Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 39 kr. 202-206
  • Onyankopɔn Kae Ne Ba No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Kae Ne Ba No
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Te Ase
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yesu Nyan Fii Awufo Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔanhu Amu no, Efisɛ na Yesu Anyane!
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Te Ase!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 39 kr. 202-206

Ti 39

Onyankopɔn Kae Ne Ba No

BERE a Yesu adamfo Lasaro wui no, osui. So wususuw sɛ Yehowa werɛ howee bere a Yesu huu amane na owui no?— Bible ka sɛ Onyankopɔn betumi ‘adi yaw’ na nneɛma a esisi mpo ma ne ‘werɛ how.’—Dwom 78:40, 41; Yohane 11:35.

So wubetumi atwa sɛnea Yehowa dii yaw no ho mfonini wɔ w’adwenem bere a ɔhwɛɛ ne Ba no wu no?— Ná Yesu wɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn werɛ remfi no. Ɛno nti na ne nsɛm a etwa to a ɔkae bere a ɔrebewu no ne: “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ” no.—Luka 23:46.

Ná Yesu gye di sɛ wobenyan no, ne sɛ, wɔrennyaw no wɔ “asaman,” anaasɛ ɔdamoa mu. Bere a wonyan Yesu akyi no, ɔsomafo Petro faa nea wɔakyerɛw afa Yesu ho wɔ Bible mu no kae sɛ: “Wɔannyaw ne kra wɔ hell, na ne honam nso amporɔw.” (Asomafo no Nnwuma 2:31, King James Version; Dwom 16:10) Yesu nipadua ansɛe wɔ ɔdamoa mu da, kyerɛ sɛ, sɛ́ ɛbɛporɔw na abɔn.

Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no mpo sɛ, ɔrenwu bere tenten. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wobekum no, na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.’ (Luka 9:22) Enti nokwarem no, na ɛnsɛ sɛ anka asuafo no ho dwiriw wɔn bere a wonyanee Yesu no. Nanso wɔn ho dwiriw wɔn?— Ma yɛnhwɛ nea enti a ɛbaa saa.

Bere a Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no wui wɔ asɛndua so Fida awiabere no, na abɔ bɛyɛ nnɔnabiɛsa. Yosef yɛ Sanhedrin no muni a ɔyɛ ɔdefo, na na ogye Yesu di nso ɔmma afoforo nhu. Bere a ohui sɛ Yesu awu no, ɔkɔɔ Pilato, Roma amrado no hɔ. Okobisae sɛ ebia obetumi ayi Yesu amu no afi dua no so akosie anaa. Ɛno akyi no, Yosef faa Yesu amu no kɔɔ turo bi a ɔboda wom, baabi a wɔde awufo to mu.

Bere a wɔde amu no too ɔboda no mu wiei no, wɔde ɔbo kɛse bi too ano. Enti wɔkataa ɔboda no ano. Afei da a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ Kwasida no dui. Na owia nnya mpuei, enti na sum da so ara wom. Na mmarima wɔ hɔ a wɔrewɛn ɔboda no. Asɔfo mpanyimfo no na wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ saa. So wunim nea enti a wɔyɛɛ saa?—

Ná asɔfo no nso ate sɛ Yesu aka sɛ wobenyan no. Nea ɛbɛyɛ a n’asuafo no renkowia n’amu no na wɔnkɔka sɛ wɔanyan Yesu nti, asɔfo no de awɛmfo kogyinaa hɔ. Mpofirim ara, asase fii ase wosowee. Hann bi puei wɔ sum no mu. Ná ɛyɛ Yehowa bɔfo! Ehu kyekyeree asraafo no araa ma na wontumi nyɛ hwee. Ɔbɔfo no kɔɔ ɔboda no ho kopiaa ɔbo no fii hɔ. Na amu biara nni ɔboda no mu!

Yiw, ɛte sɛ nea Petro kae akyiri yi no: “Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no.” (Asomafo no Nnwuma 2:32) Onyankopɔn nyan Yesu wɔ nipadua a na ɔwɔ ansa na ɔreba asase so no mu. Wonyan no baa honhom nipadua a ɛte sɛ abɔfo de no mu. (1 Petro 3:18) Enti sɛ na nkurɔfo behu Yesu a, na ɛsɛ sɛ ɔfa honam nipadua kata ne ho. So saa na ɔyɛe?— Ma yɛnhwɛ.

Afei na owia repue. Ná asraafo no aguan kɔ. Maria Magdalene ne mmea foforo a wɔyɛ Yesu asuafo nam kwan so rekɔ ɔboda no ho. Na wɔresese wɔn ho sɛ: ‘Hena na obepia ɔbo no ama yɛn?’ (Marko 16:3) Nanso bere a woduu ɔboda no ho no, na wɔapia ɔbo no afi hɔ dedaw. Na hwɛ, na amu biara nni ɔboda no mu! Na Yesu nipadua a ɛyɛ ɔhonam no nna hɔ! Ntɛm ara na Maria Magdalene de mmirika kɔhwehwɛɛ Yesu asomafo no bi.

Mmea foforo no gyinaa ɔboda no ho. Wɔka sɛ: ‘Ɛhefa na Yesu amu no wɔ?’ Mpofirim ara mmarima baanu a wɔhyehyɛ ntade fitaa hanahana yii wɔn ho adi. Wɔyɛ abɔfo! Wɔka kyerɛɛ mmea no sɛ: ‘Dɛn nti na morehwehwɛ Yesu wɔ ha? Wɔanyan no. Monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo no.’ Wubetumi atwa sɛnea mmea no tuu mmirika no ho mfonini wɔ w’adwenem! Wɔnam kwan so rekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi. So wunim onii ko?—

Ɛyɛ Yesu a ɔde honam nipadua adura ne ho! Ɔno nso ka kyerɛɛ mmea no sɛ: ‘Monkɔ nkɔka nkyerɛ m’asuafo no.’ Mmea no ho peree wɔn. Wokohuu asuafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Yesu anyan! Yehuu no!’ Ná Maria adi kan aka ɔboda a amu biara nni mu no ho asɛm akyerɛ Petro ne Yohane. Afei de, wɔkɔɔ hɔ kɔhwɛe sɛnea wubetumi ahu wɔ ha no. Wɔhwɛɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no, nanso na wonhu nea wɔnka. Wɔpɛ sɛ wogye di sɛ Yesu asan aba nkwa mu nanso ɛte sɛ nea ɛyɛ adaeso bi no.

Akyiri yi wɔ saa Kwasida no, Yesu daa ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no baanu a na wɔnam kwan so rekɔ Emaus akuraa no. Yesu ne wɔn boom nantew dii nkɔmmɔ, nanso wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno efisɛ na ɛnyɛ nipadua koro no a wohuu no wom kan no na edura ne ho. Bere a Yesu ne wɔn didii na ɔbɔɔ mpae no ansa na wɔrehu sɛ ɛyɛ ɔno. Asuafo no ani gyei ara ma wotutuu mmirika kilomita pii san kɔɔ Yerusalem! Ebia eyi akyi bere tiaa bi na Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Petro, nea ɛbɛyɛ a obehu sɛ Ɔte ase.

Afei saa Kwasida no anwummere no, asuafo no pii hyiae wɔ dan bi mu. Ná wɔatoto apon no mu. Mpofirim ara na Yesu bepuee dan no mu! Afei de, wɔahu sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no asan aba nkwa mu bio ampa. Susuw sɛnea wɔn ani gyei no ho hwɛ!—Mateo 28:1-15; Luka 24:1-49; Yohane 19:38–20:21.

Yesu yii ne ho adi wɔ honam nipadua foforo mu adaduanan, de kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔte ase. Ɛno akyi no, ofii asase so san kɔɔ N’agya nkyɛn wɔ soro. (Asomafo no Nnwuma 1:9-11) Ankyɛ na asuafo no fii ase ka kyerɛɛ obiara sɛ Onyankopɔn anyan Yesu afi awufo mu. Bere a asɔfo no hwee wɔn na wɔma wokum wɔn mu binom mpo no, wɔkɔɔ so kaa asɛm no. Wonim sɛ sɛ wowu a, Onyankopɔn bɛkae wɔn sɛnea ɔkaee ne Ba no ara pɛ.

Hwɛ sɛnea na ɛsono Yesu asuafo a wodi kan no koraa wɔ nnipa foforo ho nnɛ! Nea saa nkurɔfo yi dwen ho ara ne Easter ne nam a wobekum wɔ Easter bere mu. Nanso Bible nka Easter ne nneɛma a wɔyɛ wɔ saa bere no mu ho hwee. Ɛka sɛnea yɛbɛsom Onyankopɔn ho asɛm.

Yebetumi ayɛ sɛ Yesu asuafo no denam afoforo a yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn yɛɛ anwonwade bere a onyanee ne Ba no so. Sɛ nkurɔfo ka sɛ wobekum yɛn mpo a, ɛnsɛ sɛ yesuro da. Sɛ ɛba sɛ yewu mpo a, Yehowa bɛkae yɛn na wanyan yɛn sɛnea ɔyɛɛ Yesu no ara pɛ.

So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ Onyankopɔn kae wɔn a wɔsom no no, na obenyan wɔn afi awufo mu?— Ɛsɛ sɛ eyinom a yenim no kanyan yɛn ma yesua ɔkwan a yɛbɛfa so ama Onyankopɔn ani agye. So wunim sɛ yebetumi ayɛ saa ankasa?— Ma yɛnka eyi ho asɛm wɔ ti a edi hɔ no mu.

Ɛsɛ sɛ Yesu wusɔre no mu gyidi hyɛ yɛn anidaso ne yɛn gyidi mu den. Mesrɛ wo kenkan Asomafo no Nnwuma 2:22-36; 4:18-20; ne 1 Korintofo 15:3-8, 20-23.

[Mfonini wɔ kratafa 202]

Dɛn nti na amu biara nni ɔboda no mu? Dɛn na asi?

[Mfonini wɔ kratafa 205]

Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ Petro ne Yohane resusuw ho?

[Mfonini wɔ kratafa 206]

Sɛ edu afe no mu bere a wonyanee Yesu no a, dɛn na nnipa pii dwen ho? Nanso dɛn na wudwen ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena