-
“Yehowa . . . Tumi Sõ”Bɛn Yehowa
-
-
TI 4
“Yehowa . . . Tumi Sõ”
1, 2. Nneɛma a ɛyɛ nwanwa bɛn na na Elia ahu wɔ n’asetena mu pɛn, nanso bere a ɔkɔhyɛɛ ɔbodan bi mu wɔ Horeb Bepɔw so no, anwanwade mu anwanwade bɛn na ohui?
SƐ YƐREKA nneɛma a ɛyɛ nwanwa a, na Elia de n’ani ahu bi pɛn wɔ n’asetenam. Ɛho nhwɛso ni. Bere bi, ɔde ne ho kosiee baabi, na na nkwaakwaadabi de aduan kɔma no mprenu da biara. Ɛnyɛ ɛno nko. Bere a ɔkɔm kɛse bi sii mfe pii no, ɔde n’ani hui sɛ esiam ne ngo a ɛwɔ nhina mmienu mu ansa da. Ɔsan mpo huu sɛnea Onyankopɔn tiee ne mpaebɔ maa ogya fii soro bae. (1 Ahene, ti 17, 18) Nanso, na Elia reba abehu biribi a na onhuu bi da.
2 Bere bi, Elia kɔhyɛɛ ɔbodan bi a ɛwɔ Horeb Bepɔw mu. Ɔtwee ne kɔn hwɛɛ anwanwade bi a esisi toatoaa so. Nea edi kan, mframa bi bɔe. Ɛbɛyɛ sɛ ɛbɔɔ denneennen yɛɛ dede, efisɛ na ano yɛ den ara ma ɛpaapaee mmepɔw bubuu abotan. Afei, asaase wosowee, na na ano yɛ den ara ma asaase paapaee. Ɛno akyi no, ogya dii so bae. Bere a ogya no bɔ faa baabi a Elia hyɛ no, ɛbɛyɛ sɛ ogya no ano den no maa ne ho hyehyew no.—1 Ahene 19:8-12.
3. Onyankopɔn suban bɛn na Elia hui, na ɛhe na yebetumi ahu saa suban no?
3 Saa anwanwade ahorow ahorow a Elia hui no nyinaa kyerɛ ade baako. Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn tumi kɛse na ɔdaa no adi. Nea ɛwom ne sɛ, enhia sɛ yehu anwanwade bi ansa na yɛahu sɛ Onyankopɔn tumi sõ. Yɛto yɛn ani hwɛ baabiara a, yehu Yehowa tumi. Bible ma yehu sɛ abɔde di Yehowa “tumi a ɛwɔ hɔ daa ne Onyankopɔn ko a ɔyɛ” no ho adanse. (Romafo 1:20) Wo de, hwɛ sɛnea aprannaa anaa agradaa bobom ne sɛnea anyinam anaa ayerɛmo pa gya yerɛwyerɛw, ne sɛnea nsu a esian fi mmepɔw mu gu fam waa, na hwɛ nsoromma bebrebe a egu wim! Sɛ wohwɛ weinom nyinaa a, wunhu Onyankopɔn tumi anaa? Nanso yɛhwɛ wiase nnɛ a, nnipa kakraa bi na wɔgye tom paa sɛ Onyankopɔn wɔ tumi. Ɛno mpo no, wɔn mu kakraa bi na wɔwɔ ne tumi no ho adwempa. Nanso, sɛ yɛte Yehowa tumi ase yiye a, ɛbɛboa yɛn paa ama yɛabɛn no kɛse. Saa ɔfã yi, yɛbɛto yɛn bo ase asua Yehowa tumi a enni ano no ho ade akɔ akyiri.
‘Hwɛ, Yehowa twaam’
Yehowa Suban a Ɛho Hia Paa
4, 5. (a) Ɛdɛn na Bible ka fa Yehowa din ho? (b) Adɛn nti na ɛfata sɛ Yehowa de ne tumi toto nantwi ho?
4 Yehowa ne tumi nyinaa wura; obiara ne no nsɛ. Yeremia 10:6 ka sɛ: “O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Woyɛ kɛse; wo din so, na ɛkorɔn.” Yɛnhyɛ no nsow sɛ Yehowa din korɔn, anaa ɛwɔ tumi. Kae sɛ, Yehowa din kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Ɛdɛn na ɛma Yehowa tumi bɔ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ na ɔyɛ ne ho nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara? Sɛ ɛnyɛ ne tumi a, ɛnde dɛn bio? Yehowa tumi a ɔde yɛ nea ɔpɛ biara no, enni ano. Ampa, Yehowa suban a ehia paa no, tumi ka ho.
5 Yehowa tumi de, ɛnyɛ ade a yebetumi ate ase awie. Enti ɔde mfatoho na ɛkyerɛkyerɛ mu kyerɛ yɛn na ama yɛatumi ate ase. Sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, ɔde nantwi na egyina hɔ ma ne tumi. (Hesekiel 1:4-10) Saa mfatoho no fata paa, efisɛ ofie nantwi mpo ɔyɛ aboa a ɔsõ na ne ho yɛ den. Nkurɔfo a na wɔte Palestina wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na wɔntaa nhyia aboa bi a ne ho yɛ den sen nantwi. Nanso, na wɔnim nantwi bi a ne ho yɛ hu paa. Ɛyɛ wuram nantwi bi a seesei ebi nni wiase bio. (Hiob 39:9-12) Bere bi, Roma ɔhempɔn Julius Caesar kaa sɛ, na saa wuram nantwi no kɛse ne ɔsono reyɛ ayɛ pɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔwɔ ahoɔden yiye, na wɔtu mmirika paa.” Wo de, hwɛ sɛ wugyina aboa a ɔte saa ho. Wobɛyɛ sɛ ntɛtea!
6. Adɛn nti na Yehowa nko ara na yɛfrɛ no “ade nyinaa so Tumfo”?
6 Yehowa Nyankopɔn ne tumi nyinaa wura, na sɛ yɛde nnipa toto no ho a, nnipa yɛ ketekete koraa; yɛyɛ nkyene a na yɛayera mu. Aman akɛse mpo, obu wɔn sɛ nsenia so mfuturu bi kɛkɛ. (Yesaia 40:15) Abɔde biara nni hɔ a yebetumi de atoto Yehowa ho, efisɛ ne tumi nni ano. Ɔno nko ara na yɛfrɛ no “ade nyinaa so Tumfo.”a (Adiyisɛm 15:3) Yehowa ‘tumi yɛ hu,’ na ɔwɔ ‘ahoɔden pii.’ (Yesaia 40:26) Ne tumi dɔɔso, na ɛnsa da. Yehowa nhwehwɛ ahoɔden mfi baabi foforo biara, efisɛ “Onyankopɔn nsam na tumi wɔ.” (Dwom 62:11) Nanso, sɛn na Yehowa de ne tumi yɛ adwuma?
Sɛnea Yehowa De Ne Tumi Yɛ Adwuma
7. Ɛdɛn ne Yehowa honhom kronkron? Ɛdɛn na kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no ma yehu fa ho?
7 Sɛ Yehowa rehwie honhom kronkron agu nnipa so a, onsusuw anaa ɔnkari. Honhom kronkron yɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ adwuma. Yɛhwɛ Genesis 1:2 ase hɔ asɛm no a, Bible frɛ honhom kronkron “Onyankopɔn adeyɛ tumi” anaa “tumi a Onyankopɔn de yɛ ade.” Hebri ne Greek kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no, asɛmfua a wɔkyerɛ ase “honhom” no, ɛtɔ da nso a, yebetumi akyerɛ ase “mframa,” “ahome,” anaa “ahum.” Nkurɔfo a wɔyɛ nsɛm asekyerɛ nhoma ka sɛ, kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no, saa nsɛmfua no kyerɛ tumi bi a yɛn ani nhu, nanso ɛreyɛ adwuma. Onyankopɔn honhom te sɛ mframa. Yentumi mfa yɛn ani nhu, nanso yetumi hu adwuma a ɛreyɛ.
8. Sɛn na wɔfrɛ Onyankopɔn honhom wɔ Bible mu, na adɛn nti na saa ntotoho yi fata?
8 Onyankopɔn honhom kronkron tumi yɛ nneɛma ahorow ahorow bebree. Biribiara a Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ no, obetumi de honhom kronkron ayɛ. Enti ɛfata sɛ Bible frɛ Onyankopɔn honhom sɛ ne “nsateaa,” ne “nsa a ɛyɛ den,” anaa ne “basa a wateɛ mu.” (Luka 11:20; Deuteronomium 5:15; Dwom 8:3) Onipa tumi de ne nsa yɛ nnwuma ahorow ahorow bebree, ebi gye ahoɔden, na ebi nso nnye ahoɔden. Onyankopɔn nso, otumi de ne honhom yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara. Ɛno na ɔde yɛɛ atɔm ketewa paa, na ɛno na ɔde paee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Ɛno ara nso na ɛmaa tete Kristofo no tumi kaa kasa ahorow.
9. Yehowa yɛ ɔhene, sɛn na ne tumi kɛse te?
9 Yehowa de ne tumi yɛ adwuma nso sɛ Amansan Hene. Wo de, hwɛ sɛ wowɔ nnipa ne abɔfo mpempem pii hyɛ wo ase. Woka sɛ wɔnkɔ a, na wɔkɔ, wɔmmra a, na wɔaba. Anka wobɛte nka sɛn? Tumi a ɛte saa na Yehowa wɔ. Ɔwɔ nnipa bebree a wɔyɛ n’asomfo. Bible taa de wɔn toto asafodɔm anaa asraafo ho. (Dwom 68:11; 110:3) Sɛ wode onipa toto ɔbɔfo ho a, onipa ahoɔden sua. Wo de hwɛ, bere a Asiria asraafo yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no, ɔbɔfo baako kunkum saa asraafo no 185,000 anadwo baako pɛ! (2 Ahene 19:35) Onyankopɔn abɔfo yɛ “ahoɔdenfo.”—Dwom 103:19, 20.
10. (a) Adɛn nti na yɛfrɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no asafo Yehowa? (b) Yehowa abɔde nyinaa mu no, hena na ɔwɔ tumi paa?
10 Abɔfo dodow yɛ sɛn? Bere bi, odiyifo Daniel nyaa anisoadehu bi ma ohui sɛ abɔfo bɛboro ɔpepem 100 gyinagyina Yehowa ahengua anim wɔ soro. Nanso biribiara nkyerɛ sɛ ohuu abɔfo a Yehowa abɔ wɔn no nyinaa. (Daniel 7:10) Enti ebetumi aba sɛ abɔfo ɔpepem ɔha mmɔho mmɔho na ɛwɔ hɔ. Wei nti yɛfrɛ Onyankopɔn asafo Yehowa. Wei yɛ Onyankopɔn abodin, na ɛma yehu sɛ abɔfo ahoɔdenfo mpempem pii a wɔahyehyɛ wɔn pɛpɛɛpɛ no, ɔno na odi wɔn so. Saa abɔfo bebree yi, ɔde ɔno ara ne Dɔba Yesu a ɔyɛ “abɔde nyinaa mu abakan” no na ato wɔn ano. (Kolosefo 1:15) Yesu ne ɔbɔfo panyin, kyerɛ sɛ, ɔno ne abɔfo, serafim, ne kerubim nyinaa panyin. Sɛ yɛbɛka a, Yehowa abɔde nyinaa mu no, Yesu na ɔwɔ tumi paa.
11, 12. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ tumi wɔ Onyankopɔn asɛm mu? (b) Asɛm bɛn na Yesu ka de kyerɛe sɛ Yehowa tumi nni ano?
11 Yehowa san wɔ ɔkwan foforo a ɔfa so de ne tumi yɛ adwuma. Hebrifo 4:12 ka sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” Onyankopɔn asɛm anaa asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee a ɛnnɛ yɛfrɛ no Bible no, woahu tumi a ɛwɔ mu no? Ebetumi ahyɛ yɛn den, ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ kɛse, na ebetumi aboa yɛn ama yɛayɛ nsakrae pii wɔ yɛn asetena mu. Ɔsomafo Paul bɔɔ ne nuanom Kristofo kɔkɔ wɔ nkurɔfo a wɔn bra asɛe pɔtɔɔ no ho. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Saa na na mo mu binom te.” (1 Korintofo 6:9-11) Nokwasɛm ne sɛ, tumi a ɛwɔ “Onyankopɔn asɛm” mu no yɛɛ wɔn mu adwuma, na ɛboaa wɔn ma wɔsakrae.
12 Yehowa tumi yɛ kɛse paa, na ɔkwan a ɔde ne tumi yɛ adwuma nso tu mpɔn paa, enti sɛ ɔreyɛ biribi a, biribiara ntumi nsiw no kwan. Yesu kaa sɛ: “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” (Mateo 19:26) Nneɛma bɛn na Yehowa de ne tumi yɛ?
Yehowa Mfa Ne Tumi Nyɛ Biribiara Kɛkɛ
13, 14. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa wɔ hɔ, na ɔnyɛ tumi bi kɛkɛ? (b) Sɛn na Yehowa de ne tumi yɛ adwuma?
13 Yehowa honhom no wɔ tumi sen tumi biara. Yehowa wɔ hɔ ankasa, na ɔnyɛ tumi bi kɛkɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ din; ɔde ne tumi yɛ nea ɔpɛ biara. Ɛnde, ɛdɛn na ɛma ɔde ne tumi yɛ adwuma?
14 Sɛnea yebehu no, Onyankopɔn de ne tumi bɔ ade, ɔde ne tumi sɛe ade, ɔde ne tumi bɔ nkurɔfo ho ban, ɔde ne tumi siesie nneɛma a asɛe. Sɛ yebetwa no tiaa a, Yehowa de ne tumi yɛ biribiara a ɛne n’atirimpɔw hyia. (Yesaia 46:10) Ɛtɔ da a, Yehowa de ne tumi yɛ adwuma ma yehu ne suban bi a ehia ne sɛnea ɔpɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔde ne tumi yɛ adwuma ma n’apɛde ba mu. N’apɛde ne sɛ ɔnam Mesia Ahenni no so bɛtew ne din kronkron no ho, na wama obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛyɛ papa paa. Nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara, biribiara rentumi nsiw no kwan.
15. Adɛn nti na Yehowa de ne tumi yɛ adwuma de boa n’asomfo? Sɛn na ɔde ne tumi yɛɛ adwuma de boaa Elia?
15 Yehowa de ne tumi yɛ adwuma nso de boa ankorankoro. Wo de, hwɛ asɛm a ɛwɔ 2 Beresosɛm 16:9 no. Ɛka sɛ: “Yehowa aniwa kyini asaase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho.” Wei ho nhwɛso ne Elia ho asɛm a yɛkaa no mfiase no. Adɛn nti na Yehowa yɛɛ anwanwade maa Elia huu ne tumi kɛse no? Nea ɛte ne sɛ, na Ɔhemmaa Yesebel tirimɔdenfo no adi nsew aka ntam sɛ obekum Elia. Enti na odiyifo no reguan apere ne nkwa. Elia hui sɛ wayɛ ankonam, ehu aka no, na n’abam abu. Ná ɛyɛ no sɛ adwumaden a wayɛ nyinaa, mfaso biara amma so. Ná Elia adwene atu afra ama onhu nea ɔnyɛ ne ho. Enti Yehowa kekaa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a Elia behu ne tumi na wanya awerɛkyekye. Mframa, asaasewosow, ne ogya no maa Elia hui sɛ Nea ɔwɔ tumi paa wɔ ɔsoro ne asaase so no ka ne ho. Sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no ka ne ho a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na wasuro Yesebel?—1 Ahene 19:1-12.b
16. Yɛhwɛ sɛnea Yehowa tumi sõ no a, adɛn nti na ɛma yenya awerɛkyekye?
16 Ɛwom sɛ ɛnnɛ Yehowa nyɛ anwanwade a ɛte saa de, nanso sɛnea na ɔte wɔ Elia bere so no, saa ara na ɔte nnɛ; ɔnsesae. (1 Korintofo 13:8) Ɛnnɛ nso, n’ani gye ho paa sɛ ɔde ne tumi bedi aboa wɔn a wɔdɔ no. Ɛwom sɛ Yehowa te ɔsoro mu soro de, nanso ɔne yɛn ntam kwan nware. Ne tumi nni ano, enti baabiara a yɛwɔ biara obetumi aboa yɛn. Ɔkwan a ɛda yɛne ne ntam no rentumi nyɛ osiakwan. Nokwasɛm ne sɛ, “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.” (Dwom 145:18) Bere bi, na odiyifo Daniel rebɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no; n’ano ansi mpo na ɔbɔfo bi begyinaa n’anim! (Daniel 9:20-23) Wɔn a wɔdɔ Yehowa no, sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa wɔn anaa ɔhyɛ wɔn den a, biribiara rentumi nsiw no kwan.—Dwom 118:6.
Onyankopɔn Tumi Nti Yɛrentumi Mmɛn No Anaa?
17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa tumi ma yesuro no, nanso saa osuro no nyɛ osuro bɛn?
17 Onyankopɔn tumi nti, ɛsɛ sɛ yesuro no anaa? Yebetumi aka sɛ aane, na yebetumi nso aka sɛ daabi. Nea enti a yebetumi aka sɛ ‘aane’ ne sɛ, ne tumi nti ɛfata sɛ yesuro no. Nea saa osuro no kyerɛ ne sɛ, yebenya obu kɛse ama no, sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ eti a edi wei anim mu no. Bible ma yehu sɛ, osuro a ɛte saa yɛ “nyansa mfiase.” (Dwom 111:10) Nea enti a yebetumi aka ‘daabi’ nso ne sɛ, tumi a Onyankopɔn wɔ no, ɛmma ne ho nyɛ hu te sɛ kakae, a enti ɛsɛ sɛ yesuro no anaasɛ yɛtwe yɛn ho fi ne ho.
18. (a) Adɛn nti na nnipa pii nnye wɔn a wɔwɔ tumi nni? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ tumi a Yehowa wɔ no, ɛrentumi nsɛe no?
18 Afe 1887 no, Lord Acton a ofi England a nkurɔfo bu no paa no kyerɛwee sɛ: “Tumi sɛe nipa; na sɛ obi wɔ tumi a ɔne obiara mmɔ mu hye a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa.” Nkurɔfo afa n’asɛm no aka mpɛn pii, efisɛ ebia nnipa pii ahu sɛ n’asɛm no yɛ nokware turodoo. Ɛno nti na wɔtaa fa de ka asɛm no. Abakɔsɛm ama yɛahu sɛ, nnipa a yɛnyɛ pɛ de, sɛ yenya tumi a, yɛtaa de hyɛ nkurɔfo so anaa yɛde sisi wɔn. (Ɔsɛnkafo 4:1; 8:9) Wei nti, nkurɔfo a wɔwɔ tumi no, nnipa pii nnye wɔn nni, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛbɛn wɔn. Wo de yɛnhwɛ Yehowa, ɔwɔ tumi kyɛn obiara. Nanso wohwɛ a, asɛe no wɔ ɔkwan bi so anaa? Daabida! Yɛabehu sɛ ɔyɛ kronkron, na biribiara ntumi mma no nsɛe da. Yehowa de, ɔnte sɛ mmarima ne mmea a bɔne wɔ wɔn ho a tumi abedi wɔn nsam wɔ wiase a aporɔw yi mu no. Yehowa mfaa ne tumi nyɛɛ bɔne da, na ɔremfa nyɛ saa nso da.
19, 20. (a) Sɛ Yehowa de ne tumi reyɛ adwuma a, ne suban afoforo bɛn na bere nyinaa ɔde ka ho, na adɛn nti na wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam? (b) Mfatoho bɛn na wode bɛkyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa hyɛ ne ho so no mu, na adɛn nti na w’ani gye ho?
19 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ɛnyɛ tumi nko ara ne Yehowa suban. Yebesua n’atɛntrenee, ne nyansa, ne ne dɔ nso ho ade. Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, Yehowa suban ahorow no, sɛ ɛnnɛ ohia baako a, na ɔde ayɛ adwuma, sɛ ɔkyena ohia foforo a, na ɔde ɛno nso ayɛ adwuma. Daabi, ɛnyɛ saa na ɔyɛ no. Yebehu wɔ ti ahorow a edi so no mu sɛ, sɛ Yehowa de ne tumi reyɛ adwuma a, bere nyinaa ɔde n’atɛntrenee, ne nyansa, ne ne dɔ ka ho. Wo de, yɛnhwɛ suban foforo a Onyankopɔn wɔ. Saa suban no, wiase atumfoɔ ntaa nna no adi koraa; ɛno ne ahohyɛso.
20 Fa no sɛ woahyia ɔbarima bi a ɔsõ ware a ne ho yɛ den paa. Ebia mfiase no, wobɛbɔ hu. Nanso, bere a wubehuu no yiye no, wuhui sɛ ɔnyɛ basabasa koraa. Afei nso, wubehui sɛ ɔyɛ obi a wayɛ krado sɛ ɔde n’ahoɔden bɛboa nkurɔfo abɔ wɔn ho ban, ɛnkanka nnipa a wɔnni ahoɔden ne ahobammɔ biara no. Bio nso, ɔmfa n’ahoɔden nsisi nkurɔfo. Sɛ nkurɔfo keka ne ho nsɛm de sɛe ne din a, ɔhyɛ ne ho so yɛ komm, na ɔyɛ wɔn papa mpo. Ebia wubebisa wo ho sɛ, sɛ ɛyɛ me na me ho yɛ den saa na nkurɔfo yɛɛ me saa a, anka metumi ayɛ komm ahyɛ me ho so anaa? Sɛ woba behu ɔbarima a ɔte saa no yiye a, anka woremfa no adamfo anaa? Yɛwɔ nnyinaso a edi mu a enti ɛsɛ sɛ yɛbɛn ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa. Wo de, kyerɛwsɛm a yegyinaa so paw eti yi asɛmti no, dwen ho hwɛ. Ɛka sɛ: “Yehowa bo mfuw ntɛm na ne tumi sõ.” (Nahum 1:3) Yehowa mpere ne ho mfa ne tumi nyɛ nkurɔfo bɔne; abɔnefo mpo, onya wɔn ho abotare. Odwo, na ne yam ye. Nkurɔfo ahyɛ no abufuw mpɛn pii, nanso wakyerɛ sɛ ɔyɛ obi a ne “bo mfuw ntɛm.”—Dwom 78:37-41.
21. Adɛn nti na Yehowa nhyɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ nea ɔpɛ, na dɛn na wei ma yehu fa ne ho?
