Yesu Wusɔre—Nea Ɛkyerɛ Ma Yɛn
“Wɔanyan no.”—MATEO 28:6.
1, 2. (a) Dɛn na na Yudasom mu mpanyimfo bi pɛ sɛ wɔhu? Petro yii wɔn ano sɛn? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Ɛyɛɛ dɛn na Petro nyaa akokoduru kasae?
YESU wu akyi no, wɔkyeree ɔsomafo Petro kɔgyinaa Yudafo mpanyimfo bi anim. Saa mmarima yi ara na wɔbɔɔ pɔw ma wɔkum Yesu. Wɔn bo afuw denneennen efisɛ Petro asa obubuafo bi yare. Wɔbisaa Petro sɛ: “Tumi bɛn anaa hena din mu na moyɛɛ eyi?” Petro de akokoduru yii wɔn ano sɛ: “Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no, ɛnam no so na ɔbarima yi ho atɔ no a ogyina mo anim ha yi.”—Asomafo Nnwuma 4:5-10.
2 Petro koro yi ara na bere bi a atwam no ɔpoo Yesu mprɛnsa no. (Marko 14:66-72) Nanso seesei ɔgyina nyamesom akannifo yi anim a ehu ketekete sɛɛ nkaa no. Dɛn na ɛma ɔnyaa akokoduru saa? Ampa, honhom kronkron boaa Petro paa, nanso na biribi foforo nso wɔ hɔ. Na ɔnim paa sɛ Yesu anyan afi awufo mu. Dɛn na ɛma ɔnyaa ahotoso paa sɛ Yesu te ase? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛnya ahotoso a ɛte saa ara?
3, 4. (a) Owusɔre bɛn na ɛsii ansa na wɔrewo Yesu asomafo no? (b) Henanom na Yesu nyan wɔn?
3 Na asomafo no nim sɛ awufo bɛtumi atena ase bio. Wɔnnya nwoo asomafo no mpo no, Onyankopɔn de tumi hyɛɛ odiyifo Elia ne Elisa nsa ma wɔnyanee awufo. (1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:32-37) Bere bi mpo ɔbarima bi a wawu ho kaa Elisa nnompe, na ɔbarima no san baa nkwa mu. (2 Ahene 13:20, 21) Na tete Kristofo no gye saa nsɛm yi di paa sɛnea yɛn nso yɛgye di sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware no.
Yesu nyanee nnipa bi san baa nkwa mu, na bere biara a yɛbɛkan wɔn ho asɛm no, ɛka yɛn koma paa
4 Wɔn a wɔwuwui a Yesu nyan wɔn no nso ɛ? Bere biara a yɛbɛkan wɔn ho asɛm no, ɛka yɛn koma paa. Wo deɛ hwɛ okunafo a ne ba koro pɛ wui a Yesu nyanee no no. Hwɛ sɛnea asɛm no bɛyɛ no nwonwa! (Luka 7:11-15) Na abaayewa a Yesu nyan no no nso ɛ? Hwɛ sɛ prɛko pɛ n’awofo awerɛhow adan ahurusidi! (Luka 8:49-56) Afei hwɛ sɛ Yesu anyan Lasaro na ɔfi ɔbodan no mu reba! Nnipa a wɔgyina hɔ bɛbɔ ose papa.—Yohane 11:38-44.
NEA ENTI A YESU WUSƆRE NO DA NSOW
5. Adɛn nti na na Yesu wusɔre no da nsow koraa?
5 Na asomafo no nim sɛ Yesu wusɔre no yɛ soronko koraa; owusɔre a na abɛsen kɔ biara nni hɔ a ɛte sɛ Yesu deɛ no. Wɔn a wɔdii kan nyanee wɔn no bɛtenaa ase bio sɛ nnipa, na akyiri yi wɔsan wui. Nanso Yesu deɛ wɔnyanee no sɛ honhom a ɔrentumi nwu bio. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 13:34.) Petro kyerɛw sɛ wokum Yesu “ɔhonam mu nanso wɔma ɔtenaa ase honhom mu.” Bio nso “ɔkɔɔ ɔsoro, na ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa; na wɔde abɔfo ne atumfoɔ ne tumidifo ahyɛ n’ase.” (1 Petro 3:18-22) Owusɔre a na atwam nyinaa yɛ anwonwade, nanso ebiara nni hɔ a ɛte sɛ Yesu deɛ no; nokwasɛm ni, na ɛyɛ anwonwade mu anwonwade.
