-
‘Ɛyɛɛ No Mmɔbɔ’“Bra Bedi M’akyi”
-
-
TI 15
‘Ɛyɛɛ No Mmɔbɔ’
“Awurade, ma yɛn ani mmue
1-3. (a) Bere a anifuraefo mmienu bi srɛɛ Yesu hɔ mmoa no, dɛn na Yesu yɛe? (b) Dɛn na asɛm “wɔyɛɛ no mmɔbɔ” no kyerɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
NÁ ANIFURAEFO mmienu bi te kwan ho wɔ Yeriko kurotia. Da biara, na wɔhwɛ ɛhɔ baabi a nnipa pii nam, na wɔakogyina hɔ asrɛsrɛ sika. Nanso saa da yi de, na biribi rebesi, na na ɛbɛsesa wɔn asetena koraa.
2 Anifuraefo yi wɔ hɔ ara, prɛko pɛ na wɔtee dede bi. Esiane sɛ na wɔnhu nea ɛrekɔ so nti, wɔn mu baako bisae ma wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yesu, Nasaretni no na ɔretwam!” Ná Yesu retwam akɔ Yerusalem, na na wei ne bere a etwa to a ɔrekɔ hɔ. Ná ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔnam; na nnipadɔm di n’akyi. Bere a anifuraefo no tee sɛ Yesu retwam no, wɔteɛteɛɛm denneennen sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!” Nnipadɔm no bo fuw wɔn, na wɔteɛteɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ dinn, nanso wɔannyae, wɔkɔɔ so ara teɛteɛɛm kɛse sɛ Yesu mmoa wɔn.
3 Yesu tee wɔn nne wɔ nnipadɔm no mu. Dɛn na na ɔbɛyɛ? Ná nneɛma pii wɔ n’adwene mu saa bere no. Ná aka bɛyɛ nnawɔtwe ma Yesu awu. Ná onim sɛ obehu amane na wɔakum no yayaayaw wɔ Yerusalem. Nanso ne nyinaa akyi no, wammu n’ani angu anifuraefo no so. Ogyinae, na ɔkaa sɛ wɔmfa wɔn a wɔreteɛteɛm no mmrɛ no. Anifuraefo no srɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn ani mmue.” “Ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ” ma ɔde ne nsa kaa wɔn ani, na wɔhuu ade.a Ntɛm ara na wɔdii n’akyi.—Luka 18:35-43; Mateo 20:29-34.
4. Ɔkwan bɛn so na Yesu maa nkɔmhyɛ a ɛfa ne ho a ɛka sɛ, “ɔbrɛfo . . . asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ” no baa mu?
4 Ɛnyɛ saa bere yi nko ara na Yesu daa ayamhyehye adi. Ɔdaa ayamhyehye adi mpɛn pii, na ɔyɛɛ saa wɔ tebea ahorow mu. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ “ɔbrɛfo . . . asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ.” (Dwom 72:13) Nea ɛne saa asɛm no hyia no, Yesu nyaa tema maa afoforo. Ofii ne pɛ mu boaa nkurɔfo. Ayamhyehye a na ɔwɔ ma nnipa no na ɛkaa no ma ɔyɛɛ asɛnka adwuma no. Ma yɛnhwɛ sɛnea Nsɛmpa no ma yehu nea ɛkaa Yesu ma ɔdaa ayamhyehye adi wɔ ne kasa ne ne nneyɛe mu, ne sɛnea yɛn nso yebetumi ada ayamhyehye a ɛte saa adi.
Ná Nkurɔfo Asɛm Yɛ N’asɛm
5, 6. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ tema paa?
5 Ná Yesu wɔ tema paa. Ná ɔte wɔn a na wɔrehu amane no ase, na ɔmaa wɔn asɛm yɛɛ n’asɛm. Ɛwom sɛ nea wɔn a na worehu amane no refa mu no, Yesu amfa ne nyinaa mu bi de, nanso ɔtee nka maa wɔn. (Hebrifo 4:15) Bere a Yesu resa ɔbea bi a na mogya atu no mfe 12 yare no, ɔkaa sɛ, ɔbea no yare no yɛ “yare a emu yɛ den,” enti asɛm a Yesu kae no ma yehu sɛ, ogye toom sɛ yare no ama ɔbea no ahu amane pii. (Marko 5:25-34) Bere a Yesu huu Maria ne wɔn a na wɔne no resu wɔ Lasaro wu no ho no, awerɛhow a na wɔredi no maa Yesu ho yeraw no. Ɛwom sɛ na Yesu rebenyan Lasaro de, nanso awerɛhow maa n’ani taataa nusu.—Yohane 11:33, 35.
6 Bere foforo nso, ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛsrɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi asa me yare.” Dɛn na Yesu, onipa a ɔyɛ pɛ a na ɔnyaree da no yɛe? Ɔkwatani no asɛm no kaa Yesu koma. Nokwarem no, “ɔyɛɛ no mmɔbɔ.” (Marko 1:40-42) Afei, Yesu yɛɛ biribi a na ɛyɛ nwanwa paa. Ná Mmara no kyerɛ sɛ akwatafo ho ntew, na wɔnni hokwan sɛ wɔkɔ nnipa mu. Ná Yesu nim wei paa. (Leviticus 13:45, 46) Yesu pɛ a, anka obetumi asa ɔbarima no yare a ɔremfa ne nsa nka no. (Mateo 8:5-13) Nanso, ɔteɛɛ ne nsa kaa ɔkwatani no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.” Amonom hɔ ara kwata no tu yerae. Ná nkurɔfo asɛm yɛ Yesu asɛm ampa!
Da “tema” adi
7. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya tema ama nkurɔfo, na ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ada saa suban yi adi?