21 Wo de, yɛnhwɛ sɛnea Yehowa hyɛ ne ho so wɔ ɔkwan foforo so. Sɛ tumi nyinaa yɛ wo dea a, wohwɛ a ɛtɔ da a ɛbɛyɛ wo sɛ hyɛ nkurɔfo ma wɔnyɛ nea wopɛ anaa? Tumi a Yehowa wɔ nyinaa akyi no, ɔnhyɛ nnipa sɛ wɔnsom no. Ɛwom sɛ, sɛ yɛsom Onyankopɔn a, ɛno nko ara na ɛbɛma yɛanya daa nkwa de, nanso Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛnsom no. Mmom odi yɛn ni, na ogyaw ma obiara sɛ ɔno ara nsi gyinae sɛ ɔbɛsom no anaa ɔrensom no. Sɛ yɛansom no a, nsunsuanso bɔne a ebefi mu aba no, ɔma yehu. Sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛsom no nso a, mfaso a ɛwɔ so no nso, ɔma yehu. Nanso, yɛbɛsom no oo, yɛrensom no oo, ɛno de, ogyaw ma obiara. (Deuteronomium 30:19, 20) Yehowa mpɛ sɛ nkurɔfo de amemenemfe bɛsom no anaasɛ wɔde ne ho hu bɛsom no. Wɔn a ɔpɛ sɛ wɔsom no ne wɔn a ɔdɔ a wɔwɔ ma no nti wɔbeyi wɔn yam asom no.—2 Korintofo 9:7.
22, 23. (a) Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛma afoforo tumi? (b) Ɛdɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?
22 Momma yɛnhwɛ ade a etwa to a enti ɛnsɛ sɛ yesuro ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn te sɛ nea ɔyɛ kakae. Nnipa a wɔwɔ tumi suro sɛ wɔne afoforo bɛkyɛ wɔn tumi. Nanso Yehowa de, n’ani gye ho sɛ ɔbɛma n’asomfo anokwafo tumi. Ɔde tumi kɛse ma afoforo. Ne Ba no sei, wama no tumi kɛse paa. (Mateo 28:18) Yehowa ma n’asomfo nya tumi wɔ ɔkwan foforo so nso. Bible ka sɛ: “O Yehowa, wo na kɛseyɛ ne tumi ne anuonyam ne hyerɛn ne nidi wɔ wo; na nea ɛwɔ ɔsoro ne asaase so nyinaa yɛ wo dea. . . . Wo na tumi ne kɛseyɛ wɔ wo nsam, na obiara kɛseyɛ ne n’ahoɔden wɔ wo nsam.”—1 Beresosɛm 29:11, 12.
23 Ampa, Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛhyɛ wo den. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no, ɔma wɔn “tumi a ɛboro nnipa de so.” (2 Korintofo 4:7) Onyankopɔn a ɔwɔ tumi sei a ɔde ne tumi yɛ adepa ma nkurɔfo nya so mfaso no, ɛnyɛ wo dɛ sɛ wobɛtwe abɛn no anaa? Eti a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa de ne tumi bɔ ade.
a Greek asɛm a wɔkyerɛɛ ase “ade nyinaa so Tumfo” no, ne nkyerɛase tee ne “Nea Odi Ade Nyinaa So; Nea Tumi Nyinaa Yɛ Ne Dea.”
b Bible ka sɛ ‘na Yehowa nni mframa, asaasewosow, ne ogya no mu.’ Yehowa asomfo nte sɛ wɔn a wɔsom atoro anyame a wɔhwehwɛ wɔn anyame wɔ mframa, nsu, ne nea ɛkeka ho mu no. Yehowa yɛ kɛse sen biribiara a wabɔ, enti ɔrentumi ntena emu biara mu.—1 Ahene 8:27.
-
-
Tumi a Ɔde Bɔɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’Bɛn Yehowa
-
-
TI 5
Tumi a Ɔde Bɔ Ade—‘Nea Ɔyɛɛ Ɔsoro Ne Asaase’
1, 2. Sɛn na awia ma yehu Yehowa tumi a ɔde bɔ ade?
WOAGYINA gya ho anadwo pɛn bere a awɔw wom? Ebia wode wo nsa kɔɔ gya no ho sɛnea ɛfata na ama wo ho ayɛ wo hyew. Sɛ wokɔɔ gya no ho pii a, anka ɛbɛhyehye wo. Sɛ wokɔɔ akyiri pii nso a, anka mframa nwininwini a ɛrebɔ anadwo no nti, awɔw bɛde wo.
2 Awia te sɛ ogya bi a ɛma yɛn ho yɛ yɛn hyew. Awia wɔ akyirikyiri paa. Efi asaase yi so rekɔ baabi a awia no wɔ no, ɛbɛyɛ kilomita ɔpepem 150 (akwansin ɔpepem 93)!a Sɛ yɛhwɛ baabi a awia no wɔ a yetumi te ne hyew saa no a, ɛkyerɛ sɛ tumi wom paa! Ne nyinaa mu no, ɔkwan a ɛda awia ne asaase ntam no fata paa. Sɛ asaase bɛn awia pii a, anka asaase so nsu nyinaa bɛwe; sɛ ɛkɔɔ akyiri pii nso a, anka asaase so nsu nyinaa bɛdan ice blɔg. Sɛ asaase bɛn awia no pii anaa ɛkɔɔ akyiri pii a, anka yɛrentumi ntena so. Awia boa ma yetumi tena asaase so; ɛma yenya ahoɔden. Nanso, empuw wusiw biara. Awia hyerɛn a ɛyɛ fɛ, na ɛma yɛn ani gye.—Ɔsɛnkafo 11:7.
3. Ɛdɛn na awia ma yehu?
3 Ɛwom sɛ nnipa nkwa gyina awia so de, nanso nnipa dodow no ara mmu awia ade titiriw biara. Enti nneɛma a awia ma yetumi sua fa Yehowa ho no, wɔn de, wɔnhu. Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo na woyɛɛ hann ne owia.” (Dwom 74:16) Ampa, awia hyɛ Yehowa a ‘ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase’ no anuonyam. (Dwom 19:1; 146:6) Nsoromma bebree a ɛma yehu tumi kɛse a Yehowa de bɔɔ ade no, awia yɛ emu baako pɛ. Ma yɛnhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ wɔ soro ne asaase so no bi, na yɛnhwɛ sɛnea ɛma yehu ne tumi kɛse no.
Yehowa ‘na ɔyɛɛ hann ne owia’
“Momma Mo Ani So Nhwɛ Soro, Na Monhwɛ”
4, 5. Awia ahoɔden ne ne kɛse te sɛn? Nanso yɛde awia toto nsoromma a aka ho a, ɛte sɛn?
4 Sɛnea ebia wunim no, awia yɛ nsoromma. Sɛ wohwɛ awia a, wuhu sɛ ɛso sen nsoromma a yehu no anadwo no, efisɛ awia bɛn yɛn. Awia ahoɔden te sɛn? Ɔhyew a ɛwɔ awia mfinimfini no bɛyɛ digrii Celsius 15,000,000 (digrii Fahrenheit 27,000,000). Sɛ wofa awia no mfinimfini ketewaa bi te sɛ pin ti bɛto asaase yi so a, ɔhyew a ɛwom no nti, sɛ wugyina bɛyɛ kilomita 140 (akwansin 90) mpo a, wobɛhyew! Anibu biara, ahoɔden a efi awia mu ba no, ɛne nuklea bɔmb anaa topae a ɛhye aman mpempem pii ahoɔden yɛ pɛ.
5 Awia sõ papaapa. Enti wode asaase a yɛte so yi mmaako mmaako 1,300,000 hyɛ mu a, ɛbɛkɔ mu ama ebi aka. Yemmisa sɛ, nsoromma nyinaa mu no, awia na ɛyɛ kɛse paa anaa? Daabi, nsoromma ho animdefo kyerɛ sɛ, sɛ wode awia toto nsoromma bi ho a, awia yɛ nkyene a, na ayera mu. Ɔsomafo Paul kyerɛw sɛ “nsoromma mpo, emu biara ne n’anuonyam.” (1 Korintofo 15:41) Ɛnyɛ honhom kronkron na ɛboaa Paul a, anka ɔrentumi nhu saa asɛm yi nkyerɛw. Nsoromma bi wɔ hɔ a ɛsõ paa. Sɛnea ne kɛse te no, sɛ ɛno na ɛwɔ baabi a awia no wɔ a, anka yɛn asaase yi bɛkɔ akɔhyɛ mu. Nsoromma kɛse foforo bi wɔ hɔ. Sɛ ɛno nso wɔ baabi a awia wɔ a, sɛnea ne kɛse te nti, anka ɛbɛka okyinnsoromma anaa planɛt bi a yɛfrɛ no Saturn. Nso Saturn wɔ akyirikyiri paa; ɛmmɛn asaase koraa. Wimhyɛn bi fi asaase so kɔɔ baabi a Saturn wɔ no, na edii mfe nnan ansa na ɛretumi adu hɔ. Sɛ yɛtow tuo a, mmirika a etuo aboba de fi etuo mu no, wimhyɛn no mmirika boro tuo aboba mmirika no so mpɛn 40!
6. Ɔkwan bɛn so na Bible ma yehu sɛ nnipa rentumi nkan nsoromma dodow a ɛwɔ amansan yi mu?
6 Sɛnea nsoromma sõsõ no, ɛyɛ nwanwa paa. Nanso sɛ yɛreka ne dodow a, ɛno mpo de, ɛboro adwene ne ntease so. Nokwarem no, Bible ka sɛ, sɛnea yɛrentumi nkan “mpoano anwea” no, saa ara nso na yɛrentumi nkan nsoromma dodow. (Yeremia 33:22) Saa asɛm yi kyerɛ sɛ nsoromma a ɛwɔ hɔ dɔɔso koraa sen nea yebetumi de yɛn ani ahu. Wɔn a wɔkyerɛw Bible no, fa no sɛ obi te sɛ Yeremia yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhwɛ wim anadwo akan nsoromma a ɛwɔ hɔ. Ebia anka mpem mmiɛnsa pɛ na obetumi akan, efisɛ anadwo a ewim atew mpo no, nsoromma bɛyɛ mpem mmiɛnsa na nnipa ani betumi ahu. Sɛ wosaw anwea wo nsa ma baako pɛ mpo, na wuyiyi anwea no mmaako mmaako kan a, ɛno nso dodow bɛyɛ mpem mmiɛnsa saa ara. Nanso, nea ɛwom paa ne sɛ, nsoromma a ɛwɔ wim no, ɛdɔɔso koraa sen nea yɛde yɛn ani hu; ɛte sɛ mpoano anwea.b Hena na obetumi akan biribi a ɛdɔɔso saa?
“Ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn”
7. Nsoromma dodow a ɛwɔ yɛn Milky Way nsorommakuw no mu no, wobɛka ho asɛm sɛn? Nsorommakuw dodow a ɛwɔ amansan yi mu no, wobɛka ho asɛm sɛn?
7 Yesaia 40:26 ka sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ. Hena na ɔbɔɔ weinom nyinaa? Ɔno ne Nea odi wɔn anim de wɔn pue sɛ asraafo; ɔkan wɔn nyinaa, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.” Dwom 147:4 ka sɛ: “Onim nsoromma dodow.” “Nsoromma dodow” sɛn na ɛwɔ hɔ? Wei nyɛ asɛmmisa a ɛyɛ mmerɛw. Nsoromma ho animdefo abu akontaa sɛ, nsoromma bɛboro ɔpepepem 100 na ɛwɔ yɛn Milky Way nsorommakuw no nko ara mu.c Ebinom ka sɛ ne dodow boro saa mpo. Nanso, nsorommakuw bebree na ɛwɔ hɔ, na Milky Way no yɛ emu baako pɛ. Nsorommakuw pii wɔ hɔ a emu nsoromma dɔɔso kyɛn Milky Way de no koraa. Nsorommakuw dodow sɛn na ɛwɔ hɔ? Nkurɔfo a wɔsua nsoromma ho ade ka sɛ, nsorommakuw dodow a ɛwɔ hɔ bɛyɛ ɔpepepee anaa ɔpepepeepee mpo. Sɛ yɛhwɛ nea wɔreka yi a, ɛte sɛ nea nnipa nnim nsorommakuw dodow a ɛwɔ hɔ mpo, na kampɛsɛ wɔatumi ahu nsoromma pepeankoma a ɛwɔ nsorommakuw no nyinaa mu. Nanso Yehowa de, onim ne dodow. Afei nso, ɔno na ɔto nsoromma biara din!
8. (a) Sɛnea Milky Way nsorommakuw no kɛse te no, wobɛkyerɛkyerɛ mu sɛn? (b) Planɛt ne nsorommakuw no, ebiara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ. Adɛn nti na ɛte saa?
8 Sɛ yɛhwɛ sɛnea nsorommakuw no akɛse te a, ɛma yɛn ho dwiriw yɛn paa. Anibu biara, hann tumi twa kilomita 300,000 (akwansin 186,000). Enti sɛ hann de mmirika a ɛte saa fi Milky Way nsorommakuw no ti kɔ ti a, ebegye mfe 100,000. Yɛreka yi nso, nsorommakuw bi sõsõ sen Milky Way nsorommakuw no bam. Bible ka sɛ Yehowa trɛw “ɔsoro” mu te sɛ ntoma. (Dwom 104:2) Ɔno na ɔkyerɛ planɛt ne nsorommakuw no nyinaa kwan. Biribiara a ɛwɔ soro ne asaase so, efi mfuturu so kosi nsorommakuw a ɛsõ paa so no, biribiara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ, efisɛ Onyankopɔn na ahyehyɛ no saa. (Hiob 38:31-33) Enti nsoromma ho animdefo bi kyerɛ sɛ, sɛnea planɛt ne nsorommakuw biara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ no, ɛte sɛ asaw a ɛyɛ fɛ paa! Enti wo de, dwen Onii a ɔbɔɔ weinom nyinaa no ho hwɛ. Wohwɛ tumi kɛse a Onyankopɔn de bɔɔ saa nneɛma yi nyinaa a, ɛmma ne ho nyɛ wo nwanwa anaa?
“Ɔno Na Ɔde Ne Tumi Yɛɛ Asaase”
9, 10. Yɛhwɛ baabi a Yehowa de asaase ato wɔ amansan yi mu a, ɛdɛn na ɛma yehu fa ne tumi ho?
9 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa bɔɔ asaase yi a, biribiara kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɔ ade. Baabi a ɔde asaase yi ato wɔ amansan kɛse yi mu no, ɛfata paa. Nsoromma ho animdefo binom gye di sɛ nsorommakuw pii wɔ hɔ a, ɛnte sɛ yɛn asaase yi, enti yɛrentumi ntena hɔ. Ɛda adi sɛ yɛn Milky Way nsorommakuw no nso, ɛfã kɛse no ara de, wɔanyɛ sɛ nkwa ntena so. Yɛn Milky Way nsorommakuw no mfinimfini no, nsoromma sam hɔ pii, enti ɛreyɛ ara ni na nsoromma no bi rekɔpem foforo. Hann a ɛwɔ hɔ nso tumi di awu. Milky Way nsorommakuw no anoano no, nneɛma a ɛma yetumi tena nkwa mu no, bebree nni hɔ. Wei nyinaa mu no, baabi a Yehowa de asaase a yɛte so yi ato no, ɛfata paa.
10 Planɛt a yɛfrɛ no Jupiter no sõ paa, ɛwɔ akyirikyiri, nanso ɛbɔ yɛn asaase yi ho ban. Sɛ yɛka yɛn asaase yi mmaako mmaako bɛboro apem bom a, ɛnna ne kɛse bɛyɛ sɛ Jupiter. Esiane Jupiter kɛse nti, ɛtwetwe nneɛma akɛse a ɛnenam wim no bebree. Animdefo ka sɛ, sɛ ɛnyɛ Jupiter a, anka nneɛma a ɛbɛba abɛhwehwe asaase so no, ɛbɛkyɛn nea ɛhwehwe so nnɛ no mmɔho 10,000. Bosome no bɛn yɛn asaase yi paa, na ɛno nso boa yɛn. Bosome yɛ fɛ, na ɛma ewim hyerɛn anadwo. Yɛn asaase yi akyea kakra, na bosome no na ɛma etumi gyina. Sɛnea asaase no akyea kakra no, ɛno na ɛma yenya ɔpɛbere ne nsutɔbere. Weinom nyinaa ma asaase so tena yɛ dɛ.
11. Ewim a ɛhata hɔ yi, sɛn na ɛbɔ asaase ho ban?
11 Biribiara a Yehowa abɔ wɔ asaase so no ma yehu sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɔ ade. Wo de, hwɛ ewim a ɛhata hɔ yi. Ɛbɔ yɛn ho ban. Hann a efi awia no mu ba no, ebi ma yenya apɔwmuden, ebi nso betumi adi yɛn awu. Sɛ hann a etumi di awu no fi awia no mu reba asaase so na ebedu wim a, ɛma mframa pa a yɛhome no dan mframa bi a yɛfrɛ no ozone. Saa ozone no boaboa ano, enti sɛ hann a edi awu no reba asaase so a, na ozone no agye. Enti yɛbɛka a, Onyankopɔn ayɛ kyiniiɛ bi ama asaase no a ɛbɔ ho ban!
12. Sɛ yɛhwɛ sɛnea nsu di akɔneaba no a, ɛdɛn na ɛma yehu fa Yehowa tumi a ɔde bɔ ade no ho?
12 Ewim a ɛhata hɔ yi ma yenya mframa a yehia wɔ asaase so. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɛsan yɛ nneɛma foforo pii ma yetumi tena asaase so. Ade baako a ɛyɛ nwanwa a ɛno nso kɔ so wɔ wim ne nsu a edi akɔneaba no. Afe biara, ɛpo mu nsu a awia no ma ɛdan tutuw kɔ soro no, sɛ ɛtaa faako a, anka asaase a ebegye no, ne tenten, ne tɛtrɛtɛ, ne sɛnea emu dɔ no, ebiara bɛboro kilomita 400,000 (akwansin 100,000). Sɛ nsu a adan tutuw no kɔ wim a, ɛdan mununkum, na mframa de mununkum no di akɔneaba wɔ wim. Afei, nsu a ɛso asɔne ama emu atew no, ɛsan tɔ begu asaase so. Ebi yɛ sukyerɛmma, ebi yɛ asukɔtweaa, na ɛma yenya nsu. Nea ɛkɔ so no, ɛte sɛ nea Ɔsɛnkafo 1:7 ka no pɛpɛɛpɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Nsubɔnten nyinaa tene kogu po mu, nanso ɛpo nyɛ ma da. Baabi a nsubɔnten no fi ba no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ, na asan afi hɔ aba bio.” Yehowa nko ara na obetumi ama nsu adi akɔneaba saa.
13. Sɛn na asaase ne ɛso afifide ma yehu sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ tumi?
13 Baabi a yehu nneɛma a nkwa wom biara no, yehu Ɔbɔadeɛ no tumi. Wo de hwɛ, yɛwɔ nnua akɛse a ne tenten boro aborosan a ɛtoa so 30 ne afifide nketenkete a ɛsam ɛpo ase. Mframa pa a yɛhome no, saa nnua ne afifide nketenkete no na ɛma yenya dodow no ara. Wei nyinaa ma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɔ ade ampa. Afei nso, nsonsono ne mmoawammoawa ne nneɛma bi wɔ asaase mu a ɛboa ma nnua nyin kama. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ Bible ka sɛ asaase anaa dɔte wɔ ahoɔden a ɛde bɔ aduan.—Genesis 4:12, ase hɔ asɛm.
14. Ahoɔden a ɛwɔ atɔm ketekete mu no, ɛte sɛn?
14 Yebetumi aka paa sɛ, Yehowa na “ɔde ne tumi yɛɛ asaase.” (Yeremia 10:12) Nneɛma nketenkete paa mpo ma yehu Onyankopɔn tumi. Sɛ yɛhwɛ atɔm sei a, yɛkeka ɔpepem baako bom a, ne kɛse nnu onipa ti nwi baako mpo. Nanso nneɛma nketenkete a ɛwɔ atɔm mu no, ahoɔden wom paa. Enti yetumi de yɛ bɔmb.
“Nea Ɛhome Nyinaa”
15. Bere a Yehowa kaa mmoa akɛse ho asɛm no, na dɛn na ɔrekyerɛ Hiob?
15 Mmoa pii a yehu wɔn wɔ asaase so no, ɛno nso yɛ ade foforo a ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɔ ade. Dwom 148 ma yehu nneɛma pii a eyi Yehowa ayɛ, na nkyekyɛm 10 no ka sɛ “wuram mmoa ne afieboa nyinaa” nso ka ho. Bere bi, Yehowa kaa gyata, wuram afurum, ɛkoɔ, Behemot (anaa susono), ne Lewiatan (ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ dɛnkyɛm) ho asɛm kyerɛɛ Hiob. Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, na ɔpɛ sɛ nnipa hu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔsuro Ɔbɔadeɛ no. Ɛdɛn na na Yehowa pɛ sɛ Hiob hu? Sɛ onipa suro mmoa akɛse a wɔn ho yɛ hu a wɔntumi nnwudwo wɔn yi a, ɛnde sɛn na ɛsɛ sɛ ɔte nka wɔ onii a ɔbɔɔ saa mmoa no ho?—Hiob, ti 38-41.
16. Wohwɛ nnomaa a Yehowa abɔ no bi a, ɛdɛn na ɛyɛ wo nwanwa paa wɔ wɔn ho?
16 Dwom 148:10 nso ka “ntakraboa” ho asɛm. Wo de, hwɛ ntakraboa ahorow ahorow bebree a ɛwɔ wiase! Yehowa kaa sohori ho asɛm kyerɛɛ Hiob. Ɔkaa sɛ “ɔserew ɔpɔnkɔ ne nea ɔte no so.” Sohori yɛ anomaa a ontu; ne tenten yɛ mita 2.5 (anammɔn nwɔtwe). Nanso otumi tu mmirika kilomita 65 (akwansin 40) dɔnhwerew biara, na sɛ ɔtwe ne nan mu baako biara a, otumi twa mita 4.5 (anammɔn 15)! (Hiob 39:13, 18) Yɛnhwɛ anomaa bi nso a yɛfrɛ no albatross. Daa wobɛhwɛ no, na watu nam ɛpo so. Saa anomaa yi tu fãã, kyerɛ sɛ, ɔmmɔ ne ntaban mu, na sɛ ɔtrɛw n’ataban mu a, ne tenten bɛyɛ mita 3 (bɛyɛ anammɔn 11). Otumi kyinkyin wim nnɔnhwerew pii a ɔmmɔ ne ntaban mu. Fa no toto aserewa ho hwɛ. Aserewa ne anomaa a osua koraa wɔ wiase; ne tenten yɛ sɛntimita 5 pɛ. Anibu baako biara otumi bɔ ne ntaban mu mpɛn 80! Saa anomaa fɛfɛɛfɛ yi, otu a otumi gyina faako wɔ wim te sɛ helikopta, na otu a, otumi de n’akyi kɔ mpo.
17. Bonsu, ne kɛse te sɛn? Sɛ yɛhwɛ mmoa a Yehowa abɔ a, ɛka yɛn sɛn?
17 Dwom 148:7 ka sɛ ‘mmoa a ɛwɔ po mu’ mpo yi Yehowa ayɛ. Wo de, yɛnhwɛ bonsu. Nkurɔfo kyerɛ sɛ ɔno ne aboa a ɔsõ paa wɔ wiase. Aboa kɛse yi te “subun mu,” na ne tenten bɛyɛ mita 30 (anammɔn 100), anaa nea ɛboro saa. Ne mu duru bɛyɛ sɛ asono akɛse 30. Ne tɛkrɛma nko ara mu duru te sɛ ɔsono. Ne koma te sɛ kar ketewa. Simma baako biara, bonsu koma bɔ mpɛn 9 pɛ. Nanso, sɛ yɛhwɛ aserewa a, simma baako biara, ne koma bɔ bɛyɛ mpɛn 1,200. Bonsu ntini a mogya fa mu no, baako so paa; akwadaa betumi awea wom mpo. Momma yɛnka, nneɛma a Yehowa abɔ no, ɛka yɛn koma ma yɛka asɛm a wɔde wiee Nnwom nhoma no bi. Ɛka sɛ: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ.”—Dwom 150:6.
Yehowa Tumi a Ɔde Bɔ Ade No, Ɛdɛn Na Yebetumi Asua Afi Mu?
18, 19. Nneɛma a nkwa wom a Yehowa abɔ no, ne dodow te sɛn? Ɛdɛn na nneɛma a wabɔ no ma yehu fa ne tumi ho?
18 Yehowa tumi a ɔde bɔ ade no, ɛdɛn na yebetumi asua afi mu? Yɛhwɛ nneɛma ahorow ahorow bebree a Yehowa abɔ a, ɛma yɛn ho dwiriw yɛn. Odwontofo bi kaa sɛ: “O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso! . . . Wo nsa ano adwuma ahyɛ asaase so ma.” (Dwom 104:24) Saa asɛm yi yɛ nokware turodoo! Abɔde mu nyansapɛfo ahu sɛ abɔde a nkwa wom ahorow ahorow bɛboro ɔpepem baako na ɛwɔ wiase, nanso ebinom adwene yɛ wɔn sɛ ɛboro saa koraa. Ɛtɔ da a obi a ɔyɛ mfoni hu sɛ n’apɔ asa; ɔtwe a ɛmma. Nanso, Yehowa de, ne nimdeɛ ne ne nyansa a ɔde yɛ nneɛma ahorow ahorow no, ɛnsa da; obetumi ayɛ biribi foforo da biara.
19 Yehowa tumi a ɔde bɔ ade no ma yehu sɛ ɔno na ɔfata sɛ odi yɛn so. Yehowa nko ara na yebetumi afrɛ no “Ɔbɔadeɛ,” efisɛ ɔno na ɔbɔɔ biribiara. Yehowa Ba a ɔwoo no koro no, bere a wɔrebɔ ade no, na ɔyɛ “odwumayɛni a onim adwuma paa.” Nanso ɔno mpo, Bible nkaa wɔ baabiara da sɛ ɔno nso yɛ Ɔbɔadeɛ. (Mmebusɛm 8:30; Mateo 19:4) Mmom, Bible ka sɛ ɔyɛ “abɔde nyinaa mu abakan.” (Kolosefo 1:15) Ɛnam sɛ Yehowa na ɔbɔɔ biribiara nti, ɔno nko ara na ɔfata sɛ odi biribiara so.—Romafo 1:20; Adiyisɛm 4:11.
20. Sɛ Bible ka sɛ bere a Yehowa bɔɔ asaase so nneɛma wiei no, ɔhomee a, ɛkyerɛ sɛn?
20 Tumi a Yehowa wɔ no, ɔmfa mmɔ ade bio anaa? Bible ka sɛ ɛda a ɛtɔ so nsia a Yehowa bɔɔ nneɛma nyinaa wiei no, “da a ɛto so ason no, ofii ase home fii ne nnwuma a ɔreyɛ nyinaa ho.” (Genesis 2:2) Ɔsomafo Paul kyerɛe sɛ saa “da” a ɛtɔ so nson yi tenten yɛ mfe mpempem pii, efisɛ bere a ɛda no hyɛɛ ase no, edii mfe mpempem pii ansa na wɔrewo Paul, nanso ne bere so mpo, na ɛda a ɛtɔ so nson no mmaa awiei. (Hebrifo 4:3-6) Sɛ Bible ka sɛ Yehowa ‘homee’ a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa gyaee adwuma yɛ anaa? Daabi, wannyae. (Dwom 92:4; Yohane 5:17) Home a ɔhomee no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, wammɔ nneɛma wɔ asaase so bio. Nanso, adwuma a ɔreyɛ ama n’atirimpɔw aba mu no de, ogu so; onnyaee. Adwuma a watoa so ayɛ no, ebi ne Kyerɛw Kronkron no a ɔde ne honhom kyerɛɛ nkurɔfo kwan ma wɔkyerɛwee no. Ade foforo a wayɛ nso ne nea Bible frɛ no “abɔde foforo” no. Yebesusuw ɛno ho wɔ nhoma yi Ti 19.—2 Korintofo 5:17.
21. Nnipa anokwafo a wɔbɛtena ase daa no, sɛn na Yehowa tumi a ɔde bɔ ade no bɛboa wɔn?
21 Sɛ ɛda a Yehowa de rehome no ba awiei a, obetumi aka sɛ ne nnwuma a wayɛ wɔ asaase so no nyinaa ‘ye paa,’ sɛnea ɔkaa wɔ adebɔ da a ɛtɔ so nsia no awiei no. (Genesis 1:31) Sɛ ɛda a Yehowa de rehome no ba awiei a, ne tumi a enni ano a ɔde bɔ ade no, sɛ ɔde bɛbɔ ade bio oo, sɛ ɔremfa mmɔ bio oo, ɛno de, yennim. Nea yenim ne sɛ, nea ɔde saa tumi no bɛyɛ biara no, yɛn ani begye ho paa. Esiane sɛ yɛbɛtena ase daa nti, yɛnam nneɛma a Yehowa abɔ so besua ne ho ade pii. (Ɔsɛnkafo 3:11) Bere a yegu so resua yɛn Bɔfo Kɛse no ho ade no, na obu ne nidi a yɛwɔ ma no no reyɛ kɛse. Wei bɛma yɛabɛn no yiye.
a Nea ɛbɛma woahu kwantenten a ɛda awia ne asaase ntam no, hwɛ mfatoho yi: Sɛ wode kar retwa saa kwan no, na sɛ da biara wode nnɔnhwerew 24 twa kwan no bi, na dɔnhwerew biara wutwa kilomita 160 (akwansin 100) mpo a, wode bɛboro mfe ɔha na ebetwa awie!
b Ebinom kyerɛ sɛ, bere a wɔrekyerɛw Bible no, ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo a na wɔte ase saa bere no de afiri bi a yɛfrɛ no telescope hwɛɛ wim, anyɛ saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ahu sɛ nsoromma dɔɔso saa? Nanso, wɔn asɛm no nni nnyinaso biara, efisɛ wɔka saa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yehowa a ɔma wɔkyerɛw Bible no, wɔn werɛ afi sɛ ɔno na ɔma wɔkyerɛw saa asɛm no.—2 Timoteo 3:16.
c Wo de, hwɛ bere a ebegye na wode akan nsoromma ɔpepepem 100 pɛ. Sɛ wutumi de anibu baako kan nsoromma baako, na woyɛ saa nnɔnhwerew 24 da biara a, ebegye wo mfe 3,171!
-
-
Tumi a Ɔde Sɛe Ade—“Yehowa Yɛ Ɔko Mu Ɔkatakyi”Bɛn Yehowa
-
-
TI 6
Tumi a Ɔde Sɛe Ade—“Yehowa Yɛ Ɔko Mu Ɔkatakyi”
1-3. (a) Ɛdɛn na na Egyptfo no pɛ sɛ wɔde yɛ Israelfo no? (b) Sɛn na Yehowa ko maa ne nkurɔfo?
NÁ Israelfo no aka nsensɛnmu. Wɔkɔ a ɛnkɔ, wɔba a ɛmma. Wɔhwɛ benkum hwɛ nifa a, mmepɔw atenten na ɛtwetwere hɔ yi. Wɔhwɛ wɔn anim a, ɛpo na ɛda hɔ yi; wotwa a entwa. Wɔhwɛ wɔn akyi nso a, Egypt asraafo awudifo atirimɔdenfo na ɛsã wɔn yi. Ná wɔawe ataa so sɛ wɔbɛtɔre Israelfo no ase.a Ne nyinaa akyi no, Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo no sɛ wɔmmpa abaw. Ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Yehowa ankasa bɛko ama mo.”—Exodus 14:14.
2 Ɛno mpo no, ɛbɛyɛ sɛ Mose su frɛɛ Yehowa, na Onyankopɔn kaa sɛ: “Adɛn nti na wusu frɛ me? . . . Fa wo poma no kyerɛ ɛpo no so, na emu bɛpae.” (Exodus 14:15, 16) Wo de, hwɛ nea esii. Bere a Yehowa ne Mose kasa wiei no, ɛhɔ ara na Yehowa ne ne bɔfo kasae, na mununkum dum no kodii Israelfo no akyi, na ɛbɛyɛ sɛ mununkum no trɛw yɛɛ sɛ ɔfasu, na egyee Israelfo no ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a Egyptfo no rentumi ntow nhyɛ wɔn so. (Exodus 14:19, 20; Dwom 105:39) Mose tenee ne nsa. Mframa a ano yɛ den bɔ faa ɛpo no so, na emu paee. Nsu no yɛɛ sɛ ɔfasu wɔ benkum ne nifa, na ɔkwan kɛse bɛdaa ɛpo no mu maa Israelfo no nyinaa tumi faa mu!—Exodus 14:21; 15:8.
3 Bere a Farao huu saa anwanwade no, na anka ɛsɛ sɛ ɔma n’asraafo no san wɔn akyi. Nanso ahantan nti, Farao kaa sɛ wɔntow nhyɛ Israelfo no so. (Exodus 14:23) Egyptfo no de mmirika sii ɛpo no mu sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Israelfo no so. Nanso, ankyɛ na wɔn nteaseɛnam no nan fii ase hunhuanee, enti wɔantumi antow anhyɛ Israelfo no so. Bere a Israelfo no twaa ɛpo no wiei no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa wɔ ɛpo no so na nsu no mmu mfa Egyptfo, wɔn nteaseɛnam, ne wɔn nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so no so.” Nsu a na ayɛ afasu no bu beguu mu, na ɛfaa Farao ne ne dɔm no!—Exodus 14:24-28; Dwom 136:15.
4. (a) Bere a Israelfo no duu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no, Yehowa kyerɛe sɛ ɔyɛ dɛn? (b) Sɛ ebinom te sɛ tumi a Yehowa wɔ no, ɛtɔ da a ɔde ko a, adwene bɛn na ebetumi aba wɔn tirim?
4 Nea Onyankopɔn yɛe de gyee Israelfo no wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no ma yehu ne ho nsɛm pii. Bere a Israelfo no duu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no, Yehowa kyerɛe sɛ ɔyɛ “ɔko mu ɔkatakyi.” (Exodus 15:3) Sɛ wote sɛ tumi a Yehowa wɔ no, ɛtɔ da a ɔde ko a, ɛdɛn na ɛba wo tirim? Ampa, ɔko ama nnipa bebree adi yaw ahu amane paa. Ɛtɔ da a, Onyankopɔn tumi no, ɔde kum nnipa. Ɛno nti, ɛyɛ wo sɛ ɛnyɛ papa sɛ wobɛbɛn no anaa?
Yehowa kyerɛe sɛ ɔyɛ “ɔko mu ɔkatakyi” wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho
Onyankopɔn Ko Nte Sɛ Nnipa Ko
5, 6. (a) Adɛn nti na ɛfata sɛ yɛfrɛ Onyankopɔn “asafo Yehowa”? (b) Onyankopɔn ko nte sɛ nnipa ko. Adɛn ntia?
5 Wohwɛ Bible mu a, wɔbɔ Onyankopɔn abodin sɛ “asafo Yehowa.” Wubehu saa abodin no bɛyɛ mpɛn ahanu aduosia wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, na Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu nso, wubehu mmienu. (1 Samuel 1:11) Yehowa ne Otumfoɔ Pumpuni no, na odi abɔfo asafodɔm so. (Yosua 5:13-15; 1 Ahene 22:19) Saa abɔfo yi wɔ tumi paa, na ɛnyɛ den mma wɔn koraa sɛ wɔbɛsɛe Onyankopɔn atamfo. (Yesaia 37:36) Ɛnyɛ yɛn dɛ sɛ wobekum nnipa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn ko nte sɛ nnipa ko. Nnipa de, asɛm a ɛho nhia biara tumi kɔfa ɔko ba wɔn ntam. Asraafo ne amanyɔfo taa ka sɛ biribi pa bi nti na wɔkɔ ko, nanso bere nyinaa wobɛhwɛ no, na ɛyɛ anibere ne pɛsɛmenkominya na akɔfa ɔko no aba.
6 Nanso Yehowa de, onni ne koma akyi. Ɛnyɛ sɛ ofitii ara na ɔreyɛ biribi. Deuteronomium 32:4 ka sɛ: “Ɔbotan no, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ, na n’akwan nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu, ɔtreneeni a obu atɛntrenee.” Onyankopɔn Asɛm kasa tia abufuhyew, atirimɔdensɛm, ne awudisɛm. (Genesis 49:7; Dwom 11:5) Enti Yehowa mfa ne tumi nsɛe ade kwa. Ɔntaa mfa ne tumi nkum nnipa, gye sɛ ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Ɛte sɛ asɛm a ɔmaa odiyifo Hesekiel kae no. Ɔkaa sɛ: “‘Nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bewu anaa? Ɛnyɛ nea m’ani gye ho mmom ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afi n’akwan ho na wanya nkwa?’ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.’”—Hesekiel 18:23.
7, 8. (a) Bere a na Hiob rehu amane no, ɛdɛn na odii mfomso kae? (b) Asɛm bɛn na Elihu kae a ɛmaa Hiob hui sɛ nea ɔno Hiob reka no nyɛ nokware? (d) Ɛdɛn na yebetumi asua afi Hiob asɛm no mu?
7 Ɛnde, adɛn nti na Yehowa de ne tumi sɛe ade? Ansa na yebebua saa asɛm no, ma yenni kan nhwɛ ɔtreneeni Hiob asɛm no. Satan kaa sɛ Hiob anaa onipa foforo biara nni hɔ a sɛ nsɔhwɛ to no a, obedi nokware ama Yehowa. Nea ɛbɛyɛ a nokware no bɛda adi nti, Yehowa maa kwan maa Satan sɔɔ Hiob hwɛe. Enti, Hiob yaree, ɔhweree n’agyapade, na ne mma nso wuwui. (Hiob 1:1–2:8) Ná Hiob nnim nea enti a ɔrehu amane, enti odii mfomso kaa sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara ɛnna Onyankopɔn retwe n’aso. Obisaa Onyankopɔn sɛ, adɛn nti na ‘watu n’ani asi no so,’ na ɔde no ayɛ ne “tamfo”?—Hiob 7:20; 13:24.
8 Aberante bi a ne din de Elihu maa Hiob hui sɛ asɛm a ɔno Hiob reka no nyɛ nokware. Elihu kaa sɛ: “Wugye di paa sɛ woyɛ ɔtreneeni, a enti woka sɛ, ‘Meteɛ sen Onyankopɔn’?” (Hiob 35:2) Ampa, ɛnyɛ papa sɛ yebenya adwene sɛ yenim nyansa kyɛn Onyankopɔn, na enye nso sɛ yɛbɛka sɛ ɔne yɛn anni no yiye. Elihu kaa sɛ: “Ɛrentumi mma da sɛ nokware Nyankopɔn no bɛyɛ bɔne! Na ɛrentumi mma da sɛ ade nyinaa so Tumfo no bɛyɛ adebɔne!” Akyiri yi, Elihu san kaa sɛ: “Ade nyinaa so Tumfo no de, sɛnea ɔte no, ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase; ne tumi sõ. Na n’atɛntrenee ne ne trenee bebrebe no, ɔremmu so da.” (Hiob 34:10; 36:22, 23; 37:23) Yebetumi anya ahotoso sɛ, Onyankopɔn de, ɔnko basabasa; ansa na ɔbɛko no, na ɛfata sɛ ɔyɛ saa. Momma yɛnkae saa asɛm yi bere a yɛrebɛhwɛ nea enti a, edu bere bi a, asomdwoe Nyankopɔn no ko no.—1 Korintofo 14:33.
Nea Enti a Edu Baabi a Asomdwoe Nyankopɔn No Ko
9. Adɛn nti na Onyankopɔn yɛ kronkron nanso ɔko?
9 Bere a Mose kamfoo Onyankopɔn sɛ ɔyɛ “ɔko mu ɔkatakyi” no, ɔsan kaa sɛ: “O Yehowa, anyame no mu hena na ɔte sɛ wo? Hena na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?” (Exodus 15:11) Odiyifo Habakuk nso kyerɛw sɛ: “W’aniwa yɛ kronkron dodo sɛ ɛbɛhwɛ adebɔne, na wuntumi nhwɛ mma amumɔyɛ nkɔ so.” (Habakuk 1:13) Ɛwom, Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn, ɛnna ɔyɛ kronkron, ɔyɛ ɔtreneeni, na obu atɛntrenee nso. Esiane sɛ ɔyɛ kronkron na obu atɛntrenee nti, ɛtɔ da a, na ɛho abehia sɛ ɔde ne tumi sɛe ade. (Yesaia 59:15-19; Luka 18:7) Enti sɛ Onyankopɔn ko a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ kronkron. Mmom, ɔyɛ kronkron nti na ɔko.—Exodus 39:30.
10. Ɛdɛn na na ɛsɛ sɛ Yehowa yɛ na ama ɔtan a ɛho asɛm wɔ Genesis 3:15 no afi hɔ? Nhyira bɛn na atreneefo benya?
10 Yɛnhwɛ nea esii bere a Adam ne Hawa, nnipa mmienu a Onyankopɔn dii kan bɔɔ wɔn no, tew atua tiaa Onyankopɔn no. (Genesis 3:1-6) Bere a wɔtew atua no, sɛ Yehowa anyɛ ho hwee a, anka ɔsɛee ne dibea sɛ Amansan Hene no. Esiane sɛ ɔyɛ trenee Nyankopɔn nti, na ɛsɛ sɛ obu wɔn kumfɔ. (Romafo 6:23) Wohwɛ Bible nkɔmhyɛ a edi kan no a, Yehowa kaa sɛ ɔtan bɛda ɔno Yehowa asomfo ne “ɔwɔ” no, anaa Satan, akyidifo ntam. (Adiyisɛm 12:9; Genesis 3:15) Ná Yehowa nim sɛ, gye sɛ ɔsɛe Satan ansa na ɔtan yi afi hɔ. (Romafo 16:20) Sɛ wɔsɛe Satan a, ɛbɛyɛ nhyira kɛse ama nnipa a wotie Onyankopɔn. Ɛba saa a, Satan rennaadaa nnipa bio, na asaase nyinaa bɛdan paradise. (Mateo 19:28) Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, wɔn a wodi Satan akyi no bɛkɔ so asɔre atia wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, wɔbɛtan wɔn ani, na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ ama wɔagyae Onyankopɔn som. Edu baabi a, Yehowa ko ma ne nkurɔfo.
Onyankopɔn Sɛe Abɔnefo
11. Adɛn nti na na ehia sɛ Onyankopɔn de nsuyiri ba asaase nyinaa so?
11 Mmere a Onyankopɔn gyee ne nkurɔfo no, baako ne Noa bere so Nsuyiri no. Genesis 6:11, 12 ka sɛ: “Na asaase asɛe wɔ nokware Nyankopɔn no ani so, na na amumɔyɛ ahyɛ so ma. Ampa, bere a Onyankopɔn hwɛɛ asaase no, ohui sɛ asɛe, efisɛ na ɔhonam nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asaase so.” Enti wohwɛ a, na Onyankopɔn bɛma kwan ama nnipabɔnefo asɛe apapafo kakra a na aka wɔ asaase so no anaa? Daabi. Yehowa hui sɛ, ehia sɛ ɔde nsuyiri ba asaase nyinaa so bɛsɛe nnipa a awudisɛm ne brabɔne aguare wɔn no.
12. (a) Ɛdɛn na Yehowa ka faa Abraham ‘aseni’ no ho? (b) Adɛn nti na Yehowa kaa sɛ ɔbɛsɛe Amorifo no?
12 Biribi a ɛte saa nti na Onyankopɔn de atemmu baa Kaananfo no so. Yehowa kaa sɛ Abraham aseni bi bɛba, na ɔno na asaase so mmusua nyinaa bɛfa ne so anya nhyira. Nea ɛbɛyɛ a saa atirimpɔw no bɛba mu no, Onyankopɔn kaa sɛ ɔde Kaanan asaase no bɛma Abraham asefo. Saa asaase no, wɔn a na ɛte so no, na wɔfrɛ wɔn Amorifo. Wugye di sɛ na ɛfata sɛ Onyankopɔn betu saa nkurɔfo no afi wɔn asaase so anaa? Yehowa kaa sɛ ɔbɛtwɛn mfe 400 ansa na watu wɔn afi asaase no so. Ɔkaa sɛ ɔbɛtwɛn akosi sɛ ‘Amorifo benya wɔn bɔne so akatua,’ anaa wɔn bɔne bɛyɛ ma abu so.b (Genesis 12:1-3; 13:14, 15; 15:13, 16; 22:18) Eduu saa bere no, na Amorifo bra asɛe pɔtɔɔ. Ná abosonsom ne awudisɛm ahyɛ Kaanan asaase so ma. Afei nso, na aguamansɛm a ɛkɔɔ twi kɔɔ brɛman nyinaa bi wɔ asaase no so. (Exodus 23:24; 34:12, 13; Numeri 33:52) Nkurɔfo a na wɔte asaase no so no, na wɔhyew wɔn mma wɔ ogya mu de wɔn bɔ afɔre. Enti wohwɛ a, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no bɛma ne nkurɔfo atena abɔnefo a wɔte saa mu? Daabi! Ɔkaa sɛ: “Asaase no ho agu fĩ, na mede ne bɔne ho akatua bɛba no so, na ɛbɛfe so nnipa agu.” (Leviticus 18:21-25) Nanso, ɛnyɛ obiara na Yehowa kum no. Kaananfo a na ɛwɔ koma pa te sɛ Rahab ne Gibeonfo no de, ogyee wɔn nkwa.—Yosua 6:25; 9:3-27.
