Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
Yesu Suaa Osetie
ƐTƆ mmere bi a, so ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ osetie?—a Sɛ ɛte saa a, mma ɛnyɛ wo nwonwa. Ɛwom wom a, etumi yɛ den ma obiara sɛ ɔbɛyɛ osetie. So wunim sɛ na ɛsɛ sɛ Yesu mpo sua osetie?—
So wunim wɔn a ɛsɛ sɛ mmofra nyinaa tie wɔn?— Yiw, yɛn papa ne yɛn maame. Bible ka sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu.” (Efesofo 6:1) Hena ne Yesu papa?— Yehowa Nyankopɔn, na yɛn nyinaa nso, yɛn Papa ne no. (Mateo 6:9, 10) Nanso sɛ woka sɛ Yesu papa ne Yosef, na ne maame ne Maria a, wonkaa bɔne. Wunim nea ɛyɛe a wɔbɛyɛɛ n’awofo?—
Ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ ɛmfa ho sɛ Maria ne ɔbarima nnyaa nna mu nkitahodi da no, ɔbɛwo ba. Yehowa nam anwonwakwan so maa Maria nyinsɛnee. Gabriel kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Maria sɛ: “Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.”—Luka 1:30-35.
Onyankopɔn yii ne Ba no nkwa fii soro na ɔde bɛhyɛɛ Maria yam. Afei onyinii wɔ Maria yam sɛnea mmofra afoforo nyin wɔ wɔn maame yam no ara pɛ. Bɛyɛ asram akron akyi no, wɔwoo Yesu. Saa bere no, Yosef waree Maria na nnipa dodow no ara susuwii sɛ na Yesu papa ankasa ne Yosef. Nokwasɛm a ɛwom ne sɛ, Yosef tetee Yesu sɛ ne ba. Enti wɔ ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ na Yesu wɔ papanom baanu!
Bere a Yesu dii mfe 12 pɛ no, ɔyɛɛ biribi de kyerɛe sɛ ɔdɔ ne Papa a ɔwɔ soro, Yehowa, paa. Saa bere no, sɛnea na wɔtaa yɛ tete no, Yesu abusuafo tuu kwantenten kɔɔ Yerusalem kodii Twam afahyɛ. Ɛno akyi a na Yosef ne Maria resan akɔ wɔn fie wɔ Nasaret no, wohui sɛ Yesu nka wɔn ho. Sɛ wohwɛ a, dɛn nti na wɔn werɛ fii no?—
Saa bere no na Yosef ne Maria wɔ mma afoforo. (Mateo 13:55, 56) Ebetumi aba sɛ na abusuafo afoforo te sɛ Yakobo ne Yohane ne wɔn papa, Sebedeo, ne wɔn maame, Salome, a ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Maria nuabea no ka wɔn ho. Enti ebia na Maria susuw sɛ Yesu ne abusuafo afoforo no na ɛnam.—Mateo 27:56; Marko 15:40; Yohane 19:25.
Bere a Yosef ne Maria hui sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔyɛɛ ntɛm san kɔɔ Yerusalem. Wɔhwehwɛɛ wɔn ba no denneennen. Da a ɛto so abiɛsa no, wokohuu no wɔ asɔrefie hɔ. Maria ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Me ba, dɛn nti na woyɛɛ yɛn saa? Hwɛ, me ne wo papa de ahoyeraw ahwehwɛ wo.” Nanso Yesu buae sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mukyin hwehwɛ me? So munnim sɛ etwa sɛ metena m’Agya fie?”—Luka 2:45-50.
Wususuw sɛ na anka ɛnsɛ sɛ Yesu ka saa kyerɛ ne maame?— Ná n’awofo nim sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn fie akɔsom. (Dwom 122:1) Enti, so ɛnteɛ sɛ na Yesu besusuw sɛ anka ɛsɛ sɛ wodi kan ba Onyankopɔn fie bɛhwehwɛ no?— Akyiri yi, Maria kɔɔ so susuw asɛm a Yesu kae no ho.
Suban bɛn na na Yesu da no adi kyerɛ Yosef ne Maria?— Bible no ka sɛ: “[Yesu ne] wɔn kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ wɔn ase.” (Luka 2:51, 52) Dɛn na yebetumi asua afi nea Yesu yɛe no mu?— Yiw, ɛsɛ sɛ yɛn nso, yɛyɛ osetie ma yɛn awofo.
Nanso, na ɛnyɛ mmerɛw mma Yesu sɛ ɔbɛyɛ osetie bere nyinaa. Saa ara nso na na ɛnyɛ mmerɛw mma no sɛ ɔbɛyɛ osetie ama ne soro Agya no.
Anadwo ansa na Yesu rebewu no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ebia Ɔbɛsesa n’adwene wɔ nea Ɔpɛ sɛ ɔyɛ no ho anaa. (Luka 22:42) Ɛwom sɛ na ɛnyɛ mmerɛw mma Yesu de, nanso ɔyɛɛ osetie maa Onyankopɔn. Bible no ka sɛ “osuaa osetie fii amane a ohui no mu.” (Hebrifo 5:8) Wususuw sɛ yɛn nso yebetumi ayɛ saa?—
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na hyɛ abofra no nkuran ma ɔnkyerɛ n’adwene.
NSƐMMISA:
▪ Ɔkwan bɛn so na Maria bɛyɛɛ Yesu maame, na ɛyɛɛ dɛn na sɛnea yɛbɛka no no, Yesu nyaa papanom baanu?
▪ Ɛyɛɛ dɛn na Yesu awofo anhu sɛ na ɔnka wɔn ho?
▪ Ɛhe na na Yesu hwɛ kwan sɛ n’awofo bɛkɔ akɔhwehwɛ no?
▪ Dɛn na wubetumi asua afi nea Yesu yɛe no mu?
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Dɛn nti na wususuw sɛ na anka ɛsɛ sɛ Yosef ne Maria di kan kɔhwehwɛ Yesu wɔ asɔrefie hɔ?