7 Yɛyɛ Kristofo, enti ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu na yenya tema ma afoforo. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya “tema.”b (1 Petro 3:8) Nea wɔn a wɔwɔ adwenemyare, anaa wɔwɔ yare koankɔ refam no, sɛ ebi ntoo yɛn a, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu sɛnea wɔte nka ankasa. Nanso kae sɛ, ɛho nhia sɛ yɛfa tebea a obi refa mu no bi mu ansa na yɛahu no mmɔbɔ. Ɛwom sɛ Yesu ankasa anyare da de, nanso onyaa tema maa nnipa a na wɔyare no. Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn anya tema a ɛte saa ama afoforo? Sɛ wɔn a wɔrehu amane no reka wɔn haw akyerɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie wɔn yiye. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ me na biribi a ɛte saa ato me a, anka mɛte nka sɛn?’ (1 Korintofo 12:26) Sɛ yɛma nkurɔfo asɛm yɛ yɛn asɛm, na yenya tema ma wɔn a, ɛbɛma yɛatumi ‘akyekye wɔn a wɔabotow no werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛtɔ mmere bi a, ɛnyɛ yɛn anom nsɛm nko ara na yɛde kyerɛ sɛ yɛwɔ tema, na mmom yebetumi asu nso de akyerɛ saa. Romafo 12:15 ka sɛ: “Mo ne wɔn a wosu nsu.”
8, 9. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ sɛnea afoforo te nka no, na ehia no?
8 Ná sɛnea afoforo te nka hia Yesu paa. Enti sɛnea ɔne nkurɔfo dii no kyerɛ sɛ na odwen wɔn ho. Kae bere a wɔde ɔbarima bi a n’aso asiw na ontumi nkasa yiye brɛɛ no no. Ɛda adi sɛ bere a Yesu hui sɛ ɔbarima no ho yeraw no no, ɔyɛɛ biribi a na ɔntaa nyɛ bere a ɔresa nkurɔfo yare no: “Ɔde [ɔbarima] no fii nnipadɔm no mu,” na ɔde no kɔɔ nkyɛn baabi a nnipadɔm no renhu no kɔsaa no yare.—Marko 7:31-35.
9 Bere foforo nso a wɔde ɔbarima bi a n’ani afura brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yare no, Yesu daa tema a ɛte saa ara adi kyerɛɛ no. Yesu ‘soo onifuraefo no nsa de no kɔɔ kurow no akyi,’ na ɔsaa no yare nkakrankakra. Ɛbɛyɛ sɛ wei boaa ɔbarima no ma n’ani no buee nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a owia hann no remma n’ani so nwowɔw no. (Marko 8:22-26) Hwɛ sɛnea Yesu dwen nnipa ho!
10. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwen sɛnea afoforo te nka ho?
10 Yesu akyidifo a yɛyɛ no hwehwɛ sɛ yedwen sɛnea afoforo te nka ho. Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye, na yɛkae nso sɛ, sɛ yɛamfa yɛn tɛkrɛma anni dwuma yiye a, ebetumi apira afoforo. (Mmebusɛm 12:18; 18:21) Yɛyɛ Kristofo a yedwen sɛnea afoforo te nka ho, enti ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ yɛn nuanom, yebu wɔn animtiaa, anaa yɛbɔ wɔn akutia. (Efesofo 4:31) Mpanyimfo, mobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ mudwen sɛnea afoforo te nka ho? Sɛ moretu obi fo a, monka nsɛm a ɛbɛma ne koma atɔ ne yam, na anhyɛ no aniwu. (Galatifo 6:1) Awofo, dɛn na mubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ, sɛnea mo mma te nka no hia mo? Sɛ moreteɛ mo mma so a, monyɛ no ɔkwan bi so a ɛremma wɔnte nka sɛ moregu wɔn anim ase.—Kolosefo 3:21.
Ofii Ne Pɛ Mu Boaa Nkurɔfo
11, 12. Bible mu nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔanhyɛ Yesu ansa na ɔrehu nkurɔfo mmɔbɔ?
11 Ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo bisaa Yesu hɔ mmoa ansa na ɔrehu wɔn mmɔbɔ. Nokwarem no, ayamhyehye nyɛ suban bi a yɛda no adi kɛkɛ, na mmom ɛyɛ suban a ɛkanyan yɛn ma yɛboa afoforo. Ɛnde, ɛnyɛ nwanwa sɛ ayamhyehye a Yesu wɔ no kanyan no ma ofii ne pɛ mu boaa afoforo. Sɛ nhwɛso no, bere a nnipadɔm bi tenaa Yesu nkyɛn nnansa a na wɔnni aduan biara a wɔbedi no, ɛnyɛ obi na ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔkɔm de nkurɔfo no anaa ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ ho biribi. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Yesu frɛɛ n’asuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: ‘Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatena me nkyɛn nnansa ni, na wonni hwee a wobedi. Mempɛ sɛ mɛma wɔde kɔm akɔ. Anhwɛ a na wɔakotwitwa ahwe wɔ kwan so.’” Afei, Yesu ankasa fi ne pɛ mu maa nnipadɔm no aduan dii anwanwakwan so.—Mateo 15:32-38.
12 Susuw nhwɛso foforo nso ho. Afe 31 Y.B. mu, bere a aka kakra ama Yesu adu Nain kurow no mu no, ohuu awerɛhosɛm bi. Ná nnipa bi a wɔreyɛ ayi ato santen refi kurow no mu, na ɛbɛyɛ sɛ na wɔde wɔn ani akyerɛ amusiei bi a ɛbɛn kurow no rekosie ‘okunafo bi babarima a odi no bakoro pɛ.’ Susuw yaw a ɛbɛyɛ sɛ na maame no redi no ho hwɛ! Ná ɔrekosie ne babarima a odi no bakoro, na na onni kunu a ɔbɛkyekye ne werɛ. Nnipa a na wɔato santen no nyinaa mu no, okunafo a ne ba awu no na Yesu ‘huu no.’ Yesu tee nka maa no, na Bible ka mpo sɛ, “ɔyɛɛ no mmɔbɔ.” Ɛnyɛ obi na ɔhyɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ tebea no ho biribi. Ayamhyehye a na ɔwɔ no na ɛkaa no ma ɔyɛɛ ho biribi. Enti, ‘ɔbɛn wɔn, na ɔde ne nsa kaa ade a funu no da so no,’ na onyan aberante no. Ɛno akyi no, dɛn na esii? Yesu anka ankyerɛ aberante no sɛ ɔmmɛka nnipadɔm no ho mma wɔne no nkɔ. Mmom no, ‘ɔde no maa ne maame,’ na ɔkaa wɔn boom bio sɛnea ɛbɛyɛ a okunafo no benya ɔboafo.—Luka 7:11-15.
Fi wo pɛ mu yɛ nneɛma boa afoforo
13. Nneɛma bɛn na yebetumi afi yɛn pɛ mu ayɛ aboa wɔn a wɔhia mmoa de asuasua Yesu?
13 Yɛbɛyɛ dɛn adi Yesu nhwɛso no akyi? Nokwarem no, yɛrentumi mfa anwanwakwan so mma nkurɔfo aduan na yɛrentumi nyan awufo nso. Nanso, yebetumi afi yɛn pɛ mu ayɛ nneɛma aboa afoforo de asuasua Yesu. Ebia na yɛn nua Kristoni bi sikasɛm ayɛ basaa anaasɛ n’adwuma afi ne nsa. (1 Yohane 3:17) Ebia na okunafo bi fie asɛe a ehia sɛ wɔsiesie ma no ntɛm. (Yakobo 1:27) Ebetumi nso aba sɛ yenim abusua bi a wɔn dɔfo awu a wɔhia awerɛkyekye anaa mmoa. (1 Tesalonikafo 5:11) Sɛ yehu sɛ obi hia mmoa ampa a, ɛho nhia sɛ yɛtwɛn ma obebisa yɛn ansa na yɛaboa no. (Mmebusɛm 3:27) Sɛ yɛwɔ ayamhyehye a, ɛbɛka yɛn ama yɛafi yɛn pɛ mu aboa afoforo sɛnea yɛn tebea bɛma kwan. Ɛnsɛ sɛ woma wo werɛ fi da sɛ, ayamye kakra a wobɛda no adi, anaa nsɛm kakra a wubefi wo koma mu aka de akyekye obi werɛ no betumi akyerɛ sɛ wowɔ ayamhyehye paa.—Kolosefo 3:12.
Ayamhyehye Na Ɛkaa Yesu Ma Ɔkaa Asɛm No
14. Adɛn nti na Yesu de asɛmpaka adwuma no dii kan wɔ n’asetena mu?
14 Sɛnea yehui wɔ Ɔfã 2 wɔ nhoma yi mu no, Yesu yɛɛ nhwɛso soronko wɔ sɛnea ɔyɛɛ asɛmpaka adwuma no ho. Ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:43) Adɛn nti na ɔde adwuma yi dii kan wɔ n’asetena mu? Ade a ɛkaa no ma ɔyɛɛ saa paa ne ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn. Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛkanyan Yesu. Ɛne sɛ, ayamhyehye a na ɔwɔ nti, ɔboaa afoforo maa gyidi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no yɛɛ den. Akwan a Yesu faa so daa ayamhyehye adi nyinaa mu no, nea na ehia paa ne sɛnea ɔboaa nkurɔfo ma wɔbehuu Onyankopɔn no. Ma yensusuw nsɛm mmienu bi a esisii ho, ɛbɛma yɛahu sɛnea na Yesu bu nnipa a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no. Ɛbɛboa ama yɛasusuw nea ɛka yɛn ma yɛn nso yɛka asɛm no kyerɛ afoforo no ho.
15, 16. Nsɛm mmienu bɛn na esisii a ɛma yehu sɛnea na Yesu bu nnipa a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no?
15 Afe 31 Y.B. mu, bere a na Yesu de bɛyɛ mfe mmienu ayɛ asɛmpaka adwuma no denneennen akyi no, ɔtrɛw n’adwuma no mu “kokyinkyin nkurow ne nkuraa nyinaa mu” wɔ Galilea. Nea ohui wɔ hɔ no kaa ne koma. Ɔsomafo Mateo kaa sɛ: “Bere a ohuu nnipadɔm no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:35, 36) Ná Yesu dwen ahiafo ho. Ná onim sɛ wɔhia Onyankopɔn, nanso na wɔnnim no mpo na wɔatumi abɛn no. Ná onim nso sɛ nyamesom akannifo a anka ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn so no mmom teetee wɔn, na na wɔato wɔn asaworam koraa. Ayamhyehye kaa Yesu ma ɔbɔɔ mmɔden kaa anidaso asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. Nea na wɔhia paa ne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no.
16 Abosome kakraa bi akyi, bere a na aka kakraa bi ama wɔadi Twam Afahyɛ no wɔ afe 32 Y.B. no, asɛm bi a ɛte saa ara sii. Saa bere yi de, Yesu ne n’asomafo no faa ɔkorow twaa Galilea Po no sɛ wɔrekɔpɛ baabi a atew ne ho akɔhyɛ hɔ ahome kakra. Nanso, nnipadɔm bi faa po no ano dii wɔn anim kan. Yesu yɛɛ n’ade sɛn? “Bere a osii fam no, ohuu nnipadɔm kɛse bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Marko 6:31-34) Ɛha nso, nnipa no ‘yɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ efisɛ na wɔhia honhom fam mmoa paa. Ná wɔnnim Yehowa Nyankopɔn yiye, na na wɔagyaw wɔn agu hɔ te sɛ “nguan a wonni hwɛfo.” Ayamhyehye na ɛkaa Yesu ma ɔkaa asɛm no, na ɛnyɛ sɛ na obu no sɛ adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ kɛkɛ.
Fi ayamhyehye mu ka asɛm no
17, 18. (a) Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ahu afoforo mmɔbɔ?
17 Yɛn a yɛyɛ Yesu akyidifo no, dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no? Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 9 mu no, wɔama yɛn adwuma sɛ yɛnka asɛm no nkyerɛ nkurɔfo na yɛmma wɔmmɛyɛ Yesu asuafo. (Mateo 28:19, 20; 1 Korintofo 9:16) Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu adwuma yi sɛ asɛyɛde bi kɛkɛ. Na mmom, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yɛka n’Ahenni no ho asɛmpa no. Ayamhyehye a yɛwɔ ma wɔn a wɔnsom Yehowa no nso ka ho bi na yɛka asɛm no. (Marko 12:28-31) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ahu afoforo mmɔbɔ?
18 Ɛsɛ sɛ yenya adwene a na Yesu wɔ wɔ nnipa ho no bi. Ná obu wɔn sɛ “nguan a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ a wonni hwɛfo.” Fa no sɛ woakohyia oguan ba bi a wayera. Esiane sɛ oguan ba a wayera yi nni ɔhwɛfo a ɔde no bɛkɔ baabi a sare frɔmfrɔm ne nsu wɔ nti, ɔkɔm ne sukɔm de no. Anka oguan ba yi ho renyɛ wo mmɔbɔ anaa? Anka worenyɛ nea wubetumi biara mma no aduan ne nsu anaa? Nnipa pii a wɔntee asɛmpa no te sɛ saa oguan ba no. Esiane sɛ nyamesom akannifo ato wɔn asaworam nti, honhom fam kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔnni anidaso biara. Yɛwɔ nea wɔhia no, ɛno ne: Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛte sɛ aduan a ɛma ahoɔden, ne nsu a ɛma akomatɔyam no. (Yesaia 55:1, 2) Sɛ yɛhwɛ sɛnea nnipa a atwa yɛn ho ahyia no nnim Onyankopɔn no a, ɛma wɔyɛ yɛn mmɔbɔ. Sɛnea Yesu yɛe no, sɛ yɛn nso yɛte nka ma wɔn a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara aka Ahenni no ho anidaso asɛm akyerɛ wɔn.
19. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa Bible suani a ɔfata sɛ ofi asɛnka ase?
19 Yɛbɛyɛ dɛn aboa afoforo ama wɔadi Yesu nhwɛso akyi? Fa no sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Bible suani bi a ɔfata sɛ ofi asɛnka adwuma no ase nkuran. Anaasɛ, ebia yɛpɛ sɛ yɛboa obi a wagyae asɛnka kɔ ma ɔsan de ne ho hyɛ asɛnka adwuma no mu bio. Yɛbɛyɛ dɛn aboa nnipa a wɔte saa? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kanyan wɔn koma. Kae sɛ, nea edi kan, nkurɔfo no ‘yɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ afei ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. (Marko 6:34) Enti sɛ yetumi boa Bible suani bi ma ohu nnipa mmɔbɔ a, ɛbɛka ne koma ma wasuasua Yesu na waka asɛmpa no. Yebetumi abisa no sɛ: “Sɛn na Ahenni no ho ade a woasua no ama w’abrabɔ ayɛ kama? Wohwɛ a, ehia sɛ woka asɛmpa no kyerɛ wɔn nso a wɔnnya ntee asɛm no anaa? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn?” Nokwarem no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom no no paa na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no.
20. (a) Dɛn na Yesu akyi a yebedi no hwehwɛ sɛ yɛyɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?
20 Yesu akyi a yebedi no hwehwɛ sɛ yɛbɛka ne nsɛm no akyerɛ nkurɔfo na yɛayɛ yɛn ade te sɛ ɔno. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na ehia sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yenya “adwene” a na ɔwɔ no bi. (Filipifo 2:5) Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ Bible no ma yehu nea enti a Yesu kaa nsɛm bi ne sɛnea na ɔte nka wɔ ho, ne nea enti a ɔyɛɛ n’ade wɔ ɔkwan bi so! Sɛ yenya “Kristo adwene” a, ɛbɛma yɛada tema adi na yɛahu afoforo mmɔbɔ, na ama yɛayɛ wɔn sɛnea Yesu yɛɛ nkurɔfo no. (1 Korintofo 2:16) Ti a edi hɔ no mu no, yɛbɛhwɛ akwan a Yesu faa so daa ɔdɔ adi kyerɛɛ n’akyidifo no.
a Wɔkyerɛ sɛ, Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘ɛyɛɛ no mmɔbɔ’ no, ɛyɛ Greek asɛmfua a emu dɔ sen biara a wɔde gyina hɔ ma ayamhyehye no mu baako. Nhwehwɛmu nhoma bi kyerɛ sɛ “ɛyɛ tema a wɔnya ma obi a ɔrehu amane, nanso ɛnso hɔ ara, ɛsan kyerɛ atenka a emu yɛ den a obi nya sɛ ɔbɛma obi a ɔrehu amane no ho atɔ no.”
b Nea Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “tema” kyerɛ ankasa ne sɛ “wo ne obi behu amane.”
-
-
‘Yesu Dɔɔ Wɔn Kosii Awiei’“Bra Bedi M’akyi”
-
-
TI 16
‘Yesu Dɔɔ Wɔn Kosii Awiei’
1, 2. Anadwo a etwa to a Yesu ne n’asomafo no hyiaam no, dɛn na ɔyɛe, na adɛn nti na na nhyiam a etwa to yi ho hia no saa?
BERE a Yesu ne n’asomafo no hyiaam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem no, na onim sɛ ɛno ne anadwo a etwa to a ɔne wɔn rehyiam ansa na wawu. Ná bere aso sɛ ɔsan kɔ n’Agya nkyɛn. Ná ɛrenkyɛ koraa na wɔakyere Yesu asɔ ne gyidi ahwɛ, na sɔhwɛ no mu bɛyɛ den asen bere biara. Nanso, owu a na Yesu rebewu no mpo amma wammu n’ani angu asomafo no ahiade so.
2 Ná Yesu adi kan aka akyerɛ asomafo no sɛ obegyaw wɔn hɔ, nanso na ɔda so ara wɔ nsɛm pii a ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn de hyɛ wɔn den, na aboa wɔn ama wɔagyina sɔhwɛ a wɔbehyia daakye no ano. Enti ɔde saa bere a ɛho hia yi kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma atitiriw bi a ɛbɛboa wɔn ama wɔatumi adi Onyankopɔn nokware. Nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no, na ɛhyɛ nkuran, na na emu dɔ sen nsɛm biara a waka akyerɛ wɔn pɛn. Nanso, adɛn nti na na Yesu redwen n’asuafo no ho sen sɛ obedwen ɔno ankasa ho? Adɛn nti na na saa nhyiam a etwa to no hia no saa? Mmuae no ara ne sɛ, na ɔdɔ n’asuafo no paa.
3. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu antwɛn ankosi anadwo a etwa to no ansa na ɔreda ɔdɔ adi akyerɛ n’akyidifo no?
3 Mfe pii akyi a ɔsomafo Yohane rekyerɛw nea esii saa anadwo no, ɔkaa sɛ: “Ansa na Twam Afahyɛ no rebedu no, na Yesu nim sɛ ne bere aso sɛ ofi wiase na ɔkɔ Agya no nkyɛn. Esiane sɛ na Yesu dɔ ɔno ara ne de a wɔwɔ wiase no nti, ɔdɔɔ wɔn kosii awiei.” (Yohane 13:1) Yesu antwɛn ankosi saa anadwo no ansa na ɔreda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn a wɔyɛ “ɔno ara ne de” no. Wɔ ne som adwuma no nyinaa mu no, ɔfaa akwan pii so kyerɛe sɛ ɔdɔ n’asuafo no. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ akwan a ɔfaa so daa ɔdɔ adi no bi mu, efisɛ sɛ yesuasua no a, ɛnna ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ n’asuafo ampa.
Ná Ɔwɔ Abotare
4, 5. (a) Adɛn nti na na ehia sɛ Yesu nya n’asuafo no ho abotare? (b) Bere a Yesu asomafo no mu mmiɛnsa antumi anwɛn wɔ Getsemane turo no mu no, dɛn na ɔyɛe?
4 Ɔdɔ ne abotare de, baako nkɔ nnyaw baako. Yɛkenkan wɔ 1 Korintofo 13:4 sɛ: “Ɔdɔ wɔ abotare,” na sɛ obi wɔ abotare nso a, ne bo mfuw ntɛm. Wohwɛ a, na ehia sɛ Yesu nya n’asuafo no ho abotare anaa? Nokwarem no, na ehia sɛ ɔyɛ saa! Sɛnea yehui wɔ Ti 3 no, na ɛyɛ den ma asomafo no sɛ wɔbesua ahobrɛase. Wɔgyee nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu no ho akyinnye mpɛn pii. Dɛn na Yesu yɛe wɔ ho? Ne bo fuwii ma ɔteɛteɛɛ wɔn anaa? Daabi, na mmom anadwo a etwa to a ɔne wɔn hyiaam a “akasakasa bi” sɔree wɔ asɛm yi ho bio no, ɔtoo ne bo ase ne wɔn susuw nsɛm ho!—Luka 22:24-30; Mateo 20:20-28; Marko 9:33-37.
5 Akyiri yi, saa anadwo no ara bere a Yesu ne asomafo anokwafo 11 no kɔɔ Getsemane turo no mu no, wɔsan sɔɔ n’abotare hwɛe. Yesu gyaw asomafo no mu nwɔtwe hɔ, na ɔfaa Petro, Yakobo, ne Yohane de wɔn kɔɔ anim kakra wɔ turo no mu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Me werɛ ahow paa de rekɔ owu mu. Montena ha, na monkɔ so nwɛn.’ Afei ogyaw wɔn hɔ kɔɔ anim kakra, na ofii ase bɔɔ mpae denneennen. Ɔbɔɔ mpae no kyɛe kakra, na owiei no, ɔsan baa asomafo mmiɛnsa no nkyɛn. Dɛn na na wɔreyɛ? Saa bere yi a na Yesu rebehyia sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara no, na wɔadeda hatee! Esiane sɛ wɔantumi anwɛn nti, ɔkaa wɔn anim anaa? Daabi, na mmom ɔtoo ne bo ase ne wɔn kasae. Nsɛm a ofi ayamye mu kae no ma yehu sɛ na ɔte wɔn mmerɛwyɛ ne nea wɔrefa mu no ase.a Ɔkaa sɛ: “Honhom no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.” Ɛwom sɛ Yesu kɔ bae ne mprɛnsa so behui sɛ wɔadeda de, nanso ɔkɔɔ so ara nyaa wɔn ho abotare!—Mateo 26:36-46.
6. Sɛnea Yesu ne afoforo dii no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua?
6 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu ampa abaw wɔ n’asomafo no ho no a, ɛka yɛn koma paa. Akyiri yi, n’abotare no sow aba, efisɛ saa mmarima anokwafo no behuu hia a ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔwɛn. (1 Petro 3:8; 4:7) Sɛ yɛne afoforo redi a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Asafo mu mpanyimfo paa na ehia sɛ wɔnya abotare. Ebetumi aba sɛ asafo no muni bi de n’asɛm bɛkɔ ɔpanyin bi hɔ bere a ɔpanyin no ankasa abrɛ anaa nneɛma foforo ho adwinnwen agye n’adwene. Ɛtɔ mmere bi nso a, wɔn a wɔhia mmoa no mfa afotu a mpanyimfo no de ma wɔn no nyɛ adwuma ntɛm. Nanso ne nyinaa mu no, mpanyimfo a wɔwɔ abotare de “odwo kasa,” na ‘wɔyɛ nguankuw no brɛbrɛ.’ (2 Timoteo 2:24, 25; Asomafo Nnwuma 20:28, 29) Ɛsɛ sɛ awofo nso suasua Yesu na wɔnya abotare efisɛ ɛtɔ mmere bi a, na ayɛ den ama mmofra sɛ wɔde afotu anaa nteɛso bɛyɛ adwuma ntɛm. Ɔdɔ ne abotare a awofo benya no bɛboa wɔn na wɔn abam ammu bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete wɔn mma no. Sɛ wɔnya abotare saa a, ɛno na ɛbɛboa wɔn mma no paa.—Dwom 127:3.
Ɔmaa Wɔn Nsa Kaa Nea Wɔhia
7. Akwan bɛn so na Yesu maa n’asuafo no nsa kaa honam fam nneɛma a wɔhia no?
7 Sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ nneɛma ma afoforo a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ. (1 Yohane 3:17, 18) Ɔdɔ ‘nhwehwɛ nea ɔno nko ara hia.’ (1 Korintofo 13:5) Ɔdɔ na ɛkaa Yesu ma ɔde nneɛma a n’asuafo no hia wɔ honam fam maa wɔn. Mpɛn pii no, ansa na wɔbɛka sɛ wɔhia biribi no, na Yesu ankasa afi ne pɛ mu ayɛ ama wɔn dedaw. Bere a ohui sɛ wɔabrɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra na wɔne no ‘nkɔhyɛ baabi a atew ne ho, na wɔnhome kakra.’ (Marko 6:31) Bere a ohui sɛ ɔkɔm de wɔn no, ofi ne pɛ mu maa wɔn aduan ma ebi soo nnipa mpempem pii a na wɔaba rebetie ne nkyerɛkyerɛ no so.—Mateo 14:19, 20; 15:35-37.
8, 9. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu huu nea n’asuafo no hia wɔ honhom fam, na ɔde maa wɔn? (b) Bere a na Yesu sɛn dua so no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na odwen ne maame ho paa?
8 Yesu huu nea n’asuafo no hia wɔ honhom fam, na ɔde maa wɔn. (Mateo 4:4; 5:3) Sɛ ɔrekyerɛkyerɛ a, na ɔtaa ma n’adwene kɔ n’asuafo no so paa. N’asuafo no titiriw nti na ɔmaa Bepɔw So Asɛnka no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wɔn. (Mateo 5:1, 2, 13-16) Sɛ ɔde mfatoho kyerɛkyerɛ na akyiri yi “ɛka ɔne n’asuafo no nko ara a, na wakyerɛkyerɛ biribiara mu” akyerɛ wɔn. (Marko 4:34) Yesu ka too hɔ sɛ ɔbɛpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi a ɔbɛhwɛ ama n’akyidifo no amee wɔ nna a edi akyiri no mu na wɔatumi asom Yehowa. Akoa nokwafo no yɛ Yesu nuanom a wɔwɔ asaase so a wɔde honhom kronkron asra wɔn no mu kakraa bi a efi afe 1919 Y.B. no, wɔde honhom fam ‘aduan rema wɔ bere a ɛsɛ mu.’—Mateo 24:45.
9 Da a Yesu rebewu no, ɔyɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ayɔnkofa a ɛda n’adɔfo ne Yehowa ntam no hia no paa, na na ɛka koma. Wo de, twa nea ɛkɔɔ so no ho mfoni hwɛ. Ná Yesu sɛn dua so a ɛyaw a ɔrete nti ɔrebrɛ paa. Sɛ obetumi ahome yiye a, ebia gye sɛ ɔtwe ne mu kakra. Akyinnye biara nni ho sɛ wei ma ɔtee yaw paa, efisɛ na ne mu duru no ama nnadewa a wɔde abɔ ne nan mu no retew fa nam no mu, ɛnna n’akyi a apaapae no nso retwitwiw asɛndua no. Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ ɔtwe mframa ansa na watumi akasa nti, ɛbɛyɛ sɛ ɛyaw no ma ɛyɛɛ den sɛ ɔbɛkasa. Nanso ansa na Yesu rewu no, ɔkaa nsɛm bi a na ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ ne maame Maria paa. Bere a Yesu huu Maria ne ɔsomafo Yohane sɛ wɔgyina baabi a ɛbɛn no no, ɔde nne a sɛ obi bɛn no a ɔbɛte ka kyerɛɛ ne maame sɛ “Ɔbea, hwɛ! Wo babarima ni!” Afei ɔka kyerɛɛ Yohane nso sɛ: “Hwɛ! Wo maame ni!” (Yohane 19:26, 27) Ná Yesu nim sɛ ɔsomafo nokwafo no bɛma Maria nsa aka nneɛma a ohia wɔ honam fam ne honhom fam nyinaa.b
10. Awofo bɛyɛ dɛn asuasua Yesu na wɔama wɔn mma nea wɔhia?
10 Mfaso wɔ so sɛ awofo a wɔn ani kũ wɔn mma ho bedwinnwen Yesu nhwɛso no ho. Agya a ɔdɔ n’abusua yiye no, nneɛma a n’abusua hia, te sɛ aduan a wɔbedi ne baabi a wɔde wɔn ti bɛto no, ɔbɛhwɛ ama wɔn nsa aka. (1 Timoteo 5:8) Abusua ti a ɔtoto ne nneɛma yiye no, ɛtɔ da a ɔyɛ nhyehyɛe ma n’abusua no de home, na wɔyɛ nneɛma de gye wɔn ani. Nea ehia paa no, Kristofo a wɔyɛ awofo boa wɔn mma ma wɔdɔ Yehowa. Wɔyɛ no sɛn? Nea awofo yi yɛ ne sɛ, wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔn abusua no bom sua Bible no daa, na sɛ wɔreyɛ adesua no nso a, wɔbɔ mmɔden yɛ no wɔ kwan bi so a ɛbɛma mmofra no ani gye na ahyɛ wɔn nkuran. (Deuteronomium 6:6, 7) Awofo nam wɔn kasa ne wɔn nhwɛso so kyerɛkyerɛ wɔn mma sɛ asɛnka adwuma no ho hia paa, na Yehowa a wɔsom no no nso hwehwɛ sɛ wɔkɔ Kristofo nhyiam nyinaa, na ansa na wɔbɛkɔ nso, nneɛma a wɔbesua wɔ nhyiam no ase no, wɔdi kan hwɛ mu.—Hebrifo 10:24, 25.
Awofo a wɔn ani kũ wɔn mma ho nya wɔn ho abotare, na wɔde mmofra no ahiade ma wɔn
Ná Ɔwɔ Ɔpɛ Sɛ Ɔde Bɔne Bɛkyɛ
11. Bɔne fakyɛ ho ade bɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no?
11 Ade baako a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ ne sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ. (Kolosefo 3:13, 14) Sɛnea 1 Korintofo 13:5 kyerɛ no, ɔdɔ ‘mfa bɔne nhyɛ ne mu.’ Mpɛn pii na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no nea enti a ɛho hia paa sɛ wɔde bɔne kyɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa nkurɔfo bɔne nkyɛ wɔn, “ɛnyɛ mpɛn ason, na mmom enkosi mpɛn 77,” kyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔde bɔne kyɛ koraa. (Mateo 18:21, 22) Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔka ɔbɔnefo anim na onu ne ho a, wɔmfa ne bɔne nkyɛ no. (Luka 17:3, 4) Nanso, na Yesu nte sɛ Farisifo nyaatwomfo no; ɛnyɛ n’ano kɛkɛ na ɔde kasa kyerɛɛ wɔn, na mmom na ɔyɛ nea ɔka nso. (Mateo 23:2-4) Bere a Yesu adamfo a ogye no di paa dii no huammɔ mpo no, ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ. Ɔyɛɛ no sɛn? Momma yɛnhwɛ.
12, 13. (a) Anadwo a wɔrebɛkyere Yesu no, dɛn na Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ odii Yesu huammɔ? (b) Dɛn na Yesu yɛe wɔ ne wusɔre akyi a ɛma yehu sɛ ɛnyɛ n’ano kɛkɛ na ɔde kaa bɔnefakyɛ ho asɛm?
12 Ná Petro yam ye, nanso ɛtɔ da a na ɔpere ne ho kakra. Ne nyinaa akyi no, na Yesu ne Petro wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den. Yesu huu sɛ Petro wɔ suban pa pii, enti ɔde asɛyɛde ahorow hyehyɛɛ ne nsa. Petro ne Yakobo ne Yohane de wɔn ani huu anwanwade ahorow bi a asomafo a aka no annya hokwan anhu. (Mateo 17:1, 2; Luka 8:49-55) Sɛnea yɛadi kan ahu no, anadwo a wɔrebɛkyere Yesu no, bere a ɔne asomafo no bi kɔɔ anim kakra wɔ Getsemane turo no mu sɛ ɔrekɔbɔ mpae no, na Petro ka ho. Nanso saa anadwo no ara, bere a wɔyii Yesu mae na wɔkyeree no no, Petro ne asomafo a aka no guan gyaw Yesu hɔ. Akyiri yi a na wɔredi Yesu asɛm bere a ɔnyɛɛ bɔne biara no, Petro nyaa akokoduru begyinaa adiwo hɔ. Nanso ankyɛ, ehu kaa Petro ma odii mfomso kɛse bi. Odii atoro mprɛnsa kae sɛ onnim Yesu koraa! (Mateo 26:69-75) Dɛn na Yesu yɛe wɔ ho? Sɛ ɛyɛ wo na w’adamfo a ɔbɛn wo paa adi wo huammɔ saa a, anka dɛn na wobɛyɛ?
13 Ná Yesu ayɛ krado sɛ ɔde Petro bɔne bɛkyɛ no. Ná onim sɛ Petro koma abubu paa esiane bɔne kɛse a wayɛ no nti. Nokwasɛm ne sɛ, ɔsomafo a na wanu ne ho yi “werɛ howee, na ofii ase sui.” (Marko 14:72) Da a Yesu nyan fii awufo mu no, okoyii ne ho adi kyerɛɛ Petro, na ɛda adi sɛ ɔkyekyee ɔsomafo no werɛ na otwaa ne koma too ne yam. (Luka 24:34; 1 Korintofo 15:5) Bɛyɛ abosome mmienu ntam, Pentekoste da no, Yesu hyɛɛ Petro anuonyam. Nea Yesu yɛe ne sɛ, ɔmaa Petro dii asomafo no anim ma wɔdii nnipadɔm bi adanse wɔ Yerusalem. (Asomafo Nnwuma 2:14-40) Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ Yesu annya asomafo no ho menasepɔw sɛ wɔguan gyaw no. Na mmom, bere a onyan fii awufo mu no, ɔkɔɔ so ara frɛɛ wɔn “me nuanom.” (Mateo 28:10) Wei nyinaa ma yehu paa sɛ, ɛnyɛ Yesu ano kɛkɛ na ɔde kaa bɔnefakyɛ ho asɛm.
14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde afoforo bɔne bɛkyɛ wɔn, na yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde bɔne bɛkyɛ?
14 Yɛn a yɛyɛ Kristo akyidifo no, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde afoforo bɔne bɛkyɛ wɔn. Adɛn ntia? Yɛnyɛ pɛ te sɛ Yesu, na saa ara nso na wɔn a ebia wɔbɛyɛ bɔne atia yɛn no nso nyɛ pɛ. Bere ne bere mu no, yɛn nyinaa di mfomso wɔ kasa ne nneyɛe mu. (Romafo 3:23; Yakobo 3:2) Sɛ obi nu ne ho na yɛde ne bɔne kyɛ no a, ɛbɛma Onyankopɔn nso de yɛn bɔne akyɛ yɛn. (Marko 11:25) Ɛnde, wɔn a ebia wɔbɛyɛ yɛn bɔne no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn? Mpɛn pii no, sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, ɛboa yɛn ma yebu yɛn ani gu yɛn nuanom bɔne ne wɔn mfomso nketenkete so. (1 Petro 4:8) Sɛ wɔn a wɔyɛ bɔne tia yɛn no fi wɔn koma mu nu wɔn ho sɛnea Petro yɛe no a, ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu na yefi yɛn pɛ mu de kyɛ wɔn. Sɛ́ anka yɛde wɔn ho asɛm bɛhyɛ yɛn mu no, ɛyɛ papa sɛ yeyi wɔn ho menasepɔw biara fi yɛn mu. (Efesofo 4:32) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛboa ma asomdwoe tena asafo no mu, na ɛma yɛn asom dwo yɛn na yɛn koma tɔ yɛn yam nso.—1 Petro 3:11.
Ɔkyerɛe Sɛ Ɔwɔ Wɔn Mu Ahotoso
15. Adɛn nti na Yesu nyaa n’asuafo no mu ahotoso ɛmfa ho sɛ na wɔdi mfomso pii?
15 Ɔdɔ ne ahotoso wɔ abusuabɔ. Ɔdɔ ‘gye biribiara di.’c (1 Korintofo 13:7) Ɔdɔ na ɛkaa Yesu ma onyaa n’asuafo no mu ahotoso ɛmfa ho sɛ na wɔdi mfomso pii no. Ná ogye wɔn di, na na onim sɛ wɔfi wɔn koma mu dɔ Yehowa, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ Yehowa apɛde. Sɛ wɔdi mfomso mpo a, na Yesu nnya wɔn ho adwemmɔne. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔsomafo Yakobo ne ɔsomafo Yohane maa wɔn maame kobisaa Yesu sɛ ɔmma wɔntena ne nkyɛn wɔ n’Ahenni mu no, Yesu annwen bɔne amma wɔn, na saa ara nso na wannye hokwan a na wɔwɔ sɛ asomafo no amfi wɔn nsam.—Mateo 20:20-28.
16, 17. Nnwuma bɛn na Yesu de hyehyɛɛ n’asuafo no nsa?
16 Yesu de nnwuma pii hyehyɛɛ n’asuafo no nsa de kyerɛe sɛ ɔwɔ wɔn mu ahotoso. Bere a ɔfaa anwanwakwan so maa nnipadɔm aduan dii no, mprenu no nyinaa ɔde hokwan maa n’asuafo no ma wɔkyekyɛɛ aduan no. (Mateo 14:19; 15:36) Bere a Yesu resiesie ne ho ama Twam Afahyɛ a na etwa to wɔ n’asetena mu no, ɔsomaa Petro ne Yohane sɛ wɔnkɔ Yerusalem nkɔtoto nneɛma mma Twam no. Wɔn na wɔkɔhwehwɛɛ oguammaa, bobesa, paanoo a mmɔkaw nnim, ɛfan nwenenwene, ne nneɛma afoforo a wɔbehia no. Ná wei nyɛ adwuma a ɛda fam, efisɛ na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔdi Twam no wɔ ɔkwan a ɛfata so, na na ɛsɛ sɛ Yesu nso di saa Mmara no so. Ɛno akyi no, bere a Yesu de ne wu no ho Nkaedi sii hɔ saa anadwo no, ɔde bobesa ne paanoo a mmɔkaw nnim gyinaa hɔ maa ne nipadua ne ne mogya a dɛm biara nni ho no.—Mateo 26:17-19; Luka 22:8, 13.
17 Yesu hui sɛ ɛfata sɛ ɔde nnwuma bi a ɛho hia paa hyehyɛ wɔn nsa. Kae sɛ, Yesu de asɛyɛde a emu yɛ duru hyɛɛ n’akyidifo nsa sɛ wɔnkɔka asɛmpa no na wɔnyɛ nkurɔfo n’asuafo. (Mateo 28:18-20) Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɔkaa sɛ ɔbɛpaw nnipa kakraa bi afi n’akyidifo a wɔde honhom kronkron asra wɔn no mu, na ɔde adwuma bi a ɛho hia ahyɛ wɔn nsa ama wɔde honhom fam aduan ama nkurɔfo. (Luka 12:42-44) Ɛnnɛ mpo, ɛwom sɛ Yesu redi tumi wɔ soro, na yenhu no de, nanso ɔde n’asafo a ɛwɔ asaase so no ahyɛ mmarima a wɔfata yi nsa. Ɔde saa mmarima yi ‘ayɛ akyɛde ama asafo no.’—Efesofo 4:8, 11, 12.
18-20. (a) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yegye yɛn nuanom di, na yɛwɔ wɔn mu ahotoso? (b) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Yesu fii ne pɛ mu de nnwuma hyehyɛɛ afoforo nsa no? (d) Dɛn na yebesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu?
18 Sɛnea Yesu ne afoforo dii nsɛm no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua? Sɛ yegye yɛn nuanom Kristofo di na yenya wɔn mu ahotoso a, ɛno kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ obi a ɔwɔ ɔdɔ no wɔ adwempa, na onnwen bɔne mma afoforo. Ɛnyɛ dɛn ara a nkurɔfo bɛfom yɛn, enti sɛ wɔdi yɛn huammɔ a, ɔdɔ a yɛdɔ wɔn nti, yɛrempere yɛn ho nsusuw sɛ wɔboapa na wɔyɛe. (Mateo 7:1, 2) Sɛ yɛkɔ so nya yɛn nuanom ho adwempa a, yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran sen sɛ yebebu wɔn abam.—1 Tesalonikafo 5:11.
19 Wohwɛ a yebetumi asuasua sɛnea Yesu fii ne pɛ mu de nnwuma hyehyɛɛ nkurɔfo nsa no? Ɛyɛ papa sɛ wɔn a dwumadi hyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu de nnwuma a ɛho hia hyehyɛ afoforo nsa, na wɔnya wɔn mu ahotoso sɛ wɔbefi wɔn koma mu ayɛ no yiye. Enti, asafo mu mpanyimfo a wɔn ho akokwaw betumi atete anuanom mmarima nkumaa a ‘wɔrebɔ wɔn ho mmɔden’ no yiye, na wɔatumi aboa asafo no kɛse. (1 Timoteo 3:1; 2 Timoteo 2:2) Saa ntetee yi ho hia paa. Yehowa nam Ahenni adwuma no so ama nnipa pii reba asafo no mu, enti ɛho abehia sɛ wɔtete mmarima a wɔfata ma wɔdi nneɛma anim.—Yesaia 60:22.
20 Sɛnea ɛsɛ sɛ yɛdɔ afoforo no, Yesu ayɛ ɛho nhwɛso kamakama ama yɛn. Nea yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ paa sɛ yɛresuasua no ne sɛ yɛbɛdɔ afoforo. Eti a edi hɔ no mu no, yebesusuw ɔdɔ a ɛsen biara a ɔdaa no adi no ho; ɛno ne ne pɛ mu a ofi wu maa yɛn no.
a Ɛnyɛ brɛ a na asomafo no abrɛ nko ara nti na ɛma wɔdedae. Mmom, bere a Luka 22:45 reka asɛnkoro no ara ho asɛm no, ɛkae sɛ Yesu “kohui sɛ wɔretɔ nko, efisɛ awerɛhow nti na wɔabrɛ.”
b Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na Maria yɛ okunafo, na na ne mma a wɔaka no nya mmɛyɛɛ Yesu asuafo.—Yohane 7:5.
c Wei nso nkyerɛ sɛ, sɛ obi wɔ ɔdɔ a, obiara ka biribi a na odi akyi anaa na wagye atom kɛkɛ. Mmom no, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔdɔ nyɛ katee anaa ensusuw bɔne mma afoforo. Obi a ɔwɔ ɔdɔ mpere ne ho nnya afoforo ho adwemmɔne, anaasɛ ɔmmu afoforo animtiaa.
-