Ɔko Ma Ne Din
13, 14. (a) Adɛn nti na na ehia sɛ Yehowa tew ne din ho? (b) Ɛdɛn na Yehowa yɛe de tew ne din ho?
13 Esiane sɛ Yehowa yɛ kronkron nti, ne din nso yɛ kronkron. (Leviticus 22:32) Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Bere a Satan kekaa atosɛm faa Yehowa ne ne tumidi ho, a Adam ne Hawa tew Yehowa so atua wɔ Eden no, ɛmaa Onyankopɔn din ho guu fĩ. Ná Yehowa ntumi mmu n’ani ngu dinsɛe ne atuatew a ɛte saa so da. Ná ɛsɛ sɛ ɔtew ne din a wɔagu ho fĩ no ho.—Yesaia 48:11.
14 San hwɛ Israelfo no asɛm no bio. Ɛnam sɛ na Israelfo da so yɛ nkoa wɔ Egypt nti, na ayɛ sɛ ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham sɛ n’aseni so na asaase so mmusua nyinaa bɛfa anya nhyira no remma mu. Nanso, bere a Yehowa gyee Israelfo, na ɔyɛɛ wɔn ɔman no, ɔtew ne din ho. Enti odiyifo Daniel bɔɔ mpae kyerɛɛ Nyankopɔn sɛ: “O Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo na wode nsa a ɛyɛ den yii wo man fii Egypt asaase so, a wode agye din.”—Daniel 9:15.
15. Adɛn nti na Yehowa gyee Yudafo no fii Babilon?
15 Wo de, hwɛ oo, bere a Daniel bɔɔ saa mpae no, na Yudafo no pɛ sɛ Yehowa san gye wɔn bio de tew ne din ho. Saa bere no de, Yudafo no asoɔden nti, na yɛatu wɔn ase kɔ Babilon. Wɔn ahenkurow Yerusalem nso, na wɔasɛe no pasaa. Ná Daniel nim sɛ, sɛ Yehowa de Yudafo no san ba wɔn kurom a, ɛbɛhyɛ Yehowa din anuonyam. Enti Daniel bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, fa kyɛ yɛn. O Yehowa, yɛ aso tie yɛn na keka wo ho! O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase, efisɛ wo din na ɛda wo kurow ne wo man so.”—Daniel 9:18, 19.
Ɔko Ma Ne Nkurɔfo
16. Sɛ Yehowa ko ma ne din a, ɛkyerɛ sɛ odwen ɔno nko ara ne ho anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
16 Sɛ Yehowa ko ma ne din a, ɛkyerɛ sɛ odwen ɔno nko ara ho na obiara asɛm mfa ne ho anaa? Daabi, efisɛ sɛ ɔko ma ne din de kyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron, na sɛ obu atɛntrenee a, ɛma ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban nso. Fa Genesis ti 14 yɛ nhwɛso. Bible ka wɔ hɔ sɛ ahemfo nnan bi kyeree Abraham wɔfase Lot ne n’abusua kɔe. Onyankopɔn boaa Abraham maa no dii asraafodɔm a na wɔn ho yɛ den paa no so nkonim ma ɛyɛɛ nwanwa! Sɛ wohwɛ “Yehowa Akodi nhoma no” mu a, ɛbɛyɛ sɛ saa nkonimdi yi na wodii kan kyerɛw wom. Akodi bi a wɔanka ho asɛm wɔ Bible mu no, wɔakyerɛw ɛno nso ho asɛm wɔ saa nhoma no mu. (Numeri 21:14) Ná nkonimdi pii bedidi so aba.
17. Bere a Israelfo duu Kaanan asaase no so no, ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ko maa ne nkurɔfo? Ma ɛho nhwɛso.
17 Aka kakra ama Israelfo adu Kaanan asaase no so no, Mose maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Yehowa mo Nyankopɔn bedi mo anim, na ɔbɛko ama mo sɛnea mo ankasa muhui sɛ ɔyɛ maa mo wɔ Egypt no.” (Deuteronomium 1:30; 20:1) Nokwarem no, Yehowa ko maa ne nkurɔfo, na ɔma wodii nkonim akɛse akɛse wɔ wɔn atamfo so. Saa nkonimdi yi hyɛɛ ase fii Yosua a obesii Mose anan no so, na ɛtoaa so besii atemmufo no bere so de kosii ahemfo a wodii nokware wɔ Yuda no so.—Yosua 10:1-14; Atemmufo 4:12-17; 2 Samuel 5:17-21.
18. (a) Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Yehowa nsesae? (b) Sɛ ɔtan a wɔaka ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no mu yɛ den paa a, ɛdɛn na ebesi?
18 Yehowa nsesae, na ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛma asaase yi adan paradise a asomdwoe wom no nso, ɛnsesae. (Genesis 1:27, 28) Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, Onyankopɔn kyi abɔnefosɛm. Na ne nkurɔfo de, ɔdɔ wɔn paa; ɛrenkyɛ koraa, obegye wɔn. (Dwom 11:7) Nokwarem no, ɔtan a wɔkaa ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no, ɛrenkyɛ, emu bɛyɛ den yiye, na atamfo bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so ateetee wɔn paa. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa atew ne din ho na wabɔ ne nkurɔfo ho ban no, ɔbɛsan akyerɛ sɛ ɔyɛ “ɔko mu ɔkatakyi”!—Sakaria 14:3; Adiyisɛm 16:14, 16.
19. (a) Sɛnea Onyankopɔn de tumi a ɔde sɛe ade yɛ adwuma no, fa mfatoho kyerɛ nea enti a ebetumi ama yɛabɛn no. (b) Sɛnea Onyankopɔn anigye ho sɛ ɔbɛko ama yɛn no, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn sɛn?
19 Wo de, fa no sɛ aboa bi atow ahyɛ ɔbarima bi yere ne ne mma so, ɛnna ɔbarima no akokum aboa no agye wɔn. Wohwɛ a, ɔbarima no yere ne ne mma bo befuw no sɛ wakum aboa no agye wɔn anaa? Daabi, mmom wobehu sɛ ɔdɔ wɔn, enti wɔbɛda no ase paa sɛ wagye wɔn. Yɛn nso, sɛ Onyankopɔn de ne tumi sɛe ade a, enni sɛ ɛno ma yɛtwe yɛn ho fi ne ho. Ɛno koraa na ɛsɛ sɛ ɛma yɛdɔ no paa, efisɛ ko a ɔko no, ɔde bɔ yɛn ho ban. Afei nso, ne tumi a enni ano no nti, ɛsɛ sɛ obu a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse. Ɛbɛma ‘yɛasom Onyankopɔn sɛnea ɔpɛ wɔ onyamesuro ne ahopopo mu.’—Hebrifo 12:28.
Bɛn “Ɔko Mu Ɔkatakyi” No
20. Yehowa akodi a ɛho nsɛm wɔ Bible mu no, sɛ yɛnte bi ase yiye a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?
20 Nokwarem no, ɔko a Yehowa ko no, ɛnyɛ ne nyinaa na Bible kyerɛkyerɛ mu ma yehu nea enti a ɔko. Nanso ade baako a yenim ne sɛ: Yehowa tumi a ɔde sɛe ade no, ɔmfa nsɛe ade basabasa, ɔmfa nsisi nkurɔfo, na ɔmfa nni awurukasɛm. Mpɛn pii no, sɛ yɛkan Bible mu asɛm bi, na yɛhwɛ nea ɛma wɔkaa saa asɛm no, na yɛhwehwɛ ɛho nsɛm foforo a, ɛma yɛte ase yiye. (Mmebusɛm 18:13) Wei nyinaa akyi no, sɛ yɛante ase a, nea ɛwɔ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebesua Yehowa ho ade pii na yɛadwinnwen ne suban a ɛyɛ fɛ no ho akɔ akyiri. Sɛ yɛyɛ wei a, yebehu sɛ yɛwɔ nneɛma pii a yebegyina so anya yɛn Nyankopɔn Yehowa mu awerɛhyem.—Hiob 34:12.
21. Yehowa yɛ “ɔko mu ɔkatakyi” de, nanso sɛn paa na ɔte?
21 Sɛ ehia sɛ Yehowa ko a, ɔyɛ ne ho “ɔko mu ɔkatakyi,” nanso wei nkyerɛ sɛ ntɔkwa yɛ ne dɛ. Bere a Hesekiel nyaa anisoadehu a ohuu ɔsoro teaseɛnam no, ohui sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔne n’atamfo rekɔko. Nanso Hesekiel hui sɛ nyankontɔn atwa Onyankopɔn ho ahyia, na nyankontɔn nso de, ɛyɛ asomdwoe ho sɛnkyerɛnne. (Genesis 9:13; Hesekiel 1:28; Adiyisɛm 4:3) Biribiara kyerɛ sɛ, Yehowa dwo na ɔpɛ asomdwoe. Ɔsomafo Yohane kyerɛw sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Yehowa suban no, ɔde ebiara yɛ adwuma sɛnea ɛfata. Onyankopɔn wɔ tumi, nanso ɔyɛ ɔdɔ. Enti ɛyɛ akwannya kɛse paa na yɛanya sɛ yebetumi abɛn no!
a Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ sɛ, “nteaseɛnam 600, asraafo 50,000 a wɔtete apɔnkɔ so, ne asraafo a wɔnam fam a wɔn dodow bɛyɛ 200,000 na na ɛsã” Hebrifo no.—Jewish Antiquities, II, 324 [xv, 3].
b Ɛda adi sɛ “Amorifo” a wɔde yɛɛ adwuma wɔ ha no fa Kaananfo nyinaa ho.—Deuteronomium 1:6-8, 19-21, 27; Yosua 24:15, 18.
-
-
Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”Bɛn Yehowa
-
-
TI 7
Tumi a Ɔde Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban—“Onyankopɔn Yɛ Yɛn Guankɔbea”
1, 2. Bere a Israelfo duu Sinai mpɔtam hɔ wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, ɛdɛn na na ɛma ɛhɔ yɛ hu? Ɛdɛn na Yehowa kae a ɛmaa wɔn koma tɔɔ wɔn yam?
NÁ ƐYƐ afe 1513 A.Y.B. mfiase. Saa bere no, na Israelfo no adu Sinai mpɔtam, na na ɛhɔ yɛ hu paa. Ɔkwan a na wɔrebetwa no, na ɛso yɛ hu sɛ. Baabi a na wɔn akwantu no de wɔn bɛkɔ akɔfa no, na ɛhɔ yɛ “sare kɛse a ɛso yɛ hu a awɔ a wɔn ano wɔ bɔre ne nkekantwɛre ahyɛ so ma.” (Deuteronomium 8:15, The New English Bible) Yɛreka yi nso, na aman a wɔtan Israelfo no betumi atow ahyɛ wɔn so. Wɔn Nyankopɔn Yehowa na na wama ne nkurɔfo no aba saa tebea yi mu. Enti wohwɛ a, obetumi abɔ wɔn ho ban ni?
2 Asɛm yi a Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no maa wɔn koma tɔɔ wɔn yam paa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ankasa moahu nea mede yɛɛ Egyptfo no; mesoaa mo sɛnea ɔkɔre soa ne mma wɔ ne ntaban so de mo baa me nkyɛn.” (Exodus 19:4) Yehowa kaee ne nkurɔfo no sɛ ogyee wɔn fii Egyptfo no nsam te sɛ nea ɔkɔre asoa wɔn ne ntaban so, na ɔde wɔn koduu dwoodwoo. Nanso nneɛma foforo bi wɔ hɔ a enti yebetumi de Onyankopɔn ahobammɔ atoto “ɔkɔre ntaban” ho ama no afata.
3. Adɛn nti na yebetumi de Onyankopɔn ahobammɔ atoto “ɔkɔre ntaban” ho?
3 Ɔkɔre ntaban atɛtrɛtɛ a ahoɔden wom no, ɛnyɛ tu nko ara na ɔde tu. Sɛ ɔkɔre trɛw ne ntaban mu a, ne tenten bɛyɛ mita mmienu. Sɛ awia bɔ paa a, ɔtrɛw ne ntaban mu te sɛ kyiniiɛ de kata ne mma so na awia anhye wɔn. Sɛ awɔw ba a, ɔde ne ntaban kata ne mma ho sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw renne wɔn. Sɛnea ɔkɔre bɔ ne mma ho ban no, saa ara na na Yehowa abɔ ne man Israel ho ban. Seesei a Onyankopɔn nkurɔfo no abedu sare no so no, sɛ wɔkɔ so di nokware ma no a, wɔbɛkɔ so anya ahobammɔ wɔ ne ntaban kɛse no nwini ase. (Deuteronomium 32:9-11; Dwom 36:7) Ɛnnɛ nso ɛ, Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban anaa?
Yehowa Ahyɛ Bɔ Sɛ Ɔbɛbɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban
4, 5. Ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban no, adɛn nti na yebetumi anya mu awerɛhyem?
4 Yehowa betumi abɔ n’asomfo ho ban ama bi aka. Ɔno ne “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn.” Saa abodin no ma yehu sɛ ne tumi nti, ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi a, obiara rentumi nsiw no kwan. (Genesis 17:1) Sɛnea ɛpo asorɔkye rebɔ a, biribiara ntumi nsiw no kwan no, saa ara na sɛ Yehowa de ne tumi reyɛ adwuma a, biribiara ntumi nsiw no kwan. Esiane sɛ Yehowa tumi yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara nti, ebia yebebisa sɛ, ‘Yehowa pɛ sɛ ɔde ne tumi bɔ ne nkurɔfo ho ban anaa?’
5 Mmuae no yɛ aane! Yehowa ama ne nkurɔfo anya awerɛhyem sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Dwom 46:1 ka sɛ: “Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.” Esiane sɛ Onyankopɔn ‘ntumi nni atoro’ nti, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, ɛbɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban no, obedi so. (Tito 1:2) Ma yɛnhwɛ mfatoho bi a Yehowa ayɛ, ɛbɛma yɛate sɛnea ɔbɔ yɛn ho ban no ase yiye.
6, 7. (a) Bere a wɔrekyerɛw Bible no, sɛn na na oguanhwɛfo bɔ ne nguan ho ban? (b) Mfatoho bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Yehowa ayi ne komam sɛ ɔbɛbɔ ne nguan ho ban na wayɛ wɔn brɛbrɛ?
6 Yehowa yɛ yɛn Hwɛfo, na “yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.” (Dwom 23:1; 100:3) Sɛ yɛreka mmoa a wɔhia ahobammɔ paa a, nguan ka ho. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, sɛ obi yɛ oguanhwɛfo a, na ɛsɛ sɛ onya akokoduru sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi abɔ ne nguan ho ban afi agyata, mpataku, asisi, ne akorɔmfo ho. (1 Samuel 17:34, 35; Yohane 10:12, 13) Nanso, edu mmere bi a, na ɛsɛ sɛ oguanhwɛfo no yɛ nguan no bɔkɔɔ na watumi abɔ wɔn ho ban. Sɛ oguan bi anwo wɔ nguammuw mu na ɔkɔwo baabi a, ɛnam sɛ oguan a wawo foforo no nni ahoɔden nti, oguanhwɛfo a odwen ne nguan ho no bɔ oguan no ho ban. Afei, oguanhwɛfo no fa oguan ba a wawo no tɛkyɛɛ no de no ba nguammuw no mu.
‘Obeturu wɔn wɔ ne kokom’
7 Yehowa de ne ho totoo oguanhwɛfo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya awerɛhyem sɛ wayi ne komam sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. (Hesekiel 34:11-16) Kae Yehowa ho asɛm a ɛwɔ Yesaia 40:11 a yesusuw ho wɔ nhoma yi Ti 2 no mu no. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔbɛhwɛ ne nguan sɛ oguanhwɛfo. Ɔde ne basa bɛboaboa nguan mma no ano, na waturu wɔn wɔ ne kokom.” Ɛyɛ dɛn na oguan ba tumi kɔhyɛ oguanhwɛfo “kokom,” kyerɛ sɛ, ne soro ataade ntwontwo mu? Ebia oguan ba no bɛkɔ oguanhwɛfo no nkyɛn, na ɔde ne ho akotwitwiw ne nan ho mpo. Nanso, oguanhwɛfo no na ɛsɛ sɛ ɔkotow fa oguan ba no, na ɔde no hyɛ ne kokom brɛoo. Wei ma yehu sɛ yɛn Guanhwɛfo Kɛse Yehowa ayi ne komam sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban na wayɛ yɛn brɛbrɛ!
8. (a) Henanom na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban, na sɛn na Mmebusɛm 18:10 aka ho asɛm? (b) Sɛ obi benya ahobammɔ wɔ Onyankopɔn din mu a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
8 Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban. Wɔn a wɔtwe bɛn no nko ara na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Mmebusɛm 18:10 ka sɛ: “Yehowa din yɛ abannennen. Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.” Bere a wɔrekyerɛw Bible no, ɛtɔ da a na nkurɔfo sisi abantenten wɔ sare so de yɛ guankɔbea. Nanso, sɛ asɛm reyɛ ato obi na ɔrepɛ ahobammɔ a, ɔno na na ɛsɛ sɛ oguan kɔ abantenten no mu. Saa ara na guankɔbea a yɛhwehwɛ wɔ Onyankopɔn din mu no te. Sɛ yɛrehwehwɛ guankɔbea wɔ Onyankopɔn din mu a, ɛnyɛ Onyankopɔn din no nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ. Onyankopɔn din nyi nkonyaa, enti ɛnyɛ ne din no kɛkɛ a yɛbɛbɔ no na ɛbɛma yɛanya ahobammɔ. Mmom no, ɛsɛ sɛ yehu Onii a okura saa din no, na yɛde yɛn ho to no so. Afei nso, ɛsɛ sɛ yetie no na yedi ne mmara so. Yehowa yam ye paa, efisɛ wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yegye no di a, ɔbɛyɛ abannennen ama yɛn, na wabɔ yɛn ho ban!
“Yɛn Nyankopɔn . . . Betumi Agye Yɛn”
9. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Yehowa ano kwa na ɔde ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban?
9 Ɛnyɛ Yehowa ano kwa na ɔde ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Sɛ yɛkenkan Bible a, yehu sɛ tete no, ɔyɛɛ anwanwade pii de kyerɛe sɛ otumi bɔ ne nkurɔfo ho ban. Israel man no sei, Yehowa de ne tumi “nsa” no gyee wɔn fii wɔn atamfo a wɔn ho yɛ den nsam mpɛn pii. (Exodus 7:4) Yehowa de ne tumi bɔɔ ankorankoro bi nso ho ban.
10, 11. Bible mu nsɛm bɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa de ne tumi bɔɔ ebinom ho ban?
10 Bere a Hebrifo mmerante mmiɛnsa bi a yɛfrɛ wɔn Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego ankotow Ɔhene Nebukadnesar sika honi no, ɔhene no bo fuwii, na ohunahunaa wɔn sɛ ɔde wɔn begu fononoo a ogya redɛw buruburuburuw wom no mu. Nebukadnesar, ɔhene a saa bere no, na ɔwɔ tumi sen obiara wɔ asase so no twaa Onyankopɔn mpoa sɛ: “Onyame bɛn na obetumi agye mo afi me nsam?” (Daniel 3:15) Ná mmerante mmiɛnsa no wɔ awerɛhyem paa sɛ wɔn Nyankopɔn no wɔ tumi a ɔde bɛbɔ wɔn ho ban, nanso wɔannya adwene sɛ nea ɛbɛyɛ biara ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Enti, wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Sɛ ɛba no saa a, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi agye yɛn.” (Daniel 3:17) Asɛm no ne sɛ, wɔmaa fononoo no mu yɛɛ hyew mpɛn nson kyɛn sɛnea na wɔtaa yɛ no no, nanso wɔn Nyankopɔn a ne tumi kyɛn obiara no ani so de, na ɛnyɛ hwee koraa. Onyankopɔn bɔɔ wɔn ho ban, na ɛmaa ɔhene no gye toom kaa sɛ: “Onyame biara nni hɔ a obetumi agye onipa sɛ oyi.”—Daniel 3:29.
11 Yehowa yɛɛ biribi foforo nso a ɛyɛ nwanwa paa a ɛma yehu sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɔ nneɛma ho ban. Ɛne sɛ, oyii ne Ba a ɔwoo no koro no nkwa bɛhyɛɛ Yudani baabun Maria yam. Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Maria sɛ ‘obenyinsɛn, na wawo ɔbabarima.’ Ɔbɔfo no san kaa sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so.” (Luka 1:31, 35) Saa bere no, na Onyankopɔn Ba no hia ahobammɔ paa. Yemmisa sɛ, bɔne ne sintɔ a ɛwɔ Maria ho no, na ebi bɛka akwadaa a ɔda ne yam no anaa? Ná Satan betumi apira akwadaa a ɔda yafunu mu no anaasɛ na obetumi akum no? Daabida! Yehowa bɔɔ Maria ho ban paa wɔ ne nyinsɛn mu, enti, na sintɔ biara, wudini biara, anaa adaemone biara rentumi nsɛe akwadaa a ɔda yafunu mu no. Bere a Yesu renyin no, Yehowa kɔɔ so bɔɔ ne ho ban. (Mateo 2:1-15) Onyankopɔn kɔɔ so bɔɔ ne Dɔba no ho ban kosii sɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre.
12. Adɛn nti na tete no, Yehowa yɛɛ anwanwade de bɔɔ ne nkurɔfo bi ho ban?
12 Adɛn nti na Yehowa yɛɛ anwanwade de bɔɔ ne nkurɔfo bi ho ban? Mpɛn pii no, ɛnyɛ nnipa no nti na ɔyɛɛ anwanwade no. Mmom, biribi a ɛho hia paa nti na ɔyɛɛ saa. Ɛno ne sɛ n’atirimpɔw bɛba mu, efisɛ n’atirimpɔw ho hia no paa sen onipa biara. Wo de hwɛ oo, bere a Yesu yɛ akwadaa no, na ehia paa sɛ Onyankopɔn bɔ ne ho ban ma ɔtena nkwa mu efisɛ ɛno na na ɛbɛma Onyankopɔn atirimpɔw aba mu na akowie sɛ nnipa nyinaa betumi anya daa nkwa. Anwanwade a Yehowa yɛe de bɔɔ n’asomfo ho ban no, ɔhwɛ maa wɔkyerɛw ne nyinaa wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akan. Saa nsɛm no nyinaa, “wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn, na yɛnam yɛn animia ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Romafo 15:4) Ampa, saa nsɛm no nyinaa hyɛ yɛn gyidi den wɔ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ tumi nyinaa wura no mu. Nanso ɛnnɛ, ahobammɔ bɛn na yebetumi ahwɛ kwan afi Onyankopɔn hɔ?
Ɛnnɛ Onyankopɔn Bɔ Yɛn Ho Ban Fi Adebɔne Biara Ho Anaa?
13. Ɛyɛ nhyɛ sɛ Yehowa de ne tumi twitwa gye yɛn anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
13 Ɛwom sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban de, nanso ɛnyɛ nhyɛ sɛ ɔde ne tumi bɔ yɛn ho ban. Nokwasɛm ni, yɛn Nyankopɔn no nhyɛɛ yɛn bɔ sɛ amanehunu biara rento yɛn wɔ wiase wei mu. Yehowa asomfo anokwafo pii fa amanehunu a emu yɛ yaw mu; ebi ne ohia, ɔko, yare, ne owu. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no pefee sɛ, wɔn gyidi nti, wɔbetumi akunkum wɔn mu bi. Ɛno nti na Yesu sii so dua sɛ yemmia yɛn ani nnyina mu nkosi awiei no. (Mateo 24:9, 13) Sɛ Yehowa de ne tumi twitwa gye yɛn biribiara mu a, ɛbɛma Satan atwa Yehowa adapaa, na yɛn nso, ɔbɛka sɛ ɛnyɛ ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn nti na yɛsom no, na mmom n’ahobammɔ a yɛrepɛ ntia.—Hiob 1:9, 10.
14. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa mmɔ n’asomfo nyinaa ho ban pɛpɛɛpɛ?
14 Tete mmere mu mpo, ɛnyɛ Yehowa asomfo no nyinaa na ɔde ne tumi gyee wɔn fii owu mu. Wo de, hwɛ obi te sɛ ɔsomafo Yakobo. Herode kum no bɛyɛ afe 44 Y.B. mu, nanso ɛno akyi pɛɛ no, Yehowa gyee Petro ‘fii Herode nsam.’ (Asomafo Nnwuma 12:1-11) Yakobo nua Yohane nso tenaa ase kyɛ senee Petro ne Yakobo nyinaa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ yɛn Nyankopɔn no bɛbɔ n’asomfo nyinaa ho ban pɛpɛɛpɛ. Afei nso, ‘asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan.’ (Ɔsɛnkafo 9:11) Ɛnde, sɛn na Yehowa bɔ yɛn ho ban nnɛ?
Yehowa Bɔ Yɛn Nkwa Ho Ban
15, 16. (a) Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa remma kwan da mma wɔnhyew n’asomfo ase? (b) Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛbɔ n’asomfo ho ban ɛnnɛ ne “ahohiahia kɛse” no mu?
15 Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ kwan a Yehowa fa so bɔ yɛn nkwa ho ban. Yehowa remma kwan da mma wɔnhyew n’asomfo ase. Ɛnte saa a anka Satan akyere yɛn nyinaa awe dedaadaw. Wo de hwɛ: Satan na “odi wiase yi so,” na nea esi n’ani so ara ne sɛ obegu nokware som. (Yohane 12:31; Adiyisɛm 12:17) Aban a ɛwɔ tumi paa no bi abara yɛn asɛnka adwuma no wɔ wɔn man mu, na wɔayere wɔn ho sɛ wɔbɛtɔre yɛn ase korakora. Nanso, Yehowa nkurɔfo agyina pintinn, na wɔakɔ so aka asɛm no; wɔnnyaee da! Yehowa asomfo nnɔɔso, na wohwɛ wɔn a, asɛ wɔnni ahobammɔ. Ɛnde, adɛn nti na aman akɛse no ntumi mmaa wɔnnyaee asɛnka adwuma no? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa de ne ntaban a ɛyɛ den no bɔ yɛn ho ban!—Dwom 17:7, 8.
16 “Ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no, Yehowa bɛbɔ yɛn nkwa ho ban anaa? Sɛ Onyankopɔn resɛe abɔnefo a, ɛnsɛ sɛ yesuro. Bible ka sɛ, “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a wɔde onyamesom pa tena ase no afi sɔhwɛ mu na wakora abɔnefo so ama atemmu da na wasɛe wɔn.” (Adiyisɛm 7:14; 2 Petro 2:9) Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, nneɛma mmienu bi de, yɛn adwene betumi asi yɛn pi wɔ ho bere nyinaa. Nea edi kan: Yehowa remma kwan mma wɔnhyew n’asomfo anokwafo ase mfi asase so da. Nea ɛtɔ so mmienu: Ɔbɛma wɔn a wɔbɛkɔ so adi nokware no daa nkwa wɔ wiase foforo a trenee wom a ɔde reba no mu. Sɛ ɛkɔba sɛ wɔn mu bi wu mpo a, obenyan no aba nkwa mu. Wɔn a wɔawuwu no, wɔnyerae, efisɛ Onyankopɔn werɛ mfii wɔn.—Yohane 5:28, 29.
17. Yehowa nam n’Asɛm no so bɔ yɛn ho ban. Adɛn nti na yɛreka saa?
17 Ɛnnɛ mpo, Yehowa nam n’asɛm no so bɔ yɛn ho ban. ‘N’asɛm’ no betumi aboa yɛn ama yɛayɛ nsakrae akɛse wɔ yɛn abrabɔ mu ama yɛn ani agye. (Hebrifo 4:12) Sɛ yetie nea Bible ka a, ebetumi abɔ yɛn nkwa ho ban wɔ ɔkwan bi so. Yesaia 48:17 ka sɛ: “Me, Yehowa, mene . . . nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye.” Ɛyɛ ampa sɛ, sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no bɔ yɛn bra a, ebetumi ama yɛanya apɔwmuden na yɛatena ase akyɛ. Wo de hwɛ, esiane sɛ yɛde Bible mu asɛm bɔ yɛn bra nti, yɛtwe yɛn ho fi aguamammɔ, nnubɔne, sigaret, ne ɔbra fĩ biara ho, efisɛ saa nneɛma no sɛe nnipa a wɔntie Onyankopɔn asɛm no bebree abrabɔ, na edi wɔn awu. (Asomafo Nnwuma 15:29; 2 Korintofo 7:1) Yɛda Onyankopɔn ase paa sɛ ɔnam n’Asɛm no so bɔ yɛn ho ban!
Yehowa Bɔ Yɛn Ho Ban Na Yɛne Ne Ntam Ansɛe
18. Ɛdɛn na Yehowa yɛ ma yɛn na yɛne ne ntam ansɛe?
18 Nea ɛho hia paa ne sɛ, Yehowa bɔ yɛn ho ban na yɛne ne ntam ansɛe. Nea ɔyɛ ne sɛ, ɔma yɛn nsa ka biribiara a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina pintinn wɔ sɔhwɛ mu, na yɛansɛe yɛne ne ntam. Enti nea Yehowa yɛ de bɔ yɛn ho ban no, ɛma yɛtena ase daa, na ɛnyɛ mfe kakraa bi. Nneɛma a ɛbɛma yɛakɔ so ne Onyankopɔn ntam ayɛ kama no, ma yɛnhwɛ bi.
19. Sɛn na Yehowa honhom betumi aboa ama yɛagyina pintinn wɔ sɔhwɛ biara a ɛbɛto yɛn mu?
19 Yehowa ne “mpaebɔ Tiefo” no. (Dwom 65:2) Sɛ abrabɔ mu yɛ den ma yɛn na yɛka yɛn koma mu asɛm kyerɛ Yehowa a, ebetumi ama yɛanya asomdwoe. (Filipifo 4:6, 7) Ebia ɔremma yɛn haw no ntu nyera de, nanso obebua yɛn mpaebɔ no. Obetumi ama yɛn nyansa a yɛde bɛyɛ yɛn haw no ho biribi. (Yakobo 1:5, 6) Yehowa tumi yɛ nea ɛsen saa. Ɔde honhom kronkron ma wɔn a wɔbisa no no. (Luka 11:13) Ne honhom no, tumi wom paa, enti sɔhwɛ anaa ɔhaw biara a ɛbɛto yɛn no, ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina pintinn. Ebetumi ama yɛanya “tumi a ɛboro nnipa de so” de agyina mu akosi sɛ Yehowa beyi ateetee nyinaa afi hɔ wɔ wiase foforo a abɛn paa no mu.—2 Korintofo 4:7.
20. Sɛn na Yehowa betumi afa yɛn nuanom Kristofo so abɔ yɛn ho ban?
20 Ɛtɔ da a, Yehowa fa yɛn nuanom Kristofo so na ɛbɔ yɛn ho ban. Yehowa atwe yɛn abɛka “anuanom” a ɛwɔ wiase nyinaa no ho. (1 Petro 2:17; Yohane 6:44) Sɛ yɛn nuanom da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn a, ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn honhom kronkron tumi ka nnipa koma ma yɛyɛ adepa. Saa honhom no ma yɛsow aba, kyerɛ sɛ, ɛma yenya suban pa te sɛ ɔdɔ, ayamye, ne papayɛ. (Galatifo 5:22, 23) Enti sɛ amanehunu bi to yɛn, na onua bi koma ka no ma otu yɛn fo anaa ɔka nkuranhyɛ nsɛm bi kyerɛ yɛn a, yebetumi ada Yehowa ase sɛ ɔnam anuanom so hwɛ yɛn, na ɔbɔ yɛn ho ban.
21. (a) Honhom fam aduan a ɛba wɔ ne bere mu bɛn na Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma yɛn? (b) Nneɛma a Yehowa yɛ de bɔ yɛn ho ban a ɛma yɛne ne ntam kɔ so yɛ kama no, w’ankasa, sɛn na aboa wo?
21 Yehowa yɛ biribi foforo nso de bɔ yɛn ho ban: ɔma yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. Nea ɛbɛyɛ na Bible mu asɛm ahyɛ yɛn den no, Yehowa de ahyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nsa sɛ ɔmma yɛn honhom fam aduan. Saa akoa no ma yenya “aduan ɛbere a ɛsɛ mu.” Ɔma yenya nhoma bi te sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Afei nso, yetumi kɔ jw.org wɛbsaet, asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam. Ɔnam saa akwan no so ma yenya nea yehia, na ɔma yenya no bere a yehia. (Mateo 24:45) Woate asɛm bi wɔ Kristofo nhyiam ase ama no ahyɛ wo den pɛn? Ebia wotee saa asɛm no fii mmuae a obi mae, ɔkasa a obi mae, anaa mpae a obi bɔe mu. Anaa woakan asɛm bi afi yɛn nsɛmma nhoma no bi mu ama aka wo koma pɛn? Kae sɛ, saa nneɛma yi nyinaa, Yehowa yɛ de bɔ yɛn ho ban na ama yɛne ne ntam akɔ so ayɛ kama.
22. Yehowa tumi a ɔde bɔ nneɛma ho ban no, sɛn na ɔde yɛ adwuma bere nyinaa, na mfaso bɛn na ɛwɔ so ma yɛn?
22 Biribiara kyerɛ sɛ Yehowa yɛ kyɛm “ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn guankɔbea nyinaa.” (Dwom 18:30) Yenim sɛ wiase wei mu de, ɛnyɛ ɔhaw biara na Yehowa de ne tumi gye yɛn fi mu. Mmom, ɔde ne tumi a ɔde bɔ nneɛma ho ban no yɛ adwuma ma n’atirimpɔw ba mu bere nyinaa. Ɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkurɔfo benya asetena pa daakye. Sɛ yɛtwe bɛn Yehowa na yɛkɔ so tena ne dɔ mu a, ɔbɛma yɛanya asetena pa afebɔɔ. Saa anidaso yi nti, amanehunu biara a worefa mu wɔ wiase wei mu no, fa no sɛ saa “amanehunu no wɔ hɔ bere tiaa bi na emu yɛ hare.”—2 Korintofo 4:17.
-
-
Tumi a Ɔde Siesie Ade—Yehowa ‘Reyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo’Bɛn Yehowa
-
-
TI 8
Tumi a Ɔde Siesie Ade—Yehowa ‘Reyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo’
1, 2. Nneɛma bɛn na ebetumi afi yɛn nsa nnɛ, na ɛba saa a, ɛka yɛn sɛn?
ADE a akwadaa de di agorɔ a n’ani gye ho paa no, sɛ ɛyera anaa ɛsɛe a, osu yayaayaw. Sɛ wohwɛ sɛnea ɔresu no a, wo werɛ bɛhow! Nanso, sɛ ne maame anaa ne papa kohu ade a ayera no, anaa ɔyɛ no yiye ma no a, wobɛhwɛ na wagyae su apopa n’anim reserew. Ne maame anaa ne papa de, ɛnyɛ den mma wɔn koraa sɛ wɔbehu ade a ayera no anaasɛ wɔbɛyɛ no yiye ama akwadaa no. Nanso akwadaa de, nea ne maame anaa ne papa ayɛ no, ɛyɛ no nwanwa paa. Afei ɔno na onie; ade a na ɛyɛ no sɛ ayera anaa asɛe koraa no, ne nsa asan aka bio!
2 Yehowa yɛ Agya a ɔsen agya biara, na biribiara a yɛn adwene yɛ yɛn sɛ afi yɛn nsa koraa no, obetumi ama yɛn nsa aka bio. Obiara nim sɛ, ɛnyɛ ade a nkwadaa de di agorɔ na yɛreka ho asɛm. “Mmere a emu yɛ den” yi mu no, nneɛma a ebetumi afi yɛn nsa no, ɛsom bo koraa kyɛn nneɛma a nkwadaa de di agorɔ. (2 Timoteo 3:1-5) Nneɛma a ɛsom bo ma nnipa no, dodow no ara betumi afi yɛn nsa. Saa nneɛma no bi ne afie, ahode, adwuma, ne yɛn apɔwmuden mpo. Afei nso, sɛ yehu sɛnea nnipa resɛe asaase, na wɔretɔre nnua ne mmoa bebree ase no a, ɛma yɛn werɛ how. Nanso, ade a ɛma yɛn werɛ how paa na etwa yɛn nsono mu ne sɛ obi a yɛpɛ n’asɛm bewu. Ɛba saa a, etumi bubu yɛn, na ɛyɛ yɛn sɛ yɛn werɛ remfi da.—2 Samuel 18:33.
3. Awerɛkyekyesɛm bɛn na ɛwɔ Asomafo Nnwuma 3:21, na ɛdɛn na Yehowa bɛfa so ama aba mu?
3 Wei nti, sɛ yɛba behu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɛyɛ ade nyinaa foforo a, ɛma yenya awerɛkyekye paa! Nea yɛrebesua wɔ ti yi mu no bɛma yɛahu sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛyɛ nneɛma pii ama yɛn, na ɔbɛyɛ nso. Bible aka mpo sɛ, Yehowa abɔ ne tirim sɛ ‘obesiesie nneɛma nyinaa.’ (Asomafo Nnwuma 3:21) Mesia Ahenni a Yehowa Ba Yesu Kristo di so no, ɛno na Yehowa de besiesie nneɛma nyinaa. Adanse a ɛwɔ hɔ no ma yehu sɛ Ahenni no fii ase dii tumi wɔ soro afe 1914.a (Mateo 24:3-14) Ɛdɛn na obesiesie anaa ɛdɛn na ɔbɛyɛ no foforo no? Ma yɛnhwɛ nneɛma akɛseakɛse a Yehowa bɛyɛ no foforo no bi. Saa nneɛma no baako de, yɛrekasa yi koraa wayɛ dedaw, na yɛwɔ mu bi mpo. Nea aka no de, daakye na Yehowa bɛyɛ no foforo ama nnipa nyinaa.
Nokware Som a Wɔama So Bio
4, 5. Ɛdɛn na ɛtoo Onyankopɔn nkurɔfo afe 607 A.Y.B., na anidaso bɛn na Yehowa ma wɔnyae?
4 Ade baako a Yehowa ayɛ dedaw ne sɛ, wama nokware som so bio. Nea ɛbɛma yɛate ase no, ma yɛnhwehwɛ Yuda ahemman no abakɔsɛm mu kakra. Saa nhwehwɛmu no bɛma yɛahu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde yɛ nneɛma foforo.—Romafo 15:4.
5 Bere a atamfo sɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B. no, ɛbɛyɛ sɛ Yudafo a na wɔdɔ Yehowa no werɛ howee paa. Wɔn kurow a na ɛda wɔn koma so no, atamfo no sɛee no pasaa, na wɔdwiriw n’afasu gui. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, asɔrefie fɛfɛɛfɛ a Solomon sii no mpo, atamfo no sɛee no pasaa. Nanso, ɛhɔ nko ara ne baabi a na wɔsom Yehowa yiye wɔ asaase so. (Dwom 79:1) Yudafo a wɔankum wɔn no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilon. Yerusalem danee amamfo so; wuram mmoa nko ara na na ɛnenam hɔ. (Yeremia 9:11) Nnipa ani so de, na anidaso nyinaa asa. (Dwom 137:1) Ɛwom sɛ na Yehowa aka ato hɔ dedaadaw sɛ atamfo bɛsɛe Yerusalem kurow no, nanso ɔmaa wɔnyaa anidaso sɛ, ɛno akyi no, wɔbɛkyekye kurow no bio.
6-8. (a) Bɔhyɛ bɛn na tete adiyifo pii kaa ho asɛm, na sɛn na ɛbaa mu maa Yudafo no? (b) Sɛn na saa bɔhyɛ ahorow no aba mu wɔ yɛn bere yi so?
6 Nea ɛwom paa ne sɛ, bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan akyekye Yerusalem no, sɛ wohwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a, wubehu sɛ adiyifo bebree kaa ho asɛm.b Yehowa nam adiyifo no so hyɛɛ bɔ sɛ Israel asaase no bɛsan abɔ aduan bebree, nnipa pii bɛtena hɔ, na ɔbɛbɔ wɔn ho ban afi wuram mmoa ne atamfo ho. Yehowa kaa sɛ, wɔn asaase no bɛyɛ sɛ paradise ankasa! (Yesaia 65:25; Hesekiel 34:25; 36:35) Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, ɔkaa sɛ wɔbɛsan ama nokware som so bio, na wɔasan asi asɔrefie no. (Mika 4:1-5) Saa nkɔmhyɛ no maa Yudafo a na wɔde wɔn kɔ Babilon no nyaa anidaso, na ɛboaa wɔn ma wɔtumi tenaa hɔ mfe 70.
7 Yehowa bere a wahyɛ dui no, Babilonfo no gyaee Yudafo no, enti wɔsan baa Yerusalem, na wɔsan besii Yehowa asɔrefie no wɔ hɔ. (Esra 1:1, 2) Bere tenten a wɔsom Yehowa yiye no, Yehowa hyiraa wɔn maa wɔn asaase no bɔɔ aduan pii, na nneɛma kɔɔ yiye maa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn ho ban fii wɔn atamfo ho, na wamma wuram mmoa a na wɔatena wɔn asaase no so mfe pii no anyɛ wɔn bɔne biara. Wohwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyee paa sɛ Yehowa de ne tumi boaa wɔn maa wɔn nsa kaa nneɛma a wɔhweree no. Wunhu saa? Nanso, nneɛma a na Yehowa ahyɛ ho bɔ no, na wei yɛ ɛho mframa kɛkɛ. Ná ɛbɛba mu kɛse paa wɔ “awiei nna no mu,” kyerɛ sɛ, yɛn bere yi so, bere a wɔde Ɔhene Dawid Aseni a na wɔahyɛ ne ho bɔ fi teteete no asi ahengua so no.—Yesaia 2:2-4; 9:6, 7.
8 Bere a wɔde Yesu sii ɔsoro Ahenni no so hene afe 1914 no, ankyɛ koraa na ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asaase so no ama wɔasom Onyankopɔn yiye. Sɛnea Persia hene Kores gyaee Yudafo no ma wɔfii Babilon afe 537 A.Y.B. no, Yesu nso yii n’akyidifo no fii atorosom nyinaa mu, nea Bible frɛ no “Babilon Kɛse” no. (Adiyisɛm 18:1-5; Romafo 2:29) Efi afe 1919 reba no, nokware Kristofo asan resom Yehowa sɛnea ɔpɛ sɛ yɛsom no. (Malaki 3:1-5) Efi saa bere no, Yehowa nkurɔfo asom no wɔ ne honhom fam asɔrefie a watew ho no mu, kyerɛ sɛ, nhyehyɛe biara a Nyankopɔn de agu akwan mu a ɛboa ma yetumi som no yiye no, yɛde yɛ adwuma. Adɛn nti na saa nhyehyɛe no ho hia yɛn nnɛ?
Nokware Som a Wɔama So Bio—Nhyira a Ɛde Aba
9. Asomafo no nyinaa wui no, ɛdɛn na Kristoman de baa nokware som so, nanso ɛdɛn na Yehowa ayɛ wɔ yɛn bere yi mu?
9 Hwɛ nea esii tete no. Kristofo a edii kan no som Yehowa yiye, na na wɔne ne ntam yɛ kama. Nanso Yesu ne asomafo no ka too hɔ sɛ, bere bi bɛba a, nkurɔfo de atoro nkyerɛkyerɛ bɛfra nokware som mu ama nokware som so akata. (Mateo 13:24-30; Asomafo Nnwuma 20:29, 30) Bere a Yesu asomafo no nyinaa wui no, Kristoman nsɔrensɔre bebree bae. Asɔfo no fii ase kyerɛkyerɛɛ atoro nkyerɛkyerɛ, na wɔkodii abosonsomfo amammerɛ ne wɔn amanne akyi. Anka ɛsɛ sɛ wɔboa nkurɔfo ma wɔtwe bɛn Onyankopɔn, nanso wɔkyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro, na wɔkaa sɛ saa nkyerɛkyerɛ no, ɛnyɛ ade a nnipa betumi ate ase. Wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnkɔ bɔneka, kyerɛ sɛ, wɔnka wɔn bɔne nkyerɛ asɔfo no na ama Onyankopɔn de wɔn bɔne akyɛ wɔn. Wɔsan kyerɛkyerɛe sɛ, wɔmmɔ mpae nkyerɛ Maria ne “ahotefo,” na ɛnyɛ Yehowa. Atoro nkyerɛkyerɛ a wɔkɔfa bae no tenaa hɔ mfe pii, nanso ɛnnɛ, ɛdɛn na Yehowa ayɛ? Ɛwom, atoro nkyerɛkyerɛ adɔɔso, na nnipa a wɔdi bɔne nso adɔɔso kyɛn bere biara. Nanso, Yehowa de ne tumi kɛse no ama nokware som so bio! Ɛnyɛ sɛ yɛreka aboro so. Nea ɛwom ne sɛ, nneɛma a ɛho hia paa a akɔ so wɔ yɛn bere yi mu no, baako ne nokware som a Yehowa ama so bio no.
10, 11. (a) Nneɛma mmienu bɛn na ɛka bom yɛ honhom fam paradise no, na wobɛyɛ dɛn atumi abɛka ho? (b) Nnipa bɛn na Yehowa de wɔn aba honhom fam paradise no mu, na ɛdɛn na wɔbenya kwan ahu?
10 Nokware som a Yehowa ama so bio nti, ɛnnɛ, nokware Kristofo wɔ honhom fam paradise, na Yehowa ma enya nkɔso daa. Ɛdɛn na ɛka bom ma yenya honhom fam paradise no? Ɛyɛ nneɛma atitiriw mmienu. Nea edi kan ne nokware som a yɛde ma Yehowa, nokware Nyankopɔn no. Waboa yɛn ma yetumi som no bere a atoro nkyerɛkyerɛ biara ntumi nnaadaa yɛn. Wahyira yɛn ama yenya honhom fam aduan. Saa nhyira no nti, yetumi sua yɛn soro Agya no ho ade, yetumi yɛ n’apɛde, na yetumi twe bɛn no. (Yohane 4:24) Honhom fam paradise no ho ade a ɛtɔ so mmienu no, ɛfa nnipa ho. Sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm no, “awiei nna” yi mu no, Yehowa akyerɛkyerɛ n’asomfo sɛnea wɔbɛtena asomdwoe mu. Wakyerɛkyerɛ yɛn sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ɔko. Yɛn bɔne ne yɛn mfomso nyinaa akyi no, ɔboa yɛn ma yɛhyɛ “suban foforo” no. Bere a yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛsom no no, ɔde ne honhom kronkron no boa yɛn, na ne honhom no ma yenya suban pa. (Efesofo 4:22-24; Galatifo 5:22, 23) Sɛ woma Onyankopɔn honhom kyerɛ wo kwan a, ɛnde na woka honhom fam paradise no ho ampa.
11 Nnipa a Yehowa dɔ wɔn no, wɔn na ɔde wɔn aba honhom fam paradise no mu. Saa nkurɔfo no, wɔdɔ Yehowa, wɔpɛ asomdwoe, na “wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ.” (Mateo 5:3) Sɛ Yehowa yɛ nneɛma nyinaa foforo na ɔma asaase nyinaa dan paradise a, saa nkurɔfo no na wɔbehu.
“Hwɛ! Mereyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
12, 13. (a) Nneɛma a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no foforo no, adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛba mu honam fam nso? (b) Sɛnea Yehowa kaa wɔ Eden no, n’apɛde ma asaase ne sɛn, na adɛn nti na yɛwɔ awerɛhyem sɛ n’apɛde no bɛba mu daakye?
12 Nneɛma a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no foforo no, bebree aba mu wɔ honhom fam, na ɛbɛsan aba mu honam fam. Sɛ yɛhwɛ odiyifo Yesaia sei a, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ bere bi bɛba a ayarefo, mpakye, anifuraefo, ne wɔn a wɔn aso asiw nyinaa, wɔbɛsa wɔn yare, na wɔbɛmene owu mpo afebɔɔ. (Yesaia 25:8; 35:1-7) Bɔhyɛ a ɛtete saa no, annya mmamu honam fam wɔ tete Israel, efisɛ yare ne owu amfi hɔ saa bere no. Yɛn bere yi mu nso, yɛahu sɛ Yehowa ayɛ nneɛma bebree foforo wɔ honhom fam paradise no mu, na yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa nyinaa no, ɛbɛba mu honam fam. Yɛyɛ dɛn hu saa?
13 Eden turom pɛɛ na Yehowa kaa sɛ n’apɛde ne sɛ nnipa a wɔbɛtena asaase so no benya anigye, apɔwmuden, ne asomdwoe. Wɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea no sɛ wɔnhwɛ asaase ne mmoa a ɛwɔ so nyinaa so, na wɔnyɛ asaase nyinaa paradise. (Genesis 1:28) Ɛnyɛ ɛno koraa na yehu no nnɛ yi. Nanso, nya awerɛhyem sɛ, nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɛbɛba mu; ɛrenyɛ kwa da. (Yesaia 55:10, 11) Yesu na Yehowa ayɛ no Ɔhene wɔ Onyankopɔn Ahenni no so, na Yesu na ɔbɛma wiase nyinaa adan Paradise.—Luka 23:43.
14, 15. (a) Yehowa ka sɛ ɔbɛyɛ “nneɛma nyinaa foforo” a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Paradise asetena bɛyɛ sɛn, na dɛn paa na worehwɛ kwan?
14 Sɛ asaase nyinaa dan Paradise a, hwɛ anigye a wubenya! Nea Yehowa aka afa saa bere no ho ni: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:5) Wo de, fa w’adwene bu sɛnea wiase bɛyɛ saa bere no. Sɛ Yehowa de ne tumi sɛe wiase bɔne yi wie a, nea ɛbɛka ne “ɔsoro foforo ne asaase foforo.” Nea wei kyerɛ ne sɛ, aban foforo bi a ɛwɔ soro bedi asaase foforo no so, kyerɛ sɛ, ebedi nnipa a wɔdɔ Yehowa na wɔyɛ n’apɛde wɔ asaase so no so. (2 Petro 3:13) Saa bere no, Satan ne ahonhommɔne rennya tumi mfa nhaw obiara bio. (Adiyisɛm 20:3) Nnipa ahu amane mfe mpempem pii wɔ Satan ne ahonhommɔne nsam, nanso saa bere no de, nnipa bɛtete wɔn ho afi ɔtan ne nneɛma bɔne a Satan ne ahonhommɔne de ba no ho. Ahotɔ a ɛbɛba de, ɛnyɛ ebi ni!
15 Ɛba saa a, afei de, yebetumi ahwɛ asaase fɛfɛɛfɛ yi so sɛnea na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ no mfiase no. Sɛnea Yehowa bɔɔ asaase no, ɛno ankasa tumi siesie ne ho. Sɛ nkurɔfo amfa efĩ angu nsu ne nsubɔnten mu bio a, nsu no ara betumi ayi efĩ a ɛwom no ama emu atew kama; sɛ nnipa gyae akodi a, nsaase a ɔko asɛe no no, ebetumi abɛyɛ fɛfɛɛfɛ bio. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛboa ama asaase nyinaa ayɛ fɛfɛɛfɛ sɛ Eden turo. Saa bere no, nnua ne mmoa ahorow ahorow bebree bɛhyɛ asaase so ma! Nnipa renkunkum mmoa, na yɛrensɛe nnua bio. Nnipa nyinaa ne mmoa bɛtena asomdwoe mu, na yɛrensɛe ɔdomankoma agyapade bio. Nkwadaa mpo rensuro mmoa a wɔn ho yɛ hu.—Yesaia 9:6, 7; 11:1-9.
16. Yɛkɔ Paradise a, sɛn na Yehowa bɛyɛ yɛn foforo anaa obesiesie yɛn?
16 Yɛn ankasa nso, Yehowa bɛyɛ yɛn foforo anaa obesiesie yɛn. Armagedon akyi no, wɔn a wɔbenya nkwa no, wɔbenya ayaresa anwanwakwan so wɔ wiase nyinaa. Nea Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asaase so no, ɛno ara bi na ɔbɛyɛ no saa bere no. Ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no bebue anifuraefo ani, ɔbɛma asotifo ate asɛm, na wasa mpakye ne ayarefo yare. (Mateo 15:30) Nkwakoraa ne mmerewa bɛsan anya ahoɔden ne apɔwmuden, na wɔasan akeka wɔn ho bio te sɛ bere a na wɔyɛ mmerante ne mmabaa no. Ɛbɛma wɔn ani agye paa. (Hiob 33:25) Obiara a ne honam atwintwam no, ɛbɛsan ayɛ toromtorom; obiara a ne nan ne ne nsa akoakoa no, ɛbɛtenetene, na obiara a ne mu akoa no, ne mu bɛtene. Nnipa anokwafo nyinaa behu sɛ nneɛma a bɔne ne sintɔ de bae no, ɛde nkakrankakra refi hɔ. Yebefi yɛn koma mu ada Yehowa Nyankopɔn ase sɛ ɔde ne tumi ayɛ nneɛma nyinaa foforo saa! Afei ma yɛnhwɛ ade bi a ɛka koma paa a ɛbɛkɔ so saa bere no.
Wɔbenyan Awufo
17, 18. (a) Adɛn nti na Yesu kaa Sadukifo no anim? (b) Ɛdɛn na ɛmaa Elia srɛɛ Yehowa sɛ onnyan akwadaa no?
17 Asomafo no bere so no, na nyamesom mpanyimfo bi a yɛfrɛ wɔn Sadukifo nnye nni sɛ owusɔre wɔ hɔ. Yesu kaa wɔn anim. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moredi mfomso, efisɛ munnim Kyerɛwnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi.” (Mateo 22:29) Ampa, Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde nyan awufo. Ɛdɛn na ɛkyerɛ saa?
18 Wo de, hwɛ asɛm bi a esii Elia bere so. Ná ɔbea kunafo bi ba a odi no ba koro awu da ne nsa so. Ná odiyifo Elia akɔsoɛ ɔbea kunafo no, enti ɛbɛyɛ sɛ akwadaa no wu no maa odiyifo no ho dwiriw no. Bere bi a ɔkɔm bae no, odiyifo no boae maa akwadaa no nyaa aduan dii, enti ɔkɔm no ankum no. Ebetumi aba sɛ na Elia abɛpɛ akwadaa no asɛm paa. Ná akwadaa no wu no ama ne maame koma abubu. Bere a ɔbea no kunu wui no, ne ba abarimaa yi na na ɔde no kyekye ne werɛ. Ɛbɛyɛ sɛ ne ba yi na na n’ani da no so sɛ, ɔbɔ aberewa a ɔbɛhwɛ no. Bere a okunafo no redi awerɛhow no, n’adwene yɛɛ no sɛ ebia wayɛ bɔne bi nti na Onyankopɔn retwe n’aso. Ná ɔbea no asɛm yɛ Elia mmɔbɔ paa. Enti ogyee akwadaa a wawu no fii ne maame nsa so de no kɔtoo ne dan mu. Ɛnna ɔsrɛɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔmma akwadaa no nkwa nsan mmra ne mu.—1 Ahene 17:8-21.
19, 20. (a) Ɛdɛn na Abraham yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ogye di sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan awufo, na ɛdɛn na ɛma onyaa saa gyidi no? (b) Elia gyidi nti, ɛdɛn na Yehowa yɛe de hyiraa no?
19 Ɛnyɛ Elia na odii kan gye dii sɛ owusɔre wɔ hɔ. Mfe pii ansa na Elia reba no, ná Abraham gye di sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde nyan awufo. Ɛdɛn na ɛmaa Abraham nyaa gyidi saa? Bere a na Abraham adi mfe 100, na Sara adi mfe 90 no, Yehowa yɛɛ anwanwade ma wɔsan nyaa tumi anaa ahoɔden a wɔde bɛwo, enti Sara tumi woo ɔbabarima. (Genesis 17:17; 21:2, 3) Akyiri yi, bere a wɔn ba no nyinii no, Yehowa kaa sɛ Abraham mfa no nkɔbɔ afɔre. Abraham kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi. Ogye dii sɛ Yehowa betumi anyan ne dɔba Isak aba nkwa mu bio. (Hebrifo 11:17-19) Ná Abraham gyidi yɛ den paa. Ɛno nti na ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔrebɛforo akɔ bepɔw no so sɛ ɔde ne ba no rekɔbɔ afɔre no, ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ ɔne Isak rekɔ aba no.—Genesis 22:5.
“Hwɛ, wo ba no te ase”!
20 Yehowa amma Abraham ankum Isak, enti owusɔre biara ho anhia saa bere no. Elia asɛm no de, na ɔbea kunafo no ba no awu dedaw, nanso na owui nkyɛe. Odiyifo Elia gyidi nti, Yehowa hyiraa no, na onyanee akwadaa no! Afei Elia de akwadaa no maa ne maame. Bere a ɔde no rema no no, ɔkaa asɛm bi a na maame no werɛ remfi da. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ, wo ba no te ase”!—1 Ahene 17:22-24.
21, 22. (a) Adɛn nti na wɔyɛɛ owusɔre ahorow ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu? (b) Owusɔre a ɛbɛkɔ so wɔ Paradise no, nnipa dodow sɛn na wɔbenyan wɔn, na hena na obenyan awufo no?
21 Wei ne Bible mu kyerɛwtohɔ a edi kan a ɛma yehu sɛ Yehowa de ne tumi nyanee obi a wawu. Akyiri yi, Yehowa maa Elisa, Yesu, Paul, ne Petro nso tumi ma wɔnyanee awufo baa nkwa mu. Ɛwom, wɔn a wɔnyanee wɔn no san wuwui. Nanso, Bible kyerɛwtohɔ a ɛte saa no ma yehu nneɛma akɛse a Yehowa bɛyɛ no daakye.
22 Paradise ba a, Yesu bɛyɛ “owusɔre ne nkwa” sɛnea ɔkae no. (Yohane 11:25) Obenyan nnipa ɔpepepeepee, kyerɛ sɛ, yennim wɔn dodow, na wama wɔanya kwan atena ase daa wɔ Paradise wɔ asaase so. (Yohane 5:28, 29) Wo de, hwɛ anigye a ɛbɛba saa bere no. Yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a owu atetew yɛne wɔn ntam bere tenten no, obenyan wɔn ama yɛasan ahu wɔn bio. Yɛbɛbam wɔn ayɛ wɔn atuu ama obiara ani agye papaapa! Saa bere no, nnipa nyinaa beyi Yehowa ayɛ wɔ ne tumi a ɔde nyan awufo no ho.
23. Ɛdɛn ne ade kɛse paa a Yehowa de ne tumi ayɛ, na sɛn na ɛma yenya anidaso paa sɛ nea yɛrehwɛ kwan daakye no bɛba mu?
23 Yehowa ayɛ biribi kɛse bi a ɛma yenya awerɛhyem paa sɛ obetumi anyan awufo aba nkwa mu bio. Ade kɛse paa a Yehowa de ne tumi ayɛ ne sɛ, onyanee ne Ba Yesu, na wama no tumi kyɛn abɔfo no nyinaa. Yehowa nko ara na ɔwɔ tumi kyɛn Yesu. Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ nnipa bebree. (1 Korintofo 15:5, 6) Enti wɔn a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbegye owusɔre no adi mpo no, ɛsɛ sɛ saa asɛm yi ma wɔtumi gye di. Ampa, Yehowa wɔ tumi a ɔde nyan awufo ba nkwa mu bio.
24. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa benyan awufo, na anidaso bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara kura mu pintinn?
24 Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan awufo, na ɛyɛ ne koma so ade sɛ ɔbɛyɛ saa. Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔbarima nokwafo Hiob ma ɔkaa sɛ Yehowa ani agyina paa sɛ obenyan awufo aba nkwa mu bio. (Hiob 14:15) Yegye di paa sɛ wo nso wopɛ sɛ wotwe bɛn yɛn Nyankopɔn no, yɛn Nyankopɔn a ne koma so ade ne sɛ ɔde ne tumi benyan awufo no. Ɛnte saa? Nanso, kae sɛ, akwan a Yehowa bɛfa so ayɛ nneɛma nyinaa foforo no, owusɔre yɛ emu baako pɛ. Enti kɔ so twe bɛn Yehowa bere nyinaa. Anidaso a wowɔ sɛ wubehu bere a Yehowa ‘bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo’ wɔ paradise no, kura mu pintinn.—Adiyisɛm 21:5.
a Bere a Yehowa se ɔde ‘besiesie nneɛma nyinaa,’ anaa ɔde bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo no, efii ase bere a ɔde Mesia Ahenni no sii hɔ na ɔde Ɔhene Dawid nokwafo no aseni sii ahengua so no. Ná Yehowa ahyɛ Dawid bɔ sɛ n’aseni na obedi ade afebɔɔ. (Dwom 89:35-37) Nanso, bere a Babilon sɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B. no, Dawid aseni biara antena Onyankopɔn ahengua so bio wɔ asaase so. Wɔwoo Dawid aseni Yesu wɔ asaase so, na wɔde no sii ahengua so wɔ soro. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Ɔhene a wɔhyɛɛ ne ho bɔ fi teteete no.
b Saa adiyifo yi nyinaa, Mose, Yesaia, Yeremia, Hesekiel, Hosea, Yoel, Amos, Obadia, Mika, ne Sefania kaa saa bɔhyɛ no ho asɛm.
-
-
“Kristo Yɛ Onyankopɔn Tumi”Bɛn Yehowa
-
-
TI 9
“Kristo Yɛ Onyankopɔn Tumi”
1-3. (a) Ɛdɛn na ɛmaa asuafo no bɔɔ hu wɔ Galilea Po no so, na ɛdɛn na Yesu yɛe? (b) Adɛn nti na ɔsomafo Paul tumi kaa sɛ “Kristo yɛ Onyankopɔn tumi”?
NÁ ASUAFO no abɔ hu. Ná wɔretwa Galilea Po no; prɛko pɛ na mframa kɛse bi bɔ faa ɛpo no so. Akyinnye biara nni ho sɛ, mframa a etu fa Galilea Po no so de, na asuafo no ahu bi pɛn, efisɛ na wɔn mu binom yɛ mpataayifo a wɔayɛ adwuma no akyɛ.a (Mateo 4:18, 19) Nanso mframa wei de, na ɛyɛ soronko, efisɛ Bible ka sɛ na ɛyɛ “mframa denneennen.” Enti ntɛm ara na ɛmaa ɛpo no yɛɛ basabasa. Mmarima no yeree wɔn ho denneennen sɛ wɔbɛhare ɔkorow no, nanso na mframa no regye wɔn nsam. Asorɔkye no “bɔ baa ɔkorow no mu,” na na nsu no reyɛ ayɛ ma. Ná Yesu akyerɛkyerɛ nnipadɔm bebree saa da no nyinaa ama no abrɛ. Enti dede no rekɔ so no nyinaa, na wada hatee wɔ ɔkorow no akyi. Ná asuafo no suro sɛ mframa no bekum wɔn, enti wɔnyanee Yesu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, gye yɛn na yɛrebewuwu!”—Marko 4:35-38; Mateo 8:23-25.
2 Yesu de, na onsuro, efisɛ na onim sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɛma mframa no ayɛ dinn, enti ɔteateaa mframa no sɛ: “Mua w’ano! Yɛ dinn.” Ntɛm ara, mframa no ne ɛpo no tiei. Mframa a ano yɛ den no gyaee, asorɔkye no ano brɛɛ ase, na “ɛyɛɛ dinn.” Afei ehu kɛse kaa asuafo no, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hena koraa ni?” Nokwarem no, asuafo no ho dwiriw wɔn sɛ onipa tumi teateaa mframa ne ɛpo ma ɛyɛɛ dinn. Ɛte sɛ akwadaa a ɔreyɛ asoɔden a ne maame anaa ne papa atea no.—Marko 4:39-41; Mateo 8:26, 27.
3 Nanso na biribi wɔ Yesu ho a ɛma ɔyɛ soronko. Yehowa de ne tumi boaa Yesu maa no yɛɛ nneɛma akɛse, na ɛmaa Yesu tumi boaa afoforo nso. Onyankopɔn maa ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Kristo yɛ Onyankopɔn tumi.” (1 Korintofo 1:24) Sɛn na Nyankopɔn nam Yesu so daa ne tumi adi? Sɛnea Yesu de saa tumi no yɛ adwuma no, ɛboa yɛn sɛn wɔ yɛn asetena mu?
Onyankopɔn Ba a Ɔwoo No Koro No Tumi
4, 5. (a) Adwuma bɛn na Yehowa de hyɛɛ ne Ba a ɔwoo no koro no nsa? (b) Ɛdɛn na Onyankopɔn de maa Yesu maa no tumi bɔɔ nneɛma a aka no nyinaa?
4 Ma yɛnhwɛ tumi a na Yesu wɔ ansa na ɔreba asaase so. Bere a Yehowa rebɔ ne Ba a ɔwoo no koro no, ɔde ne “tumi a ɛwɔ hɔ daa” no na ɛbɔɔ no. Ne Ba a ɔwoo no koro no, ɔno na akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo no. (Romafo 1:20; Kolosefo 1:15) Ɛno akyi no, Yehowa de tumi kɛse maa ne Ba no maa no de bɔɔ nneɛma a aka nyinaa. Bible ka ne Ba no ho asɛm sɛ: “Nneɛma nyinaa nam no so na ɛbae, na ade baako mpo ankwati no amma.”—Yohane 1:3.
5 Sɛnea na saa adwuma no kɛse te no, ɛbɛyɛ den sɛ yebehu ano. Yesu na ɔbɔɔ abɔfo ahoɔdenfo no nyinaa; ɔno na ɔbɔɔ nsoromma pepeankoma a ɛwɔ wim no nyinaa; ɔno ara nso na ɔbɔɔ nneɛma a nkwa wom bebrebe a ɛwɔ asaase so no nyinaa. Wo de, hwɛ tumi a na Yesu behia de abɔ weinom nyinaa. Onyankopɔn de tumi a ɛsen tumi biara na ɛmaa ne Ba a ɔwoo no koro no; ɛno na ɔde bɔɔ saa nneɛma no nyinaa. Saa tumi no, ɛno ne honhom kronkron. Yesu ani gyei paa sɛ ɔyɛ Odwumayɛni a Waben a ɔno na Yehowa maa no bɔɔ nneɛma a aka no nyinaa.—Mmebusɛm 8:22-31.
6. Bere a Yesu baa asaase so bewui na ɔsɔree no, tumi bɛn na Yehowa de maa no?
6 Tumi a Onyankopɔn de maa ne Ba a ɔwoo no koro no, na ɔde bi bɛka ho anaa? Bere a Yesu baa asaase so bewui na ɔsɔree no, ɔkaa sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.” (Mateo 28:18) Wei kyerɛ sɛ, Yehowa ama Yesu tumi sɛ onni nnipa ne abɔfo nyinaa so. Yehowa ama Yesu ayɛ “ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade,” na wama no tumi sɛ ontu “aban nyinaa ne tumi ne ahoɔden nyinaa,” kyerɛ sɛ, nea yehu ne nea yenhu a ɛsɔre tia n’Agya no nyinaa ‘ngu.’ (Adiyisɛm 19:16; 1 Korintofo 15:24-26) Onyankopɔn de nneɛma nyinaa ahyɛ Yesu ase. ‘Biribiara nni hɔ a ogyawee a wamfa anhyɛ n’ase.’ Yehowa nko ara na ɔnhyɛ Yesu ase.—Hebrifo 2:8; 1 Korintofo 15:27.
7. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu remfa tumi a Yehowa de ama no no nhyɛ nkurɔfo so da?
7 Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ yesuro sɛ Yesu de ne tumi bɛhyɛ nkurɔfo so anaa? Ɛrentumi mma saa da! Yesu dɔ n’Agya paa, na ɔrenyɛ biribi a ɛnsɔ n’Agya no ani da. (Yohane 8:29; 14:31) Yehowa yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ, na Yesu nim yiye sɛ Yehowa remfa ne tumi nhyɛ obiara so da. Yesu ahu no mpɛn pii sɛ, ɛyɛ a Yehowa de n’ani to fam hwehwɛ sɛnea “ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho.” (2 Beresosɛm 16:9) Yesu dɔ nnipa te sɛ n’Agya. Ɛno nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔde ne tumi bɛyɛ adepa bere nyinaa. (Yohane 13:1) Yesu nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔde ne tumi yɛ adepa bere nyinaa. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɔde ne tumi yɛɛ adwuma bere a na ɔwɔ asaase so no, na yɛnhwɛ nea enti a ɔyɛɛ saa.
“Ná Ɔwɔ Tumi Wɔ . . . Ne Kasa Mu”
8. Bere a Yesu bɔɔ asu wiei a honhom kronkron baa no so no, dɛn na wɔmaa no tumi maa no yɛe, na sɛn na ɔde ne tumi yɛɛ adwuma?
8 Bere a Yesu yɛ akwadaa a na ɔrenyin wɔ Nasaret no, wanyɛ anwanwade biara. Nanso, bere a ɔbɔɔ asu afe 29 Y.B. no, ofii ase yɛɛ anwanwade. Saa bere no, na wadi bɛyɛ mfe 30. (Luka 3:21-23) Bible ka sɛ: “Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no, na okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yare.” (Asomafo Nnwuma 10:38) Bible ka sɛ Yesu “yɛɛ papa” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yesu de ne tumi yɛɛ adwuma ɔkwan pa so. Bere a ɔbɔɔ asu wiei a honhom kronkron baa ne so no, ‘ɔbɛyɛɛ odiyifo, na na ɔwɔ tumi wɔ ne nnwuma ne ne kasa mu.’—Luka 24:19.
9-11. (a) Ɛhe na Yesu yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ no fã kɛse no ara, na ɛdɛn na na ɛsɛ sɛ otumi yɛ? (b) Adɛn nti na Yesu nkyerɛkyerɛ no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn?
9 Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ na tumi wɔ Yesu kasa mu? Ná ɔtaa kyerɛkyerɛ wɔ mmɔnten so, nsuano, mmepɔw so, ne gua so. (Marko 6:53-56; Luka 5:1-3; 13:26) Sɛ na ne nkyerɛkyerɛ no nka n’atiefo koma a, anka wɔbɛpɛ wɔn baabi afa. Saa bere no, na wɔntintim nhoma, enti biribiara a Yesu bɛka no, na ɛsɛ sɛ n’atiefo no kyere gu wɔn tirim ne wɔn koma mu. Enti, na ɛsɛ sɛ Yesu tumi kyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan bi so ma nkurɔfo ani gye ho sɛ wɔbetie na wɔate ase na wɔakae nso. Nanso, wei anyɛ den amma Yesu koraa. Ɛho nhwɛso paa ne Bepɔw so Asɛnka no.
10 Afe 31 Y.B. anɔpa bi, nnipadɔm bi hyiaam wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea Po no ho. Wɔn mu bi fi Yudea ne Yerusalem na ɛbae. Wɔtwaa kilomita 100 kosi 110 (akwansin 60 kosi 70) na ɛbaa hɔ. Ebinom nso fi Tiro ne Sidon na ɛbae. Saa nkurow no, na egu mpoano wɔ atifi fam. Ayarefo pii baa Yesu nkyɛn, na na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka no. Ɔsaa wɔn nyinaa yare. Bere a ɔsaa ayarefo no nyinaa yare no, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Luka 6:17-19) Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn wiei no, nea nkurɔfo no tee no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Adɛn ntia?
11 Mfe bi akyi no, obi a otiee ne nkyerɛkyerɛ no bi kyerɛw sɛ: “Ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn, efisɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi.” (Mateo 7:28, 29) Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe no ma wɔhui sɛ ɔwɔ tumi. Nea Onyankopɔn pɛ sɛ nkurɔfo no yɛ no, ɛno na Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn, na na ne nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn Asɛm mu. (Yohane 7:16) Ná Yesu nkyerɛkyerɛ no mu da hɔ, ɛkaa atiefo no koma, na na obiara ntumi mmɔ ngu. Ɔmaa wɔn a na wɔretie no no huu nea ɛkɔfa ɔhaw brɛ nnipa, na ɛma wɔhwehwɛɛ wɔn koma mu. Ɔma wɔhuu nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔn ani agye. Ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛbɔ mpae, ne sɛnea wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni, na ɔma wɔhuu nea ɛbɛma wɔanya daa nkwa. (Mateo 5:3–7:27) Wɔn a na wɔrehwehwɛ nokware no, ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ adetrenee no, Yesu nsɛm no kaa wɔn koma ma wɔtuu ho anammɔn. Saa nkurɔfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ ‘wɔrenyɛ nea wɔn ara pɛ bio,’ enti wɔgyaw biribiara hɔ kodii n’akyi. (Mateo 16:24; Luka 5:10, 11) Wei kyerɛ sɛ Yesu nsɛm no, na tumi wom ampa!
“Ná Ɔwɔ Tumi Wɔ Ne Nnwuma . . . Mu”
12, 13. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ ‘tumi wɔ ne nnwuma mu,’ na anwanwade ahorow ahorow bɛn na ɔyɛe?
12 Ná Yesu wɔ ‘tumi wɔ ne nnwuma mu’ nso. (Luka 24:19) Anwanwade a Yesu yɛe no, nea Nsɛmpa nnan no ka ho asɛm no, ɛboro 30. Ne nyinaa, “Yehowa tumi” na ɔde yɛe.b (Luka 5:17) Anwanwade a Yesu yɛe no boaa nnipa mpempem pii. Ma yɛhwɛ n’anwanwade no mu mmienu pɛ. Bere bi, ɔmaa mmarima 5,000 aduan dii, ɛnna da foforo nso ɔmaa mmarima 4,000 aduan dii. Nnipa a edii aduan no, sɛ wokan mmea ne nkwadaa a na ɛwɔ hɔ no ka ho a, wɔn dodow bɛboro so mpempem pii!—Mateo 14:13-21; 15:32-38.
13 Anwanwade ahorow ahorow pii na Yesu yɛe. Ná ɔwɔ ahonhommɔne so tumi, na na otumi tu wɔn ntɛm; ɔmmrɛ ho koraa. (Luka 9:37-43) Otumi maa nsu danee nsa. (Yohane 2:1-11) Bere a Yesu asuafo no ‘hui sɛ ɔnam po no so’ no, wohwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn paa. (Yohane 6:18, 19) Ná ɔwɔ tumi a ɔde sa yare biara. Yare a yenya fi awo mu, yareɛ koankorɔ, ne owuyare nyinaa, na otumi sa. (Marko 3:1-5; Yohane 4:46-54) Akwan pii na ɔfaa so saa yare a ɛtete saa. Ebinom wɔ hɔ a, na wɔnni Yesu nkyɛn, nanso ɔsaa wɔn yare. Ebinom nso de, ɔde ne nsa kaa wɔn. (Mateo 8:2, 3, 5-13) Ɔmaa ebinom yare tu yerae prɛko pɛ, na afoforo nso de, ɔsaa wɔn yare nkakrankakra.—Marko 8:22-25; Luka 8:43, 44.
“Wohui sɛ Yesu nam po no so”
14. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a ɔde nyan awufo?
14 Nea ɛyɛ nwanwa paa ne sɛ, na Yesu wɔ tumi a ɔde nyan awufo. Bible ma yehu sɛ, onyanee nnipa mmiɛnsa fii awufo mu. Onyanee abaayewa bi a na wadi mfe 12, na ɔde no maa n’awofo. Onyanee ɔbea kunafo bi ba a na odi no ba koro maa no, na onyanee mmabaawa bi nuabarima a wɔdɔ no paa maa wɔn. (Luka 7:11-15; 8:49-56; Yohane 11:38-44) Ne nyinaa, ɔtee no tɛ; wammrɛ ho. Abaayewa a wadi mfe 12 a Yesu nyanee no no, na owui nkyɛe nti, na ɔda mpa so. Ɔbea kunafo no ba no nso, bere a nkurɔfo so no rekosie no na Yesu nyanee no, enti yebetumi aka sɛ saa da no ara na owui. Na Lasaro de, owui no, edii nnanan ansa na ɔrekonyan no afi ɔboda mu.
Yesu De Ne Tumi Yɛɛ Adepa
15, 16. Ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu nyɛ pɛsɛmenkominya, na ɔde ne tumi boaa nkurɔfo bere nyinaa?
15 Tumi a na Yesu wɔ no, sɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi bi na ekodii ne nsam a, anka ebia ɔde bɛteetee nkurɔfo. Nanso Yesu de, na bɔne biara nni ne ho. (1 Petro 2:22) Sɛ tumi bedi nnipa a bɔne wɔ wɔn ho nsɛm a, wɔtaa yɛ pɛsɛmenkominya, ahomaso, ne adifudepɛ, ɛno nti wɔde wɔn tumi sisi nkurɔfo. Nanso Yesu de, wanyɛ biribiara a ɛte saa da.
16 Ná Yesu nyɛ pɛsɛmenkominya. Ɔno de, ɔde ne tumi boaa nkurɔfo bere nyinaa, na wamfa anyɛ nea ɔno ara pɛ da. Bere bi sei, na ɔkɔm de no, nanso wamfa ne tumi annan abo paanoo anni. (Mateo 4:1-4) Ná onni ahode pii. Ɛno kyerɛ sɛ, wamfa ne tumi ampɛ sika. (Mateo 8:20) Adanse foforo wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nea obenya nti na ɔyɛɛ anwanwade. Sɛ ɔyɛ anwanwade a, na ɔhwere biribi. Bere a ɔsaa nkurɔfo yare no, tumi fii ne mu. Bere bi a ɔsaa onipa baako pɛ mpo yare no, ɔtee sɛ tumi afi ne mu. (Marko 5:25-34) Wei nyinaa akyi, ɔmaa nnipadɔm de wɔn nsa kaa no, na wɔn nyinaa nyaa ayaresa. (Luka 6:19) Biribiara kyerɛ sɛ, na Yesu dwen nnipa ho paa, na ɔde ne tumi boaa nkurɔfo bere nyinaa!
17. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ wamfa ne tumi anyɛ biribiara kɛkɛ?
17 Yesu amfa ne tumi anyɛ biribiara kɛkɛ. Ná ɔmpɛ yɛ-ma-yɛnhwɛ, na wanyɛ anwanwade amfa ampɛ anuonyam. (Mateo 4:5-7) Bere bi sei, na Herode pɛ sɛ Yesu yɛ sɛnkyerɛnne anaa anwanwade ma no hwɛ, nanso Yesu anyɛ. (Luka 23:8, 9) Yesu yɛ anwanwade a, na ɔmmɔ no dawuru. Sɛ ɔsa nkurɔfo yare a, na ɔtaa ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara. (Marko 5:43; 7:36) Ná Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo bɛte anwanwade a wayɛ ho asɛm, na ɛno nko ara nti wɔagye no adi sɛ ɔno ne Mesia no.—Mateo 12:15-19.
18-20. (a) Ɛdɛn na ɛmaa Yesu de ne tumi boaa nnipa? (b) Ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima bi a na n’aso asiw yare no, ɛka wo sɛn?
18 Ná Yesu nte sɛ atumfoɔ a wɔde wɔn tumi yɛ nea wɔpɛ no. Wɔn de, nea wɔn manfo hia ne wɔn manfo amanehunu mfa wɔn ho koraa. Nanso Yesu de, na odwen nnipa ho. Sɛ Yesu ani bɔ obi a ɔyare so kɛkɛ mpo a, na etumi yɛ no mmɔbɔ paa ma ɔsa no yare. (Mateo 14:14) Sɛnea nkurɔfo te nka ne nneɛma a wɔhia no, na Yesu dwen ho, enti na ɔde ne tumi boa wɔn ma wɔn koma tɔ wɔn yam. Wei ho nhwɛso a ɛka koma wɔ Marko 7:31-37.
19 Saa kyerɛwsɛm no ma yehu sɛ, nnipadɔm bi hwehwɛɛ Yesu, na wɔde ayarefo pii baa ne nkyɛn, na ɔsaa wɔn nyinaa yare. (Mateo 15:29, 30) Nanso, Yesu hui sɛ ɔbarima bi de, na ehia sɛ ɔde ɔno nko ara kɔhyɛ baabi sa no yare. Ná ɔbarima no aso asiw, na na ontumi nkasa yiye. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu hui sɛ ɔbarima no abɔ hu anaa ɔfɛre. Yesu dwenee ɔbarima no ho, enti oyii no fii nnipadɔm no mu kɔɔ nkyɛn baabi. Afei Yesu yɛɛ nsɛnkyerɛnne bi maa ɔbarima no huu nea ɔrebɛyɛ. Ɔde “ne nsateaa hyehyɛɛ ɔbarima no asom. Afei ɔtew ntasu, na ɔde ne nsa kaa ne tɛkrɛma.”c (Marko 7:33) Ɛno akyi no, Yesu hwɛɛ soro guu ahome kɛse. Nea Yesu yɛe no, na ɛbɛma ɔbarima no ate ase sɛ Onyankopɔn tumi na ɔde rebɛsa no yare. Afei Yesu kaa sɛ: “Bue.” (Marko 7:34) Ɔkaa saa no, ɔbarima no aso buei, na otumi kasae yiye.
20 Nkurɔfo a Yesu de Onyankopɔn tumi saa wɔn yare no, sɛ yɛhwɛ sɛnea na Yesu dwen wɔn ho a, ɛka yɛn koma paa! Wohwɛ sɛnea Yesu dɔ nnipa, na wokae sɛ ɔno na Yehowa ayi no sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene a, ɛnyɛ wo dɛ?
Anwanwade a Yesu Yɛe No, Ɛma Yehu Nea Ɔbɛyɛ Daakye
21, 22. (a) Anwanwade bɛn na Yesu bɛyɛ daakye? (b) Nneɛma a ɛde atoyerɛnkyɛm ba no, Yesu wɔ so tumi. Ɛno nti, ɛdɛn na yebetumi ahwɛ kwan wɔ Yesu Ahenni mu?
21 Anwanwade a Yesu yɛe wɔ asaase so no, ɛyɛ nhyira a obehwie agu yɛn so wɔ n’ahenni mu no ho mpopoe ketewaa bi. Sɛ yɛkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a, Yesu bɛsan ayɛ anwanwade bio. Nanso saa bere no de, anwanwade no bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa! Nneɛma a ɛyɛ anigye a ɛrebɛba no, wo de, ma yɛnhwɛ bi.
22 Nneɛma a nnipa asɛe no wɔ asaase so nyinaa, Yesu besiesie no kama. Kae sɛ, Yesu maa mframa kɛse bi yɛɛ dinn. Wei kyerɛ sɛ, nneɛma a ɛde atoyerɛnkyɛm ba no, ɔwɔ so tumi. Ɛno nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Kristo Ahenni mu no, mframa gyampanturudu, asaasewosow, ogya a ɛpae fi bepɔw mu anaa atoyerɛnkyɛm foforo biara renhaw nnipa bio. Esiane sɛ Yesu yɛ Odwumayɛni a Waben a ɔno na Yehowa ma ɔbɔɔ asaase ne ɛso nneɛma nyinaa nti, onim asaase ho biribiara. Onim sɛnea ɔde ɛso nneɛma bɛyɛ adwuma yiye. N’Ahenni mu no, asaase nyinaa bɛyɛ Paradise.—Luka 23:43.
23. Sɛ Yesu di asaase so hene a, ɛdɛn na ɔbɛyɛ ama obiara anya nea ohia?
23 Nneɛma a nnipa hia nso ɛ? Wohwɛ a, Yesu betumi ama yɛn nsa aka? Sɛnea Yesu tumi de aduan ketewaa bi maa nnipa mpempem pii ma wɔdi mee no ma yenya awerɛhyem sɛ n’Ahenni mu no, ɔkɔm renne obiara bio. Nokwarem no, aduan bebu so wɔ baabiara ama obiara anya bi adi amee ama ebi aka mpo. (Dwom 72:16) Yesu tumi saa yare biara. Ɛno ma yehu sɛ, anifuraefo, wɔn a wɔn aso asiw, wɔn a wɔadi dɛm, mpakye, ne ayarefo nyinaa, ɔbɛsa wɔn yare ama obiara ho atɔ no afebɔɔ. (Yesaia 33:24; 35:5, 6) Yesu tumi nyanee awufo nso. Enti seesei a wabɛyɛ ɔsoro Hene a ɔwɔ tumi no, yɛwɔ awerɛhyem sɛ obetumi anyan nnipa pepeankoma a n’Agya pɛ sɛ onyan wɔn no nyinaa.—Yohane 5:28, 29.
24. Sɛ yɛreka Yesu tumi ho asɛm a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae, na adɛn ntia?
24 Sɛ yɛreka Yesu tumi ho asɛm a, yɛnkae sɛ, sɛnea n’Agya te no, saa na ɔno nso te. (Yohane 14:9) Enti sɛnea Yesu de ne tumi yɛ adwuma no, ɛma yehu sɛnea Yehowa nso de ne tumi yɛ adwuma. Wo de, hwɛ sɛnea Yesu yɛɛ kwatani bi brɛbrɛ bere a na ɔresa no yare no. Kwatani no yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti Yesu de ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ kwatani no sɛ: “Mepɛ!” (Marko 1:40-42) Bible mu nsɛm a ɛte sɛ wei ma yehu sɛ Yehowa reka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Saa na mede me tumi yɛ adwuma!’ Wohwɛ sɛnea ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no de ne tumi yɛ adwuma ɔdɔ mu a, ɛnka wo koma sɛ yi no ayɛ na da no ase anaa?
a Mframa a ano yɛ den taa tu prɛko pɛ wɔ Galilea Po no so. Galilea Po no wɔ fam. (Ɛwɔ fam sen Mediterranea Po no bɛyɛ mita 200, anaa anammɔn 700.) Enti, ɛso mframa yɛ hyew sen mmepɔw a atwa ho ahyia no mu mframa. Ɛno nti, ɛnkyɛ na mframa a ano yɛ den retu wɔ hɔ. Mframa a ano yɛ den de mmirika bɔ fi Hermon Bepɔw a ɛwɔ atifi fam no so ba Yordan Bon no mu. Enti Galilea Po no, wobɛhwɛ na ɛso ayɛ dinn, nanso wobɔɔ w’ani ara na mframa a ano yɛ den rebɔ wɔ so.
b Afei nso, ɛtɔ mmere bi a Nsɛmpa no ka anwanwade baako ho asɛm, nanso wobɛhwɛ no, na ɛyɛ anwanwade bebree na Yesu yɛɛ no saa bere no. Ɛbere bi sei, ‘kurow bi mufo nyinaa’ baa ne nkyɛn, na ɔsaa ayarefo “pii” yare.—Marko 1:32-34.
c Saa bere no, na Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa gye tom sɛ wɔde ntasu sa yare, na na ɛho nsɛm wɔ rabifo nhoma mu. Enti ɛbɛyɛ sɛ Yesu tew ntasu no sɛnea ɛbɛma ɔbarima no ahu sɛ ɔrebɛsa no yare. Sɛnea ɛte biara no, ɛnyɛ Yesu ntasu no na na ɔde rebɛsa ɔbarima no yare.
-
-
‘Suasua Sɛnea Onyankopɔn’ De Tumi Yɛ Adwuma NoBɛn Yehowa
-
-
TI 10
‘Suasua Sɛnea Onyankopɔn’ De Tumi Yɛ Adwuma No
1. Sɛ onipa nya tumi na sɛ wanhwɛ yiye a, ɛdɛn na obetumi ayɛ?
YƐKA asɛm bi sɛ: “Baabi a tumi wɔ no, akyinnye nni hɔ.” Saa asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ onipa nya tumi na wanhwɛ yiye a, obetumi de ne tumi no asisi nkurɔfo. Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛnkyɛ koraa na yɛde yɛn tumi resisi afoforo. Yɛhwɛ abakɔsɛm nyinaa mu a, yehu sɛ, “onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Sɛ onipa di tumi na sɛ ɔdɔ biara nnim a, ɛma nkurɔfo hu amane paa.
2, 3. (a) Sɛnea Yehowa de ne tumi yɛ adwuma no yɛ soronko. Adɛn ntia? (b) Tumi a nnipa wɔ no, ebi ne dɛn, na tumi a yɛwɔ biara no, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛde adwuma?
2 Nanso Yehowa Nyankopɔn de, ɔnte saa koraa. Ɔwɔ tumi kyɛn obiara, nanso ɔmfaa ne tumi nsisii obiara da, na ɔrenyɛ bi nso da. Yɛahu wɔ nhoma yi ti ahorow a edi wei anim mu sɛ, tumi a Yehowa de bɔ ade, nea ɔde sɛe ade, nea ɔde bɔ ne nkurɔfo ho ban, ne nea ɔde yɛ nneɛma nyinaa foforo no, ɔdɔ a ɔdɔ yɛn nti na ɔde yɛ adwuma, na ɔde yɛ adepa bere nyinaa. Sɛ yedwinnwen ɔkwan a Onyankopɔn fa so de ne tumi yɛ adwuma no ho a, ɛka yɛn ma yɛtwe bɛn no. Ɛno ma ‘yesuasua Onyankopɔn’ wɔ sɛnea ɔde ne tumi yɛ adwuma no ho. (Efesofo 5:1) Nanso, nnipa a yɛnsɛ hwee yi, tumi bɛn na yɛwɔ?
3 Kae sɛ, wɔbɔɔ onipa wɔ “Onyankopɔn suban” so sɛnea ɔte. (Genesis 1:26, 27) Enti, yɛn nso yɛwɔ tumi kakra. Tumi a yɛwɔ no, ebi ne sɛ, yetumi yɛ adwumaden nya biribi; yetumi nya tumi kakra wɔ ebinom so; yetumi ma nkurɔfo sesa wɔn adwene ne wɔn nneyɛe wɔ nneɛma bi ho, ɛnkanka wɔn a wɔdɔ yɛn no. Tumi a yɛwɔ no, ebi nso ne yɛn ahoɔden ne ahonyade. Odwontofo no kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo na nkwa fi wo.” (Dwom 36:9) Enti tumi a yɛwɔ biara, Onyankopɔn na ɔde ama yɛn, anaa ɔno na wama kwan ama yɛanya. Ɛno nti, yɛpɛ sɛ yɛde tumi a yɛwɔ biara yɛ adwuma ma ɛsɔ n’ani. Yɛbɛyɛ no sɛn?
Ɔdɔ Na Ehia Paa
4, 5. (a) Yɛpɛ sɛ yɛde tumi yɛ adwuma yiye a, ɛdɛn na ehia paa? Sɛn na Onyankopɔn ayɛ ho nhwɛso? (b) Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛde yɛn tumi ayɛ adwuma?
4 Sɛ yebetumi de yɛn tumi ayɛ adwuma yiye a, ɔdɔ ne ade a ehia paa. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn de ne tumi yɛ adwuma no a, yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Wo de, kae Onyankopɔn suban atitiriw nnan a yɛkaa ho asɛm wɔ nhoma yi Ti 1 no. Suban atitiriw no ne tumi, atɛntrenee, nyansa, ne ɔdɔ. Saa suban nnan yi, nea ɛwɔ he na edi mu akoten paa? Ɛyɛ ɔdɔ. Bible ka wɔ 1 Yohane 4:8 sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” Ampa, yɛka ɔdɔ a, ɛno ara ne Yehowa; nea ɔyɛ biara, ɔdɔ ntia. Biribiara a ɔde ne tumi yɛ no, ɔyɛ no ɔdɔ mu, na ɛboa wɔn a wɔdɔ no no.
5 Yɛn nso, ɔdɔ na ɛbɛma yɛde yɛn tumi ayɛ adwuma yiye. Bible koraa ka kyerɛ yɛn sɛ ɔdɔ “yam ye” na “ɛnhwehwɛ nea ɔno nko ara hia.” (1 Korintofo 13:4, 5) Enti sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, wɔn a yɛwɔ wɔn so tumi kakra no, yɛrenhyɛ wɔn so, na yɛrenteetee wɔn. Mmom no, yebedi wɔn ni, na yɛadwen wɔn ho. Yɛde yɛn apɛde bɛto nkyɛn na yɛayɛ wɔn de ama wɔn.—Filipifo 2:3, 4.
6, 7. (a) Dɛn ne Onyankopɔn suro, na sɛn na saa suban yi boa yɛn ma yɛde yɛn tumi yɛ adwuma yiye? (b) Ma mfatoho a ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, yɛrenyɛ biribiara a n’ani nnye ho.
6 Ɔdɔ ma yenya suban foforo bi a ɛno nso boa yɛn ma yɛde yɛn tumi yɛ adwuma yiye. Saa suban no ne nyamesuro, anaa Onyankopɔn suro. Ɛboa yɛn sɛn? Mmebusɛm 16:6 ka sɛ: “Yehowa suro na ɛma obi dan fi bɔne ho.” Biribiara kyerɛ sɛ tumi a yɛde sisi nkurɔfo no, ɛka nneɛma bɔne a ɛsɛ sɛ yɛdan yɛn ho fi ho no ho. Sɛ yesuro Onyankopɔn paa a, yɛremfa yɛn tumi nteetee wɔn a wɔhyɛ yɛn ase. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, sɛnea yedi tumi wɔ nkurɔfo so no, yenim sɛ yebebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. (Nehemia 5:1-7, 15) Nanso, ɛnyɛ ɛno nko ara nti na ɛsɛ sɛ yesuro Nyankopɔn. Biribi foforo a ɛho hia paa nso wɔ hɔ. Wohwɛ kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no a, nsɛm a wɔkyerɛɛ ase “suro” no, ɛtaa kyerɛ obu ne nidi a emu dɔ a yɛwɔ ma Nyankopɔn. Enti Bible ma yehu sɛ, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, ɛno na ɛbɛma yɛasuro no. (Deuteronomium 10:12, 13) Sɛ yebu Onyankopɔn paa a, yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛrenyɛ biribiara a n’ani nnye ho. Ɛnyɛ sɛ yesuro sɛ ɔbɛtwe yɛn aso nti na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛhaw no, na mmom ɔdɔ a yɛdɔ no ntia.
7 Mfatoho bi ni: Wo de, hwɛ papa bi a ɔne ne ba abarimaa ntam yɛ kama. Akwadaa no ara tumi hu sɛ ne papa pɛ n’asɛm paa, na onsi no fam koraa. Akwadaa no nim nso sɛ ne papa pɛ sɛ ɔyɛ akwadaa pa, na sɛ ɔyɛ asoɔden a, ɔbɛtea no. Ne nyinaa akyi no, akwadaa no hu ne papa a, onguan te sɛ nea wahu kakae. Mmom, ɔdɔ ne papa paa. Nea akwadaa no pɛ paa ne sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma ne papa ani agye. Saa ara na sɛ yesuro Onyankopɔn a yɛbɛyɛ. Esiane sɛ yɛdɔ yɛn soro Agya Yehowa nti, yɛhwɛ yiye paa sɛ yɛrenyɛ biribi a ɛbɛma wadi awerɛhow wɔ ne koma mu. (Genesis 6:6) Mmom, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛbɛma ne koma atɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Ɛno nti na yɛpɛ sɛ yɛde yɛn tumi yɛ adwuma yiye no. Ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ayɛ saa.
Abusua Mu
8. (a) Tumi bɛn na okununom wɔ wɔ abusua mu, na sɛn na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma? (b) Ɛdɛn na okunu bɛyɛ de akyerɛ sɛ odi ne yere ni?
8 Ma yenni kan nhwɛ abusua mu. Efesofo 5:23 ka sɛ: “Ɔyere ti ne ne kunu.” Tumi a Onyankopɔn de ama ɔbarima no, sɛn na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ adwuma? Bible ka kyerɛ okununom sɛ wɔne wɔn yerenom ntena ‘wɔ nimdeɛ mu, na wonni mmea no ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw.’ (1 Petro 3:7) Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘nidi’ no, ɛkyerɛ “edi mu, . . . obu.” Edu baabi nso a wotumi kyerɛ ase ‘akyɛde’ ne ‘ɛsom bo.’ (Asomafo Nnwuma 28:10; 1 Petro 2:7) Sɛ ɔbarima di ne yere ni a, ɔrenhwe no da. Afei nso, ɔrengu n’anim ase, na ɔremmu no animtiaa mma ɔnte nka sɛ ɔyɛ nipahunu. Mmom, ohu sɛ ne yere som bo, na odi no ni. Sɛ ɔne ne yere nko ara na ɛwɔ hɔ oo, sɛ wɔwɔ nnipa mu oo, ɔde ne kasa ne ne nneyɛe kyerɛ sɛ ne yere som bo ma no. (Mmebusɛm 31:28) Sɛ ɔbarima yɛ ne yere saa a, ɛma ne yere dɔ no na obu no. Na nea ɛkyɛn saa koraa no, ɛma Onyankopɔn gye no tom.
Okunu ne ɔyere, sɛ obiara dɔ ne yɔnko na obiara di ne yɔnko ni a, ɛkyerɛ sɛ wɔde wɔn tumi reyɛ adwuma yiye
9. (a) Tumi bɛn na ɔyerenom wɔ wɔ abusua mu? (b) Dɛn na ebetumi aboa ɔyere bi ma ɔde ne dom akyɛde aboa ne kunu, na dɛn na ebefi mu aba?
9 Ɔyerenom nso wɔ tumi bi wɔ abusua mu. Wohwɛ Bible mu a, wubehu mmea a na wɔsuro Onyankopɔn na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn kununom ase. Nanso na wɔdi kan tu anammɔn yɛ nneɛma bi de boa wɔn kununom ma wɔyɛ adepa anaasɛ na wɔboa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensi gyinae bɔne biara. (Genesis 21:9-12; 27:46–28:2) Ebetumi aba sɛ ɔyere bi nim ade sen ne kunu, anaasɛ ebetumi aba sɛ onim nneɛma bi yɛ sen ne kunu. Nanso, ɛsɛ sɛ onya “obu kɛse” ma ne kunu, na ‘ɔbrɛ ne ho ase’ ma no ‘te sɛ nea ɔreyɛ ama Awurade.’ (Efesofo 5:22, 33) Sɛ ɔyere de si n’ani so sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛremma ɔmfa ne nimdeɛ mmu ne kunu animtiaa anaa ɔremfa nhyɛ ne so. Mmom ɔde ne nimdeɛ ne ne dom akyɛde bɛtaa ne kunu akyi. “Ɔbea nyansafo” a ɔte saa ne ne kunu bɛyɛ baako na wɔahyɛ wɔn abusua no den. Ɔyɛ saa a, ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam akɔ so ayɛ kama.—Mmebusɛm 14:1.
10. (a) Tumi bɛn na Onyankopɔn de ama awofo? (b) Asɛmfua “nteɛso” kyerɛ sɛn, na sɛn na ɛsɛ sɛ awofo tene wɔn mma so? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
10 Awofo nso, Onyankopɔn ama wɔn tumi. Bible ka sɛ: “Agyanom nso, monnhyɛ mo mma abufuw, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne ne kasakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Wokɔ Bible mu a, asɛmfua “nteɛso” betumi akyerɛ “ntetee ne nkyerɛkyerɛ.” Ntenesoɔ boa nkwadaa. Sɛ yɛma wɔn akwankyerɛ ma wɔhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea enni sɛ wɔyɛ a, ɛboa wɔn nkakrankakra ma wɔnyin kama bɛyɛ mpanyin pa. Bible ka sɛ ntenesoɔ ne akwankyerɛ a yɛde ma nkwadaa no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ɔdɔ mu. (Mmebusɛm 13:24) Wei nti, “nteɛso abaa” no, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma atirimɔden so da. Ɛnsɛ sɛ yɛde teetee nkwadaa anaa yɛde hwe wɔn pirapira wɔn.a (Mmebusɛm 22:15; 29:15) Sɛ awofo twe wɔn mma aso yayaayaw a ɔdɔ biara nnim a, ɛkyerɛ sɛ wɔredi tumi bɔne. Ɛba saa a, nkwadaa no werɛ bɛhow paa. (Kolosefo 3:21) Nanso, sɛ awofo tene wɔn mma so sɛnea ɛsɛ na ɛfata a, nkwadaa no behu sɛ wɔn awofo dɔ wɔn, na wɔpɛ sɛ esi wɔn yiye daakye.
11. Ɛdɛn na nkwadaa yɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔde wɔn tumi anaa wɔn ahoɔden reyɛ adwuma yiye?
11 Nkwadaa nso ɛ? Tumi anaa ahoɔden a wɔwɔ no, wɔbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma yiye? Mmebusɛm 20:29 ka sɛ: “Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.” Nokwarem no, ade a mfaso wɔ so paa a mmerante ne mmabaawa betumi de wɔn ahoɔden ayɛ ne sɛ wɔde bɛsom yɛn “Bɔfo Kɛse” no. (Ɔsɛnkafo 12:1) Ɛsɛ sɛ nkwadaa kae sɛ wɔn nneyɛe betumi ama wɔn awofo ani agye na ebetumi nso ama wɔadi awerɛhow. (Mmebusɛm 23:24, 25) Sɛ nkwadaa tie wɔn awofo a wɔsuro Onyankopɔn no, na wɔyɛ adepa a, ɛma wɔn awofo koma tɔ wɔn yam. (Efesofo 6:1) Suban a ɛte saa ‘sɔ Awurade ani.’—Kolosefo 3:20.
Asafo Mu
12, 13. (a) Tumi a mpanyimfo no wɔ wɔ asafo no mu no, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma? (b) Nea enti a ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nguan no brɛbrɛ no, fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.
12 Yehowa ama yɛn ahwɛfo a wɔdi yɛn anim wɔ Kristofo asafo no mu. (Hebrifo 13:17) Saa mmarima a wɔfata sɛ wɔdi asafo no anim no, ɛsɛ sɛ wɔde tumi a Onyankopɔn de ama wɔn no yɛ adwuma de boa wɔn nuanom Kristofo a wɔhia mmoa, na wɔboa wɔn nso ma wɔne Yehowa ntam yɛ kama. Esiane sɛ mpanyimfo no yɛ ahwɛfo nti, wɔbetumi de wɔn tumi ahyɛ wɔn nuanom Kristofo so anaa? Daabida! Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase, na wɔhu nea Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ wɔ asafo no mu ne nea enni sɛ wɔyɛ. (1 Petro 5:2, 3) Bible ka kyerɛ ahwɛfo anaa mpanyimfo no sɛ: “Monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara ne Ba mogya tɔe no so yiye.” (Asomafo Nnwuma 20:28) Saa asɛm no mu yɛ du paa, ɛno nti ɛsɛ sɛ mpanyimfo no dɔ obiara a ɔwɔ asafo no mu na wɔyɛ no brɛbrɛ.
13 Yebetumi de wei ayɛ mfatoho. Fa no sɛ, wo yɔnko berɛbo bi de n’ade a ɛda ne koma so paa ama wo sɛ hwɛ so ma no. Wunim sɛ ade a w’adamfo no de ama wo no, ɔtɔɔ no aboɔden paa. Ɛno nti, wobɛhwɛ so yiye paa na ansɛe, ɛnte saa? Mpanyimfo no nso, Onyankopɔn de biribi a ɛsom bo ma no paa ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ so. Ɛyɛ dɛn ade? Ɛyɛ anuanom a wɔwɔ asafo no mu no. Bible de wɔn toto nguan ho. (Yohane 21:16, 17) Yehowa nguan da ne koma so paa, na onsi wɔn fam. Nokwasɛm ne sɛ, ɔde ne Ba Yesu Kristo a ɔwoo no koro no mogya a ɛsom bo no na ɛtɔɔ wɔn. Ade a Yehowa de tɔɔ ne nguan no, ne bo yɛ den kyɛn biribiara. Mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase, na bere nyinaa wɔkae sɛ Yehowa tɔɔ nguan no aboɔden paa. Ɛno nti wɔn ani ku nguan no ho yiye.
‘Tɛkrɛma Wɔ Tumi’
14. Tumi bɛn na tɛkrɛma wɔ?
14 Bible ka sɛ: “Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam [anaa “tɛkrɛma tumi mu,” ase hɔ asɛm].” (Mmebusɛm 18:21) Nea ɛwom ne sɛ, tɛkrɛma anaa yɛn anom asɛm betumi asɛe ade pii. Yɛn nyinaa, sɛ obi ka asɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ yɛn a, ɛtɔ da a, etumi haw yɛn paa. Ɛnte saa? Tɛkrɛma wɔ tumi a ɛde yɛ ade yiye nso. Mmebusɛm 12:18 ka sɛ: “Anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.” Ampa, sɛ obi ka asɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ yɛn a, ɛte sɛ aduru a edwudwo koma, na ɛma yɛn ho tɔ yɛn fɔmm. Yɛnhwɛ wei ho nhwɛso.
15, 16. Sɛn na yebetumi de yɛn tɛkrɛma ahyɛ afoforo nkuran?
15 Bible ka wɔ 1 Tesalonikafo 5:14 sɛ: “Wɔn a wɔabotow no, monkyekye wɔn werɛ.” Yehowa asomfo a wɔdi nokware mpo, ɛtɔ da a wɔtumi nya adwenemhaw. Ɛdɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn? Yi wo yam kamfo wɔn wɔ ade pɔtee bi a woahu wɔ wɔn ho. Woyɛ saa a, ɛbɛma wɔahu sɛ sɛɛ wɔsom bo ma Yehowa. Ka Bible mu asɛm a ebetumi akyekye wɔn werɛ kyerɛ wɔn, asɛm a ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn a wɔn “koma abubu” na wɔn “abam abu” no, Yehowa dwen wɔn ho paa, na ɔdɔ wɔn. (Dwom 34:18) Sɛ yɛde yɛn tɛkrɛma anaa yɛn anom asɛm kyekye nkurɔfo werɛ a, na yɛresuasua yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu a “ɔkyekye wɔn a wɔabotow werɛ no.”—2 Korintofo 7:6, New American Standard Bible.
16 Ade foforo bi nso wɔ hɔ a yebetumi de tumi a yɛn tɛkrɛma wɔ no ayɛ. Ɛne sɛ, nkurɔfo a wɔn abam abu paa no, yebetumi de ahyɛ wɔn den. Wunim onua bi a ne ho nipa awu anaa? Sɛ yɛka kyerɛ no sɛ, ɛyɛ yɛn yaw paa sɛ asɛm a ɛte saa ato no a, ebetumi akyekye ne werɛ. Wunim onua anaa onuawa bi a ne mfe akɔ anim a n’adwene yɛ no sɛ ne so nni mfaso wɔ asafo no mu anaa? Sɛ yɛkasa ma ɛtɔ ne koma so a, ɛbɛma wahu sɛ ne ho hia, na ɔsom bo. Wunim obi a yareɛ koankorɔ reteetee no anaa? Wubetumi afrɛ no tɛlefon so, wubetumi akyerɛw no krataa, anaa wubetumi akɔsra no na woaka awerɛkyekyesɛm akyerɛ no. Sɛ woyɛ saa a, ebetumi ahyɛ no den. Sɛ yɛde yɛn tɛkrɛma ka asɛm ma “ɛhyɛ nkurɔfo den” a, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛma Ɔbɔadeɛ no ani agye!—Efesofo 4:29.
17. Ade a ehia paa bɛn na yebetumi de yɛn tɛkrɛma ayɛ ama nkurɔfo anya so mfaso? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa adwuma no?
17 Tumi a tɛkrɛma wɔ no, ade baako a ehia paa a yebetumi de ayɛ ne sɛ yɛde bɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo. Mmebusɛm 3:27 ka sɛ: “Wɔn a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔn papa no, mfa nkame wɔn, bere a wowɔ tumi a wode bɛboa no.” Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛka asɛmpa a egye nkwa no kyerɛ nkurɔfo. Asɛmpa a egye nkwa a Yehowa de adom yɛn no, ɛnsɛ sɛ yɛde kame nkurɔfo. (1 Korintofo 9:16, 22) Nanso, asɛm no ne sɛ, sɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no?
Ade a ehia paa a yebetumi de yɛn tumi anaa yɛn ahoɔden ayɛ ne sɛ yɛde bɛka asɛmpa no
Fa ‘W’ahoɔden Nyinaa’ Som Yehowa
18. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?
18 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no pia yɛn ma yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no kɛse. Sɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no? Sɛnea ɔpɛ sɛ yɛyɛ no no, obiara betumi ayɛ no saa. Sɛ yɛte sɛn oo, yɛte sɛn oo, yebetumi ayɛ. Bible se: “Sɛ moreyɛ biribiara a, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛnea moreyɛ ama Yehowa na ɛnyɛ nnipa.” (Kolosefo 3:23) Yesu kaa sɛ mmara a ɛyɛ kɛse paa no, ɛno ne: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Marko 12:30) Ampa, Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara dɔ no na yefi yɛn kra nyinaa mu som no.
19, 20. (a) Sɛ yɛka ɔkra a, yɛn koma, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa ka ho. Ɛnde adɛn nti na Yesu bobɔɔ ebiara din mmaako mmaako wɔ Marko 12:30? (b) Sɛ yɛka sɛ yemfi yɛn kra nyinaa mu nsom Yehowa a, ɛkyerɛ sɛn?
19 Sɛ yɛka sɛ yemfi yɛn kra nyinaa mu nsom Nyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛn? Sɛ yɛka ɔkra a, egyina hɔ ma onipa mũ no nyinaa, kyerɛ sɛ, yɛn koma, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa ka ho. Sɛ yɛn koma, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden ka ɔkra no ho a, ɛnde adɛn nti na Yesu bobɔɔ ebiara din mmaako mmaako wɔ Marko 12:30? Wo de, yɛnyɛ mfatoho yi. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na onipa bi tumi tɔn ne ho (ne kra) kɔyɛ akoa ma obi. Nanso, ebetumi aba sɛ akoa no remfi ne koma nyinaa mu nsom ne wura no; ebia ɔremfa ne koma nyinaa, n’adwene nyinaa, ne n’ahoɔden nyinaa nsom no. (Kolosefo 3:22) Ɛno nti na bere a Yesu kaa “ɔkra” ho asɛm no, ɔsan kaa koma, adwene, ne ahoɔden ho asɛm mmaako mmaako no. Ɔyɛɛ saa de sii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa, kyerɛ sɛ, yɛn biribiara som Onyankopɔn. Yɛn kra nyinaa a yɛde bɛsom Onyankopɔn no kyerɛ sɛ, yebeku yɛn ho de yɛn ahoɔden nyinaa asom no sɛnea yebetumi.
20 Sɛ yɛka sɛ yemfi yɛn kra nyinaa mu nsom Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ahoɔden ne yɛn bere a yɛde yɛ asɛnka adwuma no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa deɛ yɛ pɛpɛɛpɛ anaa? Ɛrentumi mma saa da. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛn ahoɔden ne yɛn asetena mu nsɛm nyɛ pɛ. Wo de hwɛ oo, sɛ obi yɛ aberante anaa ababaawa a, ɔwɔ apɔwmuden, na ɔyɛ adwuma a ɔmmrɛ ntɛm. Ɛno nti, obetumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no asen obi a n’ani afi a n’ahoɔden so atew. Obi a ɔnwaree a onni abusuafo a ɔhwɛ wɔn no, obetumi anya bere pii de ayɛ asɛnka adwuma no asen obi a waware a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ n’abusua. Sɛ yɛwɔ ahoɔden na yɛn asetena mu nsɛm ma yenya kwan yɛ asɛnka adwuma no pii a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye! Nanso ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia afoforo da, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo na yɛka sɛ nea wɔyɛ wɔ asɛnka adwuma mu no sua. (Romafo 14:10-12) Mmom, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de hyɛ afoforo nkuran.
21. Ɛdɛn na ehia paa sɛ yɛde yɛn tumi anaa yɛn ahoɔden yɛ?
21 Yehowa de ne tumi yɛ adwuma yiye; ɔde ayɛ nhwɛso a edi mu ama yɛn. Bɔne wɔ yɛn ho de, nanso yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa suasua Yehowa. Nnipa a yɛwɔ wɔn so tumi kakra no, sɛ yeyi yɛn yam boa wɔn na yedi wɔn ni a, ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn tumi reyɛ adwuma yiye. Afei nso, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn kra nyinaa yɛ asɛnka adwuma a egye nkwa no, efisɛ ɛno ne adwuma a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ. (Romafo 10:13, 14) Kae sɛ, nea ɛsɔ Yehowa ani ne sɛ yɛde yɛn kra nyinaa bɛyɛ nea yebetumi. Wohwɛ nea yɛaka yi nyinaa a, ɛnka wo koma sɛ yɛ nea wubetumi biara som yɛn Nyankopɔn a ɔte nnipa ase na ɔdɔ yɛn no anaa? Wei ne ade a ehia paa a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn tumi anaa yɛn ahoɔden yɛ.
-