Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 45 kr. 232-237
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Sɛnea Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛpɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Sɛnea Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛpɛ
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Onyankopɔn Asomdwoe Nniso No
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Ahenni No​—So Ɛyɛ Paara Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ahenni Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 45 kr. 232-237

Ti 45

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Sɛnea Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛpɛ

SO WUNIM mpae a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no?— Sɛ wunnim a, yebetumi abom akenkan afi Bible mu wɔ Mateo 6:9-13. “W’ahenni mmra,” ka nsɛm a ɛwɔ mpaebɔ a nnipa pii frɛ no Awurade Mpaebɔ mu no ho. So wunim nea Onyankopɔn Ahenni kyerɛ?—

Wiɛ, ɔhene yɛ ɔman anaa kurow bi sodifo. Na wɔfrɛ n’aban no ahenni. Wɔ aman bi so no, wɔfrɛ nea ɔda aban ano no ɔmampanyin. Wɔfrɛ Onyankopɔn aban no Sodifo no dɛn?— Ɔhene. Ɛno nti na wɔfrɛ Onyankopɔn aban no Ahenni no.

So wunim nea Yehowa Nyankopɔn apaw no sɛ onni N’aban no so Hene?— Ɛyɛ ne Ba, Yesu Kristo. Dɛn nti na ɔfata sen sodifo biara a nnipa bɛpaw no?— Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yesu dɔ N’agya Yehowa paa. Enti ɔyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa.

Bere tenten ansa na wɔrewo Yesu wɔ Betlehem no, Bible kaa n’awo ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ Sodifo a Onyankopɔn apaw no. Ma yɛnkenkan eyi ho asɛm wɔ Yesaia 9:6, 7. Ɛkenkan sɛ: “Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ . . . Asomdwoe-hene; na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

So wunim nea enti a wɔfrɛ Onyankopɔn Ahenni Sodifo no ‘Ɔhene’ wɔ ha no?— Efisɛ ɔyɛ ɔhene bi ba. Ɔhenkɛse, Yehowa, ba ne Yesu. Na Yehowa de Yesu ayɛ N’aban a ebedi asase so mfirihyia apem no so Hene. (Adiyisɛm 20:6) Wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ‘ofii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.’—Mateo 4:17.

Wususuw sɛ dɛn nti na Yesu kae sɛ na Ahenni no abɛn no?— Efisɛ na Ɔhene a daakye obedi ade wɔ soro no wɔ wɔn ntam! Ɛno nti na Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ: “Onyankopɔn ahenni no, mo mu na ɛwɔ” no. (Luka 17:21) So w’ani rennye sɛ Yehowa Hene no bɛbɛn wo paa a wubetumi de wo nsa aka no mpo?—

Ɛnde ka kyerɛ me, adwuma a ɛho hia bɛn na Yesu baa asase so bɛyɛe?— Yesu buaa saa asɛm no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow afoforo nso, efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.’ (Luka 4:43) Ná Yesu nim sɛ ne nkutoo ntumi nyɛ asɛnka adwuma no nyinaa. Enti wususuw sɛ dɛn na ɔyɛe?—

Yesu faa nkurɔfo kaa ne ho na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no. Wɔn a odii kan tetee wɔn ne 12 a ɔpaw wɔn sɛ asomafo no. (Mateo 10:5, 7) Nanso, so Yesu asomafo no nkutoo na ɔtetee wɔn sɛ wɔnyɛ adwuma yi? Dabi, Bible no ka sɛ Yesu tetee afoforo nso ma wɔkaa asɛm no. Bere kɔɔ so no, ɔsomaa asuafo foforo 70 kyekyɛɛ wɔn baanu baanu dii n’anim. Na dɛn na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo?— Yesu kae sɛ: “Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.” (Luka 10:9) Saa kwan yi so no, nkurɔfo no suaa Onyankopɔn nniso no ho ade.

Wɔ tete Israel no, na ahemfo a wɔde wɔn asi ade so foforo no tra ɔpɔnkɔ ba so fa kurom de wɔn ho kyerɛ ɔmanfo no. Eyi na afei Yesu reyɛ yi, bere a ɔkɔɔ Yerusalem bere a etwa to koraa no. Woahu, Yesu na ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no Sodifo. So nkurɔfo no pɛ no sɛ obedi wɔn so Hene?—

Wiɛ, bere a ɔte pɔnkɔ no so rekɔ no, nkurɔfokuw no mu dodow no ara fii ase de wɔn ntama sesɛw kwan mu maa no. Afoforo bubuu nnubaa fi nnua so de guguu kwan so. Eyi a wɔyɛe no kyerɛ sɛ na wɔpɛ sɛ Yesu di wɔn so Hene. Wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Nhyira ne Ɔhene a ɔnam Yehowa din mu reba no!’ Nanso ɛnyɛ obiara na n’ani agye. Nokwasɛm ne sɛ, nyamesom akannifo binom mpo ka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Ka kyerɛ w’asuafo no ma wɔnyɛ komm.’—Luka 19:28-40.

Nnanum akyi no, wɔkyeree Yesu de no kogyinaa amrado, Pontio Pilato, anim wɔ ahemfie. Yesu atamfo no kae sɛ Yesu se ɔyɛ ɔhene, ne sɛ ɔsɔre tia Roma aban no. Enti Pilato bisaa Yesu eyinom ho nsɛm. Yesu kae sɛ ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ogye aban no tumi fi wɔn nsam. Ɔka kyerɛɛ Pilato sɛ: “M’ahenni mfi ha.”—Yohane 18:36.

Afei Pilato pue kogyinaa abɔnten ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ, onhu Yesu ho mfomso biara. Nanso saa bere yi na nkurɔfo no mpɛ sɛ Yesu bedi wɔn so Hene. Wɔmpɛ sɛ wogyae no. (Yohane 18:37-40) Bere a Pilato ne Yesu kɔkasae bio no, ohui sɛ onnii mfomso biara. Enti bere a awiei koraa no wɔde Yesu begyinaa abɔnten bere a etwa to no, Pilato kae sɛ: “Hwɛ, mo hene ni!” Nanso nkurɔfo no teɛteɛɛm sɛ: “Fa no kɔ, fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!”

Pilato bisae sɛ: “Memmɔ mo hene asɛnduam anaa?” Asɔfo mpanyin no buae sɛ: “Yenni hene bi sɛ Kaesare.” Asɛm bɛn ara ni? Saa asɔfo atirimɔdenfo no atumi ama ɔman no asɔre atia Yesu!—Yohane 19:1-16.

Ɛnnɛ, tebea no te sɛ nea na ɛte saa bere no ara. Nnipa pii mpɛ sɛ Yesu bɛyɛ wɔn Hene ankasa. Ebia wɔbɛka sɛ wogye Onyankopɔn di, nanso wɔmpɛ sɛ Onyankopɔn anaa Kristo bɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wɔpɛ sɛ wonya wɔn ankasa aban wɔ asase so ha yi ara.

Na yɛn nso ɛ? Sɛ yesua Onyankopɔn Ahenni ne nneɛma a ɛyɛ anigye a ɛbɛyɛ no ho ade a, ɛma yɛte nka dɛn wɔ Onyankopɔn ho?— Ɛma yɛdɔ no, ɛnte saa?— Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi ama Onyankopɔn ahu sɛ yɛdɔ no ne sɛ yɛpɛ sɛ N’ahenni no di yɛn so?—

Yebetumi adi Yesu nhwɛso akyi de ama Onyankopɔn ahu sɛnea yɛte nka. Na dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ na ɔdɔ Yehowa?— Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yohane 8:29) Yiw, Yesu baa asase so sɛ ‘ɔrebɛyɛ Onyankopɔn apɛde’ na ‘wawie n’adwuma.’ (Hebrifo 10:7; Yohane 4:34) Susuw nea Yesu yɛe ansa na ɔrefi n’asɛnka adwuma ase no ho hwɛ.

Yesu kɔɔ Yohane Suboni no nkyɛn wɔ Yordan Asubɔnten no mu. Bere a wosii nsu no mu no, Yohane de Yesu hyɛɛ nsu no ase na afei ɔpagyaw no fii nsu no mu. So wunim nea enti a Yohane bɔɔ Yesu asu no?—

Yesu na ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔnyɛ saa. Nanso yɛyɛ dɛn hu sɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ wɔbɔ Yesu asu?— Yehu saa efisɛ bere a Yesu fii nsu no mu no, ɔtee Onyankopɔn nne fii soro sɛ: “Wone me dɔba a wosɔ m’ani!” Na mpo, Onyankopɔn somaa ne honhom kronkron a na ɛresian sɛ aborɔnoma baa Yesu so. Enti ɛdenam Yesu asubɔ so no, ɔkyerɛe sɛ na ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa ne nkwa nna nyinaa, yiw, daa.—Marko 1:9-11.

Seesei wugu so renyin. Nanso dɛn na wobɛyɛ daakye?— So wobɛyɛ sɛ Yesu na woabɔ asu?— Ɛsɛ sɛ wusuasua no, efisɛ Bible ka sɛ ‘ogyaw wo nhwɛso sɛ di n’anammɔn akyi pɛɛ.’ (1 Petro 2:21) Sɛ wunya bɔ asu a, na worekyerɛ sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni di wo so ampa. Nanso, asu a wobɛbɔ no nkutoo nnɔɔso.

Ehia sɛ yedi nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛe nyinaa so. Yesu kae sɛ ‘ɛnsɛ sɛ yɛyɛ wiase no fã.’ Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ wiase nneɛma mu a, so na yɛreyɛ osetie ama no? Yesu ne n’asomafo no twee wɔn ho fii nneɛma a ɛtete saa ho. (Yohane 17:14) Mmom no, dɛn na wɔyɛe?— Wɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ nnipa foforo. Ná ɛne wɔn asetram adwuma titiriw. So yɛn nso yebetumi ayɛ saa?— Yiw, sɛ yɛfa nea yɛka wɔ mpaebɔ mu sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra no aniberesɛm a, yɛbɛyɛ saa ara.

Yɛsrɛ sɛ hwɛ kyerɛw nsɛm foforo a ɛkyerɛ yɛn nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni ba no: Mateo 6:24-33; 24:14; 1 Yohane 2:15-17; ne 5:3.

[Mfonini wɔ kratafa 232, 233]

Adwuma bɛn na Yesu baa asase so bɛyɛe?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 235]

Dɛn nti na nkurɔfo no sesaa wɔn adwene wɔ Yesu a na anka wɔpɛ sɛ ɔyɛ Ɔhene no ho?

[Mfonini wɔ kratafa 236]

Dɛn nti na Yesu bɔɔ asu, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kyerɛe sɛ ɔpene so?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 237]

Ɛhefa na yebetumi aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ afoforo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena