɛn pɛɛ wɔ ayaresabea hɔ. Ade yi ne ba yi yare, ɔyɛ dɛn kɔ gyaw ne hɔ. Saa na yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no te? Ɔno mpo de yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ asen saa, efisɛ ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so. (Genesis 1:26) Nsɛm a ɛka koma a ɛwɔ Dwom 34:18 no ma yehu sɛ, sɛ yɛn ‘koma bubu’ anaa yɛn ‘abam bu’ a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa dɔ yɛn; ‘ɔbɛn yɛn.’ Ɔyɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ na ɔwɔ ayamhyehye ma ne mma, na wayɛ krado sɛ bere nyinaa ɔbɛboa yɛn.
15. Dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn mu biara?
15 Ɛnde yemmisa sɛ dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn mu biara? Sɛ yɛrefa ɔhaw bi mu a, ɛnyɛ bere nyinaa na oyi ɔhaw no fi hɔ. Nanso wɔn a wɔsu hwehwɛ Yehowa hɔ mmoa no, ɔde nneɛma bebree agu akwan mu a ebetumi aboa wɔn. Tebea biara a yɛbɛkɔ mu no, n’Asɛm Bible no betumi ama yɛn afotu pa a yɛde begyina ano. Asafo no mu nso, Yehowa ama yɛn ahwɛfo a wɔyɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔbɛboa yɛn, na wɔn nso, wɔwɔ ayamhyehye te sɛ Yehowa. (Yakobo 5:14, 15) Afei Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo,” na ‘ɔde honhom kronkron ma wɔn a wobisa no no.’ (Dwom 65:2; Luka 11:13) Ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba abeyi abɛbrɛsɛ a yɛrefa mu no nyinaa afi hɔ. Nanso enkosi saa bere no, Onyankopɔn honhom no betumi ama yɛanya “tumi a ɛboro nnipa de so,” na yɛatumi agyina nea yɛrefa mu biara ano. (2 Korintofo 4:7) Nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa, yɛn ani sɔ paa. Momma yɛnkae sɛ weinom yɛ akwan a Yehowa refa so ada n’ayamhyehye adi akyerɛ yɛn.
16. Nneɛma a Yehowa yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma yɛn no, emu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse paa, na wei fa yɛn mu biara ho sɛn?
16 Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye no, ne kɛse paa ne ne Dɔba a ɔma obewu de gyee yɛn no. Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti na ɔde ne dɔba no bɔɔ afɔre maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn afi bɔne ne owu mu. Kae sɛ, ɛyɛ wo nti na Yehowa maa Yesu bewui. Yohane Suboni papa Sakaria kae a ɔmmoa. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, saa nhyehyɛe no bɛma “yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu” ada adi ama obiara ahu.—Luka 1:78.
Dɛn Na Ɛbɛma Yehowa Ayi N’ani a Ɔrenna Ayamhyehye Adi?
17-19. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible ma yehu sɛ, Yehowa ayamhyehye wɔ baabi a ɛkɔpem? (b) Adɛn nti na eduu baabi no, Yehowa annya ayamhyehye amma ne nkurɔfo no bio?
17 Ɛwom sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye, nanso obiara kɛkɛ na ne yam hyehye no ma no anaa? Daabi ɛnyɛ saa na ɛte. Bible no ma yehu no pefee sɛ, wɔn a wɔkɔ so yɛ Yehowa so asoɔden na wɔmfa ne mmara nyɛ adwuma no, onni ayamhyehye biara ma wɔn. (Hebrifo 10:28) Sɛ yɛhwɛ Israelfo asɛm no a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a ɛtɔ da a Yehowa nna ayamhyehye adi no.
18 Ɛwom sɛ Yehowa gyee Israelfo no fii wɔn atamfo nsam mpɛn pii, nanso eduu baabi no ogyaee. Wannya ayamhyehye amma wɔn bio. Ná Israelfo no aso yɛ den, na na abosonsom adidi wɔn ti. Wɔyɛe ara mpo de abosom fĩ baa Yehowa asɔrefi hɔ. (Hesekiel 5:11; 8:17, 18) Bible no san ma yehu sɛ: “Wɔkɔɔ so goruu nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa, na wodii n’adiyifo no ho fɛw kosii sɛ Yehowa abufuw baa ne man so, kosii sɛ wɔannya ayaresa bio.” (2 Beresosɛm 36:16) Israelfo no yɛɛ asoɔden ara ama eduu baabi no na Yehowa nnya biribiara nnyina so nhu wɔn mmɔbɔ. Nneɛma bɔne a wɔyɛe no, edi sɛ Yehowa bo fuw wɔn. Ewiee wɔn sɛn?
19 Afei de na Yehowa yam nhyehye no mma wɔn bio. Yehowa kaa sɛ: “Me yam renhyehye me, na ɛrenyɛ me awerɛhow, na merenhu mmɔbɔ; biribiara nni hɔ a ebesiw me kwan a ɛremma mensɛe wɔn.” (Yeremia 13:14) Ɛno nti ɔmaa Babilonfo bɛsɛee Yerusalem ne asɔrefie no, na wɔsoaa Israelfo no kɔɔ Babilon. Ɛyɛ awerɛhow paa sɛ nnipa betumi ayɛ bɔne akodu baabi a afei de Yehowa rennya ayamhyehye mma wɔn bio!—Kwadwom 2:21.
20, 21. (a) Sɛ Yehowa ka sɛ afei de wapem, ayamhyehye a wanya ama nnipa abedu saa bere yi no yɛ a, dɛn na ebesi? (b) Ti a edi hɔ no mu no, yebehu nhyehyɛe bi a Yehowa ayɛ a ɛma yehu sɛ ɔwɔ ayamhyehye. Ɛyɛ nhyehyɛe bɛn?
20 Ɛnnɛ nso ɛ? Yehowa nsesae. Esiane sɛ ɔwɔ ayamhyehye nti, ɔde ahyɛ N’adansefo nsa sɛ wɔnka “Ahenni no ho asɛmpa” wɔ wiase baabiara. (Mateo 24:14) Sɛ Yehowa hu sɛ obi wɔ koma pa, na ɔpɛ sɛ osua N’Ahenni no ho ade a, ɔboa no ma ɔte nea ɔresua no ase. (Asomafo Nnwuma 16:14) Nanso saa adwuma yi, yɛrenyɛ no afebɔɔ. Da koro da koro ɛbɛba awiei. Esiane sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye nti, ɔrentena hɔ nhwɛ mma wiase a ɔhaw ne nnipabɔnefo ahyɛ mu mã yi rentena hɔ saa. Edu baabi na Yehowa hu sɛ ɛnsɛ sɛ ɔda ayamhyehye adi bio a, ɔbɛba abɛsɛe wiase bɔne yi, na ɛno mpo no, ayamhyehye na ɛbɛma no ayɛ saa. Ɔbɛhwɛ ama ne “din kronkron” no ho atew, na wagye n’asomfo a wɔdɔ no no. (Hesekiel 36:20-23) Yehowa beyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ na ɔde wiase foforo aba. Abɔnefo de, Yehowa aka sɛ: “Merenhu obiara mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wɔn. Mɛma wɔn nneyɛe ho nsunsuanso aba wɔn ti so.”—Hesekiel 9:10.
21 Saa bere no nnya mmae no de, Yehowa wɔ ayamhyehye ma nnipa. Wɔn a wɔn akwan nteɛ a ebetumi ama Yehowa asɛe wɔn no mpo, ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn. Ɛwom sɛ bɔne wɔ yɛn ho de, nanso sɛ yenu yɛn ho na yɛsakra a, nneɛma a Yehowa ayamhyehye nti ɔde agu akwan mu no, yebetumi anya baako so mfaso. Ɛne sɛ obetumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Yɛhwɛ Bible no mu a, yehu mfatoho ne nsɛm bi a ɛma yehu sɛ, Yehowa de bɔne kyɛ a na ɔde akyɛ. Ti a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwɛ saa mfatoho ne nsɛm no bi.
a Nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, sɛ wohwɛ Dwom 103:13 a, saa Hebri adeyɛ asɛm ra·chamʹ no, ɛkyerɛ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye a agya tumi nya ma ne mma.
b Hebri asɛmfua a ɛne “wantumi anhwɛ” amanehunu no bio no, wɔkyerɛ ase tee sɛ, ɛyɛɛ ne kra ahometew anaa n’abotare sae. The New English Bible kenkan sɛ: “Na ontumi nhwɛ Israelfo amanehunu no bio.” Tanakh—A New Translation of the Holy Scriptures kyerɛ ase sɛ: “Ná ontumi nnyina Israelfo awerɛhow no ano bio.”
-
-
Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’Bɛn Yehowa
-
-
TI 26
Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’
1-3. (a) Adesoa duruduruduru bɛn na na ɛsõ odwontofo Dawid, na dɛn na ɛkyekyee ne werɛ? (b) Sɛ yɛyɛ bɔne a, adesoa bɛn na ɛkɔfa bɛto yɛn so? Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma yɛn?
ODWONTOFO Dawid kyerɛwee sɛ: “Me mfomso aboro me so, na ɛdɛn me sɛ adesoa duruduru. Madwudwo, na mabubu koraa.” (Dwom 38:4, 8) Ná Dawid nim sɛnea obi yɛ bɔne na n’ahonim haw no a, ɛte. Ɔkaa sɛ, ɛte sɛ nea onii no sõ adesoa duruduruduru bi. Nanso Dawid behuu biribi a ɛkyekyee ne werɛ paa. Ohui sɛ ɛwom sɛ Yehowa kyi bɔne, nanso onkyi ɔbɔnefo a wanu ne ho ayɛ nsakrae adan afi ne bɔne ho no. Ná Dawid gye di paa sɛ sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. Ɔkaa sɛ: “O Yehowa, . . . wuyi wo yam de bɔne kyɛ.”—Dwom 86:5.
2 Yɛn nso, sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛn tiboa tumi bu yɛn fɔ. Ɛma ɛyɛ te sɛ nea yeso adesoa duruduruduru bi. Sɛ yɛyɛ bɔne na yedi ho awerɛhow a, eye. Ɛboa yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara na yɛankɔyɛ saa bɔne no bio. Nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a bɔne a yɛayɛ no, yebedi ho awerɛhow ama amene yɛn. Yɛn koma betumi abu yɛn fɔ ama yɛate nka sɛ, sɛ yenu yɛn ho sɛ dɛn mpo a, Yehowa remfa nkyɛ yɛn da. Sɛ yɛma bɔne a yɛayɛ no ho awerɛhow bebrebe hyɛ yɛn so a, Satan betumi afa so ama yɛn abam abu. Obetumi ama yɛate nka sɛ yɛnsɛ hwee wɔ Yehowa ani so, na yɛmfata sɛ yɛsom no.—2 Korintofo 2:5-11.
3 Nanso yemmisa sɛ, Yehowa hu yɛn sɛ mfaso biara nni yɛn so anaa? Daabida! Nneɛma a Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ paa no, emu baako ne sɛ ɔde bɔne kyɛ. Ɔma yɛn awerɛhyem wɔ n’Asɛm mu sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yefi yɛn komam nu yɛn ho a, ɔno nso ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. (Mmebusɛm 28:13) Nea ɛbɛma yɛagye adi paa sɛ Yehowa de bɔne kyɛ no, momma yɛnhwɛ nea enti a ɔde bɔne kyɛ ne sɛnea ɔyɛ no.
Nea Enti a Yehowa ‘Yi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’
4. Dɛn na Yehowa nim fa yɛn ho, na nea onim fa yɛn ho nti, sɛn na ɔne yɛn di nsɛm?
4 Yehowa nim yɛn sintɔ ne nneɛma a yɛmmɔ mu mmɔden nyinaa. Dwom 103:14 ka sɛ: “Onim sɛnea ɔbɔɔ yɛn; ɔkae sɛ yɛyɛ dɔte.” Onim paa sɛ yɛyɛ dɔte, na esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛreyɛ ara ni na yɛredi mfomso. Asɛm a ɛne onim “sɛnea ɔbɔɔ yɛn” no ma yɛkae biribi. Ɛma yɛkae sɛnea Bible no de Yehowa toto ɔnwemfo ho, na ɔde yɛn toto kuku a ɔde dɔte nwene ho no. (Yeremia 18:2-6) Yehowa a ɔyɛ Ɔnwemfo Kɛse no nim sɛ bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti, yɛyɛ mmerɛw. Afei nso, ebi de n’akwankyerɛ yɛ adwuma, ebi mfa nyɛ adwuma. Enti sɛ ɔne yɛn redi nsɛm a, ɔhwɛ sɛnea yɛn mu biara te, na wahu kwampa a ɔbɛfa so ayɛ saa.
5. Romafo nhoma no ma yehu sɛ bɔne wɔ tumi paa, ɛkaa no sɛn?
5 Yehowa nim sɛ bɔne wɔ hɔ yi, ɛwɔ tumi paa. N’Asɛm Bible no kyerɛ mu sɛ bɔne wɔ tumi a ɛkyerɛ nnipa nea wɔnyɛ, na egyigye nnipa kɔ owu mu. Ɛnde, yemmisa sɛ, tumi a bɔne wɔ no, sɛn na ɛte? Sɛ wohwɛ Romafo nhoma no mu a, ɔsomafo Paul kyerɛɛ mu sɛ: Yɛhyɛ “bɔne ase” te sɛ nea asogyafo hyɛ wɔn panyin ase no (Romafo 3:9); bɔne ‘di adasamma so’ sɛ ɔhene (Romafo 5:21); ‘ɛte yɛn mu’ (Romafo 7:17, 20); bɔne “mmara” yɛ adwuma wɔ yɛn mu bere nyinaa, na biribiara mu no, ɛpɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. (Romafo 7:23, 25) Wei ma yehu sɛ bɔne wɔ tumi paa wɔ yɛn so!—Romafo 7:21, 24.
6, 7. (a) Wɔn a wɔyɛ bɔne na wonu wɔn ho srɛ bɔnefakyɛ no, Yehowa hu wɔn sɛn? (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ bɔne biara a yɛbɛyɛ biara Onyankopɔn de bɛkyɛ yɛn?
6 Yehowa nim sɛ yɛn ani gye ho sɛ yebetie no na yɛayɛ n’apɛde. Nanso ɔsan nim sɛ, sɛ yɛtwe yɛn mu tann a, yɛrentumi nyɛ yɛn ade pɛpɛɛpɛ. Esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti wama yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yɛsrɛ bɔnefakyɛ a, ɔno nso de bɛkyɛ yɛn. Dwom 51:17 ka sɛ: “Afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani ne honhom a abubu; O Onyankopɔn, worempo koma a abubu na apɛtɛw.” Sɛ bɔne a yɛayɛ nti yɛn koma “abubu anaa apɛtɛw” a, ɛnyɛ ade a Yehowa bɛpo yɛn anaa obeyi n’ani ama yɛn da.
7 Yemmisa sɛ esiane sɛ Yehowa de bɔne kyɛ nti, ɛsɛ sɛ yɛgyaagyaa yɛn ho yɛ bɔne na yɛka sɛ, yɛn de, bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho nti yɛyɛ bɔne koraa a Yehowa de bɛkyɛ yɛn? Daabi, ɛnsɛ sɛ yenya saa adwene no. Yehowa nyɛ obi a ɔsosɔ bɔne so. Ne mmɔborɔhunu no, ɛwɔ baabi a ekodu. Wɔn a wɔhyɛ da yi wɔn ani yɛ bɔne a wɔnnu wɔn ho no, ɔremfa nkyɛ wɔn da. (Hebrifo 10:26) Nanso, sɛ ohu sɛ obi ayɛ bɔne na wanu ne ho asesa afi ne bɔne ho a, ɛno de, wayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yehu mfatoho ne nsɛm bi a ɛka koma a ɛma yehu sɛ Yehowa de bɔne kyɛ. Momma yensusuw ebi ho, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ ampa Yehowa de bɔne kyɛ, na ɔwɔ ɔdɔ.
Yehowa De Bɔne Kyɛ a Na Ɔde Akyɛ
8. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, dɛn na ɔyɛ, na wei ma yɛte nka sɛn?
8 Bere a Dawid yɛɛ bɔne a onuu ne ho no, ɔkaa sɛ: “Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo; mankata me mfomso so. . . . Na wo nso wode me bɔne ne me mfomso kyɛɛ me.” (Dwom 32:5) Hebri asɛmfua a yɛakyerɛ ase wɔ Twi mu sɛ ‘ɔde kyɛɛ’ me no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ “wubepagyaw biribi” anaa “wobɛma biribi so.” Sɛnea wɔde adi dwuma wɔ Dwom 32:5 no kyerɛ sɛ, woreyi bɔne a obi ayɛ anaa sɛnea n’ahonim bu no fɔ no afi ne so. Enti Dawid tee nka sɛ bɔne a na wayɛ a ayɛ sɛ adesoa wɔ ne so no, Yehowa pagyawee anaa oyi fii ne so. Wei maa Dawid kɔn mu dwoo no, kyerɛ sɛ bɔne a na wayɛ ho adwinnwen a na ayɛ sɛ adesoa a ɛso no no, ɛso tewee. (Dwom 32:3) Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ sɛ yenya Yesu afɔre no mu gyidi na yɛsrɛ bɔnefakyɛ a, Onyankopɔn beyi yɛn bɔne no afi yɛn so.—Mateo 20:28.
9. Sɛ yenu yɛn ho na Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔkwan a ɔma ɛbɛda yɛne yɛn bɔne ntam no, ne tenten yɛ ahe?
9 Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, Dawid de mfatoho kamakama bi kyerɛkyerɛɛ mu ma emu daa hɔ yiye. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.” (Dwom 103:12) Owia yi ne ti wɔ apuei, na ɛkɔtɔ wɔ atɔe. Yemmisa sɛ, sɛ wufi apuei rekɔ atɔe a, ne tenten yɛ sɛn? Nea ɛwom ne sɛ, ɔkwan a ɛda apuei ne atɔe ntam no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu. Ɛware paa, nea ɛwom mpo ne sɛ, ebiara nam ne kwan na ɛnyɛ ade a ebehyia da. Ɔbenfo bi kaa sɛ, “yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu ɔkwan a ɛda apuei ne atɔe ntam no.” Nsɛm a Yehowa de ne honhom kaa Dawid ma ɔkyerɛwee no ma yehu sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, oyi fi yɛn ho kɔ akyirikyiri; yɛrentumi koraa mfa yɛn adwene mmu ɔkwan no tenten.
‘Mo bɔne bɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma’
10. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka da sɛ bɔne no bɛtena yɛn so yɛn nkwa nna a aka nyinaa. Adɛn nti na yɛreka saa?
10 Ade aka w’ataade fitaa mu da? Ebia woyɛɛ nea wubetumi biara sɛ wubesi ama afi mu, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛkɔe. Yehowa kaa biribi a ɛma yehu sɛ ɔde bɔne kyɛ a na ɔde akyɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; ɛwom, ayɛ kɔɔ te sɛ kɔben, nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ oguan nwi.” (Yesaia 1:18) Kɔben ne “koogyan” yɛ ntoma kɔkɔɔ bi.a (Nahum 2:3) Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛte sɛ nea efĩ aka yɛn ataade mu. Sɛ yɛtwe yɛn mu tann sɛ dɛn mpo a, yɛn ankasa rentumi nyi nkekae no mfi hɔ. Nanso Yehowa de, sɛ yɛn bɔne a yɛayɛ no ayɛ kɔɔ te sɛ koogyan anaa kɔben mpo a, obetumi ama ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma anaa oguan nwi. Sɛ yɛyɛ bɔne na Yehowa de kyɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ bɔne no da so ara tetare yɛn ho anaa ɛbɛtena yɛn so yɛn nkwa nna nyinaa. Wayi afi hɔ koraa.
11. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɔtow gu n’akyi. Saa asɛm no kyerɛ sɛn?
11 Bere bi owuyare bi bɔɔ Hesekia, na Yehowa gyee no fii mu. Bere a ɔtoo nnwom de daa Onyankopɔn ase no, ɔkaa sɛ: “Woatow me bɔne nyinaa agu w’akyi.” (Yesaia 38:17) Wɔ ha no, nea na Hesekia repɛ akyerɛ ne sɛ sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, ɛte sɛ nea Yehowa atow onii no bɔne no agu n’akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu anaa ɔrenkae bio. Nhoma bi a ɛkyerɛ Bible mu nsɛm ase kaa sɛ: “Yebetumi akyerɛ saa asɛm yi ase wɔ ɔkwan foforo so sɛ: Woama no ayɛ te sɛ nea menyɛɛ [bɔne] biara, te sɛ nea hwee nsii.” Saa asɛm yi ka koma paa, wunhu saa?
12. Odiyifo Mika ma yehu sɛ, sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, oyi fi hɔ korakora. Ɔkaa no sɛn?
12 Yehowa faa odiyifo Mika so hyɛɛ nkɔm sɛ ne nkurɔfo bɛsan aba wɔn asaase so. Mika kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ ogye di paa sɛ, sɛ nkurɔfo no nu wɔn ho a, Yehowa de wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Hena na ɔyɛ Onyankopɔn te sɛ wo, . . . na oyi n’ani fi n’agyapade a aka no mmarato so? . . . Wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo ase tɔnn.” (Mika 7:18, 19) Saa nsɛm yi, wɔn a na wɔwɔ hɔ wɔ Mika bere so no, na ɛbɛka wɔn koma paa. Sɛ obi tow ade ma ne kɔtɔ “ɛpo ase tɔnn” a, na ɛbɛyɛ den paa sɛ ne nsa bɛka bio. Nsɛm a Mika kae yi ma yehu sɛ, sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, oyi fi hɔ korakora.
13. Yesu nsɛm a ɛne sɛ “fa yɛn aka kyɛ yɛn” no, ɛkyerɛ sɛn?
13 Bere a Yesu reka sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, ɔde obi a ɔde ka na ɛyɛɛ ntotoho. Yesu kaa sɛ, ɛyɛ a yɛmmɔ mpae sɛ: “Fa yɛn aka kyɛ yɛn.” (Mateo 6:12) Yesu de bɔne totoo ɛka ho. (Luka 11:4) Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛte sɛ nea yɛde Yehowa ‘ka.’ Greek adeyɛ asɛm a wɔakyerɛ ase ‘fa kyɛ’ no, nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ: “Wubegyae ɛka bi mu ama no aka a worenni akyi bio.” Enti ɔkwan bi so no, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛte sɛ nea watwa ɛka biara a yɛde mu no. Sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, saa asɛm yi betumi akyekye ne werɛ. Ɛka a Yehowa atwam no, ɔrenka sɛ yɛntua bio da!—Dwom 32:1, 2.
14. Asɛm a ɛne momma “wɔmpopa mo bɔne” no, ɔkwan bɛn so na ɛma yɛte Yehowa bɔnefakyɛ ase yiye?
14 Asomafo Nnwuma 3:19 san kaa biribi foforo a ɛma yehu sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a na ɔde akyɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, mma wɔmpopa mo bɔne.” Greek adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “popa” no, ebetumi akyerɛ sɛ “woretwa biribi mu anaa woresɛe biribi.” Abenfo bi koraa de, wɔkyerɛ sɛ ɛte sɛ nea obi akyerɛw biribi na worepopa. Ebia obi bebisa sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na wei ayɛ yiye? Efisɛ tete no, adubiri a na wɔde kyerɛw ade no, na wɔde bidie, aneneduru ne nsu na ɛyɛ. Sɛ obi de saa adubiri no kyerɛw ade na sɛ ɔpɛ sɛ ɔpopa no amonom hɔ ara a, nea na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ, ɔde sapɔw bɛbɔ nsu mu na ɔde atwitwiw so na apopa. Saa mfatoho kamakama yi ma yehu sɛnea Yehowa mmɔborɔhunu te. Sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛte sɛ nea ɔde sapɔw abɔ nsu mu na wapopa yɛn bɔne no nyinaa afi hɔ.
15. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yehu fa ne ho?
15 Saa mfatoho ahorow a yɛasusuw ho yi, sɛ yedwinnwen ho yiye paa a, ɛma yehu sɛ sɛ yɛyɛ bɔne na sɛ yefi yɛn koma mu nu yɛn ho a, Yehowa nso beyi ne yam de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Ɔpɛ sɛ da biara yɛkae saa asɛm no. Ɛnsɛ sɛ yesuro da sɛ bɔne a ɔde akyɛ yɛn no, daakye ɔbɛsan atwe yɛn aso wɔ ho. Biribi foforo wɔ hɔ a Bible no aka a ɛma yehu sɛ, ampa Yehowa mmɔborɔhunu so. Ɛne sɛ, sɛ ɔde bɔne kyɛ a, ɔnkae bio.
Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ ‘oyi ne yam de bɔne kyɛ’
“Wɔn Bɔne Nso, Merenkae Bio”
16, 17. Sɛ Bible ka sɛ Yehowa renkae yɛn bɔne bio a, dɛn na ɛkyerɛ, adɛn nti na woreka saa?
16 Wɔn a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam foforo no, ɔhyɛɛ wɔn bɔ bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mede wɔn mfomso bɛkyɛ wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.” (Yeremia 31:34) Wei kyerɛ sɛ, sɛ Yehowa de bɔne kyɛ a, ɔrentumi nkae saa bɔne no bio anaa? Daabi, ɛnkyerɛ saa. Nnipa bebree a wɔyɛɛ bɔne a ɔde kyɛɛ wɔn no, Bible no ka wɔn bɔne no ho asɛm. Wɔn mu baako ne Dawid. (2 Samuel 11:1-17; 12:13) Wei kyerɛ sɛ Yehowa nim bɔne a wɔyɛe no. Enti sɛ yɛkenkan Bible a, yebehu bɔne a wɔyɛe, sɛnea wɔnuu wɔn ho, ne sɛnea Onyankopɔn de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Yehowa maa wɔkyerɛw saa nneɛma yi nyinaa guu hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya so mfaso. (Romafo 15:4) Ɛnde yemmisa sɛ, sɛ Bible ka sɛ wɔn a Yehowa de wɔn bɔne akyɛ wɔn no, ɔnkae wɔn bɔne no bio a, ɛkyerɛ sɛn?
17 Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm ase ka sɛ, Hebri kasa mu no, sɛ wɔka sɛ obi nkae biribi bio a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ne werɛ afi bibiri a asi atwam. Mmom nea ɛka ho bio ne sɛ, ɔsan yɛ biribi wɔ nea asi no ho. Enti ɛha no, sɛ obi kae bɔne a obi ayɛ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔbɛyɛ biribi de atwe onii no aso. (Hosea 9:9) Nanso sɛ Onyankopɔn ka sɛ ‘ɔrenkae yɛn bɔne bio’ a, na ɔrema yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho na ɔde kyɛ yɛn a, daakye ɔrenkɔfa saa bɔne no ho asɛm mma mmɛtwe yɛn aso wɔ ho bio. (Hesekiel 18:21, 22) Enti sɛ Yehowa nkae yɛn bɔne bio a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔrennwinnwen ho bio. Saa asɛm yi kyekye yɛn werɛ paa. Onyankopɔn de bɔne kyɛ, na sɛ ɔde kyɛ nso a, ɔrenkae bio.
Ɔhaw a Bɔne a Yɛyɛ De Ba Yɛn So No, Onyankopɔn Bɔ Yɛn Ho Ban Fi Ho Anaa?
18. Sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho na Onyankopɔn de kyɛ no a, ɛnkyerɛ sɛ ɔhaw a ebefi ne bɔne no mu aba no, wade ne ho afi ho. Adɛn ntia?
18 Ɛwom sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no. Nanso wei kyerɛ sɛ bɔne a onipa no yɛe ho nsunsuanso nso, wade ne ho afi ho anaa? Ɛnte saa koraa. Yɛrentumi nyɛ bɔne mfa yɛn ho nni saa. Paul kaa sɛ: “Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.” (Galatifo 6:7) Ebia bɔne a yɛyɛe no nti, yebehyia ɔhaw ahorow bi. Nanso sɛ ɛba saa a, ɛnkyerɛ sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn nso ɔpɛ sɛ ebi kɔ yɛn ani de kyerɛ yɛn nyansa. Enti sɛ Kristoni bi hyia ɔhaw wɔ n’abrabɔ mu a, ɛnsɛ sɛ onya adwene sɛ, gyama bɔne bi a wayɛ atwam no, ɛno na Yehowa retwe n’aso wɔ ho. (Yakobo 1:13) Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛho nsunsuanso no, ɛnyɛ ne nyinaa na Yehowa bɔ yɛn ho ban fi ho. Bɔne ahorow no bi wɔ hɔ a sɛ obi yɛ a, ɛho nsunsuanso no bi ne sɛ, n’aware begu, nyinsɛn a ɔnhwɛ kwan bepue mu, obetumi anya nna mu yare, nkurɔfo nnye no nni anaa wɔremmu no bio. Saa nsunsuanso bɔne yi, ɛyɛ yaw de, nanso woyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye. Sɛ wobɛkae a, bere a Dawid ne Bat-Seba sɛe aware na okum Uria no, Yehowa de Dawid bɔne kyɛɛ no. Nanso bɔne a Dawid yɛe no ho nsunsuanso ne ɛho haw no de, Yehowa ammɔ ne ho ban amfi ho.—2 Samuel 12:9-12.
19-21. (a) Sɛn na mmara a na ɛwɔ Leviticus 6:1-7 no boaa nea wɔafom no ne ɔbɔnefo no nyinaa? (b) Sɛ bɔne a yɛayɛ no ahaw afoforo a, dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma Yehowa ani agye?
19 Bɔne no bi wɔ hɔ a, ɛho nsunsuanso no tumi yɛ kɛse paa, titiriw bere a nea yɛyɛe no ahaw afoforo. Wo de, ma yɛmfa asɛm a ɛwɔ Leviticus ti 6 no nyɛ nhwɛso. Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ ɛkɔba sɛ Israelni bi bɔ ne yɔnko Israelni bi korɔno, osisi no, anaa obu no fa so gye ne ho biribi a, wayɛ bɔne kɛse. Ebetumi aba sɛ ɔbɔnefo no annye ne mfomso antom, na mpo ɔkaa atoro ntam sɛ ɔnyɛɛ hwee. Ɛba saa a, ebia esiane sɛ obiara anhu anaa adanse biara nni hɔ nti, ɔbɛfa ne ho adi; wɔrentwe n’aso. Nanso yɛmfa no sɛ akyiri yi, ne tiboa buu no fɔ, ɛnna ɔbɛkaa ne bɔne. Sɛ Onyankopɔn betumi de ne bɔne akyɛ no a, nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Baako, nea abedi ne hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔde kɔ. Mmienu, nea ɔfae no, wɔbebu ho ka na wɔakyɛ mu nnum, na wafa nnum no mu baako de aka nea ɔfae no ho akɔma ne wura. Enti yɛmfa no sɛ, sɛ ɔfaa 100 a, ɔde 20 bɛka ho ama ayɛ 120 na ɔde akɔ. Afei ɔde odwennini bɛkɔ akɔbɔ afɔdi afɔre. Ɔyɛ wei nyinaa wie a, mmara no ka sɛ: “Ɔsɔfo no mpata mma no wɔ Yehowa anim, na bɔne biara a wayɛ a ama wadi fɔ no, wɔde bɛkyɛ no.”—Leviticus 6:1-7.
20 Saa mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no ma yehu sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu paa. Nea yɛasisi no anaa yɛafa n’ade no nyaa so mfaso efisɛ ne nsa bɛsan aka ne nneɛma. Ɛno da nkyɛn a, nea ɔyɛɛ bɔne no gye ne mfomso tom a, ɛma nea yɛfaa n’ade no koma tɔ ne yam. Afei nso, nea ɔyɛɛ bɔne a onuu ne ho no, ɔno nso nya so mfaso. Ɛboa no ma otumi toto nneɛma yiye, na ɔsesa fi bɔne a ɔyɛe no ho. Efisɛ sɛ wanyɛ saa a, ɔrennya bɔnefakyɛ biara mfi Onyankopɔn hɔ.
21 Ɛwom ɛnyɛ Mose Mmara no na yɛde yɛ adwuma, nanso Mmara no ma yehu sɛnea Yehowa dwen. Na ɛma yɛte sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no ase yiye. (Kolosefo 2:13, 14) Sɛ yɛyɛ bɔne ma no haw afoforo, na yɛyere yɛn ho siesie ɔhaw a akɔfa aba no a, ɛma Onyankopɔn ani gye. (Mateo 5:23, 24) Ebia ebehia sɛ yegye tom sɛ yɛayɛ bɔne, yedi fɔ, na yɛpa onii a yɛafom no no kyɛw. Sɛ yɛyɛ weinom nyinaa wie a, ɛno akyi ansa na yɛasrɛ Yehowa sɛ onnyina Yesu afɔre no so mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn.—Hebrifo 10:21, 22.
22. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛtɔ da a, dɛn na ɔsan yɛ?
22 Sɛnea agya biara a ɔdɔ ne ba yɛ no, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛtɔ da a ɛyɛ a ɔteɛ yɛn so. (Mmebusɛm 3:11, 12) Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne na onu ne ho, na sɛ ɔyɛ asafo mu panyin, asafo mu somfo, anaa ɔkwampaefo a, ebia ɛho behia sɛ wɔgye ne hokwan fi ne nsam. Hokwan a ɛda ne koma so no fi ne nsa a, ebia ɛbɛyɛ no yaw paa. Nanso saa nteɛso no nkyerɛ sɛ Yehowa mfaa ne bɔne nkyɛɛ no. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Yehowa dɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. Enti sɛ yegye ne nteɛso no tom na yɛde yɛ adwuma a, yɛn ara na yenya so mfaso.—Hebrifo 12:5-11.
23. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ Yehowa rentumi mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua no na yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn?
23 Yɛabehu sɛ yɛn Nyankopɔn no yi ne ‘yam de yɛn bɔne kyɛ yɛn’! Saa asɛm yi kyekye yɛn werɛ paa. Sɛ yɛn bɔne te sɛn oo, ɛte sɛn oo, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa rentumi mfa nkyɛ yɛn da. Sɛ yefi yɛn koma mu nu yɛn ho, yɛyɛ nneɛma bi de siesie ɔhaw a bɔne no akɔfa aba, na yefi yɛn koma nyinaa mu bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ onnyina Yesu afɔre no so mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn a, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. (1 Yohane 1:9) Momma yensuasua Yehowa na yɛmfa afoforo bɔne nkyɛ wɔn. Wo de dwen ho hwɛ, Yehowa nyɛ bɔne, nanso oyi ne yam de bɔne kyɛ. Ɛnde yɛn a bɔne adonnɔn yɛn no, wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de afoforo bɔne kyɛ wɔn anaa?
a Ɔbenfo bi kaa sɛ, “koogyan kɔla yɛ kɔɔ anaa gɔnn. Wusi no sɛn, anaa nsu bo no sɛ dɛn, kɔla no rensesa; ɛbɛkɔ so ayɛ gɔnn.”
-
-
“Hwɛ Sɛnea Ne Papayɛ Dɔɔso Fa!”Bɛn Yehowa
-
-
TI 27
“Hwɛ Sɛnea Ne Papayɛ Dɔɔso Fa!”
1, 2. Henanom na wɔnya Yehowa papayɛ so mfaso, na dɛn na Bible no ka fa Yehowa papayɛ ho?
WO DE twa nea edidi so yi ho mfoni hwɛ: Awia no rekɔtɔ. Nnamfo bi te abɔnten regye wɔn ani, wɔredidi rebɔ nkɔmmɔ serew. Baabi foforo nso, okuani bi ato n’ani rehwɛ n’afuw na n’ani agye, efisɛ wahu sɛ nsu amuna; afi ase repete gu ne nnɔbae no so, efisɛ na ne nnɔbae no hia nsu paa. Baabi foforo nso, awarefo bi ani agye paa, efisɛ wɔn ba ketewa afi ase renantew; saa da no ne da a edi kan a wɔn ba no retutu.
2 Yehowa Nyankopɔn papayɛ nti na ama saa nkurɔfo yi nyinaa ani agye. Wɔn a wɔkɔ asɔre no wɔ asɛm bi ɛda wɔn ano, ɛne sɛ: “Onyankopɔn ye.” Nanso sɛnea Bible no ka Yehowa papayɛ ho asɛm no, ɛkyɛn nea wɔka no. Ɛka sɛ: “Hwɛ sɛnea ne papayɛ dɔɔso fa!” (Sakaria 9:17) Nanso yɛreka yi, nkurɔfo kakraa bi na ɛte saa nsɛm no ase yiye. Enti yemmisa sɛ, sɛ yɛka sɛ Yehowa Nyankopɔn ye a, ɛkyerɛ sɛn, na sɛn na yɛn mu biara nya Yehowa papayɛ no so mfaso?
Ɔkwan a Ɛkyɛn So a Yehowa Fa So Yi Ne Dɔ Adi
3, 4. Ɛdɛn ne papayɛ, na dɛn nti na yebetumi aka sɛ akwan a Yehowa fa so kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn no, baako ne papayɛ?
3 Ɛnnɛ, nkurɔfo de asɛmfua “papa” di dwuma sɛnea wɔpɛ biara. Nanso Bible mu de, saa asɛmfua no kyerɛ obi a efĩ ne nkekae biara nni ne ho. Enti sɛ yɛreka obi a ne papayɛ kyɛn so a, ɛyɛ Yehowa. Nea ɔyɛ nyinaa kyerɛ. Ne suban ahorow te sɛ ne tumi, n’atɛntrenee ne ne nyansa nyinaa di mũ na ɛyɛ papa. Nanso nea ɛwom paa ne sɛ, ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no na epia no ma ɔyɛ yɛn papa. Adɛn nti na yɛreka saa?
4 Sɛ obi ye a, ɛno na epusuw no ma ɔyɛ nneɛma pa de boa afoforo. Ɔsomafo Paul kaa sɛ, yɛn nnipa mpo, sɛ obi yɛ nipa pa a, yɛpɛ n’asɛm sen obi a ɔteɛ. (Romafo 5:7) Obi a ɔteɛ di Onyankopɔn mmara so pɛpɛɛpɛ. Nanso nipa pa de, ɔyɛ nea ɛsen saa; bere nyinaa ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so aboa nkurɔfo. Saa ti yi bɛma yɛahu sɛ saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa te. Biribiara da adi sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no na ɛma ɔyɛ yɛn papa.
5-7. Bere bi, obi frɛɛ Yesu “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa,” nanso wampene. Adɛn ntia? Yesu de nea ɔyɛe no kyerɛɛ yɛn ade titiriw bi. Ɛyɛ dɛn?
5 Sɛnea Yehowa da papayɛ adi no, obiara nni hɔ a ɔbɛto no. Aka kakra ma wɔakum Yesu no, ɔbarima bi baa ne nkyɛn bebisaa no asɛm bi. Ɔbarima no frɛɛ Yesu sɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa.” Nanso Yesu kaa sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.” (Marko 10:17, 18) Ebia ɛbɛyɛ wo nwanwa sɛ Yesu maa ɔbarima no saa mmuae no. Ná Yesu nim nkyerɛkyerɛ paa, enti adɛn nti na ɔmaa ɔbarima no huu sɛ nea ɔkae no wanka no yiye?
6 Ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔbarima no frɛɛ Yesu “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa” no, na ɔde rehoahoa no ama ne tirim ayɛ no dɛ. Ná Yesu brɛ ne ho ase, na na ɔpɛ sɛ obiara hu sɛ n’Agya a ɔwɔ soro no nko ara na ɔyɛ papa, enti ɔno na ɔfata sɛ yɛde anuonyam no ma no. (Mmebusɛm 11:2) Ɛno da nkyɛn a, na Yesu de saa asɛm no rekyerɛkyerɛ nokwasɛm titiriw bi. Ɛne sɛ, Yehowa nko ara na ɔwɔ tumi a obetumi de akyerɛ sɛ biribi yɛ papa anaa ɛnyɛ papa, efisɛ ɔno ne ɔsorosoroni a ɔwɔ tumi sen obiara wɔ amansan yi mu. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden kodii papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no, na ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn ho nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Nanso Yesu de wanyɛ saa, mmom ogye toom sɛ ne Papa na ɔfata sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.
7 Afei nso na Yesu nim sɛ ade papa biara, Yehowa hɔ na efi. “Akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara” fi ne hɔ. (Yakobo 1:17) Sɛnea Yehowa yi ne yam kyɛ ade no ma yehu sɛ oye. Momma yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa.
Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Ye Paa
8. Nneɛma bɛn na Yehowa yɛ ma nnipa a ɛkyerɛ sɛ oye?
8 Obi biara a watena asaase so pɛn anya Yehowa papayɛ so mfaso. Dwom 145:9 ka sɛ: “Yehowa da ne papayɛ adi kyerɛ obiara.” Nneɛma bɛn saa na Yehowa ayɛ de ada ne papayɛ adi akyerɛ obiara? Bible ka sɛ: “Ɔkɔɔ so dii ne ho adanse, efisɛ ɔyɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa osu tɔ fii soro maa mo, ɔmaa mo mmere a aduan ba, ɔmaa mo aduan di mee, na ɔde anigye hyɛɛ mo koma ma.” (Asomafo Nnwuma 14:17) Sɛ wunya aduan bi a ɛyɛ dɛ paa na woredi a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Sɛnea Yehowa yɛɛ asaase no nti na yenya nnuan pa saa. Wayɛ asaase no wɔ ɔkwan bi so a, nsu di akɔneaba; wei na ɛma nsu tɔ. Afei wahyehyɛ “mmere a aduan ba” wɔ asaase no so. Ɛnyɛ saa nhyehyɛe yi a, anka yɛrennya nnuan a ɛyɛ dɛ saa nni. Wei nyinaa Yehowa papayɛ ntia. Nanso ɛnyɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa nko ara na wɔnya ne papayɛ so mfaso; ɛso obiara so. Yesu kaa sɛ: “Ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so, na ɔma osu tɔ gu atreneefo ne abɔnefo so.”—Mateo 5:45.
9. Ɔkwan bɛn so na aduaba a yɛfrɛ no apple anaa aprɛ ma yehu Yehowa papayɛ?
9 Sɛ yɛto yɛn ani hwɛ asaase yi so a, nneɛma bebree atwa yɛn ho ahyia a ɛma yehu Yehowa papayɛ. Ebi ne sɛ, awia bɔ, nsu tɔ, na wudua ade nso a ɛba. Nanso nnipa bebree nkyerɛ ho anisɔ. Wo de, hwɛ aduaba a ɛne apple anaa aprɛ sei. Wokɔ aman pii so a, ɛnyɛ na. Aduaba no yɛ fɛ, ɛyɛ dɛ, nsu wɔ mu, na nnuannuru bebree nso ayɛ mu ma. Wunim sɛ wiase nyinaa, apple ahorow ahorow bɛyɛ 7,500 na ɛwɔ hɔ? Ebi yɛ kɔkɔɔ, ebi yɛ green, na ebi nso yɛ yellow. Ebi soso, ebi susua, na ebi kɛse reyɛ ayɛ te sɛ atoã. Sɛ aprɛ aba da wo nsam a, wuhu no ketekete bi. Nanso sɛ efifi na enyin a, na abɛyɛ dua fɛfɛɛfɛ a ɛsow aba dɛdɛɛdɛ. (Solomon Dwom 2:3) Afe biara, sɛ edu March kosi May bosome no mu a, wubehu sɛ apple dua no agu nhwiren fɛfɛɛfɛ. Afei, September kosi November bosome no mu nso, dua no sow aba. Afe biara, apple dua betumi asow aba a emu duru bɛyɛ sɛ kilogram 400, anaa bɛyɛ sɛ semente nwɔtwe mu duru. Ebetumi asow saa ara mfe 75.
Yehowa ‘ma osu tɔ fi soro ma mo, ɔma mo mmere a aduan ba’
Aba ketewaa yi nyin bɛyɛ dua a etumi ma nnipa aduan mfe pii
10, 11. Sɛnea Onyankopɔn yɛɛ yɛn nipadua no ma yehu sɛ oye. Ɔkwan bɛn so?
10 Esiane sɛ Yehowa ye nti, ɔyɛɛ yɛn nipadua no kwan bi so a ɛyɛ “nwonwa.” Nneɛma a wabɔ no, yetumi sua ho ade pii ma yɛn ani gye. (Dwom 139:14) Nhwɛso ahorow a yɛkaa ho asɛm wɔ ti yi mfiase no, wo de san dwen ho hwɛ. Sɛ anka wugyina hɔ bi na worehwɛ nea ɛrekɔ so no a, anka dɛn na ɛbɛma w’ani agye paa? Ebia akwadaa no a ɔreserew no afono na ɛbɛyɛ wo fɛ, anaa sɛnea nsu no retɔ gu afuw no so na ɛbɛyɛ fɛ. Anaa wo de, ebia bere a owia no rekɔtɔ no, sɛnea eyiyi kɔla ahorow ahorow no na ɛyɛ wo fɛ. Yehowa bɔɔ yɛn ani no wɔ kwan bi so a, ɛma yetumi hu kɔla ahorow ahorow mpempem pii! Afei nso sɛnea ɔbɔɔ yɛn aso no nti, yetumi te nnyigyei ahorow a ɛyɛ dɛ. Sɛ yɛte sɛ yɛn dɔfo bi rekasa a, awɔse tumi gu yɛn. Sɛ mframa rebɔ fa nnua mu a, yetumi te. Bio nso, sɛ yɛte sɛ akwadaa bi ani agye resereserew a, ɛma yɛn nso yɛn ani gye. Adɛn nti na yetumi hu na yɛte saa nneɛma yi nyinaa? Bible ka sɛ: “Aso a ɛte asɛm ne ani a ehu ade; Yehowa na ɔyɛɛ abien no nyinaa.” (Mmebusɛm 20:12) Nanso nipadua akwaa no, emu mmienu pɛ na yɛaka ho asɛm yi.
11 Sɛnea yɛte ade hua no nso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ye. Ehua ahorow a yɛn hwene tumi te no, ɛyɛ ɔpepem bebree. Ebi ne sɛ, sɛ obi renoa aduan a yɛpɛ paa a, yetumi te ne hua. Yɛte nhwiren hua, yɛnam kwae mu a, nhaban a atetew agu fam no, yɛte ne hua, na yɛreto gya nso a, wusiw a efi mu ba no, yetumi te ne pampan. Ɛno da nkyɛn a, Yehowa bɔɔ yɛn kwan bi so a, sɛ yɛte sɛ mframa bi rebɔ fa yɛn ho, yetumi te sɛ ɛyɛ dɛ. Afei nso, sɛ yɛn dɔfo bi bam yɛn a, yenya atenka bi; ɛma yehu sɛ ɔdɔ yɛn. Ɛnyɛ ɛno nko ara, sɛ wofa aduaba bi to wo nsam a, wutumi hu sɛ ɛho yɛ tromtrom, na sɛ wode wo se si mu a, wutumi te ne dɛ. Sɛ aduaba no mu nsu ka wo tɛkrɛma so a, wutumi te ne hua ne nnuannuru a ɛwom no nyinaa. Wei nyinaa ma yehu sɛ, sɛ Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo papayɛ dɔɔso sɛ! Wode asie ama wɔn a wosuro wo no” a, edi ka. (Dwom 31:19) Wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔbɛn no no, ɔwɔ nneɛma pii ma wɔn. Ebi ne dɛn?
Yehowa Ama Yɛn Nneɛma Pa a Yebenya So Mfaso Afebɔɔ
12. Akyɛde bɛn na Yehowa de ama yɛn a ɛsom bo koraa sen aduan? Adɛn ntia?
12 Yesu kaa sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.’” (Mateo 4:4) Yehowa nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛso wɔ mfaso koraa sen aduan a yedi. Efisɛ ebetumi ama yɛanya daa nkwa. Ti 8 no mu no, yehui sɛ awiei mmere yi mu no, Yehowa de ne tumi reboa nkurɔfo ama wɔasom no, na wama nokware som so bio. Afei nso, ɔde ne nkurɔfo nyinaa aba honhom fam paradise no mu. Ade titiriw a ɛwɔ honhom fam paradise no mu ne sɛ, Yehowa ama yɛn honhom fam aduan bebree ama no abu yɛn so.
13, 14. (a) Odiyifo Hesekiel nyaa oyikyerɛ bi. Dɛn na ohui, na nea ohui no fa yɛn ho sɛn? (b) Nneɛma bɛn na Yehowa de ama n’asomfo anokwafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtena ase daa?
13 Odiyifo Hesekiel nyaa yikyerɛ bi. Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa sɛnea Onyankopɔn bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo ho no, oyikyerɛ a Hesekiel nyae yi ka ho. Hesekiel huu asɔrefie bi a wɔasiesie ama ayɛ fɛfɛɛfɛ, na anuonyam ahyɛ no ma. Ohui sɛ nsu bi retene fi asɔrefie hɔ; efii ase ketekete, ɛrekɔ nyinaa na ɛretrɛw, na na emu nso redɔ. Eduu baabi no, eyiri bɛyɛɛ asubɔnten kɛse. Baabi a ɛtene fae biara, ɛde nhyira baa hɔ. Afei nso, na nnua sisi asubɔnten no ho. Ná wɔbedi n’aba, na wɔde n’ahaban asa yare. Bere a asubɔnten no kɔbɔɔ Ɛpo a Awu a ɛyɛ nkyenenkyene no mu no, ɛpo no baa nkwa mu bio, na mpataa bebree nso baa mu! (Hesekiel 47:1-12) Yemmisa sɛ, na weinom nyinaa kyerɛ sɛn?
14 Asɔrefie ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, na ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛma nokware som so bio, na nkurɔfo bɛsan asom Yehowa sɛnea ɔpɛ. Hesekiel hui sɛ, asubɔnten no retene nyinaa, na emu retrɛw na na emu dɔ ara na ɛredɔ. Saa ara nso na nneɛma a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtena ase daa no, ɛbɛdɔɔso ayɛ bebree. Efi bere a Yehowa maa nokware som so bio wɔ afe 1919 mu no, ɔde nneɛma pa bebree ahyira ne nkurɔfo. Ebi ne Bible ahorow, nhoma ahorow a yɛde sua Bible, asafo nhyiam ne ɔmantam nhyiam ahorow. Weinom aboa nnipa ɔpepem pii ama wɔabehu nokware no. Yehowa afa saa nneɛma yi so akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo ama wɔahu nneɛma bi a ɔde agu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya nkwa. Nneɛma a wakyerɛkyerɛ yɛn no, nea ɛyɛ titiriw paa ne nea ɛfa Kristo agyede afɔre ho no. Yesu agyede afɔre no nti, obiara a ɔdɔ Onyankopɔn na osuro no no betumi anya ahonim pa ne anidaso sɛ obetumi atena ase daa.a Ɛwom, awiei mmere yi mu no, nkurɔfo bebree ani nnye, efisɛ wɔntie Yehowa asɛm. Nanso Yehowa nkurɔfo de, wɔn ani gye paa, efisɛ biribiara a wɔhia na ama wɔn gyidi ayɛ den na wɔabɛn Yehowa no, Yehowa de ma wɔn.—Yesaia 65:13.
15. Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yehowa papayɛ bɛtene te sɛ asubɔnten ama nnipa anokwafo. Ɔkwan bɛn so?
15 Asubɔnten a Hesekiel nyaa ho yikyerɛ no, sɛ wiase bɔne ba n’awiei mpo a, ɛbɛkɔ so ara atene. Nea ɛte ne sɛ, Kristo Mfirihyia Apem no mu no, ɛbɛkɔ so atrɛw na emu bɛdɔ mpo asen nnɛ. Sɛ saa bere no du a, mfaso a ɛwɔ Yesu agyede afɔre no so no, Yehowa bɛma yɛn nsa aka ne nyinaa, na nkakrankakra ɔbɛboa nnipa anokwafo ama bɔne afi wɔn ho ama wɔakɔ pɛyɛ mu. Saa bere no, yɛn ani begye ankasa, efisɛ yebehu Yehowa papayɛ, na yebehu sɛ oye!
Suban Ahorow a Yehowa Papayɛ Nti Ɔda No Adi
16. Bible no ma yehu sɛ Yehowa papayɛ nti, oyi suban afoforo bi adi. Ebi ne dɛn?
16 Sɛ yɛka sɛ Yehowa ye, anaa yɛreka ne papayɛ ho asɛm a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ oyi ne yam kyɛ ade kɛkɛ. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Metwam wɔ w’anim, na mɛma woahu me papayɛ nyinaa, na mɛbɔ me din Yehowa no wɔ w’anim.” Akyiri yi, kyerɛwnsɛm no kaa sɛ: “Yehowa betwaam wɔ n’anim kae sɛ: ‘Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso.’” (Exodus 33:19; 34:6) Wei ma yehu sɛ suban afoforo a ɛyɛ fɛ wɔ hɔ a Yehowa papayɛ nti, ɛyɛ a oyi no adi. Ma yɛnhwɛ emu mmienu pɛ.
17. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ ɔdomfo a, ɛkyerɛ sɛn? Dɛn na Yehowa ayɛ ama nnipa abɔnefo a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔdomfo?
17 “Ɔdomfo.” Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ɔdomfo no, wɔtumi kyerɛ ase nso sɛ “ayamhyehye.” Saa suban yi ma yehu sɛ, sɛ Yehowa ne afoforo redi nsɛm a, onya wɔn ho abotare, na ɛma wɔtumi bɛn no. Wɔn a wɔwɔ tumi no bi wɔ hɔ a, wɔpoopoo wɔn ani agu afoforo so, wɔyɛ afoforo kai-kai, wɔyɛ katee, na wɔyɛ kankabi. Yehowa wɔ tumi sen obiara, nanso ɔno de ɔnte saa. Mmom ɔyɛ yɛn brɛbrɛ, na ɔyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ odwen yɛn ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafo, apuei ne atɔe.” (Genesis 13:14) Bible nkyerɛase bebree wɔ hɔ a, wɔayi asɛm “mesrɛ wo” no afi kyerɛwsɛm yi mu. Nanso Bible abenfo bi ka sɛ, sɛ wohwɛ tete Hebri nsaano nkyerɛwee a wɔhwɛɛ so kyerɛɛ Bible no ase no mu a, ɛda adi sɛ nsɛm a Onyankopɔn kae no, na ɛnyɛ nhyɛ. Mmom na ɔredi Abraham ni, na na ɔresrɛ no sɛ ɔnyɛ biribi. Ɛnyɛ saa kyerɛwsɛm yi nko ara; wohwɛ Bible no mu a, wubehu nhwɛso afoforo a Yehowa de asɛm “mesrɛ wo” dii dwuma. (Genesis 31:12; Hesekiel 8:5) Wo de, dwen ho hwɛ sɛ amansan Hene no ne nnipa a wɔnsɛ hwee rekasa, na ɔreka sɛ “mesrɛ wo.” Wiase a yɛte mu yi, nnipa bebree mmu ade, wɔn tirim yɛ den, na wɔyɛ aniammɔnho, nanso sɛ yedwinnwen sɛnea yɛn Nyankopɔn Yehowa dwen yɛn ho na ɔbrɛ ne ho ase no a, ɛka yɛn koma paa.
18. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa “nokware dɔɔso,” na awerɛhyem bɛn na saa asɛm no ma yenya?
18 “Ne nokwaredi dɔɔso.” Wiase a yɛte mu nnɛ yi, nnipa pii nka nokware; wɔafura atoro sɛ ntama. Nanso, Bible no kae yɛn sɛ: “Onyankopɔn nyɛ onipa dasani na wadi atoro.” (Numeri 23:19) Sɛ wohwɛ Tito 1:2 mpo a, ɛka sɛ ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ Onyankopɔn de, ne papayɛ nti, ontumi nni atoro. Wei nti, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ ɛbɔ biara a Yehowa ahyɛ no, obedi so. Afei nso, sɛ ɔka sɛ ɔbɛyɛ biribi a, sɛnea ɛte biara ɔbɛyɛ. Bible no mpo frɛ Yehowa “nokware Nyankopɔn.” (Dwom 31:5) Ɛnyɛ sɛ onni atoro kɛkɛ, na mmom ɔyɛ ɔnokwafo ankasa. Ɔnyɛ katasomuamuaso, ɔmfa nsɛm nsie, na sɛ nokware bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔka a, ɔka. Ɛno da nkyɛn a, nyansa bebrebe a ɔwɔ no, oyi ne yam yi no adi kyerɛ n’asomfo anokwafo.b Ɔmfa nso hɔ ara; ɔma n’asomfo hu nokware no, na ɔsan kyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔde nokware no bɛbɔ wɔn bra, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ‘akɔ so anantew nokware no mu.’ (3 Yohane 3) Enti yemmisa sɛ, sɛ yɛhwɛ Yehowa papayɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn mu biara ma yɛyɛ?
‘Di Yehowa Papayɛ Ho Ahurusi’
19, 20. (a) Ɛdɛn na Satan yɛe a ɛmaa Hawa nyaa adwene sɛ Yehowa nyɛ papa na ne tirim yɛ den, na dɛn na akɔfa aba? (b) Sɛ yedwinnwen Yehowa papayɛ ho a, ɛma yɛte nka sɛn, na adɛn ntia?
19 Bere a Satan sɔɔ Hawa hwɛe wɔ Eden turo no mu no, ɔkekaa nsɛm bi a ɛbɛma Hawa anya adwene sɛ Yehowa nyɛ papa na ne tirim yɛ den. Ná Yehowa aka akyerɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa wutumi di nea wopɛ biara.” Yehowa maa wɔn nnua mpempem pii a wɔbetumi adi so aba; dua baako bi pɛ na ɔhyɛɛ da ka kyerɛɛ wɔn sɛ, mma wɔnnni. Nanso, hwɛ asɛm a Satan bisaa Hawa. Obisaa no sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn aka sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?” (Genesis 2:9, 16; 3:1) Enti nsɛm a Yehowa kae no, Satan kyinkyim no sɛnea ɛbɛyɛ a Hawa benya adwene sɛ Yehowa de biribi papa bi resie wɔn. Awerɛhosɛm ne sɛ, Hawa gyee Satan dii. Enti ɛmfa ho sɛ na Onyankopɔn ama wɔn nneɛma papa bebree no, Hawa fii ase nyaa adwene sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den. Efi saa bere no reba no, mmarima ne mmea bebree anya saa adwene no bi; wɔn adwene ne sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den.
20 Yehowa ho adwene a ɛmfata a Hawa nyae a nnipa bebree nso abenya no, yɛahu ɛyaw ne amanehunu bebree a akɔfa aba. Enti mommma yɛn werɛ mmfi asɛm a ɛwɔ Yeremia 31:12 no. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Wɔbedi Yehowa papayɛ ho ahurusi.’ Ampa, ɛsɛ sɛ Yehowa papayɛ ma yedi ahurusi anaa ɛma yɛn ani gye ankasa. Ɛnsɛ sɛ yedwen adwemmɔne ma Onyankopɔn da, efisɛ ne papayɛ nni ano. Yebetumi de yɛn ho ato ne so koraa, efisɛ wɔn a wɔdɔ no no, ɔpɛ sɛ esi wɔn yiye.
21, 22. (a) Nneɛma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ de kyerɛ sɛ w’ani sɔ Yehowa papayɛ a wada no adi akyerɛ wo no? (b) Yehowa suban bɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛ soronko wɔ papayɛ ho?
21 Sɛ yenya hokwan ka Onyankopɔn papayɛ ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛma yɛn ani gye. Bere a Dwom 145:7 reka Yehowa nkurɔfo ho asɛm no, ɛkaa sɛ: “Wɔkae wo papayɛ bebrebe no a, wɔbɛka ho asɛm pii.” Da biara, yenya Yehowa papayɛ so mfaso, anaa yɛbɛka a ɔyɛ biribi ma yɛn de kyerɛ sɛ oye. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, da biara hwehwɛ nneɛma pɔtee a Yehowa ayɛ ama wo, na da no ase wɔ ho. Sɛ yɛkɔ so ara dwinnwen Yehowa papayɛ ho, yɛda n’ase wɔ ho da biara, na yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛbɛboa ama yɛasuasua yɛn Nyankopɔn a oye no. Sɛ yesuasua Yehowa, na yɛn nso yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ nkurɔfo papa a, ɛbɛma yɛabɛn Yehowa paa. Ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no kyerɛwee sɛ: “Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Onyankopɔn.”—3 Yohane 11.
22 Yehowa papayɛ ne ne suban afoforo bi na ɛkɔ. Baako ne sɛ Onyankopɔn “dɔ a enni huammɔ nni ano.” (Exodus 34:6) Yehowa dɔ a enni huammɔ no de, ɛda mu fua; ɛyɛ soronko koraa wɔ ne papayɛ ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛno de, n’asomfo anokwafo nko ara na oyi no adi kyerɛ wɔn. Ti a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea oyi saa suban no adi.
a Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama yɛn a ɛma yehu sɛ oye no, agyede no ne ne kɛse paa. Abɔfo mpempem a wɔgu soro no nyinaa, Yehowa anyi wɔn mu biara sɛ ommewu mma yɛn, sɛ ne Dɔba a ɔwoo no koro no.
b Mpɛn pii no, sɛ Bible no reka nokware ho asɛm a, ɛde toto hann ho. Odwontofo no too dwom bi sɛ: “Soma wo hann ne wo nokware.” (Dwom 43:3) Wɔn a wɔpɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn no, ɔma wɔhu ne hann anaa ɔma nokware no bu wɔn so.—2 Korintofo 4:6; 1 Yohane 1:5.
-
-
“Wo Nko Ara Ne Ɔnokwafo”Bɛn Yehowa
-
-
TI 28
“Wo Nko Ara Ne Ɔnokwafo”
1, 2. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ na huammɔdi nyɛ ade foforo mma Ɔhene Dawid?
NÁ HUAMMƆDI nyɛ ade foforo mma Ɔhene Dawid. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere bi, ɔno ara ne manfo yɛe sɛ wɔbetu no ade so. Ɛno da nkyɛn a, wɔn a wɔdii no huammɔ no bi wɔ hɔ a, na ɔne wɔn na ɛbɔ kosua tafere. Wo de hwɛ Dawid yere a odi kan Mikal sei. Ahyɛase no, na ‘ɔpɛ Dawid,’ na akyinnye biara nni ho sɛ ɔyɛɛ nea obetumi biara taa Dawid akyi ma ɔyɛɛ n’adwuma sɛ ɔhene. Nanso akyiri yi, “obuu ɔhene animtiaa wɔ ne komam,” na mpo ɔkaa sɛ ɔte sɛ “mmarima ahuhufo no bi.”—1 Samuel 18:20; 2 Samuel 6:16, 20.
2 Dawid fotufo Ahitofel nso dii no huammɔ. Ná nkurɔfo bu Ahitofel paa, enti otu fo a, na wɔfa no sɛ efi Yehowa hɔ tẽẽ. (2 Samuel 16:23) Ná ɔyɛ Dawid yɔnko berɛbo a ɔne no ka tirimsɛm, nanso eduu baabi no, ɔde ne ho kɔbɔɔ nkurɔfo ma wɔsɔre tiaa Dawid. Nkurɔfo a wɔsɔre tiaa Dawid no, hena na na ɔda ano? Ɛnyɛ obiara sɛ Dawid ankasa ba Absalom! Ná Absalom yɛ odifudepɛfo, enti ɔde adɛfɛdɛfɛsɛm “wiaa Israel mmarima koma,” na ɔno ara sii ne ho hene bere a na ne papa Dawid da so ara di ade. Nkurɔfo bebree de wɔn ho kɔbɔɔ Absalom sɔre tiaa Dawid. Wei nti, eduu baabi no, na ɛsɛ sɛ Dawid guan pere ne nkwa.—2 Samuel 15:1-6, 12-17.
3. Ahotoso bɛn na na Dawid wɔ?
3 Obiara nni hɔ a odii Dawid nokware anaa? Bere a Dawid refa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi nyinaa mu no, na onim sɛ obi wɔ hɔ a ɔno de, ɔrenni no huammɔ da. Ɛyɛ hena? Ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn. Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Nea ɔyɛ ɔnokwafo no, wo nso wubedi no nokware.” (2 Samuel 22:26) Dɛn ne nokwaredi, na dɛn nti na Yehowa yɛ ɔnokwafo sen obiara?
Dɛn Ne Nokwaredi?
4, 5. (a) Sɛ yɛka sɛ obi di ne yɔnko nokware a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Obi a ɔyɛ ɔnokwafo no nyɛ obi a yebetumi de yɛn ho ato no so kɛkɛ. Adɛn ntia?
4 Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, sɛ yɛka sɛ “obi di obi nokware” a, ɛkyerɛ sɛ onii no dɔ ne yɔnko no, na ɔde ne ho abata no denneennen; ɔntwe ne ho. Mmom ɔkɔ so yɛ nea obetumi biara boa no. Ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa nti na ɔyɛ, mmom ɔdɔ a ɔwɔ ma ne yɔnko no nti na ɔyɛ saa.a Enti sɛ yɛka sɛ obi yɛ ɔnokwafo a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ obi a yebetumi de yɛn ho ato no so kɛkɛ; ɛkɔ akyiri sen saa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, odwontofo no kaa sɛ ɔsram no yɛ “ɔdansefo nokwafo a ɛwɔ wim,” efisɛ anadwo biara epue. (Dwom 89:37) Enti ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ ɔsram no yɛ ɔnokwafo anaa enni huammɔ. Nanso sɛ yɛka sɛ ɔsram yɛ ɔnokwafo a, ɛwɔ nea ɛkyerɛ, ɛnna sɛ yɛka sɛ onipa bi yɛ ɔnokwafo a, ɛno nso wɔ nea ɛkyerɛ. Adɛn ntia? Efisɛ ɔsram nni dɔ.
Wɔfrɛ ɔsram no ɔdansefo nokwafo, nanso nnipa ne abɔfo nko ara na wɔbetumi adi nokware de akyerɛ sɛ wɔsuasua sɛnea Yehowa yɛ nokwafo no
5 Sɛ yɛka sɛ obi di ne yɔnko nokware a, wɔ Bible mu no, ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ ne yɔnko no asɛm. Ɛsan nso kyerɛ sɛ ayɔnkofa da wɔn mmienu ntam. Saa nokwaredi no nsesa; nsu mu oo, awia mu oo, nea ɛte ara na ɛte. Ɛnte sɛ ɛpo asorɔkye a mframa tumi bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ no. Obi yɛ ɔnokwafo anaa ɔwɔ ɔdɔ a enni huammɔ a, ɔhaw biara nni hɔ a ɛbɛma wasesa n’adwene, anaa ɛbɛma wadan n’akyi akyerɛ ne yɔnko no.
6. (a) Ɛdɛn na ɛma yehu sɛ nnɛ nnipa pii nni nokware, na dɛn na Bible no ka fa ho? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte nokwaredi ase paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?
6 Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ nokwaredi a ɛte saa ho yɛ na. Seesei ayɔnkofo bebree wɔ hɔ a, “obiara nya ne yɔnko a, ɔremfa ne ho nkyɛ no.” Ɛba aware mu nso a, ɛnnɛ wobɛte na ɔbarima bi agyaa ne yere, ɔkyena wobɛte na ɔbea bi nso asesaw ne nneɛma afi aware ase. (Mmebusɛm 18:24; Malaki 2:14-16) Ɛnnɛ nnipa a wɔnni nokware abu so ara ma asɛm a odiyifo Mika kae no, anhwɛ a ɛno ara bi na yɛbɛka. Ɔkaa sɛ: “Ɔnokwafo ayera afi asaase so.” (Mika 7:2) Nanso Yehowa de, ɔnte sɛ nnipa. Ne nokwaredi da adi wɔ biribiara mu. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea nokwaredi kyerɛ paa a, yɛnhwɛ sɛnea Yehowa da saa suban no adi, efisɛ nokwaredi yɛ ɔkwan baako a ɔfa so kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ.
Obiara Nni Hɔ a Ɔyɛ Ɔnokwafo Te Sɛ Yehowa
7, 8. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa nko ara na ɔyɛ ɔnokwafo?
7 Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo nko ara ne ɔnokwafo.” (Adiyisɛm 15:4) Ebia saa asɛm yi nti, obi bebisa sɛ, enti ɔbɔfo anaa onipa biara nni hɔ a wakyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo anaa? (Hiob 1:1; Adiyisɛm 4:8) Na Yesu Kristo nso ɛ? Ɛnyɛ ɔno na Bible ka ne ho asɛm sɛ, yɛka wɔn a ‘wɔdi nokware ma Onyankopɔn’ a, ɔno ne wɔn mu hene no? (Dwom 16:10) Ɛnde adɛn nti na Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔno nko ara ne ɔnokwafo?
8 Nea edi kan koraa no, nneɛma a obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ no, emu baako ne nokwaredi. Na sɛ yɛreka obi a ɔwɔ ɔdɔ paa nso a, ɔne Yehowa. Bible no mpo ka sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” Enti worepɛ obi a ɔyɛ ɔnokwafo paa a, ɛyɛ Yehowa. (1 Yohane 4:8) Ɛwom, suban ahorow a ɛyɛ fɛ a Yehowa wɔ no, abɔfo ne nnipa tumi da bi adi. Nanso sɛnea Yehowa yɛ ɔnokwafo no, obiara ne no nsɛ. Ɛno da nkyɛn a, esiane sɛ “Ne Nna Akyɛ” nti, abɔde biara nni ɔsoro anaa asaase so a ɔde bere tenten akyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo sen Yehowa. (Daniel 7:9) Enti worepɛ obi a ɔyɛ nokwaredi ho nhwɛso paa a, Yehowa akyi no, obiara nni hɔ. Obiara nni amansan mu a obetumi ada nokwaredi adi sɛnea Yehowa yɛ no. Momma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo.
9. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ‘di nokware wɔ biribiara a ɔyɛ mu’?
9 Yehowa ‘di nokware wɔ biribiara a ɔyɛ mu.’ (Dwom 145:17) Adɛn nti na yɛreka saa? Dwom 136 ma yenya ho mmuae. Sɛ yɛkan saa kyerɛwnsɛm no a, ɛma yehu nneɛma akɛseakɛse a Yehowa yɛ de gyee n’asomfo. Ebi ne sɛnea ɔde Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no de gyee wɔn no. Nkyekyɛm biara a ɛwɔ saa kyerɛwnsɛm no mu reba awiei a, wubehu sɛ ɔde nsɛm pɔtee bi wie. Ɛne sɛ: “Ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” Wubetumi akenkan saa dwom yi mu nsɛm wɔ “Nsɛmmisa a Yɛde Dwinnwen Nneɛma Ho” a ɛwɔ kratafa 289 no. Sɛ worekenkan na wuhu sɛnea Yehowa faa akwannuasa nyinaa so yii ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ ne nkurɔfo no a, ɛbɛyɛ wo nwanwa, na ɛbɛka wo koma paa. Sɛ Yehowa asomfo anokwafo su frɛ no sɛ ɔmmoa wɔn a, otie na otu ho anammɔn wɔ bere pa mu. Ɔyɛ saa de yi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn. (Dwom 34:6) Wɔn a wɔkɔ so di Yehowa nokware no, Yehowa nso bɛkɔ so ayi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn.
10. Ɔkwan bɛn so na mmara a Yehowa de ama yɛn a ɛfa papa ne bɔne ho no ma yehu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo?
10 Afei nso, nea Yehowa yɛ de di n’asomfo nokware ne sɛ, papa ne bɔne ho mmara a wɔahyehyɛ no, ɔnsesa no. Yehowa nte sɛ nnipa. Nnipa de, ɛnnɛ wɔbɛka sɛ biribi ye, ɔkyena wɔse enye. Ɛtɔ da a nso a, sɛnea wɔte nka no, ɛno na wɔgyina so sisi gyinae. Yehowa de, ɔka sɛ biribi yɛ papa a, ɛyɛ papa, ɛyɛ bɔne a ɛyɛ bɔne; ɔnsesa n’adwene wɔ ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, efi teteete besi nnɛ, sɛnea Yehowa hu ahonhonsɛmdi, abosonsom, ne awudisɛm no nsesae. Ɔmaa ne diyifo Yesaia kaa sɛ: “Enkosi wo mpanyinyɛ mu no, mete sɛnea mete.” (Yesaia 46:4) Wei nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde Onyankopɔn mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no bɔ yɛn bra a, yɛn ara na yebenya so mfaso.—Yesaia 48:17-19.
11. Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyɛ bɔ a odi so pɛpɛɛpɛ.
11 Biribi foforo a Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo ne sɛ, ɔhyɛ bɔ a, odi so pɛpɛɛpɛ. Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɛba mu. Enti Yehowa kaa sɛ: ‘M’asɛm a efi m’anom rensan mma me nkyɛn kwa. Mmom, sɛnea ɛte biara, ɛbɛyɛ nea mepɛ, na nea ɛbɛyɛ biara, ebewie nea enti a mesomaa no no.’ (Yesaia 55:11) Sɛnea Yehowa di ne bɔhyɛ so no ma yehu sɛ, ɔyɛ ɔnokwafo na oyi ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ ne nkurɔfo. Yehowa renhyɛ ne nkurɔfo bɔ bi a onim sɛ ɔrenyɛ mma wɔn. Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo a yebetumi de yɛn ho ato ne so. Wei nti ne somfo Yosua kaa sɛ: “Nneɛma pa a Yehowa de hyɛɛ Israelfo bɔ no nyinaa, baako mpo anka mu; ne nyinaa baa mu.” (Yosua 21:45) Yebetumi anya ahotoso paa sɛ, ɛbɔ biara a Yehowa ahyɛ yɛn no, obedi so; ɔremma yɛn nsa nsi fam da.—Yesaia 49:23; Romafo 5:5.
12, 13. Nneɛma bɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ne dɔ nni huammɔ, na ɛwɔ hɔ daa?
12 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Bible ma yehu sɛ Yehowa dɔ “nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.” (Dwom 136:1) Ɔkwan bɛn so? Baako ne sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no. Sɛnea yehui wɔ Ti 26 mu no, sɛ obi yɛ bɔne na sɛ Yehowa de kyɛ no a, na ɔde akyɛ no; ɔnsan nkɔfa ho asɛm mma bio ntwe n’aso wɔ ho. Esiane sɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na yentumi nna Onyankopɔn anuonyam adi’ nti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara da Yehowa ase sɛ ne dɔ nni huammɔ, na ɛwɔ hɔ daa.—Romafo 3:23.
13 Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a Yehowa yɛ a ɛkyerɛ sɛ ne dɔ nni huammɔ na ɛwɔ hɔ daa. N’Asɛm no ka sɛ ɔtreneeni ‘bɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsu ho; ɛsow aba wɔ ne bere mu, na n’ahaban remporow, na nea ɔyɛ biara bewie yiye.’ (Dwom 1:3) Wo de, twa dua bi a esi hɔ a ayɛ frɔmfrɔm a n’ahaban mporow ho mfoni hwɛ. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no na yɛasua a, yebenyin akyɛ, yɛn asom bedwo yɛn, na yɛbɛsow aba pa. Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo na oyi ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ n’asomfo nti, nhyira a ɔde ma wɔn no, ɛto ntwa da. Daakye, wiase foforo a Yehowa de bɛba no, nnipa a wɔteɛ na wɔyɛ aso tie no no benya ne dɔ a enni huammɔ no so mfaso afebɔɔ.—Adiyisɛm 21:3, 4.
Yehowa ‘Rennyaw N’anokwafo’
14. Sɛ Yehowa asomfo di no nokware a, ɛyɛ a ɔte nka sɛn?
14 Efi teteete besi nnɛ, Yehowa ayɛ nneɛma pii a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Ade baako a ɛwɔ ne ho ne sɛ, ɔnsesa, ɛno nti ɔbɛkɔ so ara adi n’asomfo nokware. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Ná meyɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu sɛ Onyankopɔn apo ɔtreneeni anaasɛ n’asefo srɛsrɛ aduan. Efisɛ Yehowa dɔ atɛntrenee, na ɔrennyaw n’anokwafo.” (Dwom 37:25, 28) Ɛwom Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, enti ɔfata sɛ yɛsom no. (Adiyisɛm 4:11) Nanso esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo nti, sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yedi no nokware a, ɛyɛ a n’ani sɔ paa.—Malaki 3:16, 17.
15. Sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii no ma yehu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo na ne dɔ nni huammɔ. Kyerɛkyerɛ mu.
15 Esiane sɛ Yehowa dɔ nni huammɔ nti, bere biara a n’asomfo behyia ɔhaw anaa wɔbɛkɔ ahokyere mu no, ɔyɛ biribi de boa wɔn. Odwontofo no ma yehu sɛ: “Ɔwɛn n’anokwafo; ogye wɔn fi nnebɔneyɛfo nsam.” (Dwom 97:10) Ma yɛmfa sɛnea ɔne Israel man no dii no nyɛ nhwɛso. Bere a Yehowa faa anwanwakwan so gyee Israelfo no wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu wiei no, wɔtoo dwom sɛ: “Wo dɔ a enni huammɔ nti, wudii ɔman a woagye wɔn no anim.” (Exodus 15:13) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa dɔ a enni huammɔ nti na ogyee Israelfo no fii Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Wei nti, Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sen aman a aka nyinaa nti na Yehowa pɛ mo asɛm na wapaw mo, efisɛ yɛreka paa a, mo na na musua koraa wɔ aman nyinaa mu. Mmom, nea enti a Yehowa de nsa a ɛyɛ den yii mo fii nkoafi, na ogyee mo fii Egypt hene Farao nsam ne sɛ, Yehowa dɔ mo na ɔpɛ sɛ odi ntam a ɔkaa mo agyanom no so.”—Deuteronomium 7:7, 8.
16, 17. (a) Ɔdɔ a enni huammɔ a Yehowa yii no adi kyerɛɛ Israelfo no, dɛn na wɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔankyerɛ ho anisɔ koraa? Nanso dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn? (b) Dɛn na Israelfo no bebree yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔrentumi ‘nnya ayaresa bio?’ Nea ɛtoo wɔn no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
16 Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔdɔ a enni huammɔ a Yehowa yii no adi kyerɛɛ Israelfo no, wɔn mu bebree ankyerɛ ho anisɔ. Efisɛ bere a ogyee wɔn akyi no, “wɔkɔɔ so yɛɛ no bɔne, na wɔtew atua tiaa Ɔsorosoroni no wɔ sare no so.” (Dwom 78:17) Ɛno akyi no, Israelfo no yɛɛ asoɔden mpɛn pii. Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ Yehowa kɔsom atoro anyame na wɔyɛɛ abosonsom amanne ahorow a ɛyɛ tan mfe pii. Wei sɛee wɔne Yehowa ntam pɔtɔɔ. Nanso wei nyinaa akyi no, apam a na Yehowa ne Israelfo no ayɛ no, wantwam. Mmom, ɔnam ne diyifo Yeremia so srɛɛ ne nkurɔfo no sɛ: “San bra, O ɔkobɔfo Israel . . . Meremmuna nkyerɛ mo, efisɛ meyɛ ɔnokwafo.” (Yeremia 3:12) Nanso, sɛnea yehui wɔ Ti 25 no, Israelfo no bebree bubuu nnua guu wɔn asom; wɔansesa wɔn abrabɔ. “Wɔkɔɔ so goruu nokware Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtiaa, na wodii n’adiyifo no ho fɛw.” Nea wɔyɛe no, dɛn na efii mu bae? Awiei koraa no, “Yehowa abufuw baa ne man so, kosii sɛ wɔannya ayaresa bio.”—2 Beresosɛm 36:15, 16.
17 Nea Israelfo no yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛwom sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo na ɔdɔ n’asomfo paa, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔsosɔ nneɛma bɔne so anaa obi betumi adaadaa no. Ɛyɛ nokware, Yehowa “dɔ a enni huammɔ nni ano.” Afei nso sɛ ɔbɔnefo bi yɛ biribi de kyerɛ sɛ wanu ne ho ampa a, ohu no mmɔbɔ de ne bɔne kyɛ no. Nanso, sɛ ɔbɔnefo bi sen ne kɔn na ɔyɛ n’adwene sɛ ɔrensesa n’akwan a, dɛn na Yehowa yɛ? Ɛba saa a, ne mmara a ɛteɛ a wahyehyɛ no, obedi so na watwe ɔbɔnefo no aso. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Mose no, “ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni da.”—Exodus 34:6, 7.
18, 19. (a) Asotwe a Yehowa de bɛba abɔnefo so no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Adɛn nti na yɛreka saa? (b) Yehowa asomfo a wɔn nokwaredi nti wɔatan wɔn ani ama wɔahwere wɔn nkwa no, sɛn na Yehowa beyi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn?
18 Asotwe a Onyankopɔn de ba abɔnefo so no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Adɛn nti na yɛreka saa? Adiyisɛm nhoma no ma yehu nea enti a ɛte saa. Ɛhɔ no, Yehowa de ahyɛde maa abɔfo nson bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, na munkohwie nea ɛwɔ Onyankopɔn abufuw nkankyee ason no mu no ngu asaase so.” Bere a ɔbɔfo a ɔto so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no “guu nsubɔnten ne nsuti mu” no, ɛdan mogya. Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ, Ɔnokwafo, woteɛ, esiane atɛn a woabu yi nti, efisɛ wohwiee akronkronfo ne adiyifo mogya gui, na woama wɔn mogya anom; nea ɛfata wɔn na wɔanya no.”—Adiyisɛm 16:1-6.
19 Nsɛm a ɔbɔfo no de too gua no, na ɛyɛ atemmusɛm. Nanso sɛ wohyɛɛ no nsow a, ɔkaa sɛ Yehowa yɛ “Ɔnokwafo.” Adɛn ntia? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ Yehowa sɛe abɔnefo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo anaa wayi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ n’asomfo. N’asomfo bebree wɔ hɔ a, nkurɔfo atan wɔn ani ara ama ebinom mpo ahwere wɔn nkwa. Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo nti, ne werɛ remfi n’asomfo anokwafo a wɔakunkum wɔn yi; ɔbɛkɔ so ara akae wɔn. N’ani agyina wɔn na ɔrehwɛ kwan denneennen sɛ ɔbɛsan ahu wɔn bio. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma wɔn akatua; ɛne sɛ obenyan wɔn aba nkwa mu bio. (Hiob 14:14, 15) Sɛ Yehowa somfo nokwafo bi wu a, ɛno nkyerɛ sɛ ne werɛ afi no. Mmom n’ani so de, “wɔn nyinaa te ase.” (Luka 20:37, 38) Sɛnea Yehowa abɔ ne tirim sɛ wɔn a wɔawuwu a wɔwɔ ne nkae mu nyinaa, obenyan wɔn aba nkwa mu bio no, ɛyɛ adanse kɛse paa a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo na ne dɔ nni huammɔ.
Yehowa nokwaredi nti, ɔbɛkae wɔn a wɔadi nokware akodu owu mu no na wanyan wɔn
Nasifo kum Bernard Luimes (atifi) ne Wolfgang Kusserow (mfinimfini)
Amammui kuw bi wɔɔ Moses Nyamussua peaw kum no
Yehowa Dɔ a Enni Huammɔ Abue Kwan Sɛ Yebenya Daa Nkwa
20. Henanom ne “mmɔborɔhunu annwene” no, na sɛn na Yehowa ayi ne dɔ a enni huammɔ no adi akyerɛ wɔn?
20 Efi teteete besi nnɛ, Yehowa ayi ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ nnipa anokwafo. Nea ɛwom ne sɛ, Yehowa ‘anya abufuw anwenne a wɔasiesie ama ɔsɛe no ho abotare’ mfe bebree ni. Adɛn ntia? “Ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda n’anuonyam kɛse adi akyerɛ mmɔborɔhunu anwenne a wadi kan asiesie sɛ ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam.” (Romafo 9:22, 23) Henanom ne “mmɔborɔhunu anwenne” no? Ɛyɛ Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ n’Ahenni mu no. (Mateo 19:28) Nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a ɔde begye mmɔborɔhunu annwene no nkwa no, ɛkyerɛ sɛ wadi Abraham nokware. Ɔhyɛɛ Abraham bɔ sɛ: “Ɛnam w’aseni so na asaase so aman nyinaa benya nhyira, efisɛ woatie me nne.”—Genesis 22:18.
Esiane Yehowa nokwaredi nti, n’asomfo anokwafo nyinaa wɔ anidaso sɛ daakye papa bi da wɔn anim
21. (a) “Nnipakuw kɛse” a wɔbenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no, sɛn na Yehowa beyi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn? (b) Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa nokwaredi ka wo ma woyɛ?
21 “Nnipakuw kɛse” a wɔbenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu na wɔatena ase daa wɔ paradise asaase so no, Yehowa beyi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wɔn. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Ɛwom sɛ bɔne wɔ wɔn ho de, nanso ne dɔ a enni huammɔ no nti, ɔde akwannya no bɛma wɔn sɛ wɔntena ase daa wɔ paradise. Ɔbɛyɛ no sɛn? Ɔnam agyede no so na ɛbɛyɛ saa. Agyede no ne ade kɛse paa a Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ a enni huammɔ. (Yohane 3:16; Romafo 5:8) Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo na ɔwɔ ɔdɔ nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ no ani gye ho sɛ wɔbɛbɛn no. (Yeremia 31:3) Sɛ wohwɛ sɛnea Yehowa yɛ ɔnokwafo ne sɛnea obeyi ne dɔ a enni huammɔ adi akyerɛ yɛn daakye no a, ɛma wote nka sɛn? Momma yɛnyere yɛn ho paa sɛ yebedi Onyankopɔn nokware, na yɛasom no. Wei bɛkyerɛ sɛ, Yehowa dɔ a enni huammɔ a oyi n’adi kyerɛ yɛn no, yɛn ani sɔ, na ɛbɛma yɛabɛn no paa.
a Wunim biribi? Asɛmfua a wɔakyerɛ ase “nokware” wɔ 2 Samuel 22:26 no, wɔakyerɛ ase “ɔdɔ a enni huammɔ” wɔ kyerɛwnsɛm foforo mu.
-
-
“Moahu Kristo Dɔ” No”Bɛn Yehowa
-
-
TI 29
“Moahu Kristo Dɔ” No
1-3. (a) Ɛdɛn na ɛmaa Yesu ani gyee ho sɛ obesuasua n’Agya? (b) Nneɛma a Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ no, emu nea ɛwɔ he na yɛrebesusuw ho?
WOAHU abarimaa bi a ɔrebɔ mmɔden sɛ obesuasua ne papa pɛn? Ebia sɛnea ne papa nantew, ɔkasa, anaa sɛnea ɔyɛ n’ade no, wubehu sɛ ɔno nso reyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Ɛbɛyɛ kakra wobɛhwɛ no, adwene a ne papa wɔ wɔ papa ne bɔne ho no, na ɔno nso anya bi. Afei nso, gyidi a ne papa wɔ anaa ɔsom a ɔwom no, wobɛhwɛ na ɔno nso di akyi. Enti sɛ abofra bi hu sɛ ne papa pɛ n’asɛm a, ɛma ɔno nso nya ɔdɔ ne obu ma ne papa, na ɛno na ɛma n’ani gye ho sɛ obesuasua ne papa.
2 Yesu nso ɛ, sɛn na ɔte nka wɔ n’Agya a ɔwɔ soro no ho? Bere bi Yesu kaa sɛ: “Medɔ Agya no.” (Yohane 14:31) Obiara nni hɔ a obetumi adɔ Yehowa asen sɛnea ne Ba Yesu dɔ no no, efisɛ ɔne ne papa tenae mfe mpempem pii ansa na wɔrebɔ biribi foforo biara. Ɔdɔ a Yesu wɔ ma ne Papa no na ɛma n’ani gye ho sɛ obesuasua no.—Yohane 14:9.
3 Nhoma yi mu no, yɛadi kan asua sɛ, Yesu suasuaa Yehowa nyansa, sɛnea ɔde ne tumi yɛ adwuma, ne sɛnea obu atɛntrenee no pɛpɛɛpɛ. Ɛnde yemmisa sɛ, sɛn na Yesu suasuaa ɔdɔ a n’Agya wɔ no? Yɛrebɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ. Baako, na otu ne ho ma boa afoforo. Mmienu, na ɔwɔ ayamhyehye ma nnipa. Mmiɛnsa, na oyi ne yam de bɔne kyɛ.
“Obiara Nni Hɔ a Ɔwɔ Ɔdɔ Kyɛn” Wei
4. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ sen onipa biara wɔ asaase yi so?
4 Sɛ obi wɔ ɔdɔ kann a ɛno na ɛka no ma ɔde nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aboa afoforo. Saa ɔdɔ yi bi na Yesu yii no adi. Dɛn na ɔyɛe? Ɔno ankasa kae sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa to hɔ ma ne nnamfo.” (Yohane 15:13) Yesu ankasa fii ne koma mu de ne nkwa a ɛyɛ pɛ anaa edi mu no bɔɔ afɔre maa yɛn. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ kɛse ma nnipa. Onipa biara nni hɔ a watumi ayɛ saa. Ɛnyɛ wei nko ara na Yesu yɛe. Ɔyɛɛ nneɛma foforo a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ amapa.
5. Nneɛma a Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no de bɔɔ afɔre wɔ soro ansa na ɔreba asaase so no kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ. Adɛn ntia?
5 Ansa na Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no reba asaase so no, na hokwan ne dibea a ɔwɔ wɔ soro nyɛ asɛm ketewa. Ná ɔne Yehowa ne abɔfo bebree na ɛwɔ soro, na na ɔne wɔn ntam yɛ kama. Nanso asetena kamakama a na ɔwom wɔ soro no nyinaa akyi no, Onyankopɔn Ba a ɔdɔ no yi “maa biribiara fii ne nsa, na ɔfaa akoa tebea bɛyɛɛ onipa.” (Filipifo 2:7) Ofii ne pɛ mu gyaa biribiara hɔ ne nnipa abɔnefo bɛtenae. Ɔbɛtenaa wiase a ‘ɛda ɔbɔnefo no tumi mu’ no mu. (1 Yohane 5:19) Nneɛma a Onyankopɔn Ba no de bɔɔ afɔre no kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ kɛse.
6, 7. (a) Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, nneɛma bɛn na ɔyɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ amapa? (b) Asɛm a ɛka koma bɛn na ɛwɔ Yohane 19:25-27 a ɛma yehu sɛ na Yesu wɔ ɔdɔ kann?
6 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, daa na ɔyɛ nneɛma de boa afoforo de kyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn. Ná afoforo ho hia no koraa sen ɔno ara ne ho. Nneɛma a ɛma obi ho dwo no wɔ asetena mu no, ɔde bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de ne bere ne n’ahoɔden nyinaa ayɛ asɛnka adwuma no. Ɔkaa sɛ: “Sakraman wɔ abon, na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa Ba no de, onni baabi a ɔde ne ti to.” (Mateo 8:20) Ná Yesu yɛ kapentani a onim adwuma paa. Anka obetumi agye bere asi dan fɛfɛɛfɛ atena mu adwudwo ne ho. Anaasɛ anka obetumi ayeyɛ nkongua a ɛyɛ fɛ atɔn anya sika ato ne ho. Nanso, wanyɛ saa. Wamfa ne nimdeɛ ne adwuma a onim yɛ no ampɛ sika ne ahonyade.
7 Sɛ yɛkenkan asɛm a ɛwɔ Yohane 19:25-27 a, Yesu yɛɛ biribi wɔ hɔ a ɛka koma a ɛma yehu sɛ ɔwɔ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim. Wo de, twa ho mfoni hwɛ. Saa awia a na Yesu sɛn dua no so a ɔrebewu no, ɛbɛyɛ sɛ na nneɛma bebree rekɔ so wɔ n’adwenem. Brɛ a na ɔrebrɛ nyinaa akyi no, nneɛma a na ɔredwen ho no bi ne nea ɛbɛto n’asuafo no ne asɛnka adwuma no. Ade baako a na ehia Yesu ne sɛ obedi nokware akosi owu mu, na wahyɛ n’Agya din anuonyam. Enti nea ɛwom paa ne sɛ, na nnipa nyinaa daakye wɔ ne nsam! Nanso, aka kakra ama Yesu agyaa ne home mu na wawu no, ɔyɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ odwen ne maame Maria ho paa. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na Maria yɛ okunafo. Yesu ka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ ɔnhwɛ Maria, na ɔmfa no sɛ ɔno ara ne maame. Ɛno akyi no, Yohane de Maria kɔɔ ne fie. Yesu yɛɛ saa nhyehyɛe yi sɛnea ɛbɛyɛ a ne maame Maria benya nea obedi, ne baabi a ɔde ne ti bɛto, ne nea ɛbɛboa no ama wakɔ so asom Yehowa yiye. Nea Yesu yɛe yi kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ kann, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim!
“Wɔyɛɛ No Mmɔbɔ”
8. Greek asɛm a Bible de kyerɛkyerɛɛ ayamhyehye a Yesu wɔ mu no, ɛkyerɛ sɛn?
8 Ná Yesu wɔ ayamhyehye te sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ. Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ na Yesu yɛ obi a sɛ ohu sɛ nkurɔfo refa yaw anaa amanehunu mu a, ne yam hyehye no ma wɔn na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ biribi de aboa wɔn. Bere a Bible no reka Yesu ahummɔbɔ ho asɛm no, ɛde Greek asɛm bi yɛɛ adwuma. Wɔakyerɛ Greek asɛm no ase wɔ Twi mu sɛ “wɔyɛɛ no mmɔbɔ.” Ɔbenfo bi kaa sɛ saa Greek asɛm no kyerɛ: “Atenka bi a emu yɛ den paa a obi nya a wuhu sɛ efi ne koma mu tɔnn. Greek kasa mu no, sɛ obi de saa asɛm no di dwuma a ɛkyerɛ sɛ onipa no wɔ ayamhyehye paa.” Yɛrebesusuw nhwɛso ahorow bi ho. Ɛbɛma yɛahu sɛ ayamhyehye a na Yesu wɔ no kaa no ma ɔboaa nkurɔfo.
9, 10. (a) Adɛn nti na na Yesu ne n’asomafo no pɛ sɛ wɔkɔhyɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn? (b) Ná Yesu rekogye n’ahome, ɛnna nnipadɔm bi bepuee ne so. Dɛn na ɔyɛe, na adɛn ntia?
9 Ayamhyehye ne ahummɔbɔ a Yesu wɔ nti, ɔboaa nkurɔfo ma wɔbehuu Onyankopɔn. Asɛm a ɛwɔ Marko 6:30-34 no ma yehu nea enti paa a Yesu huu nkurɔfo mmɔbɔ na ɔboaa wɔn. Wo de ma yɛnhwɛ nea esii. Ná asomafo no aka asɛm no akyerɛ nkurɔfo ama wɔn ani agye. Wɔbaa Yesu nkyɛn de anigye bɛkaa nea wɔhui ne nea wɔtee nyinaa ho asɛm kyerɛɛ no. Nanso na nnipadɔm bi abɔ dɔmpem wɔ hɔ, enti Yesu ne n’asomafo no annya bere koraa annidi. Yesu de, sɛnea yenim no no, ɔyɛ obi a ɔde n’ani to fam hwɛ nea ehia nkurɔfo na wayɛ biribi de aboa wɔn. Ohui sɛ n’asomafo no abrɛ, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra, mommɛsen nkɔhyɛ baabi a atew ne ho, na monhome kakra.” Enti wɔfaa ɔkorow na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Galilea Po no atifi fam sɛ wɔrekɔpɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn ahome. Nanso wɔrekɔ no, nnipadɔm no hui na ebi nso tee ho asɛm. Baabi a na Yesu ne n’asuafo no te korow mu a wɔrekɔ no, nnipa bebree tuu mmirika kɔɔ mpoano hɔ, na wɔkoduu hɔ mpo ansa na Yesu ne n’asuafo no redu hɔ!
10 Sɛnea nnipadɔm no beguu Yesu ne n’asuafo no so nti, wɔannya bere koraa anhome. Wei maa Yesu bo fuwii anaa? Daabida! Bere a ohuu nnipadɔm a wɔgyinagyina mpoano hɔ retwɛn no no, wɔn ho yɛɛ no mmɔbɔ. Marko kyerɛwee sɛ: “Ohuu nnipadɔm kɛse bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” Yesu hui sɛ nnipadɔm a wɔgyinagyina hɔ no, na obiara hia Onyankopɔn akwankyerɛ. Ná wɔte sɛ nguan a wɔagyaa wɔn a wɔnenam basabasa. Na wɔnni hwɛfo biara a ɔbɛbɔ wɔn ho ban na wakyerɛ wɔn kwan. Nyamesom akannifo a na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nkurɔfo yi so kyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn ho ade no, na Yesu nim sɛ wɔnnɔ wɔn, na wɔn asɛm mfa wɔn ho. (Yohane 7:47-49) Nnipadɔm yi asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ofii ase kaa “Onyankopɔn Ahenni no” ho asɛm kyerɛɛ wɔn. (Luka 9:11) Ná Yesu nnim sɛnea nkurɔfo no bɛyɛ wɔn ade wɔ asɛm a ɔbɛka akyerɛ wɔn no ho, nanso hyɛ no nsow sɛ, odii kan huu wɔn mmɔbɔ ansa na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn. Enti sɛ yɛbɛka no kwan foforo so a, ɛnyɛ bere a Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn wiee no na onyaa ayamhyehye maa wɔn. Mmom ayamhyehye a na ɔwɔ ma wɔn nti na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.
“Ɔteɛɛ ne nsa kaa no”
11, 12. (a) Israelfo bere so no, sɛn na na wɔbu akwatafo? Bere a ɔbarima bi a “kwata ayɛ ne ho nyinaa” baa Yesu nkyɛn no, dɛn na Yesu yɛe? (b) Bere a Yesu de ne nsa kaa kwatani no, wohwɛ a kwatani no tee nka sɛn?
11 Ayamhyehye ne ahummɔbɔ a Yesu wɔ no maa ɔyɛɛ biribi de boaa wɔn a wɔrehu amane no. Nnipa a na yare reteetee wɔn no mu bebree kɔɔ Yesu nkyɛn efisɛ na wɔnim sɛ ɔwɔ ayamhyehye ne ahummɔbɔ. Ɛho nhwɛso kamakama ni. Bere bi, na nkurɔfo bebree di Yesu akyi. Ɛhɔ ara na ɔbarima bi a “kwata ayɛ ne ho nyinaa” baa Yesu nkyɛn. (Luka 5:12) Israelfo bere so no, na wɔwɔ baabi a wɔde akwatafo kogu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ nnipa a aka ho ban na kwata no bi anyɛ wɔn. (Numeri 5:1-4) Nanso akyiri yi, nyamesom akannifo no ara hyehyɛɛ mmara maa wɔn a wɔyare kwata no. Mmara a wɔhyehyɛe no, na ano yɛ hyew, ɛno nti, na nkurɔfo ne akwatafo nni no yiye koraa.a Nanso bere a ɔkwatani no baa Yesu nkyɛn no, hwɛ nea Yesu yɛe: “Ɔkwatani bi nso baa ne nkyɛn bebuu nkotodwe paa no kyɛw sɛ: ‘Sɛ wopɛ a, wubetumi asa me yare.’ Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.’ Na amonom hɔ ara kwata no tu yerae, na ne ho tɔɔ no.” (Marko 1:40-42) Ná Yesu nim sɛ mmara mma kwan sɛ kwatani no ba nnipadɔm mu. Nanso Yesu ampam no sɛ ɔmpɛ baabi mfa. Mmom ohuu no mmɔbɔ, na ɔyɛɛ biribi maa ɛyɛɛ obiara nwanwa. Ɔde ne nsa kaa no!
12 Wohwɛ a bere a Yesu de ne nsa kaa kwatani no, kwatani no tee nka sɛn? Osuahu bi a Dɔkta bi nyae bɛma yɛahu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ kwatani no tee nka. Dɔkta no, yɛfrɛ no Paul Brand. Yare titiriw paa a ɔsa ne kwata. Bere bi, ɔhwɛɛ kwatani bi yare wɔ India. Dɔkta no kaa sɛ sɛnea na ɔpɛ sɛ ɔsa yare no, na ɔrekyerɛkyerɛ mu akyerɛ kwatani no. Esiane sɛ na kwatani no nte kasa no nti, sɛ dɔkta no ka a, na obi akyerɛ ase akyerɛ kwatani no. Bere a dɔkta no rekasa nyinaa na ne nsa da kwatani no abati. Nea wɔhui ara ne sɛ kwatani no resu. Dɔkta no bisaa no sɛ: “Adɛn, mankasa yiye anaa?” Kwatani no maa nea ɔrekyerɛ ase no ka kyerɛɛ dɔkta no sɛ, daabi oo, mmom ɔse nea enti a ɔresu ne sɛ wode wo nsa ato n’abati. Ɔse mfe bebree ni, obiara nsoo ne mu da, gye nnɛ. Enti wutumi hu sɛ kwatani a Yesu de ne nsa kaa no no, n’ani gyei paa, na onyaa mfaso bi a ɛsen saa koraa. Yesu nsa kɛkɛ a ɔde kaa no no tuu ne yare bɔne no. Afei nso, daakye ɔne n’abusuafo bɛsan abom bio asom Yehowa Nyankopɔn.
13, 14. (a) Bere a na Yesu rebɛn Nain kurow no, nnipadɔm bɛn na ohyiaa wɔn, dɛn na ohui a na ɛyɛ awerɛhow paa? (b) Ayamhyehye ne ahummɔbɔ a Yesu wɔ no maa ɔyɛɛ biribi de boaa okunafo a ofi Nain no, dɛn na ɔyɛe?
13 Ayamhyehye ne ahummɔbɔ kaa Yesu ma ɔyɛɛ biribi boaa wɔn a na wɔahwere wɔn adɔfo. Wɔn a na wɔahwere wɔn adɔfo a na wɔredi awerɛhow no, wɔn asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Yɛnhwɛ asɛm bi a esii a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka 7:11-15 no. Saa asɛm yi sii bere a Yesu bɛn kurow bi a wɔfrɛ no Nain a ɛwɔ Galilea no. Saa bere no, na Yesu de bɛyɛ afe ne abosome nkron ayɛ ne som adwuma no. Bere a Yesu bɛn kurow no pon ano no, ohyiaa nnipadɔm bi a na wɔfi kurow no mu rekɔ asiei. Yesu huu biribi a na ɛyɛ awerɛhow paa. Nea na wawu a wɔrekosie no no, na ɔyɛ aberante a ne maame di no bakoro. Ná maame no san yɛ okunafo. Ebetumi aba sɛ bere a ne kunu wui a wɔrekosie no no, na maame no di dɔm mu sei ara. Nanso afei de ne ba barima baako pɛ a ɔboa no ma ne nsa kɔ n’ano no, ɔno nso na awu yi. Nnipa a na ɛka ne ho a wɔrekosie ne ba no, ebetumi aba sɛ na ebi kura nneɛma a wɔde rebɔ awerɛhow nnwom, na na ebi nso retwa agyaadwo. (Yeremia 9:17, 18; Mateo 9:23) Nanso, okunafo a ne ba awu a ɔredi awerɛhow no na Yesu de n’adwene sii no so. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔso ne ba no amu no, na ɔbɛn wɔn paa.
14 Bere a Yesu huu ɔbaatan a na ɔredi awerɛhow no, ‘ɔyɛɛ Yesu mmɔbɔ.’ Yesu kaa awerɛkyekyesɛm bi kyerɛɛ maame no sɛ: “Gyae su.” Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔso amu no nkyɛn na ɔde ne nsa kaa amu no. Ɛhɔ ara wɔn a wɔso amu no ne nnipadɔm no gyinae, na ɛhɔ yɛɛ dinn. Afei Yesu kasae; ɔkasaa sɛ obi a ɔwɔ tumi. Ɔka kyerɛɛ amu no sɛ: “Aberante, mise wo sɛ, sɔre!” Dɛn na esii? “Aberante a wawu no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae” te sɛ obi a wada hatee a yɛanyan no! Afei Bible no ka asɛm bi a ɛka koma paa. Ɛka sɛ: “Na Yesu de no maa ne maame.”
15. (a) Bible ma yehu sɛ, bere a nkurɔfo rehu amane no, ahummɔbɔ a Yesu wɔ nti ɔboaa wɔn. Wei ma yehu sɛ ahummɔbɔ ne nneyɛe na ɛkɔ? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Sɛnea Yesu daa ayamhyehye adi no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua?
15 Nsɛm a esisii a yɛaka ho asɛm yi, dɛn na yesua fi mu? Emu biara mu no, wubehu sɛ ayamhyehye wɔ hɔ yi, ɛne nneyɛe na ɛkɔ. Bere biara a Yesu behu sɛ nkurɔfo rehu amane no, ɛyɛ a ɛyɛ no mmɔbɔ. Ahummɔbɔ no na na ɛma ɔyɛ biribi de boa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ho bɛtɔ wɔn. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo nti, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo na yɛboa wɔn ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo. Nea enti paa a yɛyɛ saa adwuma yi ne sɛ, yɛdɔ Onyankopɔn. Nanso momma yɛnkae sɛ biribi foforo a enti yɛka asɛm no kyerɛ afoforo ne sɛ wɔn ho yɛ yɛn mmɔbɔ. Sɛ yehu nkurɔfo mmɔbɔ sɛnea na Yesu wɔ ahummɔbɔ no a, yɛn koma bɛka yɛn ama yɛayɛ nea yebetumi nyinaa aka asɛmpa no bi akyerɛ wɔn. (Mateo 22:37-39) Yɛn nuanom a wɔrehu amane na wɔredi awerɛhow no nso yɛbɛyɛ dɛn ada ayamhyehye ne ahummɔbɔ adi akyerɛ wɔn? Yɛrentumi nyɛ anwanwade nyi wɔn amanehunu no mfi hɔ. Saa ara nso na yɛrentumi nnyan wɔn adɔfo a wɔawuwu no. Nanso ayamhyehye a yɛwɔ no bɛka yɛn ama yɛayɛ nneɛma bi de aboa wɔn anaa yɛaka nsɛm bi ama wɔahu sɛ yedwen wɔn ho.—Efesofo 4:32.
“Agya Fa Kyɛ Wɔn”
16. Bere a Yesu sɛn asɛndua no so mpo no, dɛn na ɔyɛe a na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɔne kyɛ?
16 Yesu yɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛ osuasua ɔdɔ a n’Agya wɔ no pɛpɛɛpɛ. Ná ‘oyi ne yam de bɔne kyɛ.’ (Dwom 86:5) Bere a ɔsɛn dua no so mpo, na wayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Ɛwom, na Yesu rebewu animguase wu. Afei nso, nnadewa a na wɔde abobɔ ne nsa ne ne nan mu nti na ɔte yaw ankasa. Nanso ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ biribi. Wɔn a na wɔayɛ no ayakayakade a wɔreku no no, wanka ankyerɛ Yehowa sɛ ɔntwe wɔn aso. Mmom nsɛm a Yesu ka twaa tow ne sɛ: “Agya fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.”—Luka 23:34.b
17-19. Bere a ɔsomafo Petro yii Yesu maa mprɛnsa no, dɛn na Yesu yɛe a na ɛkyerɛ sɛ ɔde Petro bɔne akyɛ no?
17 Nhwɛso foforo wɔ Bible mu a ɛka koma a ɛma yehu sɛ Yesu de bɔne kyɛ. Ɛno ne bere a ɔde ɔsomafo Petro bɔne kyɛɛ no no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Petro dɔ Yesu paa. Anadwo a ade rebɛkye ama wɔakum Yesu wɔ Nisan da a ɛtɔ so 14 no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, mayɛ krado sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owu mu mpo.” Nanso, nnɔnhwerew kakraa bi akyi, Petro yii Yesu mae. Ɔkaa no mprɛnsa mpo sɛ onnim Yesu baabiara! Ne mprɛnsa so a Petro kaa sɛ onnim Yesu baabiara no, Bible no ka sɛ: “Awurade dan ne ho, na ɔhwɛɛ Petro anim.” Bɔne a Petro yɛe no bubuu no, na ɛyɛɛ no yaw paa. Ɛno nti, “opue kosui pii.” Ade kyee a wɔkum Yesu no, ebetumi aba sɛ ɔsomafo Petro bisaa ne ho sɛ, ‘Enti nea mayɛ yi, Awurade de bɛkyɛ me ni?’—Luka 22:33, 61, 62.
18 Sɛ Petro bisaa saa asɛm no a, ɛnde ankyɛ koraa na onyaa ho mmuae. Wɔnyan Yesu Nisan da a ɛtɔ so 16 anɔpa, na biribiara kyerɛ sɛ saa da no, Yesu kɔsraa Petro. (Luka 24:34; 1 Korintofo 15:4-8) Obi a na wagyina nnipa anim ayi no ama mprɛnsa de, dɛn paa na ɛmaa Yesu yɛe sɛ ɔbɛhyɛ da anya ne ho bere? Ná Petro anu ne ho, na ebetumi aba sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔma ohu sɛ ɔda so ara dɔ no, na ɔsom bo ma no. Nanso, Yesu amfa anso hɔ ara. Ɔsan yɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛ ɔde Petro bɔne akyɛ no.
19 Bere bi akyi no, Yesu baa n’asuafo no nkyɛn wɔ Galilea Po no ho. Saa da no, Yesu hyɛɛ da bisaa Petro a na wayi ne Wura ama mprɛnsa no sɛ ɔdɔ no anaa. Bere a Yesu bisaa no ne mprɛnsa so no, Petro yii n’ano sɛ: “Awurade, wunim nneɛma nyinaa; wunim sɛ mepɛ w’asɛm.” Nokwasɛm ne sɛ, na Yesu tumi hu nea ɛwɔ nnipa koma mu, enti na onim paa sɛ Petro dɔ no. Nanso Yesu de akwannya no maa Petro mprɛnsa sɛ ɔmpae mu nka sɛ ɔdɔ no. Ɛno da nkyɛn a, Yesu de adwuma bi hyɛɛ Petro nsa sɛ ‘ɔmma Ne nguan nkumaa aduan,’ na ɔnyɛn wɔn. (Yohane 21:15-17) Ɛwom, na wɔde dwumadi maa Petro sɛ ɔnka asɛmpa no nkyɛe. (Luka 5:10) Nanso afei de, Yesu de asɛde titiriw bi hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ Kristo asuafo no so. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yesu maa Petro adwuma titiriw bi wɔ asuafo no dwumadi mu. Wei maa Petro hui sɛ na Yesu wɔ ne mu ahotoso paa, na ogye no di. Ɛno akyi bere tiaa bi no, adwuma a asomafo no yɛe no, Yesu de Petro dii dwuma wɔ ɔkwan soronko so. (Asomafo no Nnwuma 2:1-41) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Petro hui sɛ Yesu de ne bɔne akyɛ no na ɔda so ara gye no di no, ne koma tɔɔ ne yam paa.
‘Woahu Kristo Dɔ’ No Anaa?
20, 21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘ahu Kristo dɔ’ no yiye?
20 Nokwasɛm ne sɛ ɔdɔ a Kristo wɔ no, Yehowa Asɛm no kyerɛkyerɛ mu kamakama. Enti ɔdɔ a Yesu wɔ no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ? Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenhu Kristo dɔ a ɛkyɛn nimdeɛ no.’ (Efesofo 3:19) Sɛnea yɛadi kan ahu no, Yesu abrabɔ ne ne som adwuma a ɔbɛyɛe a ɛho nsɛm wɔ Nsɛmpa no mu no, ɛkyerɛ yɛn nneɛma pii fa Kristo dɔ ho. Nanso sɛ yebetumi ahu ‘Kristo dɔ’ no yiye paa a, ɛnyɛ sɛ yesuaa ne ho ade wɔ Bible mu wie ara na asa. Mmom pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.
21 Greek asɛm a wɔakyerɛ ase ‘hu’ no, ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ biribi ahu sɛnea ɛte anaa wubenya mu suahu. Sɛnea Yesu yii ne dɔ adi no, sɛ yɛn nso yefi yɛn koma mu de nneɛma a ehia afoforo di kan, yenya ayamhyehye ma afoforo, yɛyɛ nneɛma de boa wɔn, na yefi yɛn koma mu de bɔne kyɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ sɛnea Yesu tee nka no, yɛte ase anaa yɛahu. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛahu ‘Kristo dɔ a ɛkyɛn nimdeɛ no.’ Momma yɛnkae sɛ esiane sɛ Yesu suasuaa yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no nti, sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Kristo a, ɛbɛma yɛabɛn Yehowa paa.
a Rabifo mmara no kaa sɛ, ɛsɛ sɛ bɛyɛ basafa nnan anaa anammɔn nsia da obiara ne kwatani ntam. Nanso, sɛ mframa rebɔ de a, ɛsɛ sɛ ɔkwatani no kɔ n’akyi koraa bɛyɛ basafa 100 anaa anammɔn 150. Nhoma bi kyerɛ sɛ, na rabini bi de ne ho sie akwatafo, na na rabini foforo nso totow abo bɔ akwatafo de pam wɔn. (Midrash Rabbah) Enti, na akwatafo nim sɛnea ɛyɛ yaw sɛ wɔbɛpo obi, ne sɛnea ɛhaw adwene sɛ wɔbebu obi animtiaa ayɛ biribi de akyerɛ sɛ wɔnhia no.
b Sɛ wohwɛ tete nsaano nkyerɛwee bebree mu a, wubehu sɛ Luka 23:34 no fã a edi kan no, wɔayi afi mu. Nanso, tete nsaano nkyerɛwee afoforo a edi mu no, sɛ wohwɛ mu a, wubehu saa nsɛm yi wom. Ɛno nti Wiase Foforo Nkyerɛase no ne nkyerɛase afoforo de saa asɛm no hyɛɛ hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu reka Roma asraafo a wɔkum no no ho asɛm. Ná wɔnnim nea wɔreyɛ, efisɛ na wɔnnim onipa ko a Yesu yɛ. Yudafo a wɔkaa sɛ wɔmmɔ Yesu asɛndua mu a akyiri yi na wɔbɛba abenya Yesu mu gyidi no, ebetumi aba sɛ wɔn ho asɛm na na Yesu reka. (Asomafo Nnwuma 2:36-38) Nokwasɛm ne sɛ, nyamesom akannifo a wɔpiapiaa Romafo no sɛ wɔnkum Yesu no de, wɔdi fɔ efisɛ wɔn de, na wɔnim nea wɔreyɛ. Ná wɔnim sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba nanso na wɔpɛ sɛ wɔkum no. Enti saafo no bebree wɔ hɔ a, wɔrennya bɔnefakyɛ.—Yohane 11:45-53.
-
-
“Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”Bɛn Yehowa
-
-
TI 30
“Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
1-3. Sɛ yesuasua sɛnea Yehowa yi ne dɔ adi a, mfaso bɛn na yebenya?
“ƆMA mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Yesu na ɛkaa saa asɛm yi, na ɛma yehu nokwasɛm titiriw bi: Sɛ yɛanyɛ pɛsɛmenkominya na yeyi ɔdɔ kann adi kyerɛ afoforo a, yenya so mfaso. Ɛwom, sɛ afoforo yi ɔdɔ adi kyerɛ yɛn a ɛma yɛn ani gye, nanso sɛ yɛn ankasa yi ɔdɔ adi kyerɛ afoforo a ɛma yɛn ani gye paa.
2 Saa asɛm a yɛreka yi, yɛn soro Agya Yehowa nim na ɔte ase yiye sen obiara. Sɛnea yɛadi kan asusuw ho wɔ ti ahorow a edi wei anim no, yɛabehu sɛ yɛreka obi a ɔwɔ ɔdɔ paa a, ɔne Yehowa. N’akyi no obiara nni hɔ. Ɔdɔ a wayi no adi no, ɛso bi nni, na ɔde mfe pii na ayɛ saa. Ɛno nti, sɛ Bible no ka sɛ Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn” a, ɛnyɛ nwanwa.—1 Timoteo 1:11.
3 Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛyɛ te sɛ ɔno, titiriw ɔpɛ sɛ yesuasua sɛnea oyi ne dɔ adi no. Efesofo 5:1, 2 ka sɛ: “Munsuasua Onyankopɔn, efisɛ moyɛ ne mma a ɔdɔ mo, na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu.” Sɛ yesuasua sɛnea Yehowa yi ne dɔ adi no a, yɛn ani begye paa, efisɛ ɔma mu wɔ anigye. Afei nso, esiane sɛ yenim sɛ nea yɛreyɛ no ma Yehowa ani gye no nti, yɛn nso yɛn ani begye, efisɛ wahyɛ yɛn nkuran wɔ n’Asɛm mu sɛ ‘yɛnnodɔ yɛn ho.’ (Romafo 13:8) Nanso, ɛnyɛ ɛno nko ara. Nneɛma foforo bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so nantew ɔdɔ mu.’
Nea Enti a Ɔdɔ Ho Hia
Ɔdɔ ma yenya yɛn nuanom mu ahotoso
4, 5. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yeyi ɔdɔ kann adi kyerɛ yɛn nuanom Kristofo?
4 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi ɔdɔ adi kyerɛ yɛn nuanom? Yebetwa no tiaa a, ɔdɔ ne suban titiriw paa ɛsɛ sɛ Kristofo nya. Sɛ yenni dɔ a, yɛrentumi ne yɛn nuanom Kristofo mfa adamfo denneennen. Afei nso, Yehowa rentumi mfa yɛn nnyɛ adwuma wɔ ne som mu. Yɛrebɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm no bɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yeyi ɔdɔ adi akyerɛ afoforo.
5 Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Bere a Yesu kaa sɛ ‘yɛnnodɔ yɛn ho sɛnea ɔdɔ yɛn no,’ na ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɔdɔ a oyii no adi no, yɛn nso yenyi saa ɔdɔ no bi adi nkyerɛ afoforo. Ti 29 no mu sei, yebehui sɛ, Yesu yɛɛ ɔdɔ ho nhwɛso fɛfɛɛfɛ maa yɛn. Ɔde nneɛma bɔɔ afɔre boaa afoforo. Afei nso ɔde nea ɔpɛ too nkyɛn de afoforo ahiade dii kan. Yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya, mmom ɛsɛ sɛ yeyi ɔdɔ kann adi kyerɛ afoforo. Ɛsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔnsom Yehowa mpo hu sɛ yɛdodɔ yɛn ho. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho sɛnea Kristo dɔɔ yɛn no a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nokware Kristofo.
6, 7. (a) Ɛdɛn na ɛwɔ Yehowa Asɛm mu a ɛma yehu sɛ ɔdɔ a yebeyi no adi no ho hia paa? (b) Dɛn paa na Paul ka faa ɔdɔ ho wɔ 1 Korintofo 13:4-8?
6 Sɛ yenni dɔ nso ɛ? Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Sɛ . . . minni dɔ a, mete sɛ dawuru a ɛreyɛ dede anaa nnade a wɔde rebobom.” (1 Korintofo 13:1) Dawuru a ɛreyɛ dede anaa nnade a wɔde rebobom, ne nyinaa tuetue aso. Ntotoho yi mu da hɔ. Sɛ obi nni dɔ a, ɔte sɛ sanku a obi rebɔ reyɛ dede de tuatua nkurɔfo aso. Sɛ obi te saa a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔne afoforo afa adamfo denneennen. Paul san kaa sɛ: “Mewɔ gyidi nyinaa ma mitumi tutu mmepɔw, na minni dɔ a, mensɛ hwee.” (1 Korintofo 13:2) Wo de dwen ho hwɛ, sɛ obi yɛ nneɛma papa sɛ dɛn mpo na onni dɔ a, Yehowa ‘rentumi mfa no nyɛ adwuma.’ Bible no ma yehu pefee sɛ: Yehowa pɛ sɛ yeyi ɔdɔ adi kyerɛ afoforo.
7 Sɛ yɛne yɛn nuanom redi nsɛm a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn? Momma yɛnhwɛ asɛm a Paul kae wɔ 1 Korintofo 13:4-8, na ɛbɛma yɛanya saa asɛm yi ho mmuae. Sɛ yɛhwɛ saa kyerɛwsɛm no mu a yebehu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn no ho asɛm na ɔreka. Mmom nea na Paul reka ho asɛm paa ne sɛnea yebeyi ɔdɔ adi akyerɛ yɛn yɔnko. Ɔkaa nneɛma a obi wɔ ɔdɔ a ɔbɛyɛ ne nneɛma a ɔnyɛ.
Nea Ɔdɔ Kyerɛ
8. Sɛ yenya nkurɔfo ho abotare a ɛbɛboa yɛn sɛn?
8 “Ɔdɔ wɔ abotare.” Wei kyerɛ sɛ, sɛ obi wɔ ɔdɔ a, ɛsɛ sɛ onya afoforo ho abotare. (Kolosefo 3:13) Wunnye nni sɛ yɛn nyinaa, ɛsɛ sɛ yenya abotare? Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, bɔne wɔ yɛn nyinaa ho, na bere a yɛne yɛn nuanom Kristofo abom resom Yehowa yi de, ɛwom ara a wɔbetumi atia yɛn nan so anaa yɛn nso yebetumi ayɛ biribi ama no ahaw wɔn. Nanso sɛ yɛwɔ abotare na yetumi hyɛ yɛn abufuw so a, ebetumi aboa yɛn na wati me ne waka me nketenkete bi a ɛsɔre wɔ yɛne yɛn nuanom ntam no, yɛabu yɛn ani agu so, na ansɛe asafo no asomdwoe.
9. Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ ama afoforo de akyerɛ sɛ yɛn yam ye?
9 “Ɔdɔ yam . . . ye.” Sɛ yɛn yam ye a, yɛbɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ akyerɛ nkurɔfo, na yɛayeyɛ nneɛma bi de aboa wɔn. Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛbɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ada ayamye adi akyerɛ nkurɔfo, titiriw wɔn a wɔakɔ ahokyere mu anaa wɔwɔ ahohia mu. Wo de yɛmfa no sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi a n’ani afi ayɛ ankonam, na ohia obi a ɔbɛba abɛsra no na wahyɛ no nkuran. Anaa ɔbaatan koro anaa onuawa sigyani bi ne n’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo na ɛte. Ebia ɔno nso hia mmoa anaasɛ nkuranhyɛ. Anaa yɛmfa no sɛ onua bi yare anaa ɔrehyia ɔhaw ahorow bi a ano yɛ den paa wɔ n’abrabɔ mu. Ebia na ohia yɔnko berɛbo bi a ɔbɛka nsɛm a ɛhyɛ nkuran akyerɛ no. (Mmebusɛm 12:25; 17:17) Sɛ yɛde yɛn ani to fam hwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ada ayamye adi akyerɛ afoforo sɛnea yɛaka ho asɛm yi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yefi yɛn koma mu dɔ wɔn.—2 Korintofo 8:8.
10. Ɔdɔ boa yɛn ma yɛtaa nokware no akyi, na ɛsan boa yɛn ma yɛka nokware bere mpo a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɔkwan bɛn so?
10 ‘Ɔdɔ di nokware ho ahurusi.’ Nkyerɛase foforo ka sɛ: ‘Ɔdɔ de anigye taa nokware no akyi.’ Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, ɛma yɛtaa nokware no akyi, na ɛma ‘yɛka nokware kyerɛ yɛn yɔnko.’ (Sakaria 8:16) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛmfa no sɛ obi a yɛpɛ n’asɛm paa ayɛ bɔne kɛse bi. Sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛdɔ onipa no a, ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ nea ɛtene wɔ Yehowa ani so. Bɔne a onipa no yɛe no, sɛ yenim ho asɛm a yɛremfa nsie, anaa yɛnkata so. Saa ara nso na yɛrenka sɛ nea ɔyɛe no nyɛ hwee, na yebisa yɛn bɔne no ho asɛm a, yebetwa atoro de agye nipa no ti. Ɛwom, sɛ obi a yɛpɛ n’asɛm yɛ bɔne kɛse a, ebi wɔ hɔ a etumi yɛ den sɛ yebegye atom sɛ wadi mfomso. Nanso sɛ yɛdɔ nipa no na yɛpɛ sɛ esi no yiye a, yɛbɛhyɛ no nkuran sɛ ɔmma kwan mma Yehowa ntene ne so, na onnye Onyankopɔn ntenesoɔ a efi ɔdɔ mu no ntom. (Mmebusɛm 3:11, 12) Afei nso, esiane sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛwɔ ɔdɔ nti, “yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Hebrifo 13:18.
11. Esiane sɛ ɔdɔ to ne bo ase biribiara mu nti, sɛ yɛn nuanom Kristofo di mfomso a dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
11 ‘Ɔdɔ tɔ ne bo ase biribiara mu.’ Sɛ wokyerɛ Greek asɛmfua no ase tee a ɛkyerɛ, ‘ɛkata biribiara so.” (Kingdom Interlinear) Bible ka wɔ 1 Petro4:8 sɛ: “Ɔdɔ kata bɔne pii so.” Sɛ Kristoni bi wɔ ɔdɔ a, ne nuanom Kristofo di mfomso anaa wɔyɛ nneɛma bi na ankɔ yiye a, ɔrenkogyina baabi mmɔ ho dawuru nkyerɛ afoforo. Mpɛn pii no, mfomso a yɛn nuanom Kristofo di no, wobɛhwɛ mu na ɛyɛ nneɛma nketenkete bi a yebetumi abu yɛn ani agu so, anaa yebetumi de ɔdɔ akata so a obiara renhu.—Mmebusɛm 10:12; 17:9.
12. Dɛn na ɔsomafo Paul yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ogye Filemon di, na ɔwɔ ne ho adwempa? Nea Paul yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
12 ‘Ɔdɔ gye biribiara di.’ Nkyerɛase foforo nso kaa no sɛ, ɔdɔ ho pere no “bere nyinaa sɛ ebenya afoforo ho adwempa.” Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom a yebenya wɔn ho adwempa, na yebegye wɔn adi. Yɛrennya adwene da sɛ biribi a yɛn nuanom reyɛ no, ɛnyɛ adwempa na wɔde reyɛ.a Yehu wei ho nhwɛso wɔ krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Filemon no mu. Ná Filemon akoa Onesimo aguan afi ne nkyɛn. Nanso akyiri yi Onesimo bɛyɛɛ Kristoni. Enti Paul hyɛɛ Filemon nkuran sɛ, sɛ Onesimo ba ne nkyɛn a, omfi ne komam nsan nnye no bio. Paul anhyɛ Filemon sɛ kyenkyen ara onnye Onesimo. Mmom ofi ɔdɔ mu srɛɛ Filemon sɛ ɔnyɛ saa. Ɔkaa nsɛm a ɛkyerɛ sɛ ogye di paa sɛ Filemon de ɔdɔ bedi asɛm no ho dwuma. Ɔkaa sɛ: “Mewɔ ahotoso sɛ wubetie; ɛno nti na merekyerɛw wo yi. Minim nso sɛ wobɛyɛ aboro nea maka yi mpo.” (Nkyekyɛm 21) Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom na yɛka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ wɔn mu ahotoso a, ɛma woyi suban pa a wɔwɔ no adi, wɔnka nhyɛ.
13. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ anidaso sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama yɛn nuanom?
13 ‘Ɔdɔ wɔ biribiara mu anidaso.’ Sɛnea ɔdɔ gye biribiara di no, saa ara nso na ɛwɔ biribiara mu anidaso. Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom paa a, yebenya anidaso sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn. Wo de yɛmfa no sɛ onua bi dii mfomso ansa na n’ani reba ne ho so. Yɛwɔ anidaso sɛ mmoa a asafo mu mpanyimfo no de bɛma no no, obegye atom na wasesa n’akwan. (Galatifo 6:1) Wɔn a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw no nso, yɛwɔ anidaso sɛ daakye bi wɔn gyidi bɛyɛ den na wɔasan ayɛ hyew wɔ Onyankopɔn som mu. Ɛba saa a yebenya wɔn ho abotare na yɛayɛ nea yebetumi biara de aboa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn gyidi bɛyɛ den bio. (Romafo 15:1; 1 Tesalonikafo 5:14) Sɛ mpo ɛba sɛ obi a yɛpɛ n’asɛm paa ka sɛ ɔrensom Yehowa bio a, yɛrempa abaw. Mmom yebenya anidaso sɛ dakoro dakoro obegye ne mfomso atom, na wasan abɛsom Yehowa bio sɛnea ɔba desɛefo a Yesu de no yɛɛ mfatoho no yɛe no.—Luka 15:17, 18.
14. Nsɛm bɛn na esisi wɔ asafo no mu a ɛtɔ da a ehia sɛ yemia yɛn ani gyina ano, na sɛn na ɔdɔ bɛboa yɛn ama yɛagyina ano?
14 ‘Ɔdɔ gyina biribiara ano.’ Sɛ nkurɔfo di yɛn huammɔ anaa yɛrehyia ɔhaw wɔ yɛn abrabɔ mu a, egye animia na yɛatumi agyina mu akɔ so adi Yehowa nokware. Ɔhaw ahorow a yehyia a ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani gyina ano no, ɛnyɛ wɔn a wɔnsom Yehowa nko ara na ɛde ba. Ɛtɔ da a ebi fi yɛn ara yɛn nuanom Kristofo hɔ. Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn nuanom ho nti, ɛtɔ da a wɔbetumi adi yɛn huammɔ, anaa wɔbetumi aka asɛm yayaayaw bi ama no ahye yɛn. (Mmebusɛm 12:18) Anaa ebia na biribi rekɔ so wɔ asafo no mu, na sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ mpanyimfo no bedi ho dwuma no, wɔanyɛ no saa, anaa onua bi a yɛne no wɔ asafo mu a yegye no di paa betumi ayɛ biribi a yɛnhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ. Ebia yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Aa enti Kristoni paa na ɔyɛ n’ade sei?’ Sɛ yehyia ɔhaw a ɛte saa a, yɛbɛtwe yɛn ho afi asafo no ho na yɛaka sɛ ɛno nti yɛrensom Yehowa bio anaa? Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛrenyɛ saa. Yɛwɔ ɔdɔ a, yɛremma mfomso a onua bi adi mfura yɛn ani. Sɛ yɛde yɛn adwene si mfomso a wadi no so a, anhwɛ a saa onua no ne anuanom afoforo a wɔwɔ asafo no mu no, yɛrenhu adepa biara wɔ wɔn ho. Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, ɛmfa ho nea obi bɛka anaa ɔbɛyɛ no, yɛbɛkɔ so ara adi Yehowa nokware na yɛayɛ nea yebetumi biara ahyɛ yɛn nuanom Kristofo den.—Dwom 119:165.
Nneɛma Bɛn Na Obi Wɔ Ɔdɔ a Ɔrenyɛ?
15. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere afoforo anaa yɛyɛ ahoɔyaw, na sɛn na ɔdɔ bɛboa yɛn na yɛannya saa subammɔne yi?
15 “Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.” Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahoɔyaw anaa yɛn ani bere afoforo. Sɛ obi wɔ agyapade bi anaa Yehowa ahyira no anaasɛ ɔbɔ mmɔden wɔ biribi mu a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere no. Sɛ obi ani bere ade anaa ɔyɛ ahoɔyaw a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ pɛsɛmenkominya, na ɛyɛ subammɔne a wanhwɛ yiye a ebetumi asɛe asafo no asomdwoe. Ɛdɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛamma yɛn ani ‘ammere’ afoforo? (Yakobo 4:5) Mmuae no yɛ tiatiaa. Ɛno ne ɔdɔ. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no, sɛ ohu sɛ ne yɔnko wɔ biribi a onni bi a, ɔne no bɛbom adi ahurusi anaa n’ani begye ama no. (Romafo 12:15) Afei nso sɛ ɛba sɛ obi yɛ biribi yiye anaa ɔbɔ biribi ho mmɔden paa na afoforo kamfo no a, ɔdɔ nti yɛn ani remmere no.
16. Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom paa a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no dwa yɛn anom, anaa yɛde tu yɛn ho?
16 ‘Ɔdɔ nyɛ anomdwa. Ɛnyɛ ahomaso.’ Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛrenkogyina baabi mmɔ dawuru nka sɛ yenim wei yɛ anaa yɛn na yɛyɛɛ wei. Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom paa a, wohwɛ a ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde nea yetumi yɛ wɔ asɛnka mu anaa hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu dwa yɛn anom anaa yɛde tu yɛn ho anaa? Sɛ yedwa yɛn anom a, ebetumi ama yɛn nuanom abam abu anaa ebetumi ama wɔate nka sɛ esiane sɛ wɔntumi nyɛ pii te sɛ yɛn nti, wɔnsɛ hwee. Nneɛma a Onyankopɔn boa yɛn ma yetumi yɛ wɔ ne som mu no, sɛ yɛwɔ ɔdɔ a yɛremfa nnwa yɛn anom. (1 Korintofo 3:5-9) Sɛnea Paul kae no, sɛ obi wɔ ɔdɔ a, ‘ɔmma ne ho so’ anaa sɛnea The New Testament in Modern English Bible nkyerɛase ka no, sɛ obi wɔ ɔdɔ a, ‘ommu ne ho ntra sɛnea anka ɛsɛ sɛ obu ne ho.’ Enti sɛ yɛwɔ ɔdɔ a yɛrente nka sɛ yɛyɛ ade sen afoforo, anaa yɛkyɛn wɔn.—Romafo 12:3.
17. Sɛ yɛdɔ afoforo a, sɛn na yɛne wɔn bɛtena, na dɛn na yɛrenyɛ?
17 ‘Ɔdɔ nyɛ ade a ɛnsɛ.’ Sɛ yɛka sɛ obi yɛ ade a ɛnsɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ n’ade basabasa, na sɛnea ɔyɛ n’ade no kyerɛ sɛ ommu afoforo. Sɛ obi yɛ nneɛma a ɛte saa a, ɛnkyerɛ ɔdɔ. Ɛkyerɛ sɛ onnwen afoforo ho, na sɛnea afoforo te nka nso nyɛ n’asɛm. Nanso sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yebeyi yɛn yam aboa afoforo, na yɛayɛ nneɛma de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. Yɛwɔ ɔdɔ a, yɛbɛda suban pa adi, na yɛbɛbɔ bra a ɛsɔ Yehowa ani. Yɛbɛkyerɛ sɛ yebu yɛn nuanom Kristofo. Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛrenyɛ biribiara a ɛyɛ aniwu, kyerɛ sɛ yɛrenkɔyɛ biribiara a sɛ yɛn nuanom hu anaa wɔte a, ɛbɛma wɔn ho adwiriw wɔn anaa ɛbɛhaw wɔn.—Efesofo 5:3, 4.
18. Sɛ obi wɔ ɔdɔ a, ɔrenka sɛ nea ɔbɛka biara ɛno na ɛsɛ sɛ afoforo de yɛ adwuma. Adɛn ntia?
18 ‘Ɔdɔ nhwehwɛ nea ɔno nko ara hia.’ Revised Standard Version Bible nkyerɛase ka sɛ: “Ɔdɔ nyɛ katee, na ɛnhwɛ kwan sɛ obiara nyɛ nea ɔpɛ mma no.” Obi wɔ ɔdɔ a, ɔnhyɛ afoforo sɛ biribiara mu no wɔnyɛ no sɛnea ɔpɛ, anaa n’adwenkyerɛ na ɛsɛ sɛ afoforo de yɛ adwuma. Na sɛ nkurɔfo ne no nyɛ adwene nso a, ɔmfa kwan bi so nnaadaa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn adwene bɛma no. Sɛ obi da saa su no adi a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ahantan. Bible no nso ka sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim.” (Mmebusɛm 16:18) Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom paa a, yebegye wɔn adwenkyerɛ atom. Sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a, yɛde nea yɛpɛ bɛto nkyɛn na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea wɔpɛ ama wɔn. Sɛ yɛde nea yɛpɛ to nkyɛn na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ afoforo de ama wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ nea ɔsomafo Paul kae yi. Ɔkaa sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.”—1 Korintofo 10:24.
19. Sɛ afoforo yɛ bɔne tia yɛn na sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛbɛyɛ yɛn ade sɛn?
19 ‘Ɔdɔ bo nhaw no, na ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.’ Sɛ obi wɔ ɔdɔ a, afoforo ka biribi anaa wɔyɛ biribi a, ne bo mfuw ntɛmntɛm. Yɛyɛ nnipa yi de, sɛ obi ka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, ɛnyɛ dɛn ara a ebetumi ahyɛ yɛn abufuw. Nanso sɛ obi ka biribi anaa ɔyɛ biribi a antwa yiye, na sɛ yɛn bo fuw mpo a, ɔdɔ a yɛwɔ nti ɛnsɛ sɛ yɛma abufuw no kyɛ. (Efesofo 4:26, 27) Sɛ obi yɛ yɛn biribi anaa ɔka biribi ma no yɛ yɛn yaw a, yɛremfa nhyɛ yɛn mu, anyɛ saa a, ɛbɛkɔ akɔyɛ te sɛ nea yɛrekyerɛw biribi agu nhoma mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn werɛ remfi. Mmom ɔdɔ a yɛwɔ no bɛma yɛasuasua yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no. Sɛnea yehui wɔ Ti 26 mu no, sɛ obi yɛ bɔne na sɛ Yehowa hu sɛ nipa no ayɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho ampa ara a, ɔde ne bɔne kyɛ no. Na sɛ ɔde kyɛ no nso a, na ɔde akyɛ. Ɔrenkɔfa bɔne a onipa no yɛe ho asɛm mma bio mfa ntwe n’aso. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne a Yehowa nkyerɛkyerɛw ngu baabi, na mmom ɔma ne werɛ fi.
20. Sɛ yɛn nua bi yɛ bɔne na sɛ bɔne a ɔyɛe nti ɔrehu amane a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛade?
20 ‘Ɔdɔ nni nea ɛntene ho ahurusi.’ The New English Bible nkyerɛase no ka sɛ: “Sɛ afoforo yɛ bɔne a, ɔdɔ nni ho ahurusi.” Esiane sɛ ɔdɔ nni nea ɛntene ho ahurusi nti, biribiara a ɛfa aguamammɔ ne awaresɛe ho no, yɛnsosɔ so. Sɛ ɛkɔba sɛ yɛn nua Kristoni bi yɛ bɔne, na sɛ bɔne a ɔyɛe no nti ɔrehu amane a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade? Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛrenni ho ahurusi nka sɛ, ‘Ɔtwea! Nea ɔyɛe na ɔretwa so aba no.’ (Mmebusɛm 17:5) Mmom sɛ onua bi yɛ bɔne na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obesiesie ɔne Yehowa ntam a, ɛno mmom na ɛsɛ sɛ yedi ho ahurusi.
“Ɔkwan Bi a Ɛkyɛn So”
21-23. (a) Bere a Paul kaa sɛ “ɔdɔ to ntwa da” no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a etwa to no mu?
21 “Ɔdɔ to ntwa da.” Ná dɛn na Paul repɛ akyerɛ? Sɛ yɛhwɛ nsɛm a ɔsomafo Paul kae ansa na ɔreka saa asɛm yi a, ɛma yehu sɛ akyɛde ahorow a honhom kronkron no maa Kristofo a wɔdi kan no nyae ho asɛm na na ɔreka. Saa bere no, na wɔahyehyɛ Kristofo asafo no foforo. Akyɛde a honhom kronkron no ma wɔnyae no yɛ adanse a na ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn de Kristofo asafo no reyɛ adwuma. Nanso na ɛnyɛ Kristofo no nyinaa na wɔsa yare, wɔhyɛ nkɔm, anaa wɔka kasa horow. Sɛ na obi nni saa akyɛde no bi a ɛnyɛ hwee, efisɛ na edu baabi a ɛto betwa. Nanso na ade baako bi wɔ hɔ a ɛno de ɛrentwam da. Ná ɛyɛ suban bi a ɛsɛ sɛ Kristoni biara nya. Ná saa suban no ho hia paa. Ɛno da nkyɛn a, akyɛde ahorow a honhom kronkron ma obi nya no, na ɛno de, ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. Nea ɛwom mpo ne sɛ, Paul kaa sɛ saa suban no yɛ “ɔkwan bi a ɛkyɛn so.” (1 Korintofo 12:31) Ɛdɛn na na Paul reka ho asɛm no? Ɛyɛ ɔdɔ.
22 Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ a na Paul reka ho asɛm sɛ Kristofo bɛda no adi no, na ‘ɛto rentwa da,’ anaa yɛbɛka a ɛremma awiei da; ɛbɛtena hɔ daa. Ebesi nnɛ nyinaa, nea ɛma nkurɔfo hu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo ne sɛ, wɔdodɔ wɔn ho, na wɔnyɛ pɛsɛmenkominya. Saa ɔdɔ yi na Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa yi n’adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Saa ɔdɔ yi bɛtena hɔ daa, efisɛ Yehowa ahyɛ n’asomfo anokwafo bɔ sɛ ɔbɛma wɔn daa nkwa. (Dwom 37:9-11, 29) Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa na ‘yɛnkɔ so nnantew ɔdɔ mu.’ Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani begye paa, efisɛ ɔma mu wɔ anigye pii. Ne nyinaa nka mfua, yebenya daa nkwa. Yebenya kwan ada yɛn dɔ adi akyerɛ afoforo da biara, sɛnea yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ no yi ɔdɔ adi no.
Nea afoforo de hu Yehowa nkurɔfo ne sɛ wɔdodɔ wɔn ho
23 Suban titiriw a Yehowa wɔ no, yɛasua ho ade pii wɔ nhoma yi mu. Yɛabehu sɛnea yebetumi anya ne tumi, n’atɛntrenee, ne ne nyansa so mfaso paa. Ne kɛse paa ne ne dɔ a ɔwɔ no. Afei yɛabehu sɛnea yɛn nso yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Dɛn na meyɛ a ɛbɛma Yehowa ahu sɛ medɔ no paa?’ Yebesusuw saa asɛmmisa no ho wɔ ti a etwa to no mu.
a Ɛwom Bible ka sɛ ɔdɔ gye biribiara di, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegye biribiara di kɛkɛ anaa yɛma kwan ma nkurɔfo daadaa yɛn. Bible tu yɛn fo sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye wɔ wɔn a wɔde mpaapaemu ne hintiduato ba, . . . na montwe mo ho mfi wɔn ho.”—Romafo 16:17.
-