6. Yesu wusɔre no kaa n’asuafo no sɛn?
6 Yesu wusɔre no kaa asuafo no paa. Na n’atamfo susu sɛ wawu, nanso na ɔte ase. Nokwasɛm ni, na ɔyɛ honhom mu abɔde a ɔwɔ tumi a onipa biara ntumi nyɛ no hwee. Yesu wusɔre no daa no adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Na asuafo no nim sɛ Yesu te ase, enti awerɛhow anaa ehu deɛ, na atu ayera koraa ma anigye ne akokoduru abɛsi ananmu. Sɛ Onyankopɔn annyan Yesu a, anka n’atirimpɔw bɛyɛ kwa na mfaso biara remma asɛmpa a asuafo no reka no so.
7. Dɛn na Yesu reyɛ nnɛ? Nsɛm bɛn na yɛbɛtumi abisa?
7 Ná Yesu yɛ nipa titiriw nanso seesei ɔsen saa koraa. Ɛnnɛ, ɔte ase na ɔrehwɛ ama yɛayɛ asɛnka adwuma no wɔ wiase afanan nyinaa. Ɔno ne Onyankopɔn soro Ahenni no so hene. Saa Ahenni yi na ɛrenkyɛ ɛbɛyi amumɔyɛsɛm afi asase so na adan paradise ma nnipa atena so daa. (Luka 23:43) Sɛ Onyankopɔn annyan Yesu a, anka eyi nyinaa bɛyɛ kwa. Ɛnde, dɛn paa na ɛma yɛn awerɛhyem sɛ Yesu anyan afi awufo mu? Dɛn na Yesu wusɔre no kyerɛ ma yɛn?
Sɛ Onyankopɔn annyan Yesu a, anka n’atirimpɔw bɛyɛ kwa na mfaso biara remma asɛmpa no so
YEHOWA KYERƐƐ NE TUMI WƆ OWU SO
8, 9. (a) Adɛn nti na Yudafo mpanyimfo no srɛe sɛ wɔnwɛn baabi a wɔde Yesu toe no? (b) Bere a mmea no kɔɔ ɔda no so no, dɛn na ɛsii?
8 Bere a Yesu wui no, Yudafo mpanyimfo no baa Pilato nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, yɛakae sɛ okontomponi no kae bere a ɔte ase no sɛ, ‘Nnansa akyi no mɛsɔre.’ Enti hyɛ ma wɔmmɔ ɔda no ho ban nkosi ne nnansa so na n’asuafo no ammewia no anka ankyerɛ nkurɔfo sɛ, ‘Wanyan afi awufo mu!’ Anka eyi akyi nkontomposɛm bɛsen kan de no.” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mowɔ awɛmfo. Monkɔbɔ ho ban sɛnea munim sɛ ɛsɛ.” Saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛe.—Mateo 27:62-66.
9 Bere a Yesu wui no, wɔde no too ɔda bi mu. Na ɛyɛ ɔda a wɔatwa ato abotan mu a wɔde ɔbo kɛse ato ano. Ɛkaa Yudafo mpanyimfo yi nko a, anka Yesu aka ɔda no mu. Nanso ɛnyɛ wɔn adwene ne Yehowa adwene. Nnansa akyi no, Maria Magdalene ne Maria foforo kɔɔ ɔda no so. Bere a wɔduu hɔ no, wɔhuu sɛ obi ayi ɔbo no afi hɔ, na na ɔbɔfo bi te so. Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no sɛ wɔnhwɛ sɛ ɔda no ano da hɔ a obiara nnim. Ɔbɔfo no kae sɛ: “Onni ha, na wɔanyan no.” (Mateo 28:1-6) Ampa, na Yesu te ase!
10. Dɛn na Paulo kae a ɛkyerɛ sɛ Yesu anyan afi awufo mu?
10 Nnafua 40 a ɛdi hɔ no, nsɛm a ɛsisii daa no adi pefee sɛ Yesu anyan afi awufo mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Korintofo asafo no kae sɛ: “Nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede maa mo ne sɛ yɛn bɔne nti na Kristo wui sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no; na wosiee no, na da a ɛto so abiɛsa no, wonyan no, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no; na oyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa ne afei dumien no. Ɛno akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahanum bere koro mu, na wɔn mu dodow no ara da so te ase, nanso wɔn mu binom adeda wɔ owu mu. Ɛno akyi no oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo, ne afei asomafo no nyinaa; na nea etwa to koraa no, oyii ne ho adi kyerɛɛ me a mete sɛ nea ne bere anso a wɔwoo no yi.”—1 Korintofo 15:3-8.
NNEƐMA NNAN A ƐMA YƐHU SƐ WƆNYANEE YESU
11. Adɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ Yesu nyanee ‘sɛnea Kyerɛwnsɛm no kae no’?
11 Yesu nyanee ‘sɛnea Kyerɛwnsɛm no kae no.’ Ná Onyankopɔn Asɛm aka dedaw sɛ Yesu bɛsɔre. Ɛho nhwɛso ni: Dawid kyerɛw sɛ Onyankopɔn rennyaw ne “nokwafo” wɔ adamoa mu. (Monkenkan Dwom 16:10.) Pentekoste afe 33 no, Petro kyerɛɛ mu sɛ saa “nokwafo” no ne Yesu. Ɔkae sɛ Dawid hu siei na “ɔkaa Kristo wusɔre ho asɛm sɛ wɔannyaw no Adamoa mu na ne honam nso anhu porɔwee.”—Asomafo Nnwuma 2:23-27, 31.
12. Hefo na wɔhuu sɛ wɔanyan Yesu?
12 Nnipa pii huu sɛ Yesu asɔre. Ɛfi da a Yesu sɔree kɔsi n’adaduanan so no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nnipa bebree. Ɔyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo wɔ baabi a wɔsiee no wɔ turom hɔ. Afei ɔyii ne ho adi kyerɛɛ ebinom wɔ Emaus kwan so ne mmeae afoforo. (Luka 24:13-15) Saa bere no ɔne nnipa mmaako mmaako bi kasae. Wɔn mu bi ne Petro. Bio, ɔne nnipakuw kasae. Bere bi Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ nnipa bɛboro 500 mpo. Yɛrentumi nka sɛ nea nnipa dodow yi de wɔn ani hui no nyɛ nokware.
13. Ɔkwan bɛn so na nsi ne ahokeka a asuafo no de dii Yesu ho adanse no daa no adi sɛ wɔgye di sɛ wɔanyan Yesu?
13 Asuafo no de nsi ne ahokeka dii Yesu wusɔre ho adanse. Yesu ho adanse nti, nnipa sɔre tiaa asuafo no na wɔhuu amane pii; wɔkum ebinom mpo. Wo deɛ susuw asɛm yi ho: Sɛ Yesu annyan amfi awufo mu a, anka wogye di sɛ Petro de ne nkwa bɛto ne nsam adi Kristo wusɔre ho adanse akyerɛ atamfo koro no ara a wɔbɔɔ pɔw ma wɔkum Yesu no? Ná Petro ne asuafo a aka no wɔ ahotoso sɛ Yesu te ase na ɔrehwɛ asɛnka adwuma no so. Afei nso Yesu wusɔre no maa n’akyidifo nyaa awerɛhyem sɛ wɔn nso bɛnya owusɔre. Ɛho nhwɛso ne Stefano; bere a ɔrewu no, na ɔgye di paa sɛ Onyankopɔn bɛnyan no.—Asomafo Nnwuma 7:55-60.
14. Dɛn na ɛma wogye di sɛ Yesu te ase?
14 Yɛwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu redi hene nnɛ na ɔno ne Kristofo asafo no Ti. Nokware Kristosom renya nkɔso daa. Sɛ Yehowa annyan Yesu amfi awufo mu a, anka ɛbɛba saa? Sɛ Yesu annyan a, anka ebia yɛrente ne ho asɛm da. Nokwasɛm ne sɛ yɛwɔ adanse a yɛbɛtumi agyina so aka sɛ Yesu te ase na ɔrehwɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no so.
NEA YESU WUSƆRE NO KYERƐ MA YƐN
15. Adɛn nti na Yesu wusɔre no ma yɛnya akokoduru ka asɛm no?
15 Kristo wusɔre no ma yɛnya akokoduru ka asɛm no. Ɛfi Yesu bere so tɔnn na Onyankopɔn atamfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa akwannuasa nyinaa so agu asɛnka adwuma no. Ebi wɔ hɔ a wɔnam awaefo, ayayade, basabasayɛ, ne fɛwdi so. Ɛtɔ da nso a wɔbara asɛnka adwuma no anaa wɔkum yɛn nuanom bi mpo. Nanso Bible aka ato hɔ sɛ: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.” (Yesaia 54:17) Yɛnsuro Satan apamfo no mu biara. Yesu taa yɛn akyi sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. (Mateo 28:20) Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu efisɛ biribiara nni hɔ a atamfo bɛyɛ a ɛbɛtumi ama yɛaka yɛn ano atom!
Yesu wusɔre no ma yɛnya akokoduru ka asɛmpa no (Hwɛ nkyekyɛm 15)
16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu wusɔre no da no adi sɛ ne nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ nokware? (b) Sɛnea Yohane 11:25 kyerɛ no, tumi bɛn na Onyankopɔn de ama Yesu?
16 Yesu wusɔre si so dua sɛ ne nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ nokware. Bible ho ɔbenfo bi kyerɛw sɛ, sɛ Kristo annyan a, anka nea ɛkyerɛ ara ne sɛ Kristofo yɛ nnipa a wɔn adwenem mmuei a wɔagye atosɛm kɛse bi adi. Paulo kae sɛ, sɛ wɔannyan Yesu a, anka Kristofo gyidi ne wɔn asɛnka adwuma no yɛ kwa. Anka bere biara a yɛbɛkan Yesu ho asɛm wɔ Bible mu no, nea yɛbɛka ara ne sɛ ɔyɛ ɔbarima bi a ɔtenaa ase a ɔwɔ nyansa na ne yam ye a n’atamfo kum no. Nanso Yesu nyanee, na eyi kyerɛ sɛ ne nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ nokware.—Monkenkan 1 Korintofo 15:14, 15, 20.
17 Yesu kae sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa. Obiara a onya me mu gyidi no, sɛ owu mpo a, ɔbɛba nkwa mu.” (Yohane 11:25) Asɛm a Yesu kae yi bɛbam ɔkwan biara so. Yehowa ama Yesu tumi a ɔde bɛnyan wɔn a ɔne wɔn bɛdi ade wɔ soro ne nnipa ɔpepe pii a wɔbɛtena asase so no. Yesu afɔrebɔ ne ne wusɔre no kyerɛ sɛ owu bɛfi hɔ. Eyi hyɛ yɛn den ma yɛgyina sɔhwɛ biara ano; owu mpo a yɛnsuro!
18. Awerɛhyem bɛn na Yesu wusɔre no ma yɛnya?
18 Yesu wusɔre no ma yɛnya awerɛhyem sɛ wɔbɛbu nnipa atɛn wɔ Yehowa kwan so. Paulo ka kyerɛɛ mmarima ne mmea bi wɔ Atene sɛ Onyankopɔn nam “ɔbarima bi a wapaw no so bebu asase atɛn wɔ trenee mu, na wanyan no afi awufo mu de ayɛ nnyinasode ama nnipa nyinaa.” (Asomafo Nnwuma 17:31) Onyankopɔn apaw Yesu sɛ Ɔtemmufo, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛbu atɛmpa efisɛ ɔdɔ yɛn.—Monkenkan Yesaia 11:2-4.
Owusɔre ho anidaso no som bo ma yɛn, na yɛayɛ krado sɛ yɛbɛtie Yehowa wɔ biribiara mu
19. Gyidi a yɛwɔ sɛ Kristo anyan no ka yɛn sɛn?
19 Yɛgye di sɛ Yesu anyan, na eyi ka yɛn ma yɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛ Yesu amfa ne nkwa anto hɔ na wansɔre amfi awufo mu a, anka bɔne ne owu de yɛn bɛyɛ nkoa daa. (Romafo 5:12; 6:23) Anka anidaso biara nni hɔ; ebia anka nea yɛbɛka ara ne sɛ, ‘Momma yɛnnidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.’ (1 Korintofo 15:32) Nanso ɛnyɛ adidi ne ɔnom na yɛdi akyi. Mmom owusɔre ho anidaso no som bo ma yɛn, na yɛayɛ krado sɛ yɛbɛtie Yehowa wɔ biribiara mu.
20. Adɛn nti na Yesu wusɔre no da no adi sɛ Onyankopɔn wɔ tumi paa?
20 Yesu wusɔre no da no adi sɛ Yehowa ne Otumfoɔ Pumpuni no, nea ɔtua “wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no” ka. (Hebrifo 11:6) Tumi ne nyansa a Yehowa de yɛɛ adwuma ansa na ɔrenyan Yesu no nni ano; seesei Yehowa ama Yesu nkwa a owu rentumi ntwa so da wɔ soro. Bio, Onyankopɔn daa no adi sɛ ɔbɛtumi ama ne bɔhyɛ biara abam. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ‘aseni’ titiriw bi bɛba, na ɔno na ɔbɛma obiara ahu sɛ Yehowa ne Otumfoɔ Pumpuni a obiara rentumi ne no nni asi. Nanso sɛ bɔhyɛ a ɛte saa bɛbam a, ɛsɛ sɛ ‘aseni’ no wu ma wɔnyan no.—Genesis 3:15.
21. Dɛn na owusɔre no kyerɛ ma wo?
21 Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Yehowa ama yɛn anidaso sɛ awufo bɛnyan. Bible ahyɛ bɔ sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.” Saa bɔhyɛ yi bɛsii ɔsomafo Yohane so, na ahyɛde a na ɛka ho ne sɛ: “Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware.” Hena na ɔde adiyisɛm yi maa Yohane? Ɛfi Yesu Kristo a wɔanyan no no hɔ.—Adiyisɛm 1:1; 21:3